Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 10/8 kr. 19-20
  • Atwa Yɛn Ho Nyinaa Ahyia!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Atwa Yɛn Ho Nyinaa Ahyia!
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wiase Nyinaa Afrafradi
  • Dɛn Nti na Ɛte Saa?
  • Dɛn Nti Na Asɔfo De Wɔn Ho Hyehyɛ Amammuisɛm Mu?
    Nyan!—1987
  • Ɛsɛ Sɛ Nyamesomfo De Wɔn Ho Hyehyɛ Amanyɔsɛm Mu Anaa?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • So Ɛsɛ sɛ Asɔfo Ka Amanyɔsɛm?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Nyamesom A Wɔde Frafra Amammuisɛm Mu—So Eyi Yɛ Onyankopɔn Apɛde?
    Nyan!—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 10/8 kr. 19-20

Atwa Yɛn Ho Nyinaa Ahyia!

“Wɔde nsɛmfua ‘nyamesom’ ne ‘amammui boom wɔ atesɛm ahorow mu wɔ 1984 mu nyinaa wɔ wiase nyinaa. . . . Anglican sɔfo panyin Desmond Tutu [bɛyɛɛ] sɛnkyerɛnnede wɔ asɔre ne ɔman ntam akameakame wɔ nnipa mu nyiyim ho no mu . . . Bere a Jerry Falwell a ɔyɛ Moral Majority asɔre no kannifo a odi atetesɛm akyi no rehyira [amammui] nhyiam bi a wɔyɛe so no, ɔkaa Reagan ne Ɔmampanyin abadiakyiri George Bush ho asɛm sɛ wɔyɛ ‘Onyankopɔn nnwinade a ɔde redi dwuma de asesaw America bio.’”​—1985 Britannica Book of the Year.

“Efi Poland kosi Philippines nyinaa no . . . asɔfo mpanyimfo pii wɔ hɔ a wɔkasa tia Ɔman a wɔte mu no. Asɔre no nyɛ baabi a wɔsom Onyankopɔn ara kwa, na mmom baabi a wɔhyɛ ɔsɔretia ho nkuran.”​—Glasgow Herald, January 3, 1985.

SO WOAKENKAN atesɛm mu amanneɛbɔ ahorow a ɛte saa pɛn? Ɛda adi sɛ ɛte saa, efisɛ yɛn mu pii ahyɛ no nsow sɛ wɔtaa ka nyamesom ne amammui ho asɛm bom wɔ atesɛm mu. So wote nka sɛ eye sɛ wode nyamesom ne amammuisɛm bɛfrafra?

Ebia ebinom bɛka sɛ, ‘Nyamesom ne amammui yɛ biribi a mempɛ sɛ meka ho asɛm.’ Sɛ saa na wote nka mpo a, ɛsɛ sɛ w’ankasa yiyedi nti, wuhu nea ɛrekɔ so a ɛfa nyamesom ne amammui ho ne sɛnea ebia ɛbɛba abɛka w’asetra no. Bio nso, sɛ wohwɛ nea Bible ka fa saa asɛm yi ho no mu a, wubehu sɛ Onyankopɔn wɔ biribi ka wɔ nyamesom a wɔde frafra amammui mu no ne faako a ɛbɛkɔ akowie no ho.

Wiase Nyinaa Afrafradi

Nea edi kan no, sɛnea saa afrafradi yi mu trɛw no a wubehu no bɛboa wo. Hyɛ nnansa yi ara amanneɛbɔ ahorow bi nsow.

◼ April 21, 1986: “Wɔde obu kɛse ma Katolek Asɔre no wɔ Philipines sɛ ɛboae ma wotuu Ferdinand Marcos a na anka oyɛ ɔmampanyin no. Anglican, Methodist, ne Katolek asɔre horow a wowɔ South Africa no de mfe pii akasa atia nniso ne nnipa mu nyiyim amammui no. Wɔ ‘ahofadi nyamekyerɛ’ ho dwumadi mu no, Katolek asɔfo a wɔwɔ Latin America no de wɔn ho ahyɛ nniso a wosusuw sɛ wɔhyɛ ahiafo so a wotu wɔn gu mu denneennen.”

◼ Korea Adehyeman Seoul mu, March 9, 1986: “Roman Katolek asɔre no sɔfo panyin a ɔwɔ South Korea, Stephen Cardinal Kim Sou Hwan, kae nnɛ sɛ ɔboa nea nniso no asidifo aka sɛ wɔnyɛ nsakrae ntɛmntɛm wɔ amammui nhyehyɛe no mu no.”

◼ August 18, 1986: ‘Onii a ogyina hɔ sɛ wɔnto aba mma no no yɛ Protestant sɔfo, na ɔreko agye ne kuw no afi wɔn a wɔyɛ ade bɔkɔɔ a n’ani nnye ho no nsam. Hena ne onii a ɔwɔ tumi a ano yɛ den sɛɛ wɔ U.S. ɔmampanyin amammuisɛm mu yi? Nea ɛyɛ nwonwa no, saa nkyerɛkyerɛmu yi fa asɔfo abien bi ho: Pat Robertson a ɔyɛ Republican kuw no muni ne Jesse Jackson a ɔyɛ Democrat kuw no muni no.’ ‘Krataa bi a wɔde rehwehwɛ sika a ɛka sɛnea Robertson ananmusifo renya nkɔso ho asɛm no fii ase sɛ “Kristofo no redi nkonim! . . . Nkɔanim bɛn ara na eyi yɛ ma Ahenni no sɛɛ yi!’”

◼ Brasilia, Brazil, July 3, 1986: Asɔre no ada ne ho adi sɛ ɛne ɔmanfo nniso no di asi . . . Nea afi eyi mu aba ne sɛ ɔman-ne-asɔre ntam abusuabɔ no rehyia ɔhaw, na mpanyimfo reka sɛ asɔfo no de anuɔdensɛm reba nkuraase na asɔfo mpanyimfo binom nso se Nniso no afa ‘ɔtaa ne dinsɛe’ kwan so.”

◼ September 25, 1984: “Khomeini a ɔwɔ Iran no gyina hɔ ma Shia Nkramofo atetesɛm na ɔkyerɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Nkramofo kyerɛ amammui, sikasɛm ne sraadisɛm kwan.”

◼ April 7, 1985: “Sɛnea Nhwehwɛmu bi a wɔyɛ maa The Sunday Telegraph kyerɛ no, Anglicanfo pii susuw sɛ ɛsɛ sɛ Engiresi Asɔre no twe ne ho fi amammuisɛm mu.”

◼ October 4, 1986: “Roman Katolek asɔre a ɛwɔ Mexico no gyina ɔman no amammui kuw a edi so no asidifo akyi. Asɔre no dii n’akokodurusɛm a ɛsen biara wɔ amammuisɛm mu no wɔ July mu . . . Asɔfo mpanyimfo no kae sɛ wobetwa mass a wɔbɔ no Kwasida no mu de asɔre atia abato mu nsisi no; nanso Paapa no de n’ano toom.”

◼ Washington, D.C., U.S.A. July 6, 1986: “Kristofo asɛmpakafo akannifo de wɔn sika, wɔn gyidi, ne wɔn asɔre mu nnipa ɔpepem pii reko wɔ wiase nsɛm mu​—na worenya nkɛntɛnso kɛse bere nyinaa wɔ Amerika amammuisɛm mu.”

Dɛn Nti na Ɛte Saa?

Yiw, akyinnye biara nni ho sɛ nyamesom de ne ho ahyehyɛ amammuisɛm mu. Nanso dɛn na ɛka nyamesom akannifo ma wɔde wɔn ho hyehyɛ amammuisɛm mu no? So Onyankopɔn de atemmu bi ama wɔ saa afrafradi yi ho? Eyinom nyinaa rekowie dɛn mu na ɛbɛka wo dɛn?

[Kratafa 19 adaka]

“Akyinnye biara nni ho sɛ wohu amammuisɛm a wɔde wɔn ho hyehyem wɔ Kristofo Asɛmpa no mu, saa na Society of Jesus kannifo, [Peter Hans Kolvenbach] . . . a wɔ bere a atwam mu no na Vatican taa bɔ n’akyi sɛ ɔde ne ho hyehyɛ amammuisɛm mu dodo no ka.”​—The Toronto Star, May 31, 1986.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena