Mmofra Bisa Sɛ. . .
Mfomso Bɛn Na Ɛwɔ Ho Sɛ Mɛnom Nsa De Aka Kar?
BERE a Mike rekae sɛ ɔno nso nom nsa pii saa anadwo no, ɔka sɛ “Na minhu baabiara bere a merekɔ fie no. Nanso mitumi duu fie. Bere a mesɔree da a edi hɔ anɔpa no, mihui sɛ me kar no fã baabi asɛe kɛse nanso mantumi ankae sɛ minyaa kar akwanhyia! Mede kar kokyinkyin hɔ na mebɔɔ mmɔden sɛ mehu nea ɛyɛe a ɛbae saa na ɛno ne bere a mihuu nea esii. Ná biribi akɔpem odum kɛse a ɛbɛn amusiei no na na me kar no ho paint wɔ ho nyinaa. Ɛbɛyɛ sɛ mede me kar no kɔpemee anadwo a etwaam no! Ɛmaa ehu kaa me ankasa.”
Mike ho ankã wɔ eyi mu—onyaa nkwa ma otumi ka ho asɛm. Nea ɛyɛ awerɛhow no, ɛmma saa wɔ afoforo fam. 1984 Report on the National Conference for Youth on Drinking and Driving ka sɛ, “Nsa a wɔnom de ka kar na ɛma mmofra a wɔadi mfe 16-24 wuwu sen biribi foforo biara. Ebia wubesusuw sɛ, ‘Oo, ɛrentumi mma wɔ me fam!’ Nanso ɛno ne nea nnipa pii a ɛbaa saa wɔ wɔn fam no kae! Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 20 a atifi asɛm ne, “Ebetumi Aba Wɔ Wo Fam!” no mu.
Nea Enti a Mmofra Nom Nsa De Ka Kar
Ɛdefa nea enti a mmofra nom nsa ho no, wɔkyerɛe sɛ nhyɛso a efi wɔn mfɛfo hɔ ne atirimpɔw titiriw nti a wɔnom. Nanso mmofra binom ka sɛ: ‘Me nnamfo nhyɛ me sɛ mennom nsa.’ Nanso, nhyɛso a efi mfɛfo hɔ betumi ayɛ nea wɔde anifere kɛse yɛ sen sɛnea wususuw. Ɛnyɛ nsa a wɔto frɛ mmofra sɛ wɔmmɛyɛ biribi no so na wɔnam taa daadaa wɔn na mmom ɛdenam sɛnea wɔte nka sɛ wɔn mfɛfo bu wɔn no so. Sɛnea nhoma a wɔfrɛ no Alcohol and Safety a Peter Finn ne Judith Platt kyerɛwee kyerɛkyerɛ mu no: “Obiara te nka sɛ ɛho hia sɛ afoforo gye no tom nanso wɔ mmofra fam no, ahiade yi mu yɛ den kɛse na gye a afoforo rennye wɔn ntom no betumi ahaw wɔn kɛse. Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔtaa susuw sɛ nhyɛso a ɛte saa no ne ade titiriw nti a mmofra nom nsa no.”
Nanso dɛn nti na mmofra pii nom nsa de ka kar? Mmofra binom bua sɛ: ‘Sɛ mpanyimfo yɛ saa a, dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ saa?’ Akyinnye biara nni ho sɛ mpanyimfo binom nyɛ nhwɛso pa wɔ eyi mu. Nanso so ɛno yɛ biribi a ɛsɛ sɛ wugyina so de yɛ ade a asiane kɛse wom saa?
Ebia ebinom bebisa sɛ, ‘Nanso mfomso bɛn na ɛwɔ kar a wobɛka bere a beer ntoa kakraa bi na woanom no ho? Ɛno twe adwene si atirimpɔw titiriw nti a mmofra nom nsa de ka kar no so—wɔne (mpanyimfo nyinaa!) yɛ nnipa a atosɛm a wɔka fa tumi a nsa nya wɔ nkurɔfo so ho no adaadaa wɔn. Nhwɛso kakraa bi ni:
ATOSƐM: Sɛ woanom beer ntoa kakraa bi a, asiane nnim sɛ wobɛka kar.
NOKWASƐM: “Nsa ahoɔden a ɛwɔ beer ntoa abien a ennu nnɔnhwerew abien na ofirikafo de nom wie mu no betumi ama sɛnea otumi yɛ ade wɔ nneɛma ho no ano abrɛ ase—na ɛma kar a etumi twa akwansin 55 wɔ dɔnhwerew biako mu no tumi twa anammɔn 34 ka ho wɔ bere koro no ara mu.”—Development of a Traffic Safety and Alcohol Program for Senior Adults a James L. Malfetti, Ed.D., ne Darlene J. Winter, Ph.D. kyerɛwee.
ATOSƐM: Kɔfe a nufusu nnim a obi bɛnom no bɛma n’ani so atetew no ntɛmntɛm.
NOKWASƐM: Ebia kɔfe remma obi ntumi nna nanso na wabow ara. Nipadua no wɔ ɔkwan a ɛnam so ma nsa fi mu a kɔfe dodow a obi anom no mfa ho. Ɛbere nkutoo na ɛboa obi ma n’ani so tetew no.
ATOSƐM: Mfomso biara nni ho sɛ wobɛka kar, bere dodow a wonte nka sɛ woabow no.
NOKWASƐM: Asiane wom sɛ wode wo ho bɛto sɛnea wote nka so. Nsa ma obi nya adwene sɛ wanya ahotɔ na ɛma ɔsanomfo te nka sɛ ɔwɔ nea ɔyɛ so tumi bere a nokwasɛm no ne sɛ sɛnea otumi yɛ nneɛma no ano abrɛ ase.
Ɛwom sɛ ɛyɛ asiane ma obiara sɛ ɔbɛnom nsa de aka kar de, nanso ɛyɛ asiane kɛse ma mmofra. Dɛn ntia?
Asiane Kɛse
Osuahu a wonni yɛ ade biako. Sɛ nhwɛso no, sɛ wode wimhyɛn rebetu kwan a, so wobɛpɛ sɛ wunya wimhyɛnkafo a onyinii a ɔyɛ foforo anaasɛ nea ne ho akokwaw a waka wimhyɛn mfe pii? Wunim mmuae no. Nanso dɛn nti na wopɛ wimhyɛnkafo a ɔwɔ osuahu? Efisɛ wunim sɛ ɛyɛ nea ɛda adi sɛ nnipa betumi ayɛ mfomso bere a wɔyɛ biribi a ɛyɛ foforo ma wɔn no.
Saa ara na ɛte wɔ nsa a wɔnom de ka kar ho. Enti amanneɛbɔ bi a ɛfa afirikã a asiane nni mu ne nsa ho ka sɛ mmofra a wɔnom nsa afirikã “sɛe kɛse ntɛmntɛm sen mpanyimfo, efisɛ ɛyɛ ade foforo ma wɔn na wɔntaa nyɛ nso. Ne tiaa mu no, mmofra pii yɛ afirikafo ne asanomfo a wɔn ho nkokwawee na ɛte saa kɛse mpo wɔ nsa a wɔnom de ka kar mu.”—Senior Adults, Traffic Safety and Alcohol Program Leader’s Guide a Darlene J. Winter, Ph.D. kyerɛwee.
Obi mu duru nso betumi ayɛ ade foforo—mpɛn pii mpanyimfo mu yɛ duru sen mmofra. Sɛ obi mu nyɛ duru pii a, nsu pii nni ne nipadua mu a ɛbɛfra nsa a ɔnom no. Ɛho nhwɛso ni: Fa no sɛ woafa asikre abien a ne nyinaa kɛse yɛ pɛ na wode biako ato kuruwa ketewaa a ankaadweaa nsu wom mu na wode foforo no ato kuruwa kɛse a ankaadweaa wom mu. Afei, asikre dodow a ɛwɔ emu biara mu no yɛ pɛ nanso asikre no ahoɔden a ɛwɔ kuruwa ketewaa no mu bɛyɛ kɛse. Saa ara na nsa ahoɔden a ɛwɔ obi a ne mu nyɛ duru mu no yɛ kɛse. Bere dodow a nsa a ɛwɔ wo mogya mu ahoɔden yɛ pii no, dodow no ara na wobow kɛse.
Dɛn Na Wobɛyɛ?
Esiane sɛ wɔde ɔhaw ahorow pii bata asanom ho nti, mmofra a wonnom nsa koraa no reyɛ ade a nyansa wom. Nanso, mfomso nni nsa a wɔde anidahɔ bɛnom no ho, sɛ mfe a woadi no yɛ nea mmara ma ho kwan sɛ wubetumi ayɛ saa a. (Hwɛ Dwom 104:15; 1 Timoteo 5:23; Mmebusɛm 23:31.) Nanso nsa a wɔnom de kar—yɛ asɛm foforo. Dɛn na wobɛyɛ?
Bible no de afotu a nyansa wom yi ma: “onitefo hu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hintaw, na ntetekwaa fa mu, na wonya asotwe.” (Mmebusɛm 22:3) Bere a wɔama woahu asiane a ɛwɔ nsa a wɔnom de ka kar mu no, sɛ wohyɛ wo ho bɔ sɛ worennom nsa mfa nka kar a, ɛnde na woyɛ “onitefo.” Wubetumi akwati “asiane” a ɛho nhia—kar akwanhyia a ɛbɛma woapira na woadan obubuafo anaasɛ ɛbɛma woawu bere a woyɛ abofra no.
Ɛbɛma woakora afoforo nkwa so nso. Ɛremma wunsusuw ho sɛ woyɛ owudifo. Nanso sɛ wonom nsa de ka kar a, hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ wubetumi akum obi no yɛ kɛse. Just Along for the Ride a kuw bi kyerɛwee no ka sɛ “Ofirikafo no, akwantufo, nnipa a wɔnam kar kwan ho, ne nnipa a wɔte afoforo mu no nyinaa yɛ wɔn a ofirikafo a wabow no nneyɛe bɛka wɔn.” Dɛn nti na wobɛpɛ sɛ wudi mogya ho fɔ?—Fa toto Exodus 21:29; Mmebusɛm 6:16, 17 ho.
Nea ɛnsɛ sɛ wubu w’ani gu so ne ɔman no mmara a ɛwɔ faako a wote no. Wɔ mmeae ahorow pii no, kar a wɔka bere a wɔabow anaasɛ biribi nti wontumi nka no yiye no yɛ nea etia mmara. Wɔwɔ mfe a obi di a mmara ma ho kwan ma ɔnom nsa wɔ mmeae ahorow pii na Bible no kyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ osetie mma nniso ahorow a edi tumi no. (Romafo 13:1; Tito 3:1)
Nea ɛka nsa a worennom mfa nka kar ho no, nneɛma afoforo wɔ hɔ a wubetumi ayɛ de abɔ wo ne afoforo ho ban wɔ kar akwanhyia a asanom ma esi no mu: (1) Ntra kar a ofirikafo no anom nsa mu. Nkwa yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ. (Romafo 6:23) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wode akyɛde a ɛsom bo saa ma ɔsanomfo? (2) Mma w’adamfo nka kar bere a wanom nsa no. Ebia ne bo befuw nanso n’ani bɛsɔ nea woyɛe no bere a n’ani so atetew no no.—Fa toto Dwom 141:5 ho.
Mike ka sɛ, “Sɛ misusuw ho na mihu sɛ anka ebetumi aba sɛ mekum obi saa anadwo no a, ɛma ehu ka me ankasa. Ɛde bɛsi nnɛ no, meka kar anadwo a, misuro, efisɛ minim sɛ afirikãfo bi wɔ hɔ a wɔwɔ tebea a mekɔɔ mu no mu.” Mike nnom nsa mfa nka kar bio. Wo nso ɛ? Nsɔ nhwɛ, na nnya adwene sɛ, ‘Ɛrentumi mma wɔ me fam.’ Nya akokoduru a ɛbɛma woayɛ soronko. Hyɛ wo ho bɔ sɛ worennom nsa mfa nka kar. Afei, ɛmfa ho sɛnea afoforo ka anaasɛ woyɛ no, di wo bɔhyɛ no so.
[Kratafa 24 adaka]
Ebetumi Aba Wɔ Wo Fam
Yɛtaa te kar akwanhyia a asanom ma esi ho asɛm wɔ nsam amanneɛbɔ mu. Ɛyɛ mmerɛw sɛ wubesusuw sɛ, ‘Ɛrentumi mma wɔ me fam!’ Nanso asiane a ɛte saa taa ba mpɛn pii sen sɛnea ebia wubetumi ahu. Susuw nokwasɛm a ɛyɛ awerɛhow a ɛfa mmofra ne nsa a wɔnom de ka kar ho no bi ho:
“Nsa a mmofra nom renya nkɔso wɔ wiase no afã horow pii. . . . Kar akwanhyia a emu pii yɛ nea asanom ma esi ne nneɛma atitiriw a ɛma mmofra wuwu na wɔdan mmubuafo no mu biako.”—World Health.
“Abofra nya kar akwanhyia a asanom na ɛma ɛba wɔ [United States] wɔ anibu 10 biara mu, nea ennu bere a egye a wɔde nom nsa wie.”—Aide nsɛmma nhoma.
“Ɛda adi kɛse sɛ hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ abofra betumi anya kar akwanhyia a asanom ma esi no boro sɛnea ɛte wɔ ofirikafo foforo biara fam no so mpɛn anan . . . Bere a nnipa pii a wɔwɔ [United States] nkwa nna reyɛ tenten no, ɛnte saa wɔ mmofra a wɔadi fi mfe 15 kosi 24 no fam.”—Just Along for the Ride.
Enti ansa na wubesusuw nsa a wɔnom de ka kar ho mpo no, kae sɛ ebetumi aba wɔ wo fam!
[Kratafa 23 mfoni]
Nsa a wɔnom de ka kar taa de eyi ba
[Asɛm Fibea]
H. Armstrong Roberts