Hela—Mfe Mpem Abien Akyi
Wɔ 1985 ahohuru bere mu no, Yehowa Adansefo pii a wofi wiase nyinaa kɔɔ Hela sɛ wɔrekɔ amanaman ntam nhyiam na wɔakɔhwɛ mmeae ahorow a ɛkyerɛ biribi titiriw wɔ Kristosom abakɔsɛm mu no. Saa asɛm yi a Ɔdansefo bi a ɔkɔɔ Japan sɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ 1966 mu a watra hɔ fi saa bere no kyerɛwee yi ka nsrahwɛfo yi osuahu ahorow no bi ho asɛm.
HELA (ɛnnɛ wɔfrɛ no Greece)—asase a abakɔsɛm ka ho asɛm titiriw a Kristofo ani gye ho kɛse! Bere a yeduu Bible asase yi so sɛ yɛrekɔhwɛ hɔ no, nsemmisa ahorow sɔree wɔ yɛn adwenem. So mfe mpem abien a atwam kɔ no betumi ama yɛahu sɛnea na nneɛma te wɔ afeha a edi kan no mu no? Dɛn na yebetumi asua afa ɔsomafo Paulo a ɔtew Kristofo asafo ahorow a edi kan wɔ asase yi so no ho? Bra bɛhwɛ nea yehui wɔ nkurow anum a ɛwɔ ha no mu.
Filipi
Yehuu faako a Paulo fii Kristofo asɛnka no ase wɔ Europa ne faako a wɔtaa no no. Ɛyɛɛ yɛn nwonwa sɛ yehuu abura bi a wɔbɔ nkurɔfo asu wom te sɛ nea Yehowa Adansefo tu nnɛ no wɔ asɔredan kɛse bi a abubu a wosii wɔ afeha a ɛto so asia no mu no mu. Ɛyɛɛ yɛn nwonwa sɛ Helafo yi afa ɔkwan a Bible kyerɛ sɛ wɔmfa so mmɔ nkurɔfo asu no so bere tenten. Esiane sɛ wonni kurow biara a wɔfrɛ no Filipi nnɛ nti, yɛn nuanom no nni asafo biara wɔ hɔ a wɔfrɛ no saa.—Asomafo no Nnwuma 16:12-40.
Tesalonika
Yesuu yɛn nuanom a wɔwɔ ha no. Yehuu nnɛ bere yi mu anuanom mmea anokwafo sɛ wɔredi adanse wɔ mmorɔn so a mmerante ne mmabaa a wɔredi wɔn ho fɛw atwa wɔn ho ahyia. Bere a yɛbɛn wɔn ho no, nnipa a wɔretwam no de abufuw teɛteɛm guu yɛne Adansefo a wofi kurow no mu no so. Ɛtɔ bere bi a, Greek Ortodoks Asɔre no sɔfo bi ba hɔ te sɛ polisini bɛhwɛ nea ɛrekɔ so no.
Yɛkaee ɔsɔretia a Paulo ne Silas hyiae wɔ Tesalonika wɔ afeha a edi kan no mu no. Yudafo a anka ɛsɛ sɛ wohu Yehowa no. “ani beree na wɔfaa ahuhufo no mu nnipa bɔne bi kaa wɔn ho, na wɔmaa nkurɔfo no bɔɔ bum behyiae.” Asɛm bɛn na wɔkae? “Eyinom a wɔadan wiase no ani no aba ha nso!”—Asomafo no Nnwuma 17:5, 6.
Wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu no, Greek Ortodoks Asɔre no wɔ Bible na wɔkyerɛ sɛ wonim Onyankopɔn. Nanso asɔre no akannifotitiriw na wɔn bo fuw yɛn. Asɛm bɛn na wɔkae? Ɛwom sɛ Yehowa Adansefo asafo ahorow 42 wɔ kurow no mu de, nanso asɔfo no ka sɛ wɔyɛ nnipakuw bi a wɔwɔ kurow no mu nkutoo. Na afei “nnipakuw a wɔwɔ kurow yi mu” ayɛ amanaman ntam nhyiam wɔ wɔn kurow no mu! Wɔmpɛ sɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa no ‘bɛba ha nso.’
Hwɛ sɛnea yɛn ani gyei sɛ yɛde Hela nhyiam no ade a wɔde bɔ koko so no bɔe na ɛma wohuu yɛn sɛ Yehowa Adansefo kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ kurow no mu sɛ yɛn a yɛwɔ aman afoforo so no gyina Hela Yehowa Adansefo no akyi pintinn Yɛn nhyiam no yɛɛ anigye kɛse.
Beroia
Yudafo hyiadan a ɛwɔ ha no kɛse te sɛ Ahenni Asa ahorow pii. Yɛn ani gyei sɛ yehui sɛ wɔakyerɛw Tetragrammaton no wɔ asɛnka agua no atifi na ɛma yenyaa adwene nso sɛ ɔsomafo Paulo kɔɔ hyiadan bi mu wɔ Beroia. Bere a yɛrepue afi hyiadan no mu no, Ɔdansefo bi a ofi Japan kae sɛ: “Ɛbɛyɛ sɛ saa na na ɛte wɔ afeha a edi kan no mu bere a wɔapɔn nhyiam.”
Bible no ka sɛ na Yudafo a wɔwɔ Beroia no “adwene ye” efisɛ bere a wɔtee Paulo asɛm no, “woyii wɔn yam pefee gyee asɛm no, na daa wɔhwehwɛ kyerɛwsɛm no mu sɛ nneɛma no te saa anaa.” Ɛnnɛ Kristofo asafo a wɔn “adwene ye” saa ara wɔ kurow ketewaa yi mu.—Asomafo no Nnwuma 17:10-14.
Atene
Wɔde kurow yi too onyamewa Atena na Parthenon a ɛyɛ abosonnan bi a wohyiraa so maa no bɛyɛ mfe 2,500 a atwam ni no agye din kɛse wɔ hɔ. Bere a Paulo baa ha “na ohui sɛ kurow no de wɔn ho ama abosonsom no, ɛyɛɛ ne honhom ahi wo no mu.” (Asomafo no Nnwuma 17:16) Bere a kurow no mufo a wɔde ahɔho kyin hwehwɛ mmeae ahorow no kaa wɔn tete anyame ho asɛm kɛse no, yɛn bo fuwii te sɛ Paulo. Sɛ anka wɔde adan yi dii dwuma maa ɔsom kronn ɛ!
Bere a yefii kurow no fã a ɛwɔ pampa sɔ hwɛɛ fam no, yehuu baabi a anka gua dedaw no wɔ ne Mars Koko no. Bɛyɛ mfe 1,900 a atwam ni no, na Paulo wɔ abosonsomfo kurow yi mu. Nanso ɔdɔ a ɔwɔ ma Yehowa no hyɛɛ no den maa ɔde akokoduru kasa kyerɛɛ wɔn a wobehyiaam wɔ saa gua no so no. Mprempren Adansefo 10,000 wɔ Atene a wɔne Atenefo resusuw nneɛma ho akokoduru so te sɛ nea Paulo yɛe no.—Asomafo no Nnwuma 17:16-34.
Korinto
Korinto amamfo so ka nneɛma a nkurɔfo ani gye ho kɛse wɔ Hela no ho efisɛ wɔakora so yiye na ase te nyɛ den. Yɛforo atrapoe no kɔɔ asenni agua a ɛbɛyɛ sɛ wɔde Paulokɔɔ anim no so. (Asomafo no Nnwuma 18:12) Yɛkɔfaa gua a tete aguadidan ahorow sisi so no so, ne agorudibea hɔ na yehui sɛ nsu resen wɔ tete nsuka no mu. (1 Korintofo 10: 25) Nea ɛbɛn hɔ ne po a ɛma wɔde amannɔne nneɛma, nea eye ne nea enye nyinaa baa Korinto no. Nea agye din titiriw wɔ hɔ ne adum ason a ɛyɛ abosonnan a wosi maa onyame Apolo no ho nneɛma a aka no. Wɔ asasewosow pii yi nyinaa akyi no, adum yi asisi hɔ mfe 2,500. Hwɛ sɛnea abosonnan yi ne afoforo pii a ɛwɔ Hela no di obu kɛse a na tete Helafo wɔ ma wɔn abosom no ho adanse! Mprempren Yehowa Adansefo asafo abien a wɔresuasua Paulo no hyɛ Korintofo a wɔwɔ hɔ nnɛ nkuran sɛ wonsi honhom mu asɔredan a ɛtra hɔ kyɛ kɛse mpo.—1 Korintofo 3:10-17.
Nneɛma a Yɛn Werɛ Remfi
Nneɛma pii wɔ Hela a ɛhɔ yɛ fɛ a owia bɔ wɔ hɔ kɛse a wim tew wɔ hɔ no a nsrahwɛfo ani begye ho. Esiane eyi a yehui no nti, yɛanya obu kɛse ama Paulo efisɛ wamfa Hela anyɛ baabi a na okodi akwamma. Esiane sɛ na okura adwene koro nti, ɔyɛɛ adwuma denneennen. Ɔkɔɔ nkurow anum yi nyinaa mu wɔ afe biako mu (bɛyɛ 50 Y.B. mu) . Esiane sɛ Yudafo pii sɔre tiaa no denneennen, na na Kristofo asafo biara nni hɔ nti, na Paulo adwuma no yɛ den. (Asomafo no Nnwuma 16:19-18:17) Nanso bere a Paulo atra kurow no mu bere tiaa bi no, otumi boaa nnipa pii ma wɔtee nokware no ase ma enti otumi hyehyɛɛ asafo wɔ hɔ na esiane sɛ na ɔwɔ ahotoso sɛ Yehowa bɛhwɛ asafo no so nti, ofii ho kɔe. Eyi kaa yɛn a yɛakɔ nsasesin afoforo mu sɛ yɛrekɔyɛ akwampae adwuma no ma yesusuw asɛnka adwuma a etu mpɔn a ɛte saa ho.
Te sɛ Paulo no, yɛbɛkae ɔdɔ kɛse a yɛn nuanom a wɔwɔ Hela no wɔ bere tenten. Wɔsom yɛn wɔ baabiara awia ne anadwo, na wɔboaa yɛn ma yɛtee nneɛma a yɛkɔhwɛe no ase. Ɛwom sɛ yesuu wɔn esiane sɛ wohyia ɔsɔretia nti de, nanso ahotoso a wɔwɔ wɔ Yehowa mu ne wɔn bo a wɔasi sɛ wɔbɛsom no wɔ nokwaredi mu a nea ɛbɛba biara mfa ho no kaa yɛn kɛse. Bere a yehuu sɛnea Hela aban no ne polisifo a wɔwɔ hɔ rebɔ yɛn nuanom ho ban sɛnea wobetumi no, ɛmaa yɛn ani gyei nso.
Yɛn kuw no kɔɔ nhyiam no wɔ Atene. Nneɛma pii a yɛkae no ma yɛn ani tɛtɛ nsu. Mpɛn pii sɛ yehyia kasa mu ɔhaw bi a, obi ka mpofirim ara sɛ “Yehowa!” Yɛyɛ yɛn ho yɛn ho atuu na asɛmfua biako a yɛn nyinaa te ase a ɛne din a ɛma wohu yɛn sɛ honhom mu anuanom no ma yedii ahurusi. Yɛn a yefi aman afoforo so no mu pii boom tow Ahenni nnwom wɔ bɔs mu ne nhyiam no ase. Nea yɔkae titiriw ne bere a abibifo, aborɔfo ne apuei famfo boom tow dwom yi wɔ kasa horow bɛyɛ 20 mu no: “Anuanom mpempem bebree/Gyinagyina me nkyɛn/Adansefo nokwafo/Kura wɔn mudi mu.” Bere a yedii mpaapaemu no, yɛde aseda kɛse maa Yehowa wɔ ɔdɔ ne biakoyɛ a yeyii no adi no ho.
Awiei koraa no, momma yɛn a yefi Japan no nnyina Adansefo mpempem pii a wofi Amerika, Europa, Afrika, Oceania, ne Asia a wɔbaa Hela wɔ 1985 mu no ananmu ma yɛnka nkyerɛ yɛn nuanom adɔfo a wɔwɔ Hela no sɛ: “Yɛda Onyankopɔn ase daa mo nyinaa nti bɔ mo din, yɛn mpaebɔ mu, na daa yɛkae mo gyidi adwuma ne mo dɔ mmɔdenbɔ ne mo boasetɔ.”—1 Tesalonikafo 1:2, 3.
[Kratafa 18 mfoni]
Filipi amamfo bi so
[Kratafa 19 mfoni]
Hyiadan bi wɔ Beroia
Atene kurow no fã a ɛwɔ pampa so
[Kratafa 20 mfoni]
Abosonnan bi wɔ Atene