Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 5/8 kr. 8-11
  • Henanom Na Wobenya Nkwa Wɔ Wiase Yi Awiei No Mu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Henanom Na Wobenya Nkwa Wɔ Wiase Yi Awiei No Mu?
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔn a Wobenya Nkwa
  • Wiase Awiei​—Bere Bɛn?
  • Bere a Ɛsɛ sɛ Yesi Gyinae
  • Ɛho Abehia Kɛse Sɛ Yɛwɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Wiase Bi a Wɔsɛee No
    Nkwa a Wubenya Akɔ Asase Foforo So
  • Nsuyiri Sɛee Wiase—So Ebesi Bio?
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Woayɛ Ahoboa Ama Yehowa Da No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 5/8 kr. 8-11

Henanom Na Wobenya Nkwa Wɔ Wiase Yi Awiei No Mu?

NNIPA a wɔte asase so nnɛ no mu pii rennya nkwa wɔ wiase yi awiei no mu. Ɛno da adi pefee bere a obi sua Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no. Sɛnea Yesu kae no: “Ɔpon a ɛso ne ɔkwan a ɛtrɛw no ne nea ɛkɔ ɔsɛe mu no, na wɔn a wɔhyɛn mu no yɛ pii. Na ɔpon teateaa ne ɔkwan hiahiaa no ne nea ɛkɔ nkwa mu, na wɔn a wohu no sua.”​—Mateo 7:13, 14.

Adwene a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn betumi asɛe nnipa ɔpepem pii, yiw, ɔpepepem pii a obu wɔn sɛ amumɔyɛfo no betumi ama ebinom ho adwiriw wɔn. Nanso ma ɛntra w’adwenem sɛ Onyankopɔn “nkyɛ ne bɔhyɛ ho, sɛnea ebinom bu sɛ ɛkyɛ, na mmom . . . ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakra mu.” (2 Petro 3:9) Dabi, Onyankopɔn ani nnye ho sɛ ɔbɛsɛe abɔnefo mpo: “Ɔbɔnefo wu nyɛ me fɛ, na mmom sɛ ɔbɔnefo bɛsan afi ne kwan so na wanya nkwa.” (Hesekiel 33:11) Nanso ɛsɛ sɛ Onyankopɔn di n’Asɛm so na ɔma n’atirimpɔw ma asase yi ba mu. Sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛyɛ saa no, ɛsɛ sɛ ɔsɛe wɔn a obu wɔn sɛ mmaratofo no.

Wɔn a Wobenya Nkwa

Esiane sɛ ɛnyɛ nea wiase ba awiei da biara nti, nnipa pii nnye nni sɛ ebetumi aba. Nanso ɛbɛyɛ papa sɛ nnipa a wɔte saa no kae sɛ aba saa pɛn.

Bere bɛn? Ɛyɛ bere a wiase nyinaa Nsuyiri no bae wɔ Noa bere so no. Onyankopɔn sɛee nnipa a na wɔatwe wɔn ho afi ne ho nyinaa. Ná mmarima ne mmea ka wɔn a Ɔbɔadeɛ no buu wɔn atɛn sɛ amumɔyɛfo a wowuwui no ho. Ná wɔn mma nso ka ho, efisɛ na wɔretete saa mmofra no ma wɔabɛyɛ sɛnea wɔn awofo te​—amumɔyɛfo. Bible no bɔɔ yɛn amanneɛ sɛ, enti “na ɔpopaa biribiara a nkwa wom a ɛwɔ asase ani, efi nnipa so kosi ntɔteboa . . . so” no.

Henanom na wonyaa nkwa wɔ Nsuyiri no mu? Onyankopɔn Asɛm bua sɛ: “Ɛkaa Noa nko ne wɔn a wɔne no wɔ adaka no mu no.” (Genesis 7:21-23) Na Noa ne ne yere, wɔn mmabarima baasa ne wɔn yerenom, a wɔn nyinaa yɛ nnipa baawɔtwe ne mmoa ahorow nyinaa bi ka ho. Dɛn nti na Onyankopɔn ani sɔɔ Noa ne n’abusua? Efisɛ bere a Onyankopɔn hyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ nneɛma ahorow bi no, wɔyɛe. Sɛnea Genesis ka no: “Noa yɛɛ sa; sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ no nyinaa, saa ara na ɔyɛe.”​—Genesis 6:22; 7:5.

Asuade a eye bɛn na yebetumi anya afi nea esii,wɔ saa bere no mu? “Na biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw ama yɛn kyerɛkyerɛ.” (Romafo 15:4) Enti ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ Onyankopɔn ma nnipa bu wɔn nneyɛe ho akontaa. Ɔmaa yɛn akyɛde a ɛne sɛ yɛwɔ hokwan sɛ yɛyɛ nea yɛpɛ ne sɛ, ɔhwehwɛ sɛ yebebu nea yɛyɛ ho akontaa no. Yɛrentumi mmu yɛn ani ngu Ɔbɔadeɛ no ne n’atirimpɔw ahorow ne n’apɛde so na afei yɛakyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔtwe yɛn aso te sɛ nea yɛhwehwɛ sɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn yi mmɔborohunu adi kyerɛ yɛn a su biara a yɛayi adi no mfa ho. “Monnnaadaa mo ho, Onyankopɔn, wonsi no atwetwe; efisɛ nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.”​—Galatifo 6:7.

Nea yesua biribi fi mu nso ne nea ɛbaankurow a ɛyɛ Sodom ne Gomora so no. Esiane wɔn abrabɔ bɔne a anibere wom nti, Onyankopɔn hyɛe sɛ wɔnsɛe nkurow no. N’asomafo a wɔkɔsɛee nkurow no kae sɛ: “Wɔn nteɛm sõ [Yehowa] anim, na [Yehowa] asoma yɛn sɛ yɛmmɛsɛe ha.” Wokunkum wɔn nyinaa​—gye nnipa baasa​—Lot ne ne mmabea baanu. Dɛn nti na wɔkoraa wɔn so? Efisɛ wɔtiee Onyankopɔn ahyɛde ahorow no na wodii ho dwuma. Nanso Lot yere anyɛ saa​—na owui. Wɔn a wokunkum wɔn nso ne mmarima baanu a na wɔrebɛware Lot mmabea no. Dɛn ntia? Efisɛ bere a Lot bɔɔ wɔn kɔkɔ wɔ ɔsɛe a na ɛreba no ho no, “ɔyɛe [wɔn a wɔrebɛyɛ] ne nsenom no ani so sɛ obi a ɔredi fɛw.” Nanso na ɛnyɛ fɛwdi. Wowuwui.​—Genesis 19:1-14.

Saa ara na wɔ yɛn bere yi mu no, nnipa pii di bɛn a wiase yi awiei abɛn no ho fɛw. Nanso ɔsomafo Petro ka siei sɛ wɔ ‘nna a edi akyiri yi mu no, fɛwdifo a wodi fɛw bɛba.’ Ɔkae sɛ eyinom buu wɔn ani guu nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wiase bi baa n’awiei pɛn​—wɔ Nsuyiri no mu no so. Yesu nso kae sɛ: “Na sɛnea Noa nna no yɛe no, saa ara nso na onipa ba no ba bɛyɛ. Na sɛnea nna a edi nsuyiri anim no mu no wodidii na wɔnomee, wɔwaree na wɔmaa aware, de kosii da a Noa hyɛn adaka no mu, na wɔanhu de kosii sɛ nsu yiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe no.” Ɔde kaa ho sɛ: “Saa ara nso na onipa ba no ba bɛyɛ.”​—2 Petro 3:3-7; Mateo 24:37-39.

Enti wɔbɛsɛe nnipa pii efisɛ wɔpaw sɛ wobebu wɔn ani agu sɛnkyerɛnne a ɛda adi pefee a efa “nna a edi akyiri” yi ho no so. (2 Timoteo 3:1-5) Nanso nea ɛyɛ asɛmpa ne sɛ ebinom benya nkwa, nnipa pii a wɔdɔɔso sen adesamma baawɔtwe a wonyaa nkwa wɔ Nsuyiri no mu anaa nnipa baasa a wonyaa nkwa bere a wɔsɛee Sodom ne Gomora no.

Sɛ́ nnipa pii benya nkwa no yɛ nea ɔsomafo Yohane ka siei wɔ ɔsoro anisoadehu bi mu. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mihui, na hwɛ, nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu . . . Eyinom ne wɔn a [wonya nkwa wɔ] ahohia kɛse no mu. . . . Na Onyankopɔn bɛpopa nusu nyinaa afi wɔn aniwa mu.”​—Adiyisɛm 7:9, 14, 17.

Wiase Awiei​—Bere Bɛn?

Bere bɛn na wiase yi bɛba n’awiei? Bible no nka da pɔtee bi ho asɛm nkyerɛ yɛn. Yesu daa eyi adi pefee bere a ɔmaa asɛm a n’asuafo bisa faa ho no ho mmuae no. Ɔkae sɛ onipa biara nnim bere pɔtee ne da no ne dɔn no. (Mateo 24:36) Nanso nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nnipa rentumi nhu da pɔtee a wiase yi bɛba awiei no nkyerɛ sɛ Onyankopɔn renka bere a ebedu hɔ no ho asɛm nkyerɛ yɛn.

Bible mu nkɔmhyɛ ahorow pii hyɛ saa bere no agyirae. Yesu ankasa kaa nsɛm pii a ebesisi ansa na awiei no aba ho asɛm. Afei ɔka kyerɛɛ nnipa a wobehu saa nsɛm a ebesisi no mfiase sɛ: “Sɛ muhu eyinom nyinaa a, munhu sɛ abɛn, na adu apon ano! Nokware mise mo sɛ, awo ntoatoaso yi rentwam, gye sɛ eyinom nyinaa aba mu ansa.”​—Mateo 24:33, 34.

Awo ntoatoaso bɛn na na Yesu kyerɛ no? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛyɛ ɛwo ntoatoaso a ɛwɔ hɔ fi afe 1914 no. Awo ntoatoaso yi ahu biribiara a Yesu kae sɛ ɛbɛba ansa na awiei no aba no. Eyi kyerɛ sɛ nnipa binom a na wɔte ase wɔ 1914 mu no bɛkɔ so ɛtra nkwa mu na wɔahu wiase yi awiei.​—Mateo 24:1-34.

Yesu kaa asɛm a egye ntɛmpɛ yi nso: “Eyi nti munsiesie mo ho nsie, efisɛ dɔn a munsusuw no mu na onipa ba no reba.” Saa “onipa ba” no ne Yesu ankasa a ɔreba sɛ Onyankopɔn Brafo Panyin no.​—Mateo 24: 44; hwɛ Adiyisɛm 19:11-21 nso.

Bere a Ɛsɛ sɛ Yesi Gyinae

Bere a aka ama saa wiase a aporɔw, basabasayɛ wom na ɛnteɛ yi yɛ tiaa. Enti ɛho hia sɛ yɛn mu biara si gyinae sɛ ebia ɔpɛ sɛ ɔbɛka wɔn a wobenya nkwa no ho.

Dɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ ebia obi bɛsɛe anaasɛ obenya ogye? Tie mmuae a ɔsomafo Petro de ma no: “Enti, sɛ eyinom nyinaa bɛsɛe a, nnipa bɛn na ɛsɛ sɛ moyɛ wɔ abrabɔ kronkron ne onyamesompa mu, sɛ motwɛn na moma [Yehowa] da no ba yɛ ntɛm.”​—2 Petro 3:11, 12.

Yiw, ɛho hia sɛ yɛyɛ aso ma nea Onyankopɔn reka mprempren no na yɛyɛ nea ɔka sɛ yɛnyɛ no. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛnde wɔrensɛeyɛn na mmom wɔbɛkora yɛn so na yɛakɔhyɛn trenee nneɛma nhyehyɛe no mu. (2 Pe 3:13) Ɔsomafo Yohane asɛm a efi honhom mu no da eyi nso adi pefee: “Wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”​—1 Yohane 2:17.

Gyinae a yebesi sɛ yebegyina Onyankopɔn ne ne nokware ahorow afã no nyɛ nea yebetumi de agyina nkate kɛkɛ so. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea efi nimdeɛ a edi mũ a yɛanya nti: “Eyi kyerɛ daa nkwa, sɛ wobenya wo, nokware Nyankopɔn koro, ne nea wosomaa no bae, Yesu Kristo, no ho nimdeɛ.”​—Yohane 17: 3, NW.

Ɛhwehwɛ nso sɛ ‘yɛbɛkɔ so anyin’ wɔ nimdeɛ a ɛte saa mu. (2 Petro 3:18) Nimdeɛ a edi mu a ɛfa Onyankopɔn nsiesiei ma nkwagye ho a ɛnam ne soro Ahenni a mprempren wɔde asi hɔ a ɛhyɛ Wiase no so Nkonimdifo, Yesu Kristo nsa so no nso ka ho. (Mateo 6:9, 10) Anidaso a ɛyɛ nwonwa a ɛfa daa nkwa wɔ asase so wɔ Onyankopɔn Ahenni ase ho asɛm a yɛbɛka no akokoduru so akyerɛ afoforo no nso ka ho. Sɛnea Yesu ka siei no: “Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”​—Mateo 24:14.

Hwɛ ahomeka ara a ɛyɛ sɛ yebehu sɛ wiase no awiei renkyerɛ sɛ wɔbɛsɛe okyinsoromma a ɛyɛ fɛ yi! Na hwɛ ahomeka ara nso a ɛyɛ sɛ yebehu sɛ yebetumi ayɛ wɔn a wɔka nnipa ɔpepem pii a wobenya nkwa akɔ asase a wɔatew so so no ho!

So wopɛ sɛ wɔkan wo ka wɔn a wobenya nkwa no ho? Wubetumi ayɛ wɔn mu biako, sɛ wɔanni wɔn a ‘wonhu’ no akyi na mmom wusuasua Noa nhwɛso a ɛne ‘saa ara a wobɛyɛ’ wɔ Onyankopɔn apɛde ho no a. Sɛ woyɛ saa a, Onyankopɔn bɔhyɛ ne sɛ wubetumi atra ase daa wɔ asase a Yesu hyɛɛ ho bɔ sɛ ɛbɛdan paradise no so. “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”​—Dwom 37:29; Luka 23:43; Mateo 5:5.

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 10]

Asase Yi Daakye

Adwene a Nnipa Pii Kura Bible no Adwene

Wɔbɛsɛe adesamma abusua no pasaa Wɔbɛsɛe amumɔyɛfo (Mmebusɛm 2:22; Mateo 25 :31-46)

Asase bɛsɛe korakora; obiara rennya nkwa Wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn apɛde benya nkwa (Sefania 2:2,3; 1 Yohane 2:15-17)

Asase dan asasebonini a mfaso nni so Daa nkwa wɔ paradise asase so ma obiara (Dwom 37:29; Luka 23:43)

[Kratafa 9 mfoni]

Wɔsɛee nnipa amumɔyɛfo a wɔwɔ Sodom ne Gomora no, nanso Lot ne ne mmabea nyaa nkwa

[Kratafa 11 mfoni]

Wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn apɛde benya nkwa wɔ wiase yi awiei no mu na wɔatra ase daa wɔ asase so wɔ Paradise

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena