Ɔman A Emu Apaapae—Dɛn Ne Ano Aduru?
WƆ 1955 mu no, obi a ɔkɔɔ Angola a saa bere no na ɛhyɛ Portugal ase no ho dwiriw no sɛ ohui sɛ, sɛ oburoni no, wabɛyɛ “otitiriw” mpofirim ara! Wɔ aguadidan mu, adwumayɛbea, ne mmeae afoforo biara a ɔkɔ no, wɔma ne nsa ka nea ɔhwehwɛ ansa na wɔama abibifo a wɔretwɛn no.
Ná eyi yɛ nea ɛtaa kɔ so wɔ Afrika aman pii mu wɔ mfe aduonu a atwam yi ara mu.
Afei wɔ 1960 mfe no mu, tumi bedii abibifo nsam wɔ aman pii a aborɔfo nnɔɔso wom no mu. Nanso wɔ South Africa no, na aborɔfo ɔpepem pii wɔ hɔ a wɔn na aban no ne sikasɛm nhyehyɛe no hyɛ wɔn nsa kɛse a wɔagye adi wɔ mfe pii mu sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ wobedi tumi no. Dɛn na ɛde tebea yi bae?
Wɔ 1652 mu na aborɔfo a wodii kan baa hɔ a wɔyɛ Dutchfo no sii fam wɔ Cape. Bere a wohyiaa Hottentotfo ne Ahamufo a wɔyɛ asase no sofo a wofura mmoa nhoma no, aborɔfo yi tee nka sɛ wɔkorɔn esiane wɔn ani a abue no nti. Ankyɛ na akasakasa sɔree.
Bere a aborɔfo akuafo no traa baabi a asase no sofo yɛ ha no, Ahamufo no bo fuwii na nea wɔyɛɛ wɔ ho ne sɛ wowiawiaa wɔn anantwi no. Wɔtotow nnipa nketewa yi atuo kunkum wɔn te sɛ mmoa, na eyi na ɛmaa anka wɔn ase retɔre koraa wɔ afeha a ɛto so 19 mu no. Wɔde Hottentotfo no yɛɛ nkoa, na mpete yare maa wɔn so huan kɛse, na wɔkaa kakraa bi a wɔkae no hyɛɛ mmusuakuw afoforo mu.
Ɛyɛ afeha a ɛto so 18 no mu na aborɔfo akuafo (Boerfo) hyiaa Xhosa man no—wɔn nso wɔyɛ abibifo a wotu fii kusuu fam bea hɔ. Akasakasa san sɔree bio. Wɔkoo ɔko ahorow. Saa bere yi mu de na Engiresifo afa Cape de ayɛ wɔn de. Nanso Boerfo pii nwiinwii wɔ Engiresifo nniso no ase na wɔ 1830 mfe no mu no, wotu kɔɔ kusuu fam. Wɔ ɔhaw ne akameakame pii akyi no, wɔtew aman afoforo wɔ Orange ne Vaal nsubɔnten no akyi. Na Engiresifo ne Boerfo no nyinaa yɛ nyiyim.
Ná Boerfo no yɛ Calvinfo a wofi Dutch Reformed Church no mu. Na wɔtaa kenkan Bible no, nanso na wogye di sɛ wɔkorɔn sen abibifo no—na pii gye di sɛ abibifo no wɔ Onyankopɔn nnome ase.
Asɔre No Pene Nyiyim No So
Nnipa pii a wɔnyɛ aborɔfo a wɔbaa asɔre no mu wɔ afeha a ɛto so 19 no mu no anyɛ aborɔfo no pii abodwo. Enti Asɔre no Bagua no sii gyinae kɛse bi wɔ 1857 mu sɛ: “Esiane yɛ a ebinom [aborɔfo] yɛ mmerɛw nti . . . amanaman mufo [wɔn a wɔnyɛ aborɔfo] asafo no. . . bɛyɛ wɔn Kristofo asɔre no wɔ ɔdan foforo mu.” Enti asɔre no penee mpaapaemu no so.
Mpaapaemu no kɔɔ so ara. Ɛnnɛ wɔwɔ Dutch Reformed Church, ahorow ma aborɔfo, abibifo, Afrafrafo, ne Indiafo.
Wɔ afeha e ɛto so 19 awiei mu hɔ no, nyiyim no daa adi wɔ ɔkwan foforo so. Ebeduu saa bere no mu no na wɔde asɔre ahorow pii a efi Britania titiriw a ɛhyɛ aborɔfo no nsa sisiihɔ. Sɛnea James Kiernan a ɔyɛ onipa asetra ho asɛm ho ɔbenfo wɔ Natal Sukuupɔn mu kyerɛ no, “Abibifo asɔfo a wɔwɔ asɔre ahorow a aborɔfo dɔɔso wom yi mu no faa ka a wɔamfa wɔn anka ho [Afrikafo asɔfo a wɔamma wɔanyɛ akannifo] no sɛ egyina nyiyim so na nea wɔyɛɛ wɔ ho ne sɛ wɔbɛtew wɔn asɔre ahorow.” Wɔtew nea edi kan no wɔ Johannesburg wɔ 1892 mu. Ɛnnɛ asɔre ahorow ahorow bɛyɛ 4,000 na ɛwɔ South Africa a emu pii yɛ abibifo de.
Nea wɔde fii afeha a ɛto so 20 no ase ne aborɔfo Kristofo,” Engiresifo ahempɔnsɛmdifo, ne Boerfo ntam akokoakoko a wɔde peree tumidi. Esiane sɛ Engiresifo no dɔɔso nti, wɔdii Boerfo no so, na akyiri yi wɔboom tew nea wɔfrɛ no Union of South Africa (South Africa Nkabom Man) .
Nanso Boerfo a na afei de wɔfrɛ wɔn Afrikanfo no dii nkonim wɔ amamuisɛm mu bere a wodii nkonim wɔ abatow mu wɔ 1948 mu na wobedii tumi esiane wɔn nyiyim (mpaapaemu) adwene no nti no. Asɛm bi a na ɛwɔ Die Transvaler a ɛyɛ Afrikanfo no atesɛm krataa mu no kae sɛ: “Yɛn nyiyim adwene a yɛwɔ no . . . gyina Kristofo nnyinasosɛm a ɛne atɛntrenee ne nea ɛyɛ pɛ so.” Mmara ne ahyɛde ahorow dii akyi bae bɛhyɛɛ abusua mu nyiyim no mu den.
Esiane sɛ aborɔfo no mu pii atew wɔn ho te baabi nti, wonhu asetra mu tebea a ɛyɛ awerɛhow a ɛwɔ abibifo nkurow no mu no, saa ara na wonhu awerɛhosɛm a nyiyim yi de ba no kɛse. Ɛkame ayɛ sɛ abibifo nyinaa di saa nyiyim yi ho yaw. Ɛyaw a wodi yi na ɛde basabasayɛ no ba no.
So Ano Aduru Wɔ Hɔ?
Nhyɛso a efi South Africa ɔman no mu ne akyi a ɛbɛma wɔagyae nyiyim no mu ayɛ den. Aban no sii gyinae nnansa yi ara sɛ ɛbɛyɛ nsakrae kɛse bi. Ɛyɛɛ nsakrae wɔ ɛho mmara no bi ho. Nanso ɛte sɛnea ɛrentumi nyɛ yiye sɛ wobedi South Africa ɔhaw ahorow no ho dwuma wɔ ɔkwan a ɛbɛma obiara koma atɔ ne yam so. Abibifo ne aborɔfo pii pɛ sɛ nsakrae no ba wɔ asomdwoe mu, nanso aborɔfo no binom a wɔn asɛm yɛ den asi wɔn bo sɛ wobekura wɔn dibea no mu. Afanu no nyinaa ntam apaapae wɔ ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so no mu. Mmusua a abibifo no nso fi mu ama wɔn mu apaapae kɛse.
Ano aduru bɛn na asɔre ahorow no de ma? Honhom mu de? Onyankopɔn Ahenni no? Dabi, wɔde wɔn ho ahyɛ amammuisɛm no mu. Asɔfo binom hyɛ basabasayɛ ho nkuran mpo na wɔne ahofadi akuw ahorow a wonim sɛ wɔyɛ basabasa no yɛ adwene. Esiane eyi nti, asɔrekɔfo pii ka sɛ ‘amammuisɛm a wɔte no dɔɔso dodo sen Onyankopɔn ho asɛm a wɔte.’
Nea ama asɛm no asɛe ne mpaapaemu a ɛwɔ asɔre ahorow no mu no. Wɔ Dutch Beformed Church no afã horow no mu no, wɔkasa tia abusua mu nyiyim no kɛse mprempren. Asɔfo a wɔyɛ abibifo ne aborɔfo pii kasa tia. Western Cape Bagua no hyɛe wɔ October 1983 mu sɛ mmusua mu nyiyim yɛ “bɔne’ na enti efi saa bere no rekɔ no ɛsɛ sɛ asɔre no ma nnipa ahorow nyinaa kwan ma wɔba mu.
Wɔ August 29, 1985 mu no, Dutch Reformed Church ne fã a ɛwɔ Stellenbosch hyɛɛ da kae sɛ abusua mu nyiyim “ne Bible no nnyinasosɛm a ɛfa dɔ wo yɔnko sɛ wo ho ne atɛntrenee ho no nhyia” ne sɛ “abusua mu nyiyim” ama “nnipa ayɛ mmɔbɔ.” Mpaapaemu a ɛfa abusua mu nyiyim ho asɛm no ho ka Engiresi asɔre horow no nso. Wɔ nnipa koma pafo a wɔama wɔagye adi fi wɔn mmofraase sɛ nnipa mu nyiyimyɛ “Onyankopɔn pɛ” no fam no, eyi yɛ wɔn nwonwa na ɛma woyɛ basaa.
Ano Aduru Koro Pɛ
Bere tenten ni a wɔadan wiase no adwene asi South Africa so. Abɛyɛ biribi a wogyina so kasa tia. Nanso aman pii a wɔyɛ saa no te sɛ ɛno ara anaasɛ ɛsen no mpo wɔ ɛno mu. Eyi de yɛn ko nokwasɛm titiriw biako so: Ɔhaw ahorow a ɛyɛ awerɛhow yi ano aduru ankasa a ɛbɛtra hɔ daa a ɛnyɛ nea ɛfa South Africa nko ho na mmom wiase nyinaa ho na yɛ nea onipa tumi ne ne nyansa ntumi mfa mma.
Nea ɛwɔ wiase abakɔsɛm mu ne kyerɛwtohɔ tenten biako a ɛfa wɔn mfomso ahorow, nsisi, nitan, ne mogyahwiegu ho. Na wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu no, tebea no mu ba bɛyɛ den bere a wiase no fi ɔhaw biako mu kɔ foforo mu a nuklea ko ho hu hunahuna wɔn bere nyinaa no.
Wɔ afeha yi mfiase mu hɔ no, adesamma huu hia a wiase nyinaa tumi kɛse bi a ebedi amanaman no so ho hia no. Nanso Amanaman Apam ne Amanaman Nkabom a wɔasɔ ahwɛ no anyɛ yiye. So tumi kɛse bi wɔ hɔ a ebetumi ayi ɔhaw yi afi hɔ na ɛde asomdwoe ne biakoyɛ aba?—Yiw, Onyankopɔn Ahenni no.
“Ebebubu [nnipa] ahenni horow no nyinaa ama asa na ayi basabasayɛ, nsisi, nneɛma bɔne nyinaa efi nsase so, na ama Kristo Mfirihyia Apem Ahenni a asomdwoe wom no aba. Ɛbɛyɛ nea ɛteɛ na eye ma nnipa nyinaa a wɔn abusua, wɔn honam ani hwɛbea anaasɛ beae a wofi mfa ho.—Daniel 2:44; Dwom 37:10; Asomafo no Nnwuma 10:34, 35.
Ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa a mpempem a wɔwɔ South Africa no ka ho de wɔn ani ato Ahenni a ɛyɛ Onyankopɔn nniso no so. Esiane Bible nkɔmhyɛ a anya mmamu nti, wogye di sɛ ɛrenkyɛ na afi ase adi wiase nyinaa so tumi. Ɛbɛka nnipa a wofi mmusua horow nyinaa mu abom.—Luka 21:28-31.
Wɔyɛɛ eyi ho nhwɛso a ɛka koma wɔ nhyiam atitiriw abien bi a wɔyɛe wɔ South Africa wɔ December 1985 mu no ase. Kenkan ho asem wɔ asem a edi hɔ no mu.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]
Asɔre no penee nnipa mu nyiyim no so “esiane yɛ a ebinom yɛ mmerɛw nti
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]
Wɔkae sɛ nnipa mu nyiyim yɛ Onyankopɔn pɛ
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]
Dutch Reformed Church no asɔfo pii akasa atia nnipa mu nyiyim