So Wukura Adwene A Emu Da Hɔ Wɔ Onyankopɔn Ho?
SO WODƆ Onyankopɔn? So wopɛ sɛ wuhu no yiye? Wɔkyerɛɛ ɔkwan a wobɛfa so ayɛ saa wɔ mfeha 19 a atwam ni no mu. Ɔsomafo Paulo kaa asɛm kyerɛɛ nnipadɔm a wɔadi afra a wɔyɛ Yudafo ne Helafo wɔ Yudafo hyiadan bi mu wɔ Tesalonika. Yudafo ne Helafo no mu binom gye dii na wɔsakraa wɔn som nanso Yudafo no mu pii a “abufuw ahyɛ wɔn ma hwehwɛɛ mmoa fii nnipadɔm bi hɔ wɔ gua no so, wɔkanyan nnipadɔm bi na ankyɛ biara na basabasayɛ sii kurow no mu nyinaa.”
Bere a ade sae no, Paulo guan fii nnipadɔm no nsam na ɔkɔɔ Beroia na wɔ bere tiaa bi mu no na ɔwɔ hyiadan no mu reka asɛm akyerɛ Yudafo ne Helafo. “Wɔ ha no, na Yudafo no adwenem da hɔ kɛse sen wɔn a wɔwɔ Tesalonika no, na wogyee asɛm no toom ntɛm ara; na da biara na wɔhwehwɛ kyerɛwsɛm no mu hwɛ sɛ ɛyɛ nokware anaa. Yudafo no mu pii bɛyɛɛ gyidifo na Helafo mmea a wɔyɛ adefo pii ne mmarima no pii nso bɛyɛɛ gyidifo.”—Asomafo no Nnwuma 17:1-12.
Yudafo a na wɔwɔ Tesalonika no kuraa wɔn tete nyamesom a na anya mfe ɔhaha pii no ne n’atetesɛm a wɔde ano aka a amma wɔanni Onyankopɔn asɛm so no mu. (Mateo 15:1-9) Hwɛ sɛnea wɔn a na wɔwɔ Beroia no yɛ soronko—wɔde adwene a emu da hɔ tiei na wɔhwɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu hwɛe sɛ Paulo asɛm no yɛ nokware na wɔsakraa wɔn som.
Nsɛm mu nkyerɛkyerɛmufo a wɔyɛ Katolekfo a yɛafa wɔn asɛm aka wɔ asɛm a edi kan no mu no ka eyi wɔ Yehowa Adansefo ho. “Sɛ ɛba ade a wɔde anigye ne nnamyɛ yɛ so a,” wɔn na “wodi kan.” Wɔne “nnipa a wodi kan a wɔtra ase ma ɛne gyidi a wɔka ho asɛm no hyia,” na “wobu bra pa na wodi nokware.” “Wɔde anigye ne onuayɛ ne biakoyɛ su na egye obi.” “Wokura Bible no bere nyinaa” na “ɛda adi sɛ ɔkwan a wɔfa so kenkan Bible no di ahiade ankasa a nyamesom afoforo ntumi nni ho dwuma no ho dwuma.” Wɔn asɛm no “boa onii no ma odi dadwene a ɛda ne so wɔ amanehunu a ɛwɔ wiase yi mu no ho dwuma.” Katolekfo asɔfo ne nsɛm mu nkyerɛkyerɛmufo na wɔkaa eyi nyinaa ne pii a ɛka ho. So eyi nyinaa nyɛ nkamfo kɛse mma Yehowa Adansefo?
Ɛnde so ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wubetie wɔn nkɔmmɔbɔ ahorow a egyina Bible so no bere a wɔba wo fie no? Na kae, nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔfrɛ wɔn som no wɔ ɔkwan a enye so sɛ “awaefo” no mma ɛnyɛ atoro. Wɔfrɛɛ Kristofo a wodi kan no sɛ “Nasarefo awaefo.” Bible no tu yɛn nyinaa fo sɛ “yɛnsɔ ade nyinaa nhwɛ, na yenso nea eye no mu.” (Asomafo no Nnwuma 24:5; 1 Tesalonika 5:21) So ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn na wɔpɛ sɛ wohu no yiye no nyinaa tie afotu a efi soro yi?