Bible No Adwene
So Eye Sɛ Kristofo Bedi Afe Foforo?
Wɔtotow buronya tuo anadwo mũ no nyinaa wɔ Chinafo nkurow mu. Wɔ Japan no, wɔbɔ Buddafo abosonnan mu nkyene ahorow mpɛn 108. Wɔ United States no, wɔbɔ dɔn, lɔre mmɛn ne hwirema ahorow bere a anadwo nnɔndumien bɔ no. Wɔyɛ eyi nyinaa anadwo a ade kye a ɛyɛ Afe Foforo no.
So na wunim sɛ mfiase no atirimpɔw titiriw bi nti na na wɔyɛ dede yi nyinaa ɛwom sɛ na ɛsonosonoe de: sɛ́ wɔde bɛpam ahonhommɔne na wɔde atew nkurɔfo ho ama afe a ɛreba no? Nnipa pii bu dede a wɔyɛ wɔ anadwo a edi Afe Foforo no anim no sɛ anigyede a nneɛma pii a wɔyɛ de di Afe Foforo no nso ka ho. Nanso wususuw Afe Foforo afahyɛ no ho dɛn? So ɛne Bible no hyia?
Asabow ne Adidi Ntraso
Mircea Eliade a ɔyɛ nyamesom ho abakɔsɛm ho ɔbenfo a wonim no wɔ aman ahorow so no ka amanne a wɔyɛ wɔ anadwo a edi Afe Foforo no anim mu no ho asɛm sɛ “bere a wɔde gye wɔn ani kɛse, bere a wɔyɛ basabasa na ‘wodi agobɔne.’” Enti asabow taa fi mu ba wɔ nsase pii so.
Sɛ nhwɛso no, wɔ Japan no, adwumawuranom de bonenkai (apontow ahorow a ɛbɛma wɔn werɛ afi afe dedaw no) yi wɔn ho ano de bow nsa. Shinnenkai (Afe Foforo apontow ahorow) a wɔde aduan ne nsa pii ma nkurɔfo wɔ ase no di eyi akyi. Esiane eyi nti, “asebɔ” kyinkyin anadwo keteke mu wɔ saa bere yi mu wɔ afe no mu. Wɔ Japanfo basa mu no, asɛm a ɛne “asebɔ” no kyerɛ asabofo a wogye wɔn tom wɔ saa bere yi mu no.
So ade a wɔyɛ wɔ ɔkwan a ɛte sɛɛ so anaasɛ aniwude a ɛte sɛɛ a wogye tom no nyɛ nea ɛbrɛ obu a nnipa wɔ no ase? Ɔsomafo Paulo tuu Kristofo a na wɔwɔ Roma no fo sɛ: “Momma yɛnnantew fɛfɛɛfɛ, sɛnea ɛfata awia, ɛnyɛ agobɔne ne asabow mu . . . na mmom monhyɛ Awurade Yesu Kristo no, na mommma ɔhonam so hwɛ nnan nnkɔ akɔnnɔ mu!” (Romafo 13:13, 14) So wubetumi ayɛ Yesu ho mfonini sɛ ɔretow pon a ɛbɛma n’asuafo abow nsa na wɔadidi atra so? Dabida!
Ebia Afe Foforo afahyɛ no ka “asabow ne agobɔne” ho asɛm a Paulo kae no ho. Dɛn ntia? Nhoma a wɔfrɛ no Christmas Traditions a William M. Auld kyerɛwee no ka sɛ: “Efi Julius Ceaser [46 A.Y.B.] bere so no, na January 1 na efi ɔman afe foforo no ase na na ɛyɛ ahomegye bere.” Bio nso, Auld da no adi sɛ “anyɛ yiye koraa no, na wɔtow pon ahorow na na wogye wɔn ani nnansa.”
So Ɛyɛ Adifudepɛ?
Wɔ apuei fam no, nkurɔfo yɛ amanne a ɛne sika titiriw bi a wɔde kyɛ mmofra wɔ Afe Foforo afahyɛ no mu no. Chinafo de nhoma kotoku a ɛyɛ kɔkɔɔ a sika hyem na edi dwuma. Wogye di sɛ ɛnyɛ sɛ color kɔkɔɔ no bɛma wɔanya siade na wɔadi yiye nko, na mmom ɛbɛpam ahonhommɔne nso. Nanso Japanfo de nhoma nkotoku fitaa a ɛyɛ nketewa a wɔakyerɛw sɛnkyerɛnnede a ɛkyerɛ yiyediagu ho di dwuma. Dɛn na nneyɛe a ɛte saa no ma enya nkɔso?
Japanni bi ka sɛ, “Na metaa hwɛ Afe Foforo afahyɛ no kwan na na nea misusuw ho titiriw ne otoshidama (Afe Foforo no mu sika akyɛde) dodow a na menya no.” So amanne yi betumi anya mmofra so tumi? Japanfo atesɛm krataa a wɔfrɛ no Asahi Shimbun no fã bi a wɔfrɛ no Vox Populi Vox Dei bua sɛ yiw, na ɛka sɛ: “Mmofra gyina ‘otoshidama’ a wonya fi mpanyimfo hɔ no dodow so na ɛkyerɛ obu ma wɔn wɔ kokoam.” Sika a wɔde ma wɔn no dodow da so ara renya nkɔanim, na abofra biara nyaa bɛyɛ 20,000 yen (¢11,700) wɔ 1985 mu.
So amanne yi remma adifudepɛ nnya nkɔso? Mpanyimfo no pɛ sɛ wonya anuonyam kɛse na mmofra no nso pɛ sɛ wonya sika pii. Saa na Vine’s Expository Dictionary of New Testament Words kyerɛkyerɛ asɛmfua a ɛne “adifudepɛ” a epue wɔ 1 Korintofo ti 6, NW, no mu pɛpɛɛpɛ sɛ “(ɔpɛ) a obi wɔ sɛ obenya nneɛma pii.”
Ɔwofo bɛn na ɔbɛkanyan adifudepɛ su wɔ ne mma mu na ama wɔanya “sika ho dɔ?” Bible no bɔ kɔkɔ sɛ “sika ho dɔ ne bɔne nyinaa ntini.”—1 Timoteo 6:10, NW.
Nanso nneɛma pii wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ wususuw Afe Foforo afahyɛ no ho.
So Ne Fibea Nye?
Fa no sɛ woakohu asuten bi a ani yɛ fɛ a wo kɔn dɔ sɛ wobɛnom bi. Nanso bere a wokɔ nsu no atifi fam no, wuhu sɛ nkurɔfo rehoro wɔn ntade a ayeyɛ fĩ wɔ saa nsu no mu. So wobɛpɛ sɛ wonom nsu no na ama woanya ɔyare? Saa ara na yebetumi aka wɔ amanne ahorow a ɛfa Afe Foforo afahyɛ ho no ho. Ɛwom sɛ wɔ nnipa fam no, ɛte sɛ nea mfomso nni nnapɔnna ahorow bi ho de, nanso Yehowa a ɔyɛ Bible no Nyankopɔn no nim faako a efi.
Wiɛ, yehu Afe Foforo ho kyerɛwtohɔ a edi kan no wɔ he? Theodor Gaster ma mmuae wɔ ne nhoma a wɔfrɛ no New Year—Its History, Customs and Superstitions no mu sɛ: “Afe Foforo afahyɛ no ho nkyerɛkyerɛmu a edi kan a yenim no fi tete Mesopotamia.” Abopon ahorow a ɛka Afe Foforo afahyɛ no ho asɛm ka “guasodeyɛ ahorow a na nkurɔfo de wɔn ho hyem wɔ Babilon fi afe mpem abien A.Y.B. mfiase mu hɔ tɔnn” ho asɛm.
Na Babilonfo afe no fi ase wɔ bɛyɛ March mu. Na wodi afahyɛ no nna 11, na na ɛfa Marduk a ɔyɛ Babilon kurow no nyame som ho. Wɔda so ara de wɔn ho hyɛ Babilonfo Afe Foforo afahyɛ no mu nneyɛe a aka, te sɛ agoru a wɔhyehyɛ krakrabotobi de di, ne, awo ho amanne mu wɔ Afe Foforo afahyɛ no mu wɔ wiase nyinaa. Krakrabotobi a wɔhyehyɛ de to santen wɔ kurow a wɔfrɛ no Philadelphia (U.S.A) mu wɔ Afe Foforo Da no mu ne awo ho fã a wɔhyɛ wɔ Akita City (Japan) wɔ January 17 mu no yɛ amanne a ɛte sɛɛ no ho nhwɛso abien.
Onyankopɔn bu nyamesom mu nneyɛe ahorow a efi Babilon no sɛ enye. Ɔka wiase nyinaa atoro som ahemman a enyaa n’amanne nyinaa fii tete Babilon no ho asɛm sɛ “Babilon Kɛse” na ɔbɔ kɔkɔ sɛ: “Me man, mumfi no mu, na moanyɛ ne nnebɔne no bi, na moannya ne haw no bi.” (Adiyisɛm 18:2, 4) Enti esiane sɛ Afe Foforo afahyɛ no mu nneyɛe ahorow ma yehu sɛ efi abosonsom mu nti, nnipa a wɔpɛ sɛ wotie nea Bible ka no bɛtwe wɔn ho koraa afi afahyɛ horow a ɛte sɛɛ ho.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 25]
Ɛwom sɛ wɔ nnipa fam no, ebia afahyɛ ahorow bi bɛyɛ te sɛ nea mfomso nni ho de, nanso Yehowa Nyankopɔn nim faako a efi