Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 4/8 kr. 7-8
  • Anidaso a Edi Mũ Wɔ Hɔ Ma Mprempren Awo Ntoatoa So Yi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Anidaso a Edi Mũ Wɔ Hɔ Ma Mprempren Awo Ntoatoa So Yi
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adwuma a Ɛyɛ Anigye Me Yɛn Nyinaa
  • Asomdwoe wɔ Asase So
  • Wiase a Biakoyɛ Wom
  • Dɛn na Ɛbɛba Daakye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Gyidi Ne Wo Daakye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Wo Anidaso Horow Ma Daakye Yɛ Nokware Ankasa Dɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Bible Ma Yenya Anidaso
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 4/8 kr. 7-8

Anidaso a Edi Mũ Wɔ Hɔ Ma Mprempren Awo Ntoatoa So Yi

“‘Sɛ wubetumi asakra wiase no a, anka dɛn na wobɛyɛ?” Mmofra binom bɛma mmuae te sɛ Germanni abofra a wɔfrɛ no Swen a osusuw sɛ “sɛ wobenya tumi koraa de asakra nneɛma no yɛ adaeso a ɛremma mu” no.

Afoforo ka nea wɔbɛyɛ sɛ wonya tumi a wɔde bɛsakra nneɛma ma ayɛ yiye a. Adesamma haw ahorow no mu binom ano aduru a wɔwɔ no taa bɛn nea wɔka ho asɛm wɔ Bible no mu no ho kɛse.

Nea Mmofra Bɛyɛ Nea Onyankopɔn Hyɛ Ho Bɔ

Adwuma a Ɛyɛ Anigye Me Yɛn Nyinaa

Jacky a wadi mfe dunson a ofi France Yɛn nyinaa benya adwuma a ɛma akomatɔyam

kusuu fam no bɛtew “mfiridwuma so denam ayɛ na nnipa bedi wɔn nsa ano adwuma.

tew a ɔbɛtew robɔt a ɛwɔ hɔ no so no so “Na wobesisi adan atra mu . . . wɔrensisi

sɛnea ɛbɛyɛ a obenya nnwuma ama nnipa.” adan mma obi ntra mu, na wɔrennua mma

Susanne a ɔyɛ abofra a ofi Hamburg, obi nni. . . . Wɔrenyɛ adwumayɛhunu na

Federal Republic of Germany no bɛpɛ sɛ wɔrenwo mma ɔpatuwu.”​ —Yesaia 65:21-23.

ohu wiase a wɔyɛ nsaanodwuma wom

​—asepaterepamfo, adansifo, nnua adwumfo

ne nea ɛkeka ho.

Asomdwoe wɔ Asase So

Te sɛ mmofra pii no, Carla a ɔyɛ abeawa a “Mommra mmɛhwɛ [Yehowa] nnwuma, ɔsɛe

wadi mfe 14 a ofi Federal Republic of ko a wama aba asase so. Ɔma akodi gyae

Germany no ‘bɛsɛe ɔtopae ahorow na kosi asase ano, obubu ta mu na otwitwa

wama akodi agyae.’ Jun a ɔyɛ abarimaa peaw mu asinasin, ɔde gya hyew

a ofi Japan no “bɛma obiara anya nteaseɛnam.”​—Dwom 46:8, 9.

asomdwoe.” Na Delphine a ofi France nso

“bɛma ɔko agyae wɔ wiase nyinaa.”

Wiase a Biakoyɛ Wom

Canadani aberante bi a wɔfrɛ no John “Na ɔno [Yesu] na wɔde tumi ne anuonyam

“bɛka wiase no abom ayɛ no ɔman biako.” ne ahenni maa no ma aman, nkurɔfo ne

Mikiko, abeawa a ofi Japan no kyerɛkyerɛ ɔkasa horow nyinaa som no.” “Amanaman

sɛnea osusuw sɛ wobetumi anya biakoyɛ no pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra ma yɛnkɔ

mu sɛ: “Mɛyɛ asase a nnipa pa nkutoo na [Yehowa] mmepɔw so . . . na ɔnkyerɛ yɛn

wɔte so.” Na Milton a ofi Brazil da n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so.”

nsusuwii afoforo adi: “Mɛpɛ sɛ mihu wiase ​—Daniel 7:14; Mika 4:2.

a biakoyɛ wom a ɛwɔ nniso biako ne

nyamesom biako.”

Sɛnea ntotoho ahorow a edi kan no ada no adi no, daakye a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no ne nea mmofra pii pɛ no. Daakye yi bɛba ampa efisɛ bere a odwontofo no rekasa akyerɛ Yehowa no ɔhyɛɛ bɔ sɛ: “Wubue wo nsam na wo ma ateasefo nyinaa nya nea wɔpɛ di mee.” (Dwom 145:16) Nanso bere bɛn na bɔhyɛ ahorow yi benya mmamu? Ma yɛnhwɛ sɛnea mmofra afoforo ma mmuae.

Nsakrae Bere Abɛn!

Carole a ofi France no wɔ “anidaso a ɛyɛ nwonwa” na ohu sɛ “biribi a ɛyɛ nwonwa​—ɛnte sɛ wiase a yɛte mu no koraa” bɛba nnansa yi ara. Samuel a wadi mfe 15 a ofi ɔman koro no ara mu no nso gye di sɛ nsakrae koraa bɛba: “Mihu wiase a wɔadan no ayɛ no paradise a ɛyɛ fɛ wɔ afe 2000 mu! Nanso ɛnyɛ nea misusuw sɛ mprempren wiase yi anaasɛ emu sodifo bɛtra ase ahu saa da no. . . . Yɛte nneɛma nhyehyɛe no nna a edi akyiri no mu.” Ruth a ɔyɛ Germanni abeawa a wadi mfe 16 no nso da ahotoso a ɔwɔ wɔ nsakrae yi mu no adi sɛ: “Minim sɛ minni tumi a mede bɛsakra wiase no na ama nneɛma akɔ so pɛpɛɛpɛ. Yehowa, yɛn Bɔfo no nkutoo na obetumi na ɛrenkyɛ ɔbɛyɛ saa.”

Nanso dɛn nti na mmofra a wotwa to a wobisabisaa wɔn nsɛm no gye di kɛse sɛ nsakrae a mfaso wɔ so bɛba nnansa yi? Efisɛ wɔabehu Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow denam n’asɛm Bible no so. Sɛ Yehowa Adansefo no, wɔwɔ biribi a eye kɛse mu ahotoso​—wiase a atɛntrenee ne asomdwoe wom a sɛnea Onyankopɔn bɔhyɛ kyerɛ no, ɔyare ne owu mpo rentra hɔ bio.​—2 Petro 3:13; Adiyisɛm 21:3, 4.

Bible nkɔmhyɛ ahorow a Adansefo nkumaa yi hwehwɛɛ mu yiye no ma wohui sɛ yɛte bere a eye wɔ abakɔsɛm mu mu mprempren efisɛ bere adu sɛ Onyankopɔn de ne ho bɛgye adesamma nsɛm mu na wayi nneɛma a ɛnteɛ afi asase no so nyinaa Kyerɛwnsɛm no ka bere tiaa a edi bere a Onyankopɔn de ne ho begye onipa nsɛm mu yi ho asɛm sɛ “awiei bere” na ɛka pefee sɛ ɛnyɛ nea ɛbɛtra hɔ akyɛ asen “awo ntoatoaso” biako. Ɔko ahorow, asasewosow, nyarewa, ehu ne ahotɔ kɛse a wɔrennya nso bɛhyɛ no nsow eyinom nyinaa aba wiase no mu fi 1914. Esiane sɛ mfe a 1914 “awo ntoatoaso” no anya akɔ anim ara yiye nti, Onyankopɔn bɔhyɛ yɛ asɛmpa a ɛyɛ ne bere so de ankasa ma mmofra a wɔwɔ hɔ nnɛ no.​—Daniel 12: 4; Mateo 24:3, 7-14, 34.

Wo Daakye a Wubesiesie

Ɛnde su bɛn na ɛsɛ sɛ yeyi no adi wɔ daakye ho? Wɔakyerɛ obiara nea ɛsɛ sɛ ɔpaw. Franseni sɛnkyerɛwfo bi ka sɛɛ se: “Ɔkwan a wɔfa so kyerɛ daakye ho anigye abien na ɛwɔ hɔ. Biako ne sɛ wobɛbɔ mmɔden ayɛ ho mfonini te sɛ obi a ɔte keteke mu a ɔhwɛ nneɛma a ɛwɔ kwan no ho no; nea ɛka ho no ne sie a wubesiesie wo ho ama.” Nea ɛwɔ ne na wopɛ?

Sɛ anka wobɛma daakye bi a aduru sum ho hu aka wo no, ebia wopɛ sɛ wobɛhwehwɛ Adansefo nkumaa no gyidi horow no mu sɛ ebia wɔn anidaso no wɔ nnyinaso a ɛyɛ den. Dɛn nti na wone Yehowa Adansefo mu biako mfi ase nsua Onyankopɔn Asɛm. Sɛ anka wobɛtra ase atwɛn nea ɛbɛba daakye a wonyɛ ho hwee no, wubetumi asua sɛnea wubesiesie wo ho ama. Wubetumi anya daakye ho anidaso a ɛyɛ nwonwa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena