Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g88 5/8 kr. 28-30
  • Dɛn Nti na Ɛyɛ Den Saa sɛ Wobɛpow Boasipem No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti na Ɛyɛ Den Saa sɛ Wobɛpow Boasipem No?
  • Nyan!—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bere a Waso Aware
  • “Ɛkanyan Adwene”
  • Nkate mu “Anodwudwofo”
  • ‘Wubegu Mmofraasɛm’
  • “Etumi ka Mogya mu Kɛse”
  • Ɛyɛ a Megoro Me Ho Ma Me Ho Ba—Mɛyɛ Dɛn Agyae?
    Nsɛm a Mmabun Bisa—Mmuae a Ɛbɛboa Wɔn, Ɔfã 1
  • Boasipem Yɛ Aniberesɛm Dɛn?
    Nyan!—1988
  • Mɛyɛ Dɛn Ako Atia Boasipem Su No?
    Nyan!—1988
  • Di Boasipem So Nkonim
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1988
g88 5/8 kr. 28-30

Mmofra Bisa Sɛ. . .

Dɛn Nti na Ɛyɛ Den Saa sɛ Wobɛpow Boasipem No?

“SUBAN te sɛ mpa a ɛso yɛ mmerɛw​—ɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛda so nanso ɛyɛ den sɛ wobɛsɔre afi so.” Saa na asɛm bi ka. Hwɛ sɛnea eyi yɛ nokware wɔ boasipem ho! Ɔbarima bi a ɔde ne ho hyeem fi bere a na wadi mfe 10 kosii bere a odii mfe 43 no kae sɛ: “Saa su yi haw adwene kɛse sen sigaretnom a migyaee ɛwom sɛ na ɛnyɛ mmerɛw no de no.”

Asɛm bi a edii eyi anim kyerɛɛ nea enti a boasipem yɛ nea epira no.a Ɛnde, dɛn nti na ɛnyɛ den koraa sɛ mmofra a wonnii mfe 20 de wɔn ho bɛhyɛ saa adeyɛ yi mu no?

Bere a Waso Aware

Mmofra a wɔrebɛn mpanyin afe so no hyɛn bere bi a Bible no frɛ no bere a “waso aware,” bere a ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ mu ba bɛyɛ den mu. (1 Korintofo 7:36) Esiane sɛ nipadua no fi ase siesie ne ho ma ɔwofoyɛ nti, nkwaadɔm ahorow bi a ano yɛ den ba a ɛka awo nkwaa ahorow no. Wɔ saa bere yi mu no, abofra no hu sɛ saa awo ho nkwaa ahorow yi tumi kanyan nkate ahorow bi a ɛyɛ anigye. Ɛtɔ mmere bi a, saa nkate foforo a ɛyɛ anigye yi ho nsekuru ne emu a wɔrepɛ ahu yiye ka mmofra binom ma wɔnam saa nkwaa horow yi a wɔhyɛ da kanyan no de gye wɔn ani anaasɛ wɔde dwudwo akɔnnɔ a ano yɛ den ano no so sɔ nneɛma hwɛ.

Esiane nsakrae ahorow a ɛrekɔ so wɔ abofra no nipadua mu nti, obetumi anya ɔbarima ne ɔbea nna mu nkate bere a ɛnyɛ nea ɔresusuw nna ho ankasa mpo no. Sɛ nhwɛso no wɔ mmerantewaa mu no, nhyɛso ahorow a ɔhaw, ehu, anaa basaayɛ de ba no betumi aka wɔn ntini nkwaadɔm ahorow bi na ama nna ho akɔnnɔ asɔre. Ahobaa a adɔɔso nso ma wɔn ho sen anadwo (wɔ ɔdae mu) a mpɛn pii no nea ɛka ho ne obi a wɔne no reda ho daeso anaasɛ ɛma abarimaa bi sɔre a wanya nna ho akɔnnɔ. Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, mmeawa bi hu sɛ wɔn nkate asɔre a wɔmmoapa na ayɛ saa. Na ebia ɔbea bi benya nna ho akɔnnɔ a emu yɛ den bere tiaa bi ansa na wakyima anaasɛ ɛno akyi bere tiaa bi.

Sɛ woanya akɔnnɔ a ɛte sɛɛ a wɔmpɛ no bi pɛn a, ɛnyɛ nea biribi haw wo. Ɛno yɛ nneɛma a ɛsɛ sɛ ɛba wo mmofra nipadua no so. Sɛ nkate a ɛtete sɛɛ no ano yɛ den yiye mpo a, ɛne boasipem nyɛ adekoro efisɛ mpɛn pii no ɛno ara na ɛba. Na bere a worenyin na wutwam wɔ saa bere a ‘waso aware’ yi mu no, saa nkate foforo yi mu den no so tew.

“Ɛkanyan Adwene”

Nanso, ɛtɔ mmere bi a akɔnnɔ no fi nea ɛsen obi nkwaadɔm ara. Sɛ nhwɛso no, Bible no ka abarimaa bi a ohyia ɔbea oguamanfo bi ho asɛm. Ɔbea no few n’ano na ɔka sɛ: “Bra . . . ma yɛmfa akɔnnɔde nsɛpɛw yɛn ho.” Afei dɛn na ɛba? “Odii n’akyi prɛko sɛ nantwi a wɔrekokum no.” (Mmebusɛm 7: 7-22) Ɛda adi sɛ nea ɛkanyan saa aberantewaa yi akɔnnɔ no ne nea ohui, ɔtee, na onyaa mu osuahu no​—ɛnyɛ ne nkwaadɔm ara kwa! Saa ara nso na aberantewaa bi gye tom sɛ: ‘Na me boasipem ho asɛnnennen no ntini gyina nea mede hyɛ m’adwene mu no so. Ná mehwɛ TV so dwumadi ahorow a na ɔbrasɛe ka ho na wɔ nsɛm no bi mu no ná mehwɛ TV so dwumadi ahorow bi a wɔkyerɛ nkurɔfo a wɔayi wɔn ho nyinaa. Nneɛma a ɛtete sɛɛ yɛ ahobow araa ma ɛka w’adwene mu. Ɛsan ba m’adwene mu na ɛma minya adwene nkanyan a ɛbɛma mede me ho ahyɛ boasipem mu no.’

Enti mpɛn pii no ɛyɛ nea obi kenkan, ɔhwɛ, anaasɛ otie de gye n’ani, ɔka ho asɛm. anaa osusuw ho no na ɛma ɛyɛ den sɛ ɔbɛpow boasipem no. Enti, hwɛ a wobɛhwɛ yiye wɔ nea wode hyɛ w’adwene mu ho no ho hia na ama woatumi atwe wo ho afi suban yi ho. Sɛnea ɔbea bi a wadi mfe 25 kae no: “Na ɛte sɛ nea mintumi nyae saa su no. Nanso, na mekenkan ɔdɔ ho nhoma ahorow, na eyi maa asɛnnennen no kɔɔ so.” Nea ɛyɛ anigye no, ɛnyɛ nna ho nsusuwii a ɛmfata nkutoo na ɛma ɔde ne ho hyɛ boasipem mu no. Nokwarem no, ne osuahu no da nea ɛreyɛ ayɛ sɛ ntease a ɛsen biara a enti ɛyɛ den sɛ obi bɛtwe ne ho afi boasipem ho no adi.

Nkate mu “Anodwudwofo”

Ɔbea no toa so sɛ: “Mpɛn pii no na mede me ho hyɛ boasipem mu de dwudwo nhyɛso, basaayɛ, anaa ɔhaw ano. Na saa anigye a etwam kɔ no te sɛ nsa a ɔsadweam nom de dwudwo ne ho no.” Ɛnyɛ ɔno nkutoo na ɔte saa. Nhwehwɛmufo Suzanne ne Irving Sarnoff kyerɛwee sɛ: “Wɔ ebinom fam no, boasipem betumi abɛyɛ su a wɔdan kɔ so de hwehwɛ ahotɔ bere a wɔka wɔn anim anaasɛ wɔte nka bɔne wɔ biribi ho no. Nanso, ebinom nso wɔ hɔ a ebia wɔbɛyɛ eyi nnakoro nnakoro bere a wɔba nkate mu basaayɛ kɛse mu no.”

Ɔbenfo Sherwyn Woods de ka ho sɛ: “Da biara da ɔhaw, basaayɛ, ne anihaw na ɛkanyan boasipem pii a ɛba bɛyɛ anodwudwofo mmom sen ɔdɔ mu ahiade.” Enti sɛ obi ayɛ basaa, wahaw, wayɛ ankonam, anaasɛ ɔwɔ ɔhaw kɛse mu a saa su yi bɛyɛ “anodwudwofo” a eye a obi de popa ne nsɛnnennen. (Fa toto Mmebusɛm 31:6, 7 ho.) Enti, sɛ wubetumi apow boasipem a, ɛsɛ sɛ wugye eyi tom sɛ ɛyɛ ɔkwan a ɛnkyerɛ onyin a wɔfa so di nsɛnnennen ho dwuma na wunya ɔpɛ sɛ . . .

‘Wubegu Mmofraasɛm’

Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Meyɛ abofraa no, mekasae sɛ abofraa, midwenee sɛ abofraa, misusuwii sɛ abofraa; meyɛɛ ɔpanyin yi, magu mmofraasɛm.” (1 Korintofo13:11) Boasipem yɛ mmofraa kwan a wɔfa so di nsɛnnennen ho dwuma. Bere a aka wo hɔ no, saa “mmofraasɛm” yi betumi atra hɔ akodu mpanyinyɛ mu. Sɛ nhwɛso no, bere a na abarimaa bi adi mfe akron no, na ɛsɛ sɛ obu akontaa bi a ɛyɛ den yiye wɔ sukuu mu. Odii kan de ne ho hyɛɛ boasipem mu de dwudwoo n’adwene. Ɛno akyi no bere biara a obehyia nsɛnnennen bi no na ɔdan kɔ su no so. Mprempren a wayɛ ɔpanyin no, ogye tom sɛ: “Ɛde besi nnɛ no, adwene ho adwuma biara a emu yɛ den kɛse biara kanyan nkate a emu yɛ den wɔ me mu sɛ mede me ho bɛhyɛ boasipem mu. Sɛ eyi nnim a, ɛyɛ den sɛ mɛyɛ adwuma”

Bere a ebia asɛm a edi kan no yɛ nea ɛkɔ akyiri dodo no, asiane ankasa wom sɛ wode saa “anodwudwofo” yi bedi dwuma de atwe wo ho afi nkate mu tebea horow a emu yɛ den mu. Nanso sɛ anka wonam boasipem so beyi afi w’adwene mu mmom no, da “adwempa” adi fa di asɛnnennen no ankasa ho dwuma. (Mmebusɛm 1:4) Sɛ nsɛnnennen no ne ɔhaw no te sɛ nea ɛboro wo so a, sua sɛ ‘wode wo dadwen ne haw nyinaa bɛto [Onyankopɔn] so, efisɛ odwen wo ho’ na ɔte w’asɛm no ase, ɛwom sɛ ebia wote nka sɛ onipa foforo biara nyɛ saa de. (1 Petro 5:6, 7) Ma Onyankopɔn mmoa wo mma’womfa ne honhom so nya tumi mu ahoɔden emu barima [anaa ɔbea] no mu.’ (Efesofo 3:16, NW) Sɛ anka wode mmerɛwyɛ bɛdan akɔ boasipem so sɛ ɛyɛ “anodwudwofo” no, “monyɛ mmarima [ne mmea, na ɛnyɛ sɛ mmofraa], na momma mo ho nyɛ den.”​—1 Korintofo 16:13.

Sarnoffnom ka wɔ wɔn nhoma Masturbation and Adult Sexuality mu sɛ: “Ɛmfa ho sɛ dɛn nti anaasɛ ɔkwan bɛn so na nkurɔfo te nka sɛ wɔtɔ sin no, wɔn gyinaesi sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ boasipem mu no kyerɛ sɛ wɔremmɔ mmɔden sɛ wobesiesie sintɔ no denam asetra mu dwumadi bi a atirimpɔw wom so. . . . Ampa, obi betumi afa ɔkwan a ɛne sɛ ɔbɛbɔ mmɔden adi nsɛnnennen ho dwuma na ɔde ne ho ahyɛ boasipem mu bere biara a ɔte ne nhyɛso horow nka no so. Nanso sɔhwɛ a ɛwɔ hɔ sɛ obegye ‘ano aduru’ a edi akyiri no atom no yɛ kɛse esiane sɛ bere nyinaa wode wo nipadua no nam nti. Enti nea eye kyɛn so ne sɛ wobɛhwehwɛ wo nsɛnnennen no ano aduru ankasa na wode adi dwuma.” Sɛ obi de ne ho hyɛ boasipem mu bere a ohyia nsɛnnennen no mmom sen sɛ anka obedi eyinom ho dwuma a, su no betumi abɛyɛ nhyɛso ankasa

“Etumi ka Mogya mu Kɛse”

Bere a ɔbarima bi adi boasipem mu aperepere bɛboro mfe 15 fi bere a odii 11 akyi no, ɔka sɛ: “Ɛyɛ nea etumi ka mogya mu kɛse ​—-ɛnyɛ ade a ɛsɛ wobu no adewa. Ebetumi ayɛ suban a wonya te sɛ nnubɔne a wɔnom anaa asanom biara pɛ.” Nhoma a wɔfrɛ no Your Growing Child a Penelope Leach kyerɛwee no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Anigye ne ahodwo a onya fi boasipem mu no abɛyɛ nhyɛso efisɛ ɔmpɛ n’asetra mu nneɛma afoforo biara a aka no. Te sɛ obi a ade afra ne mogya mu ankasa no, ɛsɛ sɛ ɔde ne ho hyɛ boasipem mu bere ne bere nyinaa mu, na denam saayɛ so no, ɔtew ne ho fi anigyede afoforo a aka biara ho.”

Nhyɛso a ɛma wɔde wɔn ho hyɛ boasipem mu de gye wɔn ani ara kwa bere a nneɛma nkɔ yiye wɔ obi asetra mu no betumi ama obi abɛyɛ ‘akɔnnɔ ne anigyede ahorow akoa a onni adwene.’ (Tito 3:3. NW) Nanso, ɔsomafo Paulo kyerɛ sɛ: “Memma biribi nhyɛ me so.” (1 Korintofo 6:12) Na ɔremma n’akɔnnɔ horow no mmɛyɛ te sɛ owura otirimɔdenfo. Nea ɛbɔ eyi abira no, Paulo kyerɛwee sɛ: “Mehyɛ me nipadua [honam akɔnnɔ horow] ahometew, na midi no nya.” (1 Korintofo 9:27) Odii ne ho nya! Mmɔdenbɔ a ɛte saa ara bɛboa obiara ma watwe ne ho afi boasipem ho​—a ɛmfa ho sɛ ɛyɛ den dɛn ara sɛ ɔbɛyɛ saa.b

[Ase hɔ nsɛm]

a Hwɛ February 8, 1988 Nyan! Mu.

b Asɛm bi a a ɛbɛba daakye bɛka sɛnea obi betumi ako ade ne ho afi saa su yi ho ankasa ho asɛm

[Kratafa 28 mfoni]

Ɔbrasɛe nneɛma a wobɛhwɛ no betumi ama woanya boasipem bo “adwene nkanyan”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena