Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 6/8 kr. 23
  • “Wɔreka Adwuma A Wɔabom Reyɛ Ho Asɛm”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Wɔreka Adwuma A Wɔabom Reyɛ Ho Asɛm”
  • Nyan!—1987
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnanu “Anwonwade Ahorow”
    Nyan!—1982
  • Paradise Adansi A Wɔsɔ Hwɛ
    Nyan!—1985
Nyan!—1987
g87 6/8 kr. 23

“Wɔreka Adwuma A Wɔabom Reyɛ Ho Asɛm”

Ɛnkyɛe na Yehowa Adansefo a wɔwɔ Tiverton, Rhode Island, no de bere tiaa bi sii Ahenni Asa. Wɔ asɛmti a ɛwɔ atifi hɔ no ase no, ɔsɔfo bi a ɔwɔ kurom hɔ bɔɔ amanneɛ wɔ ɔdan a wɔresi a ɔkɔhwɛe no ho. Emu asɛm no na edidi so yi.

‘ME NSA kaa amanneɛbɔ ahorow pii a ɛfa asɔredan bi a wɔresi wɔ Fish Road no ho. Wɔbɔɔ amanneɛ sɛ nnipa 500 de nnanu resi asɔredan. Mekɔɔ Fish Road sɛ merekɔhwɛ sɛ asɛm yi te saa anaa. Ná nnipa bɛyɛ 1,500 wɔ hɔ reyɛ adwuma​—nnua adwumfo, ɔdorobɛn mu nsu ho adwumayɛfo, anyinam ahoɔden nkanea ho adwumayɛfo, nnipa a wosiesie asase ani, abantofo, ne nnipa ɔhaha pii a wɔreboa.

‘Na lɔre a wonkuruu so sisi asase a ɛyɛ nhama abiɛsa no so nyinaa. Na nkyerɛwee bi a ɛwɔ lɔre no biako ho kenkan sɛ. “Nneɛma a Ayera a Wɔahu.” Sɛ obi adwinnade bi yera a, obetumi akɔ lɔre no mu na obehu sɛ wɔasan de aba hɔ. Sɛ wode atade a ani tew ba hɔ na wopɛ sɛ woyɛ adwuma a, lɔre biako wɔ hɔ a adwuma ntade ne kyɛw wom. Na lɔre biako a nnuru wom wɔ hɔ a wɔde bɛhwɛ obiara a obepira anaasɛ wode bɛsa obi a ɔbɛyare no yare.

‘Wosii ntamadan kɛse bi wɔ hɔ a mmarima ne mmea de simma 15 maa nnipa 1,500 aduan wom. Mihuu mmea a wokurakura nkankyee a nsu wom a wɔde refɔw dɔte no sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma tutuw no ano abrɛ ase, sɛ wɔnenam hɔ, na eyi ne ade a wɔyɛe da mũ no nyinaa. Bere a na wɔde ntaabo refomfam ho no na afoforo nso de paint reka ho.

Ɛyɛ ade a yɛn mu kakraa bi na wɔahu bi pɛn.

‘Adansifo a wɔwɔ mpɔtam hɔ no kae sɛ wɔrentumi nyɛ.

Nanso wotumi yɛe na mekɔɔ hɔ de m’ani kohui. Na henanom ne saa nkurɔfo yi? Wɔyɛ Yehowa Adansefo na na asɔredan no yɛ Ahenni Asa.

Na wɔadi kan ato ne fapem dedaw na wɔde nnanu na esii nea aka no! Mante kasafĩ biara.

Wɔannye akyinnye biara. Wɔyɛ nnipakuw a sɛ wuhu wɔn a wɔn ho yɛ nwonwa ampa.

Wɔde kommyɛ yɛɛ wɔn adwuma. Ná wɔde wɔn nsa na ɛyɛ adwuma no​—ɛnyɛ wɔn ano!

‘Ade biako a ɛhaw yɛn a yɛkyerɛ sɛ obiara wɔ hokwan sɛ ogye nea ɔpɛ di no ne nea enti a yentumi ntwetwe abibifo ne nnipa a wofi mmusua ne aman afoforo mu no. Wɔ ha no, mihuu abibifo ne nnipa a wofi mmusua afoforo mu sɛ wɔn nyinaa abom reyɛ adwuma sɛ abusua biako. Na nnipa a wɔwɔ ha no fi New England ne akyi. Wɔyɛ nnipa a wofi mmusua ahorow mu a wɔn mu pii yɛ mmerante ne mmabaa a wɔwɔ anigye kɛse.

‘Minsuaa pii mfaa nkurɔfo yi ho da esiane nsɛm a enye a wɔka fa wɔn ho wɔ atesɛm nkrataa mu ne nea nkurɔfo de wɔn ano ka no nti, nanso nea mihui no nyinaa yɛ ade pa.

Ɛnyɛ nea madwen nkurɔfo a wɔba bɛbɔ me pon mu wɔ mfe pii a atwam no mu yi ho nanso nya awerɛhyem sɛ afei de mede nidi ne obu kɛse bekyia wɔn.

‘Mahu sɛ yɛn mu pii to yɛn adwene mu wɔ nsusuwii ne akwan foforo ho esiane biribi ho nimdeɛ a yenni ne adwene a ɛnteɛ a yɛadi kan anya nti.

Misusuw sɛ ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa tra ase na yɛhyɛ nneɛma nsow bere a wotwa yɛn ho wɔ akansi no mu no. Nimdeɛ a yenni ne ehu di yɛn awu bere tenten ansa na yɛafi ase atie wɔn. Nanso nea ɛyɛ titiriw ne bere a wɔreyɛ adwuma a ɛrenya nkɔso kɛse na ɛkanyan anigye pii no.

‘Sɛ wɔde ɔdan yi maa obi sɛ onsi​—ɔdan mũ no nyinaa​—a, anka wɔbɛsɛe bɛyɛ dɔla 500,000 anaa nea ɛboro saa. Misusuw sɛ ebia yɛn a yɛwɔ hokwan sɛ yegye nea yɛpɛ di a yɛwɔ New England no bɛbɔ mmɔden ayɛ biribi a ɛte sɛ eyi da bi.

Munsusuw ho​—ne titiriw mo a mopɛ boayikuw nhyiam ahorow ne kasa pii no.

Yiw, munsusuw ho!’

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena