Mmofra Bisa Sɛ . . .
Mɛyɛ Dɛn Atumi Agye M’ani?
“ƐDA adi yiye sɛ wo mmofraaberem ne bere a wotaa haw kɛse sen biara wɔ w’asetra mu.” Saa na Teenage Stress akyerɛwfo kae. Wɔ saa bere no mu no, ɛnyɛ nea mmofra pɛ sɛ wɔbɛyɛ adwuma anaasɛ wobesua ade bere nyinaa. Wohia nsakrae nnakoro nnakoro bi, bere bi a wɔde begye wɔn ani. Yesu Kristo mpo gye toom sɛ ɛho hia sɛ ‘wɔhome kakra’ wɔ bere ne bere mu.—Marko 6:31.
Nea ɛyɛ awerɛhow no, sɛ edu ahomegye so a, mmofra ntaa mfa atɛmpa nni dwuma bere nyinaa. Nea ɛtaa fi ase sɛ anigyede no taa kowie awerɛhowdi mu. Sɛ nhwɛso no, abeawa bi ka mmofra apontow bi a ɔkɔɔ ase ho asɛm sɛ: “Na nnwom a wɔbɔ no yɛ dɛ, yɛsawee pii, yedii nnkɔnnɔkɔwade a eye na yɛserewee pii. Obi de wii bae. Afei yɛbowee. Saa bere no na biribiara fii ase yɛɛ basaa no.” Nea efii mu bae ne aguamammɔ. Abeawa no kae sɛ: “Efi saa bere no midi awerɛhow na meyɛ basaa.”
Ɛho nhwɛso kɛse ne mmofra a “anigye” ho adwene a wɔwɔ no ma wɔsɛe bere pii no. Sɛ nhwɛso no, wɔ United States no, aguadidan ahorow mu adan nhyiambea a mmofra a wɔnyɛ adwuma biara no sɛe bere pii wɔ hɔ a wɔnhyɛ hwee na mmom ‘wokyinkyin hɔ ara kwa.’
Hia a Ahwɛyiye ho Hia
Ebia anigye bi wɔ ‘apontow’ anaasɛ ‘kyin a wubekyinkyin ara kwa’ no mu. Nanso nokwasɛm a ɛyɛ sɛ biribi yɛ anigye no nkyerɛ sɛ eye; saa ara nso na ɛnkyerɛ sɛ ebetumi aboa ma woanya Kristofo nipasu a ɛkari pɛ. Ɔsomafo Paulo bɔɔ Kristofo kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ yiye, anuanom, . . . na bɔne nnaadaa ampirim mo mu biara koma.” (Hebrifo 3:12, 13) Mpɛn pii nneɛma a ɛyɛ anigye betumi adaadaa yɛn efisɛ ɛnyɛ nea etumi ma yenya bere ne abrabɔ ho nnyinasosɛm pa.
Sɛ nhwɛso no, so wokae Bible mu kyerɛwtohɔ a ɛfa Israelfo 24,000 a wɔsɛee wɔn no ho no? Moabfo ne Midianfo mmea a wɔn ho yɛ fɛ too nsa frɛɛ wɔn sɛ wɔmmra apontow bi ase. Ebia Israelfo no susuwii sɛ: “Esiane mfe pii a yɛde anantew sare so nti, ɛsɛ sɛ yegye yɛn ahome kakra ampa. Aduan ne nsa kakraa bi a yɛne wɔn bɛbom anom no rempira yɛn.’ Nanso epiraa wɔn na ɛmaa nnipa 24,000 a wɔde wɔn ho hyɛɛ aguamammɔ ne abosonsom mu no wuwui!—Numeri 25:1-9.
So ɛrenyɛ nea asiane wom nso saa ara—sɛ wo ne wo mfɛfo sukuufo a wɔnyɛ Kristofo ‘bɛtow pon’ anaasɛ ‘bekyinkyin ara kwa’—sɛ yɛrenka bere pii a egye no ho asɛm mpo a. (Galatifo 5:21; 1 Korintofo 7:29) Kae sɛ nea Kristofo bu no sɛ ɛnyɛ abrabɔ pa no yɛ asetra kwan ma nnipa afoforo! Saa ara na nnipa bɔne a wo ne wɔn bɛbɔ denam ɔbrasɛe nnwom a wubetie, asaw bɔne a wobɛsaw, anaasɛ nhoma ne sini ahorow a basabasayɛ ne aguamammɔ wom a wobɛhwɛ no so no te.—1 Korintofo 15:33.
Wo Nkutoo
Bible no akyi a wubedi no bɛto nea wubetumi ayɛ de agye w’ahome no anohye. Nanso eyi nkyerɛ sɛ asetra bɛba abɛyɛ nea ɛbɛfono wo a adwuma nkutoo na wobɛyɛ. Sɛ nhwɛso no, Mary yɛ Kristoni abofra. Ɔne mmofra a wɔbɛpɛ sɛ wɔbɛdaadaa no ma wayɛ bɔne no mmɔ. Ɔkwan bɛn so na ɔfa gye n’ani? “Mebɔ sanku na mesɛe bere kakra de sua ne bɔ.” Abeawa foforo a wɔfrɛ no Melissa nso ka sɛ: “Ɛto bere bi a mekyerɛw anansesɛm anaasɛ anwensɛm de gye m’ani.”
Dabi, ɛnyɛ nea ɛho hia sɛ wobɛkɔ apontow bi ase anaasɛ wo nnamfo betwa wo ho ahyia mpo ansa na woatumi anya anigye. Wubetumi asua sɛnea wode bere bedi dwuma ma mfaso aba so denam biribi te sɛ akenkan, dua dwumfo adwuma anaasɛ afiri a wɔde bɔ nnwom a wubesua ne bɔ no so.
Nneɛma a Mobɛyɛ Abom sɛ Abusua
Ɛwom, ɛnyɛ nea wopɛ sɛ wobɛyɛ ankonam bere nyinaa. Nanso afoforo a wo ne wɔn bɛbɔ no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wohwehwɛ w’atipɛnfo bere nyinaa. Nhwehwɛmu bi a ɛfa Amerikafo mmofra ho daa no adi sɛ mmofra “ani gye fi a abusua no befi adi ne nneɛma a wɔyɛ bom wɔ bere ne bere mu no ho.” Ɛnyɛ sɛ nneɛma a mobɛbom ayɛ sɛ abusua no yɛ anigye nko na mmom ebetumi ama abusua biakoyɛ anya nkɔso nso.
Eyi kyerɛ pii sen TV a mobɛbom ahwɛ ara kwa. Ɔbenfo Anthony Pietropinto ka sɛ: “Ɔhaw a ɛwɔ television hwɛ mu ne sɛ bere a ebia wo ne nnipa afoforo na ɛhwɛ no, ɛyɛ ade a onipa biako na ɔyɛ. . . . Nanso agoru ahorow te sɛ nea wodi wo fie, aduannoa, nsaanodwumayɛ, ne nhoma a wɔkenkan no den bue hokwan kɛse ma nkitahodi ne biakoyɛ na ɛkanyan adwene kɛse sen television a nnɛyi mmusua hwɛ kɛse no.”
John a ɔwɔ mma baason no ka sɛ: “Yɛyɛ yɛn ade na yetu kwan kɔ mmeaemeae sɛ abusua bere nyinaa. Ɛtɔ bere bi a yetu kwan dapɛn awiei. Yɛkɔ kurow no mu agorudibea ne tete nneɛma akorae. Nanso yegye yɛn ahome wɔ fie nso na yedi agoru ahorow. Sɛ yɛresiesie yɛn fie anaasɛ yɛreka ho paint na yɛbom yɛ sɛ abusua a, etumi yɛ anigye.
Sɛ ɛnyɛ nea w’abusua bom yɛ nneɛma a ɛtete saa dedaw a, di kan hyɛ ho nyansa kyerɛ w’awofo. Bɔ mmɔden sɛ wobɛda fi a abusua no befi adi ne nnwuma ahorow a mobɛbom ayɛ ho adwene a ɛyɛ anigye adi akyerɛ.
Kristofo Fekubɔ
Ɛyɛ anigye nso sɛ wo ne wo nnamfo bɛbɔ fekuw wɔ bere ne bere mu. Dɛn nti na wummisa w’awofo mma wɔmmoa wo na ama woatumi ayɛ fekubɔ a ɛte saa ho nhyehyɛe? Wubetumi ayɛ agoru ahorow te sɛ dame, ɔware ne nea ɛtete saa ne kuw nnwonto ho nhyehyɛe. Sɛ wo nnamfo no mu binom nim nnwonto a, ebia mubetumi ama wɔatow bi akyerɛ mo. Aduan pa nso boa wɔ bere a ɛte sɛɛ mu nanso ɛnsɛ sɛ ɛyɛ soronko anaasɛ nea ne bo yɛ den. Ɛtɔ bere bi a, nnipa a woato nsa afrɛ wɔn no betumi de nnuan ahorow ahorow aba.
Anidahɔ a mode bedi dwuma ho hia titiriw. Ɛho nhia sɛ dwom no ano yɛ den ansa na moanya mu anigye; saa ara nso no ɛnsɛ sɛ mosaw asaw bɔne ansa na moanya anigye. Afei ɔhaw a ɛne agoru a wɔma ɛdan akansi a emu yɛ den no nso wɔ hɔ. Kristoni ɔwofo bi bɔ amanneɛ sɛ: “Ɛtɔ bere bi a mmofra gye akyinnye denneennen kodu baabi a ɛkame ayɛ sɛ ɛdan ntɔkwaw.” Di Bible afotu a ɛne sɛ yɛnkwati ‘si a yɛne yɛn ho yɛn ho besi akane’ no akyi.—Galatifo 5:26.
Henanom na ɛsɛ sɛ woto nsa frɛ wɔn? Bible no se: “Munnya ɔdɔ mma anuanom kuw no nyinaa.” (1 Petro 2:17, NW) Ɛnde dɛn nti na ɛsɛ sɛ wo ne w’atipɛnfo nkutoo bɔ fekuw? ‘Trɛw’ wo fekubɔ mu. (2 Korintofo 6:13) Ɔwofo bi kae sɛ: “Ɛwom sɛ ɛnyɛ nea mpanyimfo taa nya dwumadi ahorow no mu kyɛfa de, nanso wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛba abɛhwɛ nea ɛrekɔ so no.” Mpanyimfo a wɔwɔ hɔ no taa bɔ nneɛma a egye nsam no ho ban, Nanso ɛnyɛ nea wubetumi ato nsa afrɛ “anuanom kuw no nyinaa” aba nhyiam biara ase. Nsɛnnennen betumi asɔre bere a nnipa a wɔahyiam no dɔɔso na wontumi nhwɛ wɔn so no. Ma ɛyɛ nea esua na woakwati ɔhaw ahorow.
Kristofo fekubɔ nso ma wonya hokwan a ɛbɛma wɔahyehyɛ wɔn ho wɔn ho den wɔ honhom mu. Ampa, mmofra binom te nka sɛ honhom mu nneɛma a wɔde ka fekubɔ ho no mma ɛnyɛ anigye. Kristoni abarimaa bi kae sɛ: “Sɛ yehyiam a, ɛyɛ ‘Tra ase na fa wo Bible na di agoru a egyina Bible so.’” Nanso odwontofo no kae sɛ: “Anigye ne onipa a . . . Yehowa mmara sɔ n’ani.” (Dwom 1:1, 2, NW) Enti nkɔmmɔbɔ—anaasɛ agoru ahorow mpo—a egyina Bible so no betumi ama bere no ayɛ anigye kɛse.a
Adwene foforo nso ne sɛ wobɛma nnipa pii aka sɛnea wɔbɛyɛɛ Kristofo no ho asɛm akyerɛ. Anaasɛ ma ɛnyɛ nea ɛyɛ anigye denam nsa a wobɛto afrɛ ebinom ma wɔabɛka nsɛm a esisi a ɛyɛ serew akyerɛ no so. Eyinom taa yɛ asuade a ɛsom bo ma yɛn.
Bere a Eye Sen Biara
Nanso bere a fekubɔ ne adifi wɔ n’afa no, bere a wubenya anigye asen biara bɛyɛ nea ɛfa Yehowa som ho. Mfehaha pii a atwam ni no, Onyankopɔn yɛɛ nhyehyɛe maa Israelfo sɛ wɔnkɔ Yerusalem na wonkodi afe afe Ɔsese Afahyɛ no. Onyankopɔn hyɛe sɛ: “Na mo ani nnye [Yehowa] mo Nyankopɔn anim.” (Leviticus 23:40) Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso yɛ nhyiam ahorow saa ara. Wɔ Kristofo mmofra pii fam no, eyi yɛ bere a wɔn ani gye sen biara wɔ afe mũ no nyinaa mu!
Nanso sɛnea asɛm bi a ɛwɔ ‘Teen nsɛmma nhoma no mu ka ho asɛm no: “Asetra rentumi nyɛ nea wonnya adagyew wom—sɛ ɛte saa a, anka wobɛbrɛ! Nea ɛka ho no, ‘pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ Awurade adwuma mu.’ (1 Korintofo 15:58; Mateo 24:14) Nanso, sɛ wote nka sɛ ɛho hia sɛ wubegye w’ahome wɔ bere ne bere mu a, ɛnde yɛ saa wɔ ɔkwan a ɛkari pɛ na eye so.
[Ase hɔ nsɛm]
a Hwɛ January 22, 1979 Awake! nkratafa 10-12 na ama woanya agoru ahorow yi bi ho asɛm.
[Kratafa 10 mfoni]
Kristofo fekubɔ betumi ayɛ anigye ampa bere a wɔyɛ dwumadi ahorow ho nhyehyɛe na mpanyin ne mmofra nyinaa nya mu kyɛfa no