Anidaso Ma Awufo, Awerɛkyekye Ma Wɔn A Wodi Awerɛhow
JESS Romero a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm a edi kan no mu no waree bio akyiri yi. Agustin ne Valentina Caruballoso fam de, Jonathan wu no da so ara yɛ yaw, nanso wɔatumi adi wɔn ho so. Ramón ne María Serrano a wofi Spain da so su wɔ Paquito wu no akyi mfe 24 ni. Nanso wɔ saa nsɛm yi nyinaa mu no, dɛn na ama wɔatumi atra ase? Wɔma mmuae sɛ: “Ɛyɛ owusɔre anidaso no!”
Nanso sɛ yɛka “owusɔre” a, dɛn na yɛkyerɛ pɔtee? Henanom na wobenyan wɔn? Bere bɛn? Na dɛn nti na yebetumi agye adi?
Anidaso ma Awufo—Sɛnea Yesu Kyerɛkyerɛe
Wɔ Yesu asase so som adwuma no mu no, onyan nnipa pii. (Marko 5:35-42) Eyi yɛɛ owusɔre kɛse bi a na ɛbɛkɔ so bere a asase no aba Onyankopɔn nniso ase koraa, sɛnea nnipa ɔpepem pii abɔ ho mpae no mu ade ketewaa bi: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ wɔ ɔsoro.”—Mateo 6:9, 10.
Nhwɛso biako a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ eyi ho tumi ne bere a Yesu nyan n’adamfo Lasaro no. Bere koro no ara mu no, asɛm no ma awufo tebea mu da hɔ. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Yɛn adamfo Lasaro ada; na merekɔ makonyan no.” Esiane sɛ n’asuafo no ante ase nti, wɔkae sɛ: “Awurade, sɛ wada de a, ɔbɛsɔre.” Wosusuwii sɛ na ɔkyerɛ sɛ wada ara kwa bere a wɔ nokwarem no na wawu. Enti, Yesu maa emu daa hɔ pefee: “Lasaro awu”
Yɛsrɛ wo hyɛ no nsow sɛ Yesu anka ɔkra bi a enwu a efi tebea biako mu kɔ foforo mu biara ho asɛm. Na ɛnyɛ Helafo nyansapɛ na anya ne so nkɛntɛnso na mmom Bible no mu nkyerɛkyerɛ a emu da hɔ a ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no. Na Lasaro ada wɔ owu mu na bere a Yesu koduu hɔ no na wɔasie no nnanan. Enti, anidaso bɛn na na ɛwɔ hɔ ma no?
Bere a Yesu ne Lasaro nuabea Marta rekasa no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wo nua no bɛsɔre bio.” Ɔmaa mmuae dɛn? So ɔkae sɛ ne kra kɔ ɔsoro anaa baabi foforo bi dedaw? Nea ɔkae ne sɛ: “Minim sɛ owusɔre mu, da a edi akyiri no, ɔbɛsɔre.” Ná ɔno nso kura Bible nkyerɛkyerɛ a ɛfa sɔre a wɔsɔre ba nkwa mu wɔ asase so ho no mu. Yesu maa no nea obetumi agyina so agye adi kɛse mpo bere a ɔkae sɛ: “Me ne sɔre ne nkwa; nea ogye me di no, sɛ wawu mpo a, obenya nkwa.” Afei, nea ɛbɛyɛ na wasi n’asɛm no so dua no, ɔkɔɔ ɔda no ho na ɔteɛɛm dennen sɛ: “Lasaro, fi bra!” Dɛn na ɛbae?
Abakɔsɛm no kyerɛ sɛ: “Nea wawu no fii adi, a ɔda mu ntama kyekyere ne nan ne ne nsa, na dukuu kyekyere n’anim. Na Yesu see wɔn sɛ: “Monsan no na moma ɔnkɔ!”—Yohane 11:1-44.
Eyi mu na yehu anidaso a wɔn a wɔn nkurɔfo awuwu a Nyan! bisabisaa wɔn nsɛm no wɔ no. Saa anidaso no ara ma wonya ahoɔden a wɔde hwɛ daakye a enni akyiri a asase no bɛyɛ Paradise a wɔayɛ no foforo na Yesu nsɛm a ɛkanyan anidaso yi bɛbam no kwan: “Mommmaeyi nnyɛ mo nwonwa, efisɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔafi adi; wɔn a wɔayɛ papa no bɛkɔ nkwa sɔre mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no bɛkɔ atemmu sɔre mu.”—Yohane 5:28, 29.
“Kyerɛwsɛm a M’ani Gye Ho Kɛse Ne . . .”
Nyan! abisabisa awofo ne mmofra nsɛm fa abofra a owu wɔ abusua no mu ho.a Wɔ bere ne bere mu, bere a wɔrekyerɛkyerɛ sɛnea wogyinaa wɔn awerɛhow no ano mu no, wɔkae sɛ: “Ma menka kyerɛwsɛm a m’ani gye ho kɛse no nkyerɛ wo.” Sɛ wuredi awerɛhow a, ebia na saa kyerɛwnsɛm ahorow yi betumi aboa wo nso.
Mogya mu yare bi kum Yunhee a na wadi mfe dunnan a na ofi Seoul a ɛwɔ Korea Adehyeman mu no wɔ 1985 mu. N’agya Chun Kwang-kook kyerɛkyerɛe sɛnea ɔkyekyee Yunhee werɛ wɔ n’asetra mu adapɛn a edi akyiri no mu no mu kyerɛɛ Nyan! sɛ: “Mekaa Lasaro ho asɛm kyerɛɛ no. Yesu kae sɛ Lasaro ada, na te sɛ ɔno no, bere a Yesu bɛfrɛ sɛ, ‘Yunhee! Sɔre!’ no, ɔno nso bɛsɔre afi nna mu.”
Ná Janet Hercock a ofi Engiresi Aburokyiri no adi mfe 13 bere a akisikuru kum no wɔ 1966 mu no. Wɔn a ogyaw wɔn akyi ne n’awofo ne ne nuabarimanom abien, David ne Timothy. David kaa kyerɛwsɛm a ɛboaa no kɛse no kyerɛɛ Nyan!: “Ɛne Asomafo no Nnwuma 17:31 a ɛkyerɛ sɛ: “Efisɛ [Onyankopɔn] ayi da bi ato hɔ a ɔnam ɔbarima bi a wayi no asi hɔ so bebu wiase ntɛn trenee mu: ɔno na wama wasɔre afi awufo mu de adi adanse sɛ nnipa nyinaa nnye nni.’ Wɔ ayi no ase no, ɔkasafo no sii so dua sɛ Yesu wusɔre no yɛ daakye owusɔre bi ho adanse. Ɛno ama manya ahoɔden kɛse.”
Wɔ December 1975 mu no, abofraa George a wadi mfe 14 no faa n’agya otuna ɔde kum ne ho. George kum a okum ne ho yi kaa n’agya Russel dɛn?b
“Kyerɛwnsɛm ahorow bi bɛyɛɛ te sɛ sɛkyɛ maa me. Sɛ nhwɛso no, ebi ne nsɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 3:5 no: ‘Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu.’ Wɔ ɔkwan bi so no na mede me ho retweri me nhumu wɔ mmɔden a mebɔe sɛ m’ankasa bedi nea aba no ho dwuma no mu.”
Ná Morgan abusua a wofi Engiresi Aburokyiri no wɔ Sweden bere a wɔn ba Darral yaree dennen mpofirim no. Wɔyɛe no oprehyɛn wɔ Stockholm. Akyiri yi wɔde no san kɔɔ Engiresi Aburokyiri, faako a owui bere tiaa bi ansa na ɔredi mfe 24 no. Ne na Nell se: “Kyerɛwsɛm biako a mekae bere nyinaa ne Mateo 22:32, faako a Yesu faa Onyankopɔn asɛm kae sɛ: ‘Mene Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn’ no. Afei ɔtoaa so sɛ: ‘Onyankopɔn nyɛ awufo [Nyankopɔn], na mmom ateasefo de.’ Minim sɛ saa nsɛm no kyerɛ sɛ Onyankopɔn kae Darral na ɔbɛsan aba wɔ awusɔre mu.”
Anidaso ma Awufo—Ɛbɛbam Nnansa yi Ara
Bible nkɔmhyɛ kyerɛ sɛ yɛabɛn bere a Onyankopɔn bedi dwuma na wɔasan de asomdwoe ne daa nkwa abrɛ adesamma mufo a wɔyɛ osetie no. Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ: “Na medan wɔn nkɔmmɔdi ahosan, na makyekye wɔn werɛ, na mama wɔn ani agye afi wɔn awerɛhow mu.” “Siw wo nne ano, na woansu, ne w’aniwa nso, na ansen nusu, na w’adwuma so akatua wɔ hɔ, [Yehowa] asɛm ni, na wɔbɛsan afi ɔtamfo [owu] asase no so.”—Yeremia 31:13-17.
Wɔ saa bere no mu no, Yehowa nam owusɔre no so de nkakrankakra bɛma wɔn a wɔawuwu wɔ adesamma abakɔsɛm mu nyinaa asan aba nkwa mu bio. Wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no mu ɔsoro nniso no ase no, wobenya hokwan sɛ wɔbɛpaw daa nkwa wɔ osetie a wɔbɛyɛ wɔ Onyankopɔn ahyɛde ahorow a ɛwɔ hɔ ma nkwa wɔ saa bere no mu no ho no so. Enti, sɛ yɛdan kɔ Bible no mu a, yebebu sɛ nokware anidaso ma awufo ne awerɛkyekye ma ateasefo wɔ hɔ.—Asomafo no Nnwuma 24:15; Adiyisɛm 20:12-14; 21:1-4.
[Ase hɔ nsɛm]
a Nyan! bi a ɛbɛba daakye besusuw nea mmofra yɛ bere a wɔahwere wɔn nuabarima anaa wɔn nuabea no ho.
b Wɔbɛka ahokum ne awofo awerɛhowdi ho asɛm wɔ Nyan! bi a ɛbɛba daakye mu.
[Box on page 13]
Diane Krych a ɔka ne ba Dawid wu ho asɛm wɔ asɛm a ɛto so abien no mu no dii awerɛhow kɛse na ɔde nneɛma pii kamee ne ho. Wohu eyi wɔ nkrataa ahorow a ɔkyerɛw kɔmaa Dawid a ɔde siei mfe 13 no mu. Ɛyɛ bere a ohui sɛ n’ankasa agya a na ɔhwɛ no no rewu no na ogyaee nkrataa no kyerɛw (Nyan! renkamfo krataa kyerɛw nkyerɛ sɛ ɔkwan a wɔfa so de nya ahotɔ. Nanso, yɛrefa ne krataa a edi kan no mu nsɛm aka de ayɛ sɛnea owusɔre anidaso no yɛɛ te sɛ sɛkyɛ maa no ne sɛnea ɛma onyaa ahoɔden wɔ ɛno akyi no ho nhwɛso.)
Me Dɔfo David,
Woada nnafua 46 ni. Ɛte sɛ mfe pii ni a mihuu wo na misoo wo mu. Nanso bere a wode bɛda no sua. Me yam a anka minim nna dodow no efisɛ anka mɛhyɛ ɛda biara nsow. Wɔ yɛn fam de, ɛware, ɛyɛ den, ankonamyɛ wom, nanso wɔ wo fam de, ɛbɛyɛ te sɛ simma kakraa bi. Meda ase wɔ ɛno ho. Mehwɛ ɛda a Yehowa benyan wo afi wo nna no mu aba nhyehyɛe foforo no mu kwan. Yɛbɛto pon a ɛsen biara a woahu pɛn. Anyɛ yiye koraa no, ebedi nnansa. Yɛbɛto nsa afrɛ obiara a yenim no. Ɛbɛyɛ w’apontow. Nea mehwehwɛ ara ne sɛ yɛrentwɛn bere tenten. David, me ho pere me sɛ mɛma wo so ato me nsa so. Yɛn nyinaa afe wo kɛse. Wunni hɔ nti, ofi no mu ayɛ basaa. Sɛ wonnsan mmɛkaa yɛn ho a, biribiara renyɛ sɛnea na anka ɛte bio.
Enti, me ba a wosom me bo, yɛbɛbɔ mmɔden sɛ yebenya ntoboase na yɛatwɛn Yehowa akosi sɛ wobɛsan aba, na ansa na wobɛba no, yɛbɛkyerɛw wo nkrataa nketewaa de ama woahu nea ɛrekɔ so bere a woada no.
Mede me dɔ nyinaa kyia wo,
Mama
[Kratafa 15 mfoni]
Bible no hyɛ bɔ sɛ wobenyan awufo, te sɛ Maria ne David