Bɔne Ne Amanehunu—Ɔkwan Bɛn So Na Ɛbɛba Awiei?
NSƐM a ɛyɛ yaw taa ma wɔhaw. Nanso, sɛ ntease pa bi wɔ hɔ a enti adesamma hu amane no nso ɛ? Bere a ɛno wɔ yɛn adwene mu no, ma yɛntoa asɛm a ɛfa Hiob ho no so. Wɔ akyinnyegye ahorow abiɛsa a ano yɛ den akyi no, aberantewaa bi a wɔfrɛ no Elihu fi ase kasa. Ɔka kyerɛ Hiob sɛ: “Woka sɛ: Me trenee sen Onyankopɔn de.” Yiw, Hiob dwenee n’ankasa ho na obuu ne ho trenee. Elihu se: “Hwɛ, eyi mu na wonteɛ, merebua wo; Onyankopɔn so sen ɔdesani.”—Hiob 35:2; 33:8-12.
Onyankopɔn de adanse pii ama a ɛkyerɛ sɛ oye. (Asomafo no Nnwuma 14:17; Romafo 1:20) Enti so wɔ a bɔne wɔ hɔ no yɛ ntease a enti ɛsɛ sɛ wɔkasa tia Onyankopɔn ye a oye no? Elihu ma mmuae sɛ: “Ɛmpare Onyankopɔn sɛ obedi asɛmmɔne, na otumfoɔ bedi amumɔyɛsɛm.”—Hiob 34:10.
Onyankopɔn—So Ontumi Nyɛ Bɔne ho Hwee?
Ɛnde, so na ɛbɛyɛ sɛ Onyankopɔn nni tumi kɛse biara a obetumi adi ama Hiob anaasɛ obi foforo biara? Ɛnte saa koraa! Afei Onyankopɔn ankasa fi ahum a ɛyɛ hu mu kasa na ɔde tumi si ade nyinaa so tumi a ɔwɔ no so dua. Obisa Hiob sɛ: “Ɛhe na wowɔ bere a mehyɛɛ asase ase no?” Ɛdɛn, sɛ anka ɔbɛyɛ obi a ne tumi so tew mmom no, ɔka ne ho asɛm sɛ nea ɔkyerɛ ɛpo kwan na odi ɔsoro ne n’abɔde a nkwa wom nyinaa so.—Hiob 38:4, 8-10, 33; 39:9; 40:15; 41:1.
Ampa, Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ nea enti a wama kwan ma Hiob rehu amane no mu nkyerɛ no. Nanso Onyankopɔn bisa sɛ: “So ɔtɛnyifo bi ne otumfoɔ no bɛbam anaa? So wobɛdan m’atemmu ani, so wubetu me fo na woadi bem?” (Hiob 40:2, 8) Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛmfata sɛ wɔde wiase no mu haw ahorow no ho asodi bɛto Onyankopɔn so anaasɛ wofi nyansapɛ mu bɛkeka nsɛm bi de ayi ano ama no! Sɛnea afei ɛka Hiob ma ɔyɛ no, ɛbɛyɛ papa ama saafo no sɛ ‘wobenu wɔn ho’ wɔ wɔn nkyerɛkyerɛ ahorow a ɛne ne ho bɔ abira no ho.—Hiob 42:6.
Nsɛmpɔw a Ɛsɛ sɛ Wohu Ano
Na Hiob nnim sɛ n’amanehunu ahorow no fa nsɛmpɔw atitiriw bi a na asɔre wɔ bere a wɔbɔɔ onipa no akyi bere tiaa bi no ho. Saa bere no na honhom abɔde ɔsɔretiafo bi a wɔfrɛ no Satan (“Ɔsɔretiafo”) de nnipa akɔ bɔne mu. Na Onyankopɔn ahyɛ Adam ne Hawa sɛ wonnni “papa ne bɔne hu dua” no aba bi. Na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ obu ma hokwan a Onyankopɔn wɔ sɛ ɔbɛkyerɛ nea ɛyɛ papa anaa bɔne ama wɔn no. Nanso, ɔsɔretiafo no maa akyinnyegye sɔree wɔ Adam ne Hawa adwene mu bere a ɔkae sɛ: “Ampa na Onyankopɔn aka sɛ: Munnni turom ha nnua nyinaa bi?” no. Afei ɔtotoo Onyankopɔn ano sɛ: “Ɛnyɛ owu na mobewu: na Onyankopɔn nim sɛ da a mobedi bi no mo ani bebue na moayɛ sɛ Onyankopɔn.”—Genesis 2:17; 3:1-5.
Satan anototo nsɛm no maa nsɛmpɔw akɛse bi sɔree: So na Onyankopɔn yɛ ɔtorofo bere a ɔhyɛe sɛ sɛ wodi aduaba a wɔabara no bi a wobewu no? Sɛ saa mpo a, hokwan bɛn na ɔwɔ sɛ ɔbɛma ahofadi abɔ n’abɔde na ɔde ne gyinapɛn ahorow ahyɛ wɔn so? So na ɔnyɛ pɛsɛmenkominya Nyankopɔn a ɔde nnepa rekame n’abɔde? So ebetumi ayɛ yiye sɛ Onyankopɔn ase ahofadi yɛ akɔnnɔ?
Ná anka atuatewfo no a obekum wɔn no bɛma nsemmisa pii asɔre. Ɛdenam Onyankopɔn ase ahofadi a wɔnsɔw ano wɔ bere a ɛsɛ mu so nkutoo na na wobetumi ahu—prɛko pɛ—sɛ Satan ahofadi a ɔde ma no yɛ nea ɛde kɔ amanehunu mu. Yiw, “wiase no nyinaa da ɔbɔne” Satan Ɔbonsam mu na ɛnyɛ Onyankopɔn mu. (1 Yohane 5:19) Ɔyare, ntɛnkyea, sikasɛm mu nkoayɛ, komayare—eyinom ne aba a onipa ahofadi a ɔpaw fii Onyankopɔn ho na ɔbaa Satan nniso ase no asow! Na ɛmfa ho sɛ nkɔso bɛn ara na wɔanya wɔ mfiridwuma mu no, wiase nsɛm tebea horow kɔ so sɛe—mpɛn pii no efi nnɛyi mfiridwuma.
Nanso, saa amane pii yi nyinaa a Onyankopɔn ama ho kwan no mma ɔnyɛ nea ɔnteɛ. Nea ɛne no bɔ abira no, onipa teɛ a ɔnteɛ no ‘ayi Onyankopɔn trenee no akyerɛ.’ (Romafo 3:5) Ɔkwan bɛn so?
Wɔayi Amanehunu Afi Hɔ—Daa!
Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Abɔde nyinaa penepene na ɛko awo bedu nnɛ yi.” (Romafo 8:22) Yiw, adesamma mfirihyia 6,000 ahofadi a ɔhaw wom no akyerɛ sɛ nsɛm a ɛwɔ Yeremia 10:23 no yɛ nokware: “Enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” Nanso, ɛrenkyɛ Onyankopɔn fi trenee mu de ne ho begye nsɛm mu na wafi ase akyerɛ adesamma nsɛm kwan.
Bere a nneɛma bɔne a efi adesamma ahofadi mu no ada adi pefee sɛɛ no, afei de Onyankopɔn betumi ayi nneɛma a ɛde amanehunu ba nyinaa afi hɔ: ɔko, ɔyare, nsɛmmɔnedi, basabasayɛ—owu ankasa mpo! (Dwom 46:8, 9; Yesaia 35:5, 6; Dwom 37:10, 11; Yohane 5:28, 29; 1 Korintofo 15:26) Ɛte sɛ nea ɔsomafo Yohane tee wɔ ɔsoro anisoadehu mu no ara pɛ: “Onyankopɔn . . . bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”—Adiyisɛm 21:3, 4.
Nea ɛyɛ anigye no, Onyankopɔn maa Hiob amanehunu no baa awiei denam n’akwahosan ne n’ahonya a ɔsan de maa no ne abusua kɛse a ɔde hyiraa no no so. (Hiob 42:10-17) Saa ara nso na Bible hyɛ bɔ sɛ: “Sesɛɛ bere yi mu amane yi nnu anuonyam a wɔrebeyi adi de ama yɛn no . . . Abɔde no ankasa nso bɛfa ne ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu.” (Romafo 8:18, 21) Enti wɔbɛpopa nsɛmmɔnedi nyinaa afi yɛn nkae mu koraa!—Fa toto Yesaia 65:17 ho.
Bɔne a Wɔtra Ho
Enkosi sɛ saa ahofadi no bɛba no, ɛsɛ sɛ yegyina wiase bɔne bi mu asetra ano a yɛnhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn bɛbɔ yɛn ho ban afi asiane a ebetumi ato yɛn ankasa ho. Satan Ɔbonsam de anidaso hunu na ɛmae bere a ɔdaadaa Yesu sɛ onhuru mfi asɔrefi no so na okyinkyim Bible mu asɛm a ɛwɔ Dwom 91:10-12 a ese: “Bɔne renka wo . . . Na wahyɛ n’abɔfo ama wo, sɛ wɔnhwɛ wo so” no. Nanso, Yesu pow anwonwa kwan so honam mu ahobammɔ a obenya ho nsusuwii biara. (Mateo 4:5-7) Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ yɛn honhom mu yiyedi nkutoo na ɔbɛbɔ ho ban.
Enti nokware Kristofo “koma nhuru nhyɛ [Yehowa]” bere a asiane asi mpo no. (Mmebusɛm 19:3) Efisɛ “bere ne akwanhyia to” Kristofo nso. (Ɔsɛnkafo 9:11, NW) Nanso, ɛnyɛ nea yenni mmoa biara. Yɛwɔ anidaso sɛ yɛbɛtra ase daa wɔ trenee wiase foforo, faako a bɔne ntra hɔ bio bi mu. Yebetumi akɔ Yehowa Nyankopɔn nkyɛn wɔ mpaebɔ mu bere nyinaa, efisɛ ɔhyɛ bɔ sɛ ɔbɛma yɛn nyansa a yehia na yɛde agyina sɔhwɛ biara ano no! (Yakobo 1:5) Afei nso yenya mfɛfo Kristofo mmoa mu anigye. (1 Yohane 3:17, 18) Na yenim sɛ yɛn nokwaredi wɔ bere a yehyia sɔhwɛ no mu no ma Yehowa koma ani gyei—Mmebusɛm 27:11.
Nanso, bɔne ano a wobegyina no nyɛ mmerɛw. Enti bere a worekyekye obi werɛ wɔ amanehunu mu no, eye sɛ ‘wo ne asufo su’—na wode mmoa ankasa ma. (Romafo 12:15) Wɔ ɔkwan a ɛte saa so na wɔboaa Ana a yɛbɔɔ ne din wɔ mfiase no ma odii ne ho so wɔ asiane no mu. Ɔyɛ Yehowa Adansefo mu biako na ohui sɛ na ne mfɛfo Kristofo no wɔ ɔpɛ koraa sɛ wɔbɛboa, wɔmaa no ofi a ɔbɛtra mu wɔ bere tiaa mu. Ɛwom sɛ ɛtɔ bere bi a ɔte nka sɛ wahaw de, nanso onya guankɔbea wɔ Bible no anidaso mu. Ana se: “Minim sɛ me mma no bɛba bio wɔ owusɔre no mu.” Ne gyidi wɔ Onyankopɔn a ɔyɛ papa no mu no mu ayɛ den sen bere biara.
Sɛ worefa amanehunu mu a, bisa Yehowa Adansefo ma wɔmmoa wo wɔ wo nsemmisa ne akyinnyegye ahorow no ho. Wubetumi anya nhoma a wɔfrɛ no Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So a ɛwɔ ti ahorow a ɛboa te sɛ “Dɛn Nti na Onyankopɔn Ama Nsɛmmɔnedi Ho Kwan?” ne “Wo Ho Wɔ Ɔsɛmpɔw Bi a Ɛho Hia Mu” no bi afi wɔn nkyɛn. Ampa, nneɛma bɔne to nnipa pa mprempren, nanso ɛrenkyɛ ne nyinaa bɛsakra. W’ankasa hwehwɛ ɛho nsɛm pii denam Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ no a wo ne wɔn bɛkasa anaasɛ saa nsɛmma nhoma yi akyerɛwfo no a wobɛkyerɛw wɔn no so.
[Kratafa 9 mfoni]
Wɔ Onyankopɔn trenee wiase foforo no mu no, bɔne bɛyɛ ade a werɛ afi