Bible No Adwene
So Onyankopɔn Wɔ Me Ho Bere?
“SƐ ONYANKOPƆN bi wɔ hɔ a, n’ani nnye wo anaasɛ me ho!” So woate sɛ nkurɔfo ka saa pɛn? Nnipa pii gye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, nanso pii te nka sɛ ɛnyɛ nea obetumi anya bere de asusuw wɔn ho.
Yɛbɛyɛ dɛn atumi agye adi sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho? Wama yɛn akyɛde pii a ɛyɛ anigye a nkwa ankasa nso ka ho. Ɔbɔɔ anigyede ahorow maa yɛn—aduan mu dɛw, nnwom nnyigyei, abɔde mu anwonwade ahorow, mmepɔw so mframa pa, ɔdɔfo bi nsa a ɔde so yɛn mu, mmofra serew ne nkokoaa nso de a ɛyɛ anigye. Eyinom nyinaa yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn nkyɛn. Yenya mu anigye efisɛ ofi ɔdɔ mu de tumi a ɛbɛma yɛatumi ayɛ saa denam nkate anum a yɛwɔ no so maa yɛn.—Yakobo 1:17.
Nea ɛka ho no, sɛ ɛnyɛ nea na Onyankopɔn dwen nnipa ho a, ɛnde dɛn nti na ɔde Bible a ɛkyerɛ nnipa kwan kɛse na ɛma wonya awerɛkyekye a nsɛm a ɛfa n’akwan ne ne nneyɛe ho ayɛ mu ma maa yɛn?—2 Timoteo 3:16, 17.
Bible no kyerɛ sɛ Onyankopɔn ani gye nnipa ankorankoro ho—kyerɛ sɛ n’ani gye wo ho. N’asɛm a wɔakyerɛw no kyerɛ sɛnea wubetumi anya asetra a anigye wom, abusua a eye, ne mmofra pa. Yiw, Bible no kyerɛ ɔkwan a wubetumi afa so anya akomatɔyam ne anigye. Ɛka Onyankopɔn nyansa ho asɛm na ɛhyɛ gyidi a wowɔ wɔ ne bɔhyɛ ahorow no mu den. Ɛde daakye ho anidaso a enhinhim ma. So ɛno te sɛ mmoa a efi obi a onnwen wo ho nkyɛn anaa?
Bio nso, ɛsɛ sɛ wutumi bɛn obi a odwen wo ho no. So ɛno yɛ nokware wɔ Onyankopɔn fam? Susuw nea saa Bible akyerɛwfo yi ka no ho. Dawid kyerɛwee sɛ: “Monka nhwɛ na munhu sɛ [Yehowa] ye.” Bio nso, ɔsomafo Yakobo tuu fo sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo.” Na ɔsomafo Paulo kae sɛ Onyankopɔn yɛɛ adesamma “sɛ wɔnhwehwɛ [Onyankopɔn], sɛ ebia wɔbɛte ne nka na wɔahu no, nso ɔne yɛn mu biara ntam kwan nware.”—Dwom 34:8; Yakobo 4:8; Asomafo no Nnwuma 17:24-27.
So Wunya Bere Ma Onyankopɔn?
So ɛno nyɛ anigyesɛm? Saa Bible mu asɛm yi ka sɛ Onyankopɔn bɛn yɛn nanso ɛsɛ sɛ yenya bere de hwehwɛ sɛ yɛne no benya abusuabɔ. Odwen yɛn ho nanso ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden na yedi kan yɛ nneɛma ahorow bi!
Yesu kae sɛ: “Mummisa, . . . monhwehwɛ, . . . mompem, na wobehiɛ mo.” Ɔkae sɛ, sɛ wo ba bisa wo abodoo a, woremma no ɔbo, saa ara na obisa wo apataa a, woremma no ɔwɔ. Yesu toaa so sɛ, “Na sɛ mo a moyɛ-abɔnefo nim sɛnea moma mo mma nnepa a, mpɛn ahe na mo agya a ɔwɔ soro no remfa nnepa mma wɔn a wobisa no?”—Mateo 7:7-11.
Susuw nea na Yesu reka no ho—sɛ wohwehwɛ Onyankopɔn anim dom a, ɔbɛkyerɛ wo ho anigye kɛse sen sɛnea awofo yɛ wɔ wɔn ankasa mma ho no!
‘So Onyankopɔn Betie Me Mpo?’
Nanso ebia na ebinom ayɛ nneɛma ahorow a enye koraa—wɔ Onyankopɔn ne nnipa nyinaa anim. Ebia wɔbɛka sɛ: ‘Nokwarem no, Onyankopɔn rentie me da!’
Nanso saa nnipa no betumi ayɛ wɔn asetra no ho biribi. Wobetumi asakra Bible no se: “Ma ɔbɔne nnyaw ne kwan na onipa huhuw mpa n’adwene, na ɔnsan mmra [Yehowa] nkyɛn, na ne yam bɛhyehyɛ no ama no, ne Nyankopɔn no nkyɛn, na ne firi a ɔde befiri dɔɔso.”—Yesaia 55:7.
Bible no bobɔ nneɛma ahorow a ebia nkurɔfo ayɛ no pii din. Ese: “Nguaman ne abosonsomfo ne awaresɛefo ne ahodomfo ne mmarima a wɔne wɔn ho da ne awifo ne aniberefo ne asabofo ne amaanefo ne amimfo rennya Onyankopɔn ahenni. Sɛnea anka mo mu bi te ne no.” Wɔasakra. Wɔmmfa wɔn kan akwan no so bio. Wɔadan wɔn ho, wɔahohoro wɔn ho na wɔatew wɔn ho na “wobuu wɔn bem Awurade Yesu Kristo din ne yɛn Nyankopɔn honhom mu.” Enti anidaso wɔ hɔ ma wɔn a wɔpɛ sɛ Onyankopɔn dwen wɔn ho no nyinaa!—1 Korintofo 6:9-11.
Obi Wu Maa Wo
Nanso adanse kɛse wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn dwen nnipa ankorankoro ho—kyerɛ sɛ ɔwɔ wo ho bere. Onyankopɔn somaa obi a Ɔdɔ no sen biara wɔ amansan yi mu ma ɔde ne nkwa mae sɛ agyede maa wɔn a wobegye atom no nyinaa. Kyerɛwnsɛm no se: “Onyankopɔn yi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, efisɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn.”—Romafo 5:8.
So yɛkyerɛ anisɔ wɔ adeyɛ a ɔdɔ wom a ɛyɛ nwonwa yi ho ampa? So yenya bere de da Onyankopɔn a odwen yɛn ho kɛse sɛɛ no ase? Na so yegye bere de ka ne ho asɛm kyerɛ afoforo?—1 Yohane 4:16, 19.
Nea Ɔhwɛ Kwan
Enti Kyerɛwnsɛm a yɛafa aka asɛm dedaw no kyerɛ sɛ Onyankopɔn bɛn yɛn nanso ɔhwɛ kwan sɛ yɛbɛbɔ yɛn ho mmɔden. Wɔhyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ adepa: “Monka nhwɛ,” “monhwehwɛ,” ‘mummisa,’ ‘mompem.’ Saa nneyɛe no bɛkyerɛ ɔpɛ a wowɔ, wo bo a woasi, anisɔ ne gyidi a wowɔ.
Wotu yɛn fo sɛ yɛnhwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu, yensua Onyankopɔn ho ade, yɛmma yɛn abrabɔ ne n’akwan nhyia, yennye ne Ba no ntom sɛ yɛn Gyefo, na yɛmfa yɛn ho nhyɛ ne nkwagye nhyehyɛe no ase. Sɛ wobɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ saa a, wubehu sɛ Onyankopɔn wɔ bere ma wo ampa.
[Kratafa 18 mfoni]
Onyankopɔn wɔ wo ho bere. So wunya bere ma no?