Bible No Adwene
So Na Onyankopɔn Wɔ Mfiase?
FRANSENI a onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ a ogyina ntenten wɔ ne fi anim no hwɛɛ Yehowa Adansefo mu biako anim tee na ɔkae sɛ: “Sɛ wubetumi akyerɛ me faako a Onyankopɔn fi a, metie.” Anhaw ɔdansefo no na obuae sɛ: “Nnipa a wɔwɔ nyansa kɛse anya adwene a Franseni nyansapɛfo Voltaire a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so 18 no mu nyae no, bere a ɔkae sɛ: ‘Sɛ Onyankopɔn nni hɔ a, ɛho behia sɛ wɔbɔ no.’ So woasusuw nea enti a obi a ɔyɛ onyansafo te sɛ Voltaire betumi aka asɛm a ɛte saa no ho pɛn?”
Ɔbarima no kae sɛ ɔnyɛɛ saa da na ɔka kyerɛɛ Ɔdansefo no sɛ ɔnkyerɛ no. Ɔdansefo no de ne nsɛm gyinaa nsɛm a edidi so yi so.
Franseni a ɔmpɛ sɛ ogye nokwasɛm tom no buae sɛ, “Eye, nanso ɛhe na Onyankopɔn fi?”
Ɛyɛ Nea Nyansa Wom
Nnipa pii anya adwene te sɛ Voltaire sɛ ɛbɛyɛ sɛ biribi na ɛmaa nkwa ne amansan no bae. Sɛ ebetumi abɔ nneɛma a yehu no a, ɛsɛ sɛ enya tumi ne su ahorow bi te sɛ ahoɔden, tumi a wɔde yɛ nneɛma ho nhyehyɛe, ɔdɔ ne nyansa. Dɛn ntia? Efisɛ nneɛma a yehu wɔ amansan no mu, ne titiriw, wɔ yɛn okyinsoromma a ɛne Asase so no da su ahorow yi adi. Afei, eyinom nyɛ nneɛma su na mmom nnipa de. Enti eyi ma yenya adwene a ɛkyerɛ sɛ Obi a ɔkorɔn sen Onipa—Onyankopɔn wɔ hɔ.
Onni Mfiase
Yehu nokwasɛm a ɛyɛ sɛ amansan bi ne nneɛma ahorow pii a nkwa wom wɔ hɔ wɔ asase so. Efi he na ɛbae? Nyansahufo binom ka sɛ nneɛma a nkwa wom yi bae ara kwa. Nanso nyansahufo nkyerɛkyerɛ a egu ahorow no kyerɛ sɛ biribi wɔ hɔ bere nyinaa a sɛnea wɔfrɛ no no mfa ho. Wɔka na ɛyɛ ampa sɛ ade a wotumi so mu yɛ tumi bi. Esiane eyi nti, wɔte nka sɛ amansan no bae ara kwa. Nanso wɔnkyerɛkyerɛ sɛnea ɛyɛe a nneɛma fii ase no mu. Na biribi a ɛwɔ hɔ dedaw a wontumi nkyerɛkyerɛ faako a efi bae no mu wo hɔ bere nyinaa.
Enti nnipa a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no ka sɛ biribi wɔ hɔ na wɔn a wogye di sɛ Onyankopɔn wo hɔ no nso ka sɛ onipa bi wɔ hɔ. Esiane adebɔ mmara, nneɛma a ɛkɔ so pɛpɛɛpɛ, nhyehyɛe ne nyansa a ɛda adi wɔ asase so ne amansan no mu nyinaa nti, Yehowa Adansefo hu sɛ nyansa wom kɛse sɛ wɔbɛka sɛ Nea ɔbɔɔ nneɛma no yɛ Onipa na ɛnyɛ ade bi, ɔyɛ Ɔbɔadeɛ a ɔwɔ nyansa na ɔnyɛ tumi bi ara kwa. Sɛ anka wobegye nkyerɛkyerɛ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nni hɔ nnianim asɛm a ɛne ‘Mfiase no biribi’ adi no, wogye Bible nnianim asɛm a ɛne sɛ “Mfiase no Onyankopɔn” no mmom di.—Genesis 1:1.
Franseni a na ɔrebisa asɛm no kae sɛ. “Minim sɛ wobɛfa Bible mu asɛm aka.”
Nokware no ne sɛ Yehowa Adansefo hu sɛ Bible adwene wɔ nokwasɛm atitiriw ho no yɛ nea ntease wom na ɛne nokwasɛm ahorow hyia. Na yɛnhwehwɛ emu kakraa bi mu.
Biribi Rentumi Mfi Ade a Enni Hɔ Mu Mma. Nyansahufo biara nni hɔ a watumi de biribi a enni hɔ ayɛ biribi. Nnipa tumi de nneɛma a ɛwɔ hɔ nkutoo na ɛyɛ biribi foforo. Saa ara na obi a n’adwenem da ho biara nni ho a ɔbɛka sɛ biribi a woayɛ no bae ara kwa. Bible no ka nokwasɛm a ɛho nhia adansedi biara yi ho asɛm: “Efisɛ ofi biara, obi na osi.” Afei ɛtoa so ka asɛm a nyansa wom yi de wie: “Nanso nea ɔbɔɔ nneɛma nyinaa ne Onyankopɔn.” (Hebrifo 3:4, NW) Bible no ka sɛ nyansa nnim sɛ wobegye atom Sɛ obi na osi ofi na wɔ bere koro no ara mu no wɔaka sɛ atom a ɛyɛ hwanyann anaasɛ nkwaboaa bae ara kwa. Bible no bisa wɔ nyansam sɛ: “So ɛsɛ sɛ ayɛde ka kyerɛ ne yɛfo sɛ: Ɛnyɛ ɔno na ɔyɛɛ me’?”—Yesaia 29:16, NW.
Nkwa Fi Nkwa Mu. Ɛwom sɛ nnipa binom da so ara gye di sɛ nkwa fi ade a wotumi so mu a nkwa nnim mu na ɛbae de, nanso yɛnhuu sɛ nnwuma ahorow de nnuru pii yɛ nkwa mmoawa. Sɛ nkwa bae ara kwa a, dɛn nti na onipa ntumi nyɛ mma ɛnkɔ so saa ara na ɔmma enya nkɔanim? Ne tiaa ne sɛ nokwasɛm ahorow kyerɛ sɛ nneɛma a nkwa wom a yenim no nyinaa fi nneɛma a nkwa wom mu na ɛbae. Bible no gye tom sɛ Nea Ɔbɔɔ nneɛma tete no yɛ Onipa a ɔte ase bere a ɛkae sɛ: “Na wufi tete akyirikyiri kosi daakye akyirikyiri yɛ Onyankopɔn.” “Wo nkyɛn na nkwa nsuti wɔ.”—Dwom 90:2; 36:9.
Ade a Wotumi So Mu Yɛ Tumi Bi. Bible no gye nokwasɛm a nyansahu adi ho adanse a ɛne sɛ ade a wotumi so mu yɛ tumi bi no tom. Onipa ahu sɛnea wotumi ma tumi fi ade a wotumi so mu a ɛwɔ atom ɔtopae a wayɛ ne ne nuklea ahoɔden fibea mu no mu. Bible no kyerɛ sɛ Onyankopɔn ne tumi a ɛwɔ amansan no mu no fibea. Yɛkenkan sɛ: “Momma mo ani so nhwɛ soro na monhwɛ nea ɔbɔɔ eyinom [okyinsoromma ahorow, nsoromma, akuwakuw ahorow]. Ɔno na obu wɔn dɔm ano yi wɔn adi. . . . Ne tumi dodow ne n’ahoɔden kɛse nti obiara nka akyiri.” (Yesaia 40:26) “Ɔno na ɔde ne tumi yɛɛ asase.”—Yeremia 10:12.
Amansan No Di Atirimpɔw Ho Adanse. Wɔ osuahu a nnipa anya mu no, ɛnyɛ basabasayɛ na ɛma nneɛma tumi kɔ so pɛpɛɛpɛ. Enti so nyansa wom sɛ yebegye adi sɛ nneɛma a ɛkɔ so pɛpɛɛpɛ a yehu wɔ asase so a mmere a ɛho hia ma afifide, mmoa, ne nnipa no bae ara kwa? Mmom no, so nneɛma yi nni adwini ne atirimpɔw ho adanse? Bible no ka sɛ: “Na sɛ [Yehowa] a ɔbɔɔ ɔsoro na ɔnwenee asase na ɔyɛe no se ni,—ɔne Nyankopɔn, ɔno na ɔde sii hɔ; wammɔ no hunu, na ɔnwenee sɛ wɔntra so.”—Yesaia 45:18.
Atirimpɔw a Ɛyɛ Nwonwa a Ɛwɔ Hɔ Ma Asase
Franseni a onnye nni no kae sɛ: “Sɛ́ wɔbɔɔ asase no anaasɛ ɛnte saa no, ɛte sɛ nea awiei koraa no, obiara rentra so.”
Ɛte sɛ nea ɛyɛ ampa sɛ ɛsɛ sɛ ehu a ɛte saa ka no. Enti nea ɛsɛ sɛ yɛpaw nnɛ ne sɛ yebegye adi sɛ Onyankopɔn nni hɔ anaasɛ yebegye atom sɛ Nkwamafo a ɔte ase daa a n’Asɛm a wɔkyerɛw atɔ hɔ ma yenya anidaso sɛ yɛbɛtra ase daa wɔ paradise a ɛbɛba asase so nyinaa no wɔ hɔ. (Mateo 6:10; Dwom 37:9, 11, 29) Ampa, anidaso a ɛte saa no fata sɛ yɛhwehwɛ mu.
[Kratafa 18 mfoni]
“Sɛ Onyankopɔn nni hɔ a ɛho behia sɛ wɔbɔ no!”—Franseni Nyansapɛfo Voltaire