Asase Bi A Kwae Nni So—So Ɛno Ne Nea Ɛbɛba Daakye?
NSASE a emu trɛw a mfe mpempem pii ni no na sutɔbea kwae a ɛyɛ fɛ akata hɔ no reyɛ nsase bonin nnɛ. Bere a bere bi na saa asase so mmeae a ɛyɛ fɛ, nhabammono wɔ hɔ, na ɛyɛ nwonwa yi yɛ nnomaa ne mmoa ahorow a wonya hintabea wɔ afifide ne nnua ahorow ɔpepem pii a ɛte sɛ kyinii no ase trabea no, ne nyinaa redan ayɛ nsase a wontumi mfa nyɛ hwee.
Onipa de abonnua, ɔwan, bulldozer, ne mankyese resɛe mmepɔw wɔ adesɛe a wɔde nnam yɛ mu. Wɔrema adan nsase a wɔapaso, ɛso ahyew, owia ahyew so na ayɛ sare a obiara nte so. Wobu ano sɛ saa asase so sutɔbea kwae ahorow a wɔresɛe no no kɔ so susuhama 50 simma biara, anaa bɛboro asase a ne kɛse yɛ akwansin 62,500 afe biara—asase a ɛne Austria ɔman no kɛse yɛ pɛ.
Sɛnea abenfo binom kyerɛ no, ebedu afe 2000 no na sutɔbea kwae a na aka wɔ 1980 mu no mu ɔha biara mu 12 na enni hɔ bio—ɛnyɛ ade ketewa a onipa atumi ayɛ, wɔ din a wagye sɛ ɔsɛe ade no nyinaa akyi. Nea ebefi hɔ nso ne nnomaa ahorow, wuram mmoa, ne afifide ahorow ahorow a wontumi nhu wɔ asase so mmeae afoforo biara nso no. Onipa resɛe afifide nhyehyɛe a ɛyɛ nwonwa no fã bi a ɛho hia ma ne nkwa na ɛma no mfaso pii a wontumi mmu ho akontaa no.
Nnuru ahorow a nnipa de di dwuma no mu nea ɛboro fã na wonya fi nnua mu, a emu dodow no ara fi kwaem nnua mu. Dɛn na mfiridwuma betumi ayɛ a rɔba, turpentine, nnemmire, mpampuro—ne nyinaa fi sutɔbea kwae mu—a nnua a wɔde yɛ nhama, amane, nea wɔde hyɛ ntama, ne ohuam fibea nka ho? Wɔ anifurae mu ne ɔkwan a wonsusuw nneɛma ho so no, onipa resɛe ademude a ɛsom bo kɛse.
Wonya oxygen a ɛma nkwa no mu fã kɛse no ara fi kwae akɛse yi mu. Nyansahufo binom bɔ kɔkɔ sɛ saa kwae a ɛma oxygen a wɔrema so atew kɛse bi betumi ama nea wosuro sɛ ɛde ɔhyew bɛba na aka ɛpo akosi baabi a ebetumi asɛe ade no aba.
Kwae a wɔretwa agu no aka wiase no wɔ ɔkwan a emu yɛ den so dedaw. Aman te sɛ Brazil, Indonesia ne Phillipines ahu wɔn nsase a wɔredan no afi kwaebirentuw mu akɔ nsase bonin a wontumi mfa nyɛ hwee mu no. World Resources Institute kuw no bɔ amanneɛ sɛ: “Wɔ Asia Kusuu Fam Atɔe no nsase a bere bi na ɛyɛ kwae no mu bɛyɛ susuhama ɔpepem 25 na mprempren yi abɛyɛ nea sare a wontumi nhyew ase na ɛho nni mfaso na entumi mma aduan, nnyina, anaasɛ nhaban na ɛwɔ so.”
Science Digest bɔ amanneɛ sɛ nnua pii a wotwa na wɔtɔn no ma ɛda adi yiye sɛ kwae bɛsa wɔ Fiji wɔ mfe 20 mu, ɛbɛsa wɔ Thailand ansa na afeha yi aba n’awiei, na ennu 1990 mu no na asa wɔ Phillipines sutɔbeakwae a ɛwɔ asase a ɛda fam so no mu. Kwae a wɔsɛe no no mu atrɛw yiye wɔ Australia—ne sutɔbea kwae no mu abiɛsa mu nkyem abien nyinaa kɔ! Wɔde abonnua rebu India kwae no mu susuhama ɔpepem 3.2 afe biara.
Natural History nsɛmma nhoma a ɛbae April 1986 mu no bɔɔ amanneɛ sɛ, “ɛde besi 1980 mfe no mfinimfini no, na Afrika ɔman biara rehwere nnua a ɛwɔ hɔ no. Nokwarem no, kwae a ɛresa ne nea ɛrekɔ so mprempren wɔ Wiase Aman a Ɛto so Abiɛsa no mu.” Wɔ aman 63 mu no nnipa ɔpepepepem 1.5 na wɔretwa nnua ɔhare so sen sɛnea wobetumi asan adua bio, na ɛno de kabɔ a nea ebetumi de aba ara ne sɛ wɔbɛhwere kwae ne nnyina nyinaa na ɛbɛba. Abenfo hwɛ kwan sɛ ebedu afe 2000 mu no na saa kabɔ no abɔ ho abien.
Kwae a wɔsɛe no no ka nea nnipa gyina so de te ase no ankasa—kuadwuma. Nea edi kan no, sɛ nnipa bu nnua a ɛwɔ mmepɔw ne nkoko so no nyinaa na odua n’aba na nnua foforo biara nni hɔ a ebeso dɔte no mu a, ɛnkyɛ na dɔte no ahuw akɔ. Afei nso, wɔ aman a nnyina ho yɛ den mu no, “wobu ano sɛ nantwibini tɔn ɔpepem 400 na wɔhyew afe biara . . . Wobu ano sɛ saa ade yi a anka wobetumi de ayɛ asase yiye a wɔhyew no bɛma aburow a wotwa so atew bɛboro tɔn ɔpepem 14.”
So tumi ahorow a wontumi nsan no akyi rebɛsɛe asase so kwae ahorow a ɛyɛ nwonwa no ampa? Anaasɛ so awo ntoatoaso yi begyaw asase mu nneɛma no bi ne ne fɛw no bi ama ne mma? Ɛkeka nsɛm pii, ɛkyerɛw nsɛm pii, nanso ɛyɛ kakraa bi pɛ. Enti, daakye bɛn na ɛde begyaw ne mma? Bere bɛkyerɛ, na aka bere no kakraa bi.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 7]
Wɔ aman 63 mu no nnipa ɔpepepem 1.5 na wɔretwa nnua ɔhare so sen sɛnea wobetumi asan adua
[Kratafa 7 mfoni]
Aman resakra kwaebirentuw ma ayɛ nsase bonin a wontumi mfa nyɛ hwee