Nnipa Ahanan Wuwui, Minyaa Nkwa
NA ɛyɛ October 10, 1986 mu. Na meresiesie me ho ato me srade aguadidan a ɛwɔ San Salvador no mu na makɔ fie makodidi awia. Mpofirim no, Rubén Dario Ɔdan a ɛtoa so anum no bubu gui denneennen.
Akyiri yi, metee sɛ na ɛno ne asasewosow a ɛso sen biara wɔ El Salvador abakɔsɛm mu—na ɛyɛ 7.5 wɔ Richter nsenia so. Ekunkum nnipa 1,200 a na bɛyɛ 400 na na wɔwɔ Rubén Dario Ɔdan no nkutoo mu, na ɛmaa nnipa 300,000 hweree wɔn afi. Ɔmampanyin Duarte kae sɛ ‘ekunkum nnipa pii sen mfirihyia ason amanko no’.
Bere a asasewosow no sii no, ade bɔɔ me ti na metɔɔ mum. Bere a m’ani so tetew me no, na m’anim butuw fam wɔ esum kabii mu. Na nkurɔfo de yaw ne ehu reteɛteɛm sɛ: “Awurade, gye me!” “Dɛn nti na wode saa asotwe yi reba yɛn so?” “Boa me!”
Mede me nsa kaa m’anim. Nea medaa ho ase no, na hwee ntwaa me, nanso na me nan aka nwura dodow no mu. Na mframa no mu ayɛ duru araa ma na mintumi nhome. Metee ɛnne bi wɔ me nkyɛn. Na ɔdan no mu odwumayeni Owura Quijano refrɛ me sɛ. “Wo ne ɔbea a ɔtɔn srade no! Wo ho ye?”
Mibuae sɛ: “Yiw, nanso me nan aka mu. Wo ho te dɛn?”
“Misusuw sɛ me nsa ne me nan mu abubu—mintumi nkeka me ho. Mesrɛ wo boa me.”
Metrɛw me nsa mu sɛnea metumi biara nanso ahwehwɛ a abobɔ nkutoo na me nsa kae. “Ɛyɛ me yaw, nanso merentumi nyɛ hwee. Me nan aka mu.”
Na mframa pa a yennya no nye koraa, na mebɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ: “Mesrɛ wo boa me!” Mekaee ne nsɛm a ɔka kyerɛɛ Yosua no: ‘Ma wo bo nyɛ duru na yɛ den, efisɛ [Yehowa] wo Nyankopɔn ka wo ho.‘ (Yosua 1:9) Nanso mekaee me ho sɛ ɛsɛ sɛ meyɛ me fam de.
Wɔ ɛno akyi no mifii ase tee ahoɔden nka na minyaa nkuranhyɛ kɛse. Misii gyinae sɛ ɛsɛ sɛ miyi me nan fi mu ansa na ayɛ sisirisii na ahon. Mifii ase twetwee me nan biako fii mu. Saa bere no nyinaa no, na asase no gu so ara wosow, na ɔdan no mu gyigyegyigyei na ɛpagyapagyawee. Na m’aguadidan no wɔ abansoro a edi kan no so.
Awiei koraa no, miyii me nan nifa no. Medaa Yehowa ase dennen wɔ eyi ho. Ɛbɛyɛ sɛ Owura Quijano a afei na n’ahome ayɛ den no tee. Ɔkae sɛ: “Mesrɛ wo, kɔ so bɔ Yehowa mpae, na bɔ bi ma me nso!”
Na me nan ho ayɛ nwininwini na na ɛho afɔw. Misusuwii sɛ, ‘Mogya refi me!’ Bere a mede me nsa kaa me nan benkum no fam hɔ no, mihui sɛ ɛbɛyɛ sɛ ade nsunsu a ɛte sɛ amane a mete nka no yɛ nku a wɔde sra eti nhwi mu anaasɛ nea wɔde sra wɔn ho a ɛwɔ aguadidan no mu no bi. Afei a srade asrasra me nan ho no, me nan benkum no yi fii nea asɔ mu no mu.
Owura Quijano bisae sɛ: “So Yehowa aboa wo anaa?”
Mibuae sɛ: “Yiw! Matumi ayi me nan afei.”
Ɔteɛɛm sɛ: “Mesrɛ wo boa me!”
Mede m’ahoɔden nyinaa kɔɔ Owura Quijano nkyɛn. Wɔ anim biara a mekɔ mu no ahwehwɛ a abobɔ no bi twa me. Afei mihui sɛ dade bi a akyinkyim si yɛn ntam.
“Owura Quijano, ɛyɛ me yaw. Merentumi mmɛn wo bio.”
Obuae sɛ: “Eye. Ma yɛnka hɔ saa ara.”
Metee ɛnne ahorow a anyɛ yiye koraa no ɛbɛyɛ mmarima abien ne aberantewaa bi de wɔ nkyɛn hɔ. Na eyinom yɛ nkurɔfo a wɔwɔ abansoro a ɛtɔ so abien a mprempren ɛwɔ m’atifi nea ennu basafa biako no so. Mitumi twee me ti hwɛɛ tokuru bi mu nanso metwe sanee ntɛm ara. Na mframa no mu yɛ duru a mfuturu wom na ɛma mepere pɛɛ mframa. Mpofirim no, metee ɔbrɛ nka na na nea mepɛ ara ne sɛ mɛda.
Minyanee a na ɛhɔ ayɛ dinn. Nea medii kan susuw ho ne sɛ: ‘So wɔagye obiara nkwa anaasɛ wɔn nyinaa awuwu?’ Meteɛɛm ntɛmntɛm frɛɛ Owura Quijano mprɛnsa, nanso osii apini brɛoo ara kɛkɛ. Mekɔɔ so bɔɔ mpae.
Wɔ bere bi akyi no, metee tutu a wɔretutu nnyegyei. Meteɛɛm sɛ: “Owura Quijano. Onyankopɔn asoma obi sɛ ommegye yɛn! Ɛrenkyɛ na wadu ha na mɛka akyerɛ wɔn na wɔabeyi wo!” Na ne mmuae no nyinaa yɛ osu a wɔnte no yiye na afei ɔyɛɛ dinn.
Ɛno akyi bere tiaa bi no, ɛnne bi frɛe fii sum a ɛwɔ m’anim no mu sɛ: “So obi wɔ hɔ?
Meteeɛm sɛ: “Yiw, yiw!”
“Moyɛ baahe?”
Mibuae sɛ: “Yɛdɔɔso, ebinom apirapira kɛse.” Wɔkɔɔ so tutui. Afei. “So wuhu hann bi?”
Meteɛem sɛ: “Yiw, mihu hann no!” Yɛn agyefo no kɔɔ so tutui wɔ tokuru no mu na ankyɛ na hann no maa beae a meda hɔ hyerɛnee.
Agyefo no frɛe sɛ: “So wubetumi anya kwan bi adi hann no akyi?” Mebuae sɛ: “Yiw, mɛbɔ mmɔden!”
Meteɛɛm frɛɛ afoforo a wɔwɔ abansoro a ɛtɔ so abien no so no sɛ: “Ɛha, mommɔ mmɔden mmra ha! Yebetumi afi! Momma abarimaa no nni kan!”
Mifii ase twee me ho ase faa nnade a akyinkyim, ntayaa, nhwehwɛ, ne kɔnkrɛte no so kɔɔ anim. Misusuwii sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ mekɔ so kɔ anim. Merentumi ntra ha.’ Ná mabɛn tokuru no araa a na metumi aso ahama bi a wɔde nkataanim a mframa pa wom asɔ ano na wɔde awura tokuru no mu no mu. Mekɔɔ so twetwee me ho faa ho kosii sɛ miduu tokuru ketewaa no ano.
Agyeto no twee me fii, me nsa biako di kan, na afei me nipadua no nyinaa. Na me ntama atetew na me ho adwidwiw. Wobisaa me sɛ: “Wote nka dɛn‘.’” Mebuae sɛ: “M’ani agye.”
Bere a miduu borɔn no so no, na nnipa pii a ebinom reboa apirafo na ebinom retutu ɔdan mmubui no wɔ hɔ. Wɔn a wogyina hɔ rehwɛ a wɔn ho pere wɔn tu baa me so a na wɔrebisa me ɔdan no faako a na mewɔ.
Wɔde ahopere bisabisaa me sɛ: “Wuhuu me yere?” “Wuhuu me papa?” “Wuhuu me nuabea?” Mmuae a mitumi mae ara ne se: “Nnipa pii da so ara hyɛ hɔ a wɔte ase, enti mommɔ mmɔden.”
Wogyee afoforo fii tokuru a mefaa mu no mu a na ebinom apirapira kɛse. Nanso, afoforo pii wuwui esiane mframa pa a wɔannya nti. Na ahwɛde a ɛyɛ awerɛhow bi wɔ borɔn no so wɔ ɔdan no akyi hɔ ara —afunu a egugu hɔ. Na Owura Quijano ne abarimaa a ɔwɔ abansoro a ɛtɔ so abien no so no ka wɔn a ansi wɔn yiye yi ho.—Sɛnea Antonieta de Urbina ka kyerɛe.
[Kratafa 26 adaka]
Rubén Dario Ɔdan No
Na adan a wɔtɔn kɔfe, woyi ti na wɔyɛ ti, wosiesie ɛse, wɔtɔn mpaboa, ne dwumadibea ahorow pii wom wɔ Rubén Dario Ɔdan a ɛtoa so anum a ɛwɔ San Salvador kurom no mu. Na adetɔnfo a wɔtɔn nneɛma ahorow a efi nnɔkɔnnɔkɔwade so kosi lotto nkrataa so atwa ɔdan no ho nyinaa ahyia. Television so amanneɛbɔ kae sɛ nnipa 400 na wowuwui wɔ ɔdan no mu, sɛ ɛyɛ nea ebu bɔɔ wɔn, wɔannya mframa anhome anaasɛ wɔhyewee no; na Yehowa Adansefo pii ka ho. Anyɛ yiye koraa no, wogyee wɔn a ebu guu wɔn so no mu bɛyɛ 92 nkwa, ɛwom sɛ eyinom mu bi wuwui akyiri yi esiane apirakuru a wonyinyae wɔ ɔdan no mu no nti de.
[Kratafa 27 mfoni]
Rubén Dario Ɔdan no ansa na asasewosow no reba ne ɛno akyi!
Wogyee Antonieta de Urbina nkwa asasewosow no da a edi kan no anwummere