Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g88 4/8 kr. 20-23
  • United States Amammui Nhyehyɛe No Ne Yehowa Adansefo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • United States Amammui Nhyehyɛe No Ne Yehowa Adansefo
  • Nyan!—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ankorankoro Hokwan Ahorow a Wobenya
  • Asɛmpakafo Anaa Adetɔnfo?
  • Frankaa Kyia
  • Nea Adansefo no de Aboa
  • Abakɔsɛm Mu Nkɔso a Wɔanya Wɔ Kasa Mu Ahofadi Mu
    Nyan!—1996
  • Asɛnnibea Kunini Di Ma Ɔkasa Mu Ahofadi
    Nyan!—2003
  • Asɛmpa no a Wɔbɔ Ho Ban Wɔ Mmara Kwan So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Dɛn na Nyamesom mu Ahofadi Kyerɛ Ma Wo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1988
g88 4/8 kr. 20-23

United States Amammui Nhyehyɛe No Ne Yehowa Adansefo

Afe 1987 yɛ United States Amamman Nhyehyɛe no afe a ɛto so 200. Bere a wɔtwe adwene si saa mfeha abien yi di so no, yɛrekae Yehowa Adansefo a wɔwɔ United States ne wiase nyinaa wɔ aperepere a wodii wɔ saa ɔman no mu sɛ wɔbɛbɔ hokwan a wɔwɔ sɛ wɔbɛtrɛw wɔn nyamesom mu nsusuwii ahorow mu no ho ban na wɔde asi hɔ wɔ mmara kwan so no.

DƐN na Amammui Nhyehyɛe kyerɛ ma wo? Sɛ yɛbɛyɛ ho nhwɛso a, fa no sɛ wopɛe sɛ wokyekyɛ nsɛm a wɔatintim a wote nka sɛ ɛho hia nkurɔfo wɔ mmorɔn so wɔ wo mpɔtam hɔ. Nanso sɛ wubehu sɛ ade a ɛte saa a wobɛkyekyɛ no bu mmara bi a wɔahyɛ sɛ ɛbɛma amanfo anya asomdwoe ne nneɛma a wɔyɛ no pɛpɛɛpɛ no so ɛ? Na sɛ ɛsɛ sɛ wunya tumi krataa a wode bɛyɛ saa, na mpanyimfo mpɛ sɛ wɔma wo bi nso ɛ? Anaasɛ ɛsɛ sɛ wotɔ tumi krataa na saa a wobɛyɛ no bɛma wo ho akyere wo wɔ sika fam nso ɛ?

Eyi ne tebea a Yehowa Adansefo hyiae wɔ 1930 ne 1940 mfe no mu. Na wɔpɛ sɛ wɔkyekyɛ nkrataa a wɔatintim a ɛfa wɔn nyamesom mu nsusuwii ahorow ho. Nanso, wɔ mmeae ahorow pii no, wɔde mpɔtam hɔ mmara dii dwuma de siw wɔn kwan. Enti, wogyina U.S. Amammui Nhyehyɛe a ɛma kasa ne nsɛnkyerɛw mu ahofadi no so de asɛm no kɔdanee. Nanso nea ɛbɛyɛ na wɔn nsa aka amammui nhyehyɛe mu hokwan ahorow yi no, na ɛsɛ sɛ wɔde nsɛm a ɛte saa no kɔ asennibea. Ma yɛnhwɛ sɛnea amammui nhyehyɛe no ka ankorankoro hokwan ahorow no mu kakra.

Ankorankoro Hokwan Ahorow a Wobenya

Te sɛ nhyehyɛe biara no; amammui nhyehyɛe de botae bi si n’ani so a ɛsɛ sɛ edu ho​—wɔ eyi mu no nnipa nniso. Sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ United States Ahofadi Mpaemuka no mu no, wɔde nniso si hɔ wɔ nnipa mu na ama wɔn a wodi wɔn so no anya “Hokwan ahorow a asɛm biara nni ho.”

U.S. Amammui Nhyehyɛe no Nnianim no fa saa asɛmti yi na ɛkyerɛ sɛ wɔhyehyɛɛ Amammui Nhyehyɛe no na wɔde sii hɔ sɛ ɛmma nkurɔfo nya “Ahofadi mu Nhyira.” Wɔkyerɛw Amammui Nhyehyɛe no nea etwa to wɔ Ahofadi Asa a ɛwɔ Philadelphia, Pennsylvania no so wɔ September 17, 1787 mu. Saa Amammui Nhyehyɛe yi yɛ soronko efisɛ ɛno ne amammui nhyehyɛe a wɔakyerɛw a akyɛ sen biara na ɛda so yɛ adwuma.

Wonim U.S. Amammui Nhyehyɛe no yiye esiane sɛnea ɛmpene nniso a ɛwɔ tumi a ɛboro so so ne sɛnea ɛma ankorankoro ahofadi so sen sɛnea nniso no ho a ɛde hyehyɛ mu no betumi ayɛ no nti. Amammui Nhyehyɛe no mu nsɛm a wonim yiye no bi ne hokwan a ɛma wɔ nyamesom mu ahofadi, ɔkasa mu ahofadi, ne nsɛnkyerɛw mu ahofadi mu no. Wɔankyerɛ saa ahofadi ahorow yi wɔ Amammui Nhyehyɛe no mu nea wodii kan kyerɛwee na wɔbaee mu no mu. Wɔde kaa ho wɔ 1791 mu sɛ nsakrae ahorow du a edi kan a wɔyɛe no mu nea edi kan a wɔtaa nim no sɛ Hokwan ho Mmara no.

Ahofadi ahorow a wɔkyerɛkyerɛ mu pefee wɔ Hokwan ho Mmara no mu no yɛ ankorankoro de na ennyina nniso no so sɛ ɛbɛma hokwan na saa ara nso na nniso no rentumi nsiw ano. Ɛnde, dɛn nti na ɛsɛ sɛ nkurɔfo ko de hwehwɛ wɔn hokwan ahorow denam asennibea so? Efisɛ ɛtɔ mmere bi a mmara ho akuw horow a wɔreyɛ ade wɔ nea wosusuw sɛ ɛbɛboa nnipa dodow no mu no hyɛ mmara a esiw hokwan ahorow yi ano.

Sɛnea ɔman asennibea bi a ɛwɔ United States kae no: “Atirimɔdenne a nnipa dodow de ba ankorankoro anaa akuw nketewaa a wonni mmoa biara no hokwan ahorow so no abɛyɛ nea wogye tom sɛ ɛyɛ ɔmanfo nniso mu asiane mu biako.” Ɛyɛ atirimɔdenne a ɛte saa ara no na Yehowa Adansefo hyiae wɔ United States wɔ 1930 ne 1940 mfe no mu no.

Asɛmpakafo Anaa Adetɔnfo?

Bere a wiase nyinaa ko a ɛtɔ so abien no rebɛn no, Yehowa Adansefo baguam asɛnka adwuma no bɛyɛɛ nea asɔretiafo de ani sii so kɛse. Wodii mfomso de nkurow akɛse mu mmara ahorow a ɛhwehwɛ sɛ wɔn a wɔsrɛsrɛ ade ne adetɔnfo nya tumi krataa no dii dwuma wɔ Yehowa Adansefo asɛnka adwuma no ho. Bere a Adansefo no hui sɛ ɔkwan a ɛte saa a wɔde mmara no di dwuma wɔ so no bu wɔn amammui nhyehyɛe mu hokwan ahorow so no, wɔsɔre tiaa mmara ahorow yi denam asɛnka adwuma no a wɔkɔɔ so yɛe a wɔannye tumi krataa no so. (Marko 13:10; Asomafo no Nnwuma 4:19, 20) Nea efi mu bae ne sɛ wɔkyekyeree Adansefo no mu pii.

Sɛ asennibea nketewaa no di tia Adansefo no a, wontua mmaratode no na wɔkɔda afiase mmom. Wɔkɔɔ so de nsɛm no kɔdan asennibea nhyehyɛe no mu akunini no sɛnea wobetumi sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya gyinaesi ahorow a eye pii aboaboa ano a ebetumi ayi saa wɔn ho a wɔde hyehyɛ wɔn adwuma no mu a ennyina amammui nhyehyɛe no so no afi hɔ. Bere a bere rekɔ so no, U.S. Asennibea Kunini no kɔɔ so yii mmara ahorow yi fii hɔ sɛ ɛno ankasa anaasɛ ɔkwan a wɔnam so de di dwuma no nnyina amammui nhyehyɛe no so, na wɔsan danee Yehowa Adansefo atemmu no ani.

Nea ɛka tumi krataa mmara no ho no, wɔde tumi krataa ho tow dii dwuma de siw Yehowa Adansefo asɛnka adwuma no ano. Esiane sɛ na Yehowa Adansefo no bu tow a ɛte saa no sɛ bere tiaa mu akwanside wɔ asɛnka adwuma a wofi soro de ɛho ahyɛde ama no mu nti, wɔpowee sɛ wobetua. Bio, wɔkyekyeree Adansefo pii na bio, Asennibea kunini no di maa ɔkasa ne ɔsom mu ahofadi ahorow no.

Asennibea no kae sɛ hokwan a obi wɔ sɛ ɔnam nkrataa a wɔatintim so de nyamesom mu ɔkyerɛkyerɛ bɛma no “nni ɔmantam tumi ase. Wɔnam ɔman no amammui nhyehyɛe no so de hokwan ama ɔmanfo.” Ne tiatwa mu no, Ɔman no rentumi nyi nea Amammui Nhyehyɛe no de ama dedaw no mfi hɔ.

Frankaa Kyia

Yehowa Adansefo ayɛ ɔman mma a wodi mmara so bere nyinaa na ɔman biara frankaa a wɔpow sɛ wobekyia no nkyerɛ obu a wonni. Adansefo no gye di sɛ wɔn asɛyɛde titiriw ne ahofama yɛ wɔn Nyankopɔn ne wɔn Yɛfo Yehowa no dea. (Luka 4:8) Sɛ wobesuae sɛ wɔde wɔn ho ma asase so tumi bi koraa no bɛyɛ nea wɔde wiase nneɛma redi honhom mu nneɛma kan. (Asomafo Nnwuma 5:29) Wɔ saa adwene a nokwaredi wom yi akyi no, mpɛn pii no wɔnte frankaa a Adansefo no pow sɛ wobekyia no ase na wɔde adi dwuma sɛnea wogyina so taa wɔn.

Bere a wiase nyinaa ko a ɛtɔ so abien no rebɛn no, sukuu agyinatufo ne amantam mmarahyɛfo a wɔwɔ United States yɛɛ frankaa kyia nhyehyɛe a wɔhyɛ obiara sɛnea wɔde bɛma ɔman mu biakoyɛ ne ahobammɔ aba. Ɛmfa ho nea na amanfo nyinaa adwene yɛ wɔn a na wɔde boa frankaa kyia ho ahwehwɛde ahorow no ho no, Yehowa Adansefo gyinaa pintinn powee sɛ wobegyaa wɔn nnyinasosɛm a egyina Bible so no mu asiesie.

Bere a U.S. Asennibea Kunini no pɛɛpɛe saa asɛm yi mu no, ɛkae sɛ bere a akyinnye biara nni ho sɛ sukuu agyinatufo wɔ wɔn ankasa atemmu a ɛho hia na ɛkorɔn no, ɛsɛ sɛ wodi eyinom ho dwuma sɛnea Amammui Nhyehyɛe no kyerɛ. Sukuu agyinatufo bi nni ho kwan sɛ wɔde wɔn ho hyehyɛ hokwan atitiriw a ɛwɔ amammui nhyehyɛe no mu a wɔde ama ankorankoro no mu. Enti Asennibea Kunini no kyerɛe sɛ sukuu agyinatufo bi adwene wɔ akwan a wɔfa so de frankaa no ne ɔmampɛ ho anisɔ hyɛ nkurɔfo mu no nni sukuuni bi hokwan a ɔwɔ wɔ amammui nhyehyɛe mu wɔ ahonim mu ahofadi wɔ nyamesom mu nsɛm ho no so.

Ná ɛnyɛ sɛ Asennibea Kunini no nnim anibere a ɛwɔ ne gyinaesi no mu esiane amanko adeyɛ a na ɛrekɔ so no nti. Nanso Asennibea no ampow n’asɛyɛde na ɛkyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔ U.S. Amammui Nhyehyɛe no mu no, “ahofadi a obi wɔ sɛ ɔbɛkyerɛ adwene foforo no mfa nneɛma a ɛho nhia biara nkutoo ho. Anka ɛno bɛyɛ ahofadi sunsuma ara kwa. Nea ɛwom ankasa ne hokwan a ɛkyerɛ adwene foforo wɔ nneɛma a ɛka nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ no pɔtee no.”

Asennibea kunini no de nsɛm a edi so yi wiee ne nsusuwii wɔ frankaa kyia ho no sɛ: “Sɛ ade titiriw bi wɔ hɔ a atim wɔ yɛn amammui nhyehyɛe no mu a, ɛne sɛ ɔpanyin biara nni hɔ, sɛ ɔkorɔn anaa osua, a obetumi akyerɛ nea ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea obiara yɛ wɔ amammuisɛm, ɔmampɛ, nyamesom, anaa adwenkyerɛ ho nsɛm afoforo bi ho anaasɛ ɔbɛhyɛ ɔmanfo ma wɔnam nsɛm anaa nneyɛe so akyerɛ wɔn gyidi wom.”

Nea Adansefo no de Aboa

Wɔ ne nyinaa mu no, Yehowa Adansefo adi nkonim wɔ nsɛm a wɔde kɔdan U.S. Asennibea Kunini no 23 mu. Sɛnea mmara mu abenfo pii akyerɛ no, wɔaboa kɛse wɔ United States amammui nhyehyɛe no dwumadi mu. Na sɛ Yehowa Adansefo no annya ɔpɛ sɛ wobehu amane wɔ animtiaabu, ɔhwe, afiase nna mu wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛyɛ osetie ama wɔn Nyankopɔn no mu a, anka ɛrentumi nyɛ yiye.

Sɛ́ wɔama amammui nhyehyɛe mu hokwan wɔ nyamesom mu ahofadi, ɔkasa mu ahofadi, ne nsɛnkyerɛw mu ahofadi no anya nkɔanim na ayɛ nea emu da hɔ fann esiane Adansefo no boasetɔ nti no yɛ Adansefo no botae a ɛkorɔn sɛ wɔbɛsom Yehowa ma ɛne n’Asɛm Kronkron no ahyia no mu ade biako pɛ.

Yehowa Adansefo de aseda ma wɔ hokwan a wɔwɔ sɛ wɔbɛsom Amansan Sodifo, Yehowa Nyankopɔn no ho, na wɔde akwan horow pii adi dwuma, a ahobammɔ a U. S. Amammui Nhyehyɛe a adi mfe 200 no de ama no nso ka ho na wɔde ayɛ eyi.

[Kratafa 23 adaka]

Amammui Nhyehyɛe no Gyina Adansefo no Akyi Bio

Wɔ June 10, 1987 mu no, asennibea no buu atɛn bio maa Yehowa Adansefo nyamesom mu ahofadi a egyina amammui nhyehyɛe so no. Sɛnea wɔbɔɔ amanneɛ wɔ “The New York Times” mu no, U.S. Asennibea Kɛse no buu atɛn sɛ ɛsɛ sɛ wɔma ahofadi a wɔwɔ sɛ wɔyɛ ade ma ɛne wɔn nyamesom mu gyidi ahorow hyia no “ho kwan wɔ ɔman no mu, wɔ Amammui Nhyehyɛe no ase, ‘sɛ bo a ɛfata sɛ wotua de bɔ nyamesom mu nsonsonoe a ɔmanfo nyinaa wɔ no ho ban.’” Ná asɛm no fa Adansefo no hokwan a wɔwɔ sɛ wobetie Bible ahyɛde a ɛne sɛ ‘munnye wɔn a wɔnntra Kristo kyerɛ no mu nkɔ mo fie, nso munnkyia wɔn’ no ho.​—2 Yohane 9-11.

[Kratafa 21 mfoni]

Ahofadi Asa a ɛwɔ Philadelphia, faako a wɔkyerɛw Amammui Nhyehyɛe no

[Asɛm Fibea]

Philadelphia Convention and Visitors Bureau

[Kratafa 22 mfoni]

Wɔde Amammui Nhyehyɛe dedaw no asie wɔ Ɔman Kyerɛwtohɔ Akorae hɔ

[Asɛm Fibea]

U.S. National Archives

[Kratafa 20 mfoni fibea]

Architect of the Capitol, Washington, D.C.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena