Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 3/8 kr. 12-16
  • Awerɛhosɛm a Esii Memeneda a Ɛmaa M’abusua Gyigyae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Awerɛhosɛm a Esii Memeneda a Ɛmaa M’abusua Gyigyae
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nneɛma a Efii Ase Wɔ Asomdwoe Mu
  • Awerɛhosɛm bi a Yehui
  • Mmuae Ahorow a Mehwehwɛe
  • Huammɔdi​—Afei Awerɛkyekye Ankasa
  • Atosɛm Kɛse
  • Akwanhwɛ a Ɛyɛ Anigye
  • Yɛn Asetena Nyɛɛ Kwa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Madi Mfe Ɔha na Meda so Ara wɔ Ahoɔden
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Manya Anigye Pii wɔ Onyankopɔn Som Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Misii Me Bo Sɛ Mɛkɔ So Asom Me Bɔfo No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 3/8 kr. 12-16

Awerɛhosɛm a Esii Memeneda a Ɛmaa M’abusua Gyigyae

MEMENEDA, April 27, 1968 fii ase te sɛ Memeneda biara wɔ yɛn Katolekfo fie a ɛwɔ afuw bi mu a ɛbɛn Mattoon, Illinois no. Sɛnea, me yere taa yɛ no, ɔkyerɛw nnuan ahorow pii din. Na ɛsɛ sɛ yenya nnuan pii na yɛde ama yɛn mma 12 no mu 9 a wɔda so ara wɔ fie no.

Na yɛn babarima Louis a wadi mfe 16 no resiesie ne ho ma ɔne me ne me yere akɔ kurom efisɛ na ɔpɛ sɛ ɔkɔtɔ abɔso (belt) foforo. Na ɔne ne nuabarima Timothy a wadi mfe 15 no ne abarimaa bi a wɔfrɛ no Charles Fuller a wadi mfe 18 no resiesie kar dedaw bi. Na Charles ne Louis nuabea a wɔyɛ ntafo no taa fi adi na ɔtaa ba afuw no mu Memeneda.

Saa Memeneda yi de, na yɛn babea Patty ne ne nuabea Billie Colleen a wadi mfe 12 no rehwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ fie nnwuma. Na yɛn mmabea Theresa Jean a wadi mfe 10 ne Mary Katharin a wadi mfe 9 no ho pere wɔn sɛ wobefi adi. Na yɛn ba Gary a wadi mfe 7 no aka akyerɛ me sɛ me ne no nkɔto darewa nkoyi nam. Nanso mitumi ma ogye toom sɛ yɛbɛyɛ saa da foforo wɔ dapɛn no mu efisɛ na mayɛ nhyehyɛe sɛ mɛyɛ yɛn lɔre no ho adwuma. Na Kenny a wadi mfe 5 a osua wɔ abusua no mu no ani agye sɛ ne nuanom mpanyimfo ne no bɛtra fie saa da no.

Yɛanhu sɛ Memeneda yi bɛsakra yɛn nkwa nna a aka no.

Nneɛma a Efii Ase Wɔ Asomdwoe Mu

Bɛyɛ sɛ anɔpa nnɔnwɔtwe ne nnɔnkron ntam hɔ no, me ne me yere ne Louis kɔɔ kurom. Bere a yɛkɔe no, Charles Fuller baa hɔ na ɔne Tim kɔɔ ahayɔ. Bere a me ne me yere ne Louis kodii gua san bae no, na mmarimaa no asan aba.

Bere a yedii yɛn awia aduan wiei no, me ne Tim kɔɔ me nuabarima bi fi sɛ yɛrekɔyɛ yɛn lɔre no ho adwuma. Mibisaa Charles sɛ ebia ɔbɛpɛ sɛ ɔne yɛn kɔ na ɔkae sɛ dabi. Bere a me ne wɔn redi nkra no, mihuu Louis, Gary, ne abofra kumaa Kenny sɛ wɔresiesie baabi a wobedua nhwiren wɔ hɔ. Na Theresa ne Mary regoru kar a mmarimaa no resiesie no ho.

Bɛyɛ sɛ awia nnɔnabiɛsa no, Louise tõõ aduan bi a wobedi awia no. Na ɛte sɛ nea Charles pɛ sɛ ɔbɛboa Louise bere nyinaa na yɛn ani gyee akokoduru a ɔwɔ no ho. Patty a na ɔreyɛ fie nnwuma saa da no bɛn muka no ho dodo. Ogya tɔɔ ne soro atade no mu ntɛm ara! Ɔhyehyewee kɛse ma enti me yere de no kɔɔ ayaresabea. Bere a wɔkɔe no, wɔka kyerɛɛ Louise ne Billie Colleen sɛ wonsiesie mukaase hɔ. Sɛnea Louise ne Billie betumi akae no, Charles Fuller ne Louis fii adi wɔ bere koro no ara mu. Nea esii wɔ dɔnhwerew biako anaasɛ abien no mu yɛ nea yɛn adwene ara kwa na yebetumi de abu.

Bɛyɛ nnɔnnum no, Charles baa fie na obisaa Louise sɛ bere bɛn na obewie. Sɛnea Billie kyerɛ no, ɔkae sɛ: “Makum nnomaa nketewaa anum. Bra na yɛnkɔ na kɔhwɛ.” Nanso Louise ankɔ na ɔka kyerɛɛ no sɛ m’ani nnye nnomaa a wokunkum wɔn ho. Bere tiaa bi akyi no, me yere ne Patty fii ayaresabea bae na Charles kɔɔ kar no ho na ɔkae sɛ wɔmfa no nkɔ kurom a ɛbɛyɛ sɛ akwansin asia no. Ɔka kyerɛɛ Louise sɛ ɔbɛsan aba akyiri yi.

Awerɛhosɛm bi a Yehui

Ade fii ase sɛ ɛresa na me yere hui sɛ bere adu sɛ mmofra no bɛsan aba fie. Ɔsomaa Billie sɛ ɔnkɔfrɛ wɔn. Bere a wɔannye so no, Louise ne Billie kɔe sɛ wɔkɔhwehwɛ mmofra no. Wohuu Theresa ne Mary afunu sɛ ɛdeda aburopata bi a efi fie kɔ hɔ bɛyɛ basafa 200 no ase. Wotuu mmirika baa fie bɛbɔɔ amanneɛ sɛ: “Ɛbɛyɛ sɛ mmeawa no fi dampare no so ahwe ase.” Wɔnam telefon so ka kyerɛɛ me sɛ mmeawa no awuwu. Bere a mede ahoɔhare reba fie no, minyaa adwene sɛ ‘Ebia wɔapira na ɛnyɛ sɛ wɔawuwu.’

Bere a me ne me nuabarima no rekɔ no, na Billie gyina lɔre kwan no ho a ɔrebɔ mmɔden sɛ obenya obi abɛboa wɔn. Ɔka kyerɛɛ me sɛ menkɔ aburopata no ho. Mihui ntɛm ara sɛ ɛyɛ aniberesɛm sen sɛnea misusuwii no. Bere a memaa mmeawa no so no, na wɔn ho ayɛ nwunu na mihui sɛ wɔawuwu. Mede mmirika kɔɔ fie kobisaa sɛ mmarimaa no wɔ he. Me yere buae sɛ: “Wɔkae sɛ wɔrekɔto darewa.” Manhu sɛ mitwaa wɔn amu ho bere a mereba fie no na wɔdeda baabi a efi aburopata no ho kɔ hɔ yɛ anammɔn 15 pɛ.

Menkae nea esii saa anadwo no ahe biara na nea mekae ara ne sɛ na nkurɔfo ayɛ fie hɔ ma na nkanea resɔ yerɛwyerɛw wɔ baabiara. Polisini bi bisaa me sɛ ebia mewɔ otuo anaa. Mante nea esii no ase ara. Akyiri yi yɛtee sɛ Charles na okunkum mmofra baanum no nyinaa​—Louis, Gary, Kenny, Theresa Jean ne Mary Katharin. Na wabɔ ne tirim sɛ obekunkum abusua no mufo nyinaa gye Louise nkutoo. Na ɔyɛ onyamewa bi ma no na na ɔpɛ sɛ ɔdɔ ɔno nkutoo.

Na Charles akyerɛw sɛnea obekunkum abusua no mufo ho asɛm ato hɔ. Na wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛdaadaa Louise ne Patty ne abarimaa foforo bi ma wɔakɔ kurom akɔhwɛ sini. Afei na nhyehyɛe a wayɛ ne sɛ ɔbɛyɛ sɛ ɔrekɔtɔ popcorn ne nsa. Sɛ́ anka ɔbɛyɛ saa no, ɔbɛba yɛn fi na wabekunkum yɛn nyinaa. Afei na wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛsan akɔ sini no ase na waka akyerɛ Patty sɛ wɔhwehwɛ no wɔ fie, na sɛ wodu fie a, obekum abarimaa no ne Patty. Afei ɔde otuo no bɛhyɛ abarimaa no nsam. Ɔpɛ sɛ Louise hu sɛ ɔyɛ dɔmmarima na ɔkyerɛ sɛ ɔno na okum abarimaa no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔremma onkunkum yɛn abusua no mufo nyinaa.

Mmuae Ahorow a Mehwehwɛe

Ehu kɛse kaa yɛn nyinaa wɔ asram kakraa a na edi hɔ no mu. Nsemmisa pii sɔree wɔ m’adwenem. Dɛn nti na Onyankopɔn maa kwan ma ade a ɛte sɛɛ too yɛn mma? So na yɛn ba Louis a wadi mfe 16 no wɔ soro anaasɛ hell? So na baanan a wɔaka no wɔ soro, efisɛ wonnyinii koraa sɛ wobebu nea wɔayɛ ho akontaa? Na ɛte sɛ nea atirimpɔw nti a mete ase no ayera. Mifii ase susuw sɛ ebia ɛyɛ nea ɛsɛ sɛ mekɔ so tra nkwa mu anaa. Nanso na mewɔ mmofra afoforo a me yere nso ka ho; eyinom na ɛma mitumi kɔɔ so traa ase.

Mifii ase hwehwɛɛ mmuae ahorow no denam yɛn Katolekfo sɔfo a mekɔɔ ne nkyɛn no so. Ɔka kyerɛɛ me sɛ mewɔ abɔfo nketewaa baanum wɔ soro. Nanso ɛno maa nsemmisa pii sɔree wɔ m’adwenem, te sɛ: Sɛ yɛn mma no wɔ soro a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yetua sika na ama wɔabɔ mpae ama wɔn na wɔayi wɔn afi ahodwiragya mu? Obiara antumi amma me mmuae a ɛteɛ.

Bio nso, esiane sɛ Charles Fuller akunkum yɛn mma no nti, so ɛnsɛ sɛ anka wokum no bi?

Sɛnea na ɛte no, wɔde no, too afiase na mfe pii ni no, ayɛ ade a ɛyɛ den ma m’abusua no sɛ yɛbɛkɔ afiase hɔ afe biara sɛnea ɛbɛyɛ a yɛremma wonnyi no. Wɔka kyerɛɛ me sɛ: ‘Me na aweredi wɔ me, Awurade na ɔka.’ ‘Nni awu.’ Nanso metee nka sɛ ɛte sɛ nea ‘nkwa nsi nkwa ananmu’ ne Kyerɛwnsɛm a ɛfata a ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma kɛse wɔ nsɛmmɔnedi kɛse yi ho.​—Romafo 12:19; Exodus 20:18; Deuteronomium 19:21.

Da koro, bere a me ne m’adamfo bi rebɔ nkɔmmɔ wɔ asotwe a ɛne owu ho no, ɔhyɛɛ me nkuran sɛ menhwɛ Genesis 9:6. Ɛka sɛ: “Nea ohwie onipa mogya gu no, onipa so na wɔnam behwie ne mogya agu.” Bere a mekenkan eyi no, ɛhyɛɛ me gyidi den sɛ ɛsɛ sɛ anka wokum abarimaa no wɔ nsɛmmɔne a odii no ho. Hwɛ aseda ara a mede mae sɛ minyaa me nsemmisa no mu biako ho mmuae!

Sɛnea mihui akyiri yi no, ɛwom sɛ Onyankopɔn na aweredi wɔ no de, nanso Onyankopɔn de hokwan ne ho asɛyɛde no ama asase so nniso ahorow no sɛ wommu nnebɔneyɛfo atɛn. (Romafo 13:4) Eyi nyinaa ma mehwehwɛɛ me Bible mu de bɔɔ mmɔden sɛ menya me nsemmisa ahorow a aka no ho mmuae.

Huammɔdi​—Afei Awerɛkyekye Ankasa

Mifii ase kɔɔ asɔre ahorow na misuaa Bible no denam nkrataa kyerɛw so a na mewɔ anidaso sɛ menya mmuae ahorow a mihia kɛse no. Mebɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmmoa me. Nea minya fii asɔre ne adesua ahorow no mu nyinaa no yɛ nsɛm a mate pɛn, te Sɛ: ‘Ɔkra no ntumi nwu. Awufo te ase wɔ baabi sɛ abɔfo’ a akyiri yi na mihui sɛ Bible no nkyerɛkyerɛ saa.​—Ɔsɛnkafo 9:5; Hesekiel 18:4, 20.

Afei da koro, asram 11 wɔ mmofra no wu akyi no, minyaa krataa fii obi a ɔwɔ California a wakenkan awudi no ho asɛm wɔ atesɛm krataa mu no nkyɛn. Ɔbea no de nhoma ketewaa bruu bi a wɔfrɛ no Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu ne Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma a wɔakra no afe biako kaa krataa no ho. Me werɛ remfi da a me nsa kaa krataa no da. Ná ɛka owusɔre ho anidaso a ɛwɔ hɔ ma awufo no ho asɛm. Mehwɛɛ nsɛm a ɛwɔ mu no nyinaa a Yohane 5:28, 29 nso ka ho. M’ani gyei araa ma misui!

Mekae sɛ mituu mmirika kɔɔ ɔdan a na me yere ne Louise wom no mu na mekae sɛ: “Monhwɛ, Bible no ka sɛ sɛ yebu bra pa a, yebetumi ahu yɛn nkurɔfo a wɔawuwu no bio a ɛnyɛ nea wɔyɛ ahonhom sɛnea wɔaka akyerɛ yɛn no na mmom nnipa ankasa. Wɔn a yebetumi aso wɔn mu na yɛayi ɔdɔ adi akyerɛ wɔn sɛnea yɛyɛe ansa na wowuwui no.” Nea ɛyɛɛ me nwonwa no, na me yere mpɛ sɛ ɔbɛte nneɛma a merekenkan no ho asɛm biara. Nanso abufuw a ɔde yɛɛ n’ade wɔ ho no ammrɛ ɔpɛ a na mewɔ sɛ mesua ho ade pii no ase.

Metraa ase kenkan nhoma ketewaa bruu no nyinaa na minyaa nsemmisa a ɛhaw me no ho mmuae. Mikohuu Yehowa Adansefo na ntɛm ara wɔne me fii Bible adesua ase. M’abusua no susuwii sɛ mabɔ dam. Me yere hyew me nhoma no nyinaa na ɔkɔfrɛɛ ɔsɔfo no sɛ ɔne me mmɛkasa.

Bere a ɔsɔfo no bae no, ɔbɔɔ me kɔkɔ sɛ me ne Yehowa Adansefo mmmɔ. Mibuae sɛ mete nka sɛ wɔrekyerɛkyerɛ me nokware a ɛfa nokware Nyankopɔn biako pɛ no ho na Yehowa Adansefo yi ɔdɔ adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ Yohane 13:35 no. Ɔsɔfo no kae sɛ ɔbɛkɔ baabi 2.00 p.m. nanso ɛrenkyɛ ɔbɛsan abehu me bio. Eyi sii wɔ mfe 16 a atwam ni no mu, na ɔnsan mmae da. Nanso esiane sɛ na yɛn babea Billie kɔ Katolekfo sukuu nti, na ɔde nkratawa a ɛkasa tia Yehowa Adansefo ma no ma ɔde ba fie.

Nanso na ɛyɛ Bible a me ne Yehowa Adansefo resua a wɔpɛ sɛ migyae ara kwa nti. Na me nuabarima biako yɛ Baptistfo sɔfo na ɔde nnɔnhwerew abiɛsa bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛ me sɛnea mɛyɛ Kristoni pa na matwe me ho afi Yehowa Adansefo ho. Me papa kae sɛ Adansefo no bɛsɛe m’adwene na mibuae sɛ wɔrehohoro m’adwenem yiye mmom efisɛ wɔakyerɛkyerɛ me atosɛm mfe pii.

Afei nso, me maame a ɔyɛ Pentekostni no maa ne sɔfo bae na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma magyae m’asɔre foforo no. Ɔmaa ɔkasa a ɛfa Yehowa Adansefo ho wɔ n’asɔre no mu na ɔde krataa a ɔhwɛɛ so maa ɔkasa no bi brɛɛ me. Nanso wɔ ɔsɔretia a mihyiae nyinaa akyi no, mampow nea na minim sɛ ɛne nokware nkyerɛkyerɛ a efi Bible mu no.

Atosɛm Kɛse

Ɛnyɛ sɛ wɔadi yɛn abusua no nsɛmmɔne kɛse nko, na mmom wɔaka atosɛm kɛse afa yɛn ho nso. Sɛ nhwɛso no, wɔka too me babea Louise so sɛ ɔboa ma wokunkum ne nuanom. Wɔka too me so sɛ meyɛ ɔsabofo ne mmeapɛfo. Nsɛm a ɛte saa a wɔka too me so no danee aseresɛm kɛse da koro.

Na me ne m’adamfo bi te yɛn lɔre mu na ɔbarima bi fi ofi no mu bae na ofii ase ne yɛn kasae. Ohuu Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no wɔ kar no mu na obisae sɛ yɛn mu hena na ɔyɛ Yehowa Ɔdansefo. Bere a mibuae sɛ ɛyɛ me no, ofii ase kaa sɛnea na Ɔsɔfo Russell a ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani a odi kan no yɛ obi a na obu bra bɔne ho asɛm.

Na merebɔ mmɔden asusuw sɛnea metumi akyerɛ sɛ nea ɔka no nte saa no ho na ama m’adamfo no atumi ahu sɛ nea ɔreka no nyɛ nokware. Nanso afei ofii ase kaa ɔdansefo a wɔfrɛ no William Cox no ho asɛm na ɔkae sɛ na ɔyɛ mmeapɛfo ne ɔsabofo. Ɔkyerɛe sɛ anadwo a wokunkum Cox mma no, na ɔne ɔbea bi wɔ nsatɔnbea. Ná m’adamfo no nim sɛ menyɛ obi a ɔte saa.

Mibisaa ɔbarima no sɛ, sɛ ohu Owura Cox a, obehu no? “Yiw, ɛdɛn, minim no bɛyɛ mfe 20 anaasɛ nea ɛboro saa.” Saa bere no na me ne m’adamfo no reserew kɛse, enti mibisaa m’adamfo no sɛ ebia ɔbɛbɔ onii a ɔne no rekasa no din akyerɛ no. Ɔkae sɛ: “Mɛyɛ saa. Owura, worekasa akyerɛ William Cox.”

Ɛwom mpo sɛ osuahu a minyae no yɛ nea ɛyɛ awerɛhow de, nanso ɛtɔ bere bi na edi boa me na mitumi di nnipa a anka wɔrentie asɛm no adanse. Mekae sɛ ɔsram biako, mitumi nyaa Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhomakra 50.

Akwanhwɛ a Ɛyɛ Anigye

Dɛn na afi mu aba ama m’abusua no? Me yere aba abenya Yehowa Adansefo Bible mu nkyerɛkyerɛ no ho anisɔ na me mma su asakra kɛse. Bere a me yere kae sɛ wontwa ne din mu mfi n’asɔre mu no, Patty ne Billie Colleen nso ma wotwaa wɔn din mu.

Me mpae a emu yɛ den a mebɔ ne sɛ da koro m’abusua no mufo nyinaa behyira wɔn ho so ama Yehowa na wɔanya anidaso koro no ara a mewɔ no a ɛyɛ nea ebetumi ama yɛahu yɛn mma ne wɔn nuanom no bere a wɔanyan wɔn aba Paradise asase so no. Wɔ hɔ no, basabasayɛ ne owu renhaw yɛn bio. (Adiyisɛm 21:3, 4)​—Sɛnea William Cox ka kyerɛe.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 13]

“Makum nnomaa nketewaa anum”

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 15]

Metee nka sɛ na ɛte sɛ nea ‘nkwa nsi nkwa ananmu’ ne kyerɛwsɛm a ɛfata a ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma kɛse

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 16]

Wɔka too me so sɛ meyɛ ɔsabofo ne mmeapɛfo

[Kratafa 13 mfoni]

Me ne me yere

[Pictures on page 14, 15]

Louis, mfe 16

Theresa, mfe 10

Gary, mfe 7

Mary Katharin, mfe 9

Kenny, mfe 5

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena