Akwahosan Pa Ma Adesamma Nyinaa—Bere Bɛn?
“Sika a wɔsɛe no wɔ akwahosan ho dwumadi mu wɔ aman 67 a ahia wɔn kɛse a afei na wɔrenya nkɔso a China nka ho mu nyinaa no sua sen nea aman a wɔwɔ sika no sɛe wɔ nnuru a ɛma wotumi da nkutoo ho.”—Health Crisis 2000.
“EBEDU afe 2000 no na obiara wɔ akwahosan”—wɔati saa asɛm no mu aka, titiriw fi bere a wɔyɛɛ Amanaman ntam nhyiam a ɛfa Akwahosan Ho Banbɔ Nhyehyɛe a WHO (Wiase Akwahosan Ahyehyɛde) no ne UNICEF (Amanaman Nkabom no fã a ɛhwɛ mmofra ho nsɛm so) no yɛɛ ho nhyehyɛe wɔ 1978 mu no. Saa nhyiam a aman 134 mu ananmusifo na wɔkɔe no twee amanaman no adwene sii nneɛma pii a aka akyi wɔ wiase akwahosan a wɔhwehwɛ no mu no so.
UNICEF kwankyerɛfo panyin a na ɔwɔ hɔ saa bere no a wɔfrɛ no Henry R. Labouisse, kae sɛ: “Nea enti a yɛahyiam wɔ ha nnɛ no mu biako fi gyidi a emu dɔ a yɛanya sɛ yɛrentumi mma nsonsonoe kɛse a ɛda akwahosan a yenya mu wɔ wiase no afã horow ne wɔ aman binom mn no ho kwan bio no.”
1978 mu UNICEF amanneɛbɔ bi kae sɛ wɔ aman a wonni sika no mu binom mu no, “nnipa no mu ɔha mu nkyekyem 10 pɛ na wonya akwahosan ho banbɔ ho nhyehyɛe” na “ɔha mu nkyekyem 20—na ebia—wɔnom nsu pa.”
Nhyiam no kae sɛ “wɔnyɛ aduanma ne nnuan pa, nsu pa a ɛdɔɔso ne ahotew; ɛnanom ne mmofra hwɛ, . . . nnuru a ɛho hia a wɔde bɛma ho nhyehyɛe.”
Eyinom nyinaa yɛ nneɛma a ne bo yɛ den, titiriw de ma nnipa a wɔwɔ aman a wonni sika mu no. Ehe na wobenya sika de adi ahiade ahorow yi ho dwuma? Nhyiam no kae sɛ “asomdwoe, amanaman ntam asiesie, ne akode a wogyae yɛ” betumi de sika pii aba ma wɔde adi atirimpɔw yi ho dwuma. Enti, ɛkaa World Health nsɛmma nhoma a WHO na ɛkyerɛw no ma ɛkae sɛ: “Fa w’ani bu wiase papa bi a wɔde emu nimdeɛ, sika a wɔsɛe no, ne nnipa ahoɔden ne nneɛma a wɔwɔ nyinaa a mprempren wɔde ne nyinaa hyɛ sraadi ne akodeyɛ mu no ma de boa wiase no akwahosan nkɔso!”
Nanso wɔ mfe a abetwam fi 1978 mu no, so woahu sɛ asomdwoe, aman ntam asiesie, ne akodeyɛ a wogyae a ɛte saa aba pɛn?
[Kratafa 3 mfoni]
Wɔretete Colombia sukuufo mmofra
[Asɛm Fibea]
P. Almasy/WHO