Aseda a Wɔde Gye Ma Ɔma Mu Anigye Yɛ Kɛse
SAN susuw awarefo afoforo a yɛkaa wɔn ho asɛm wɔ asɛm a edi kan no mu no ho. So wutumi de w’ani bu sɛ wɔsan hwɛ akyɛde a wɔn nsa aka no mu biara, na wɔka sɛnea emu biara yɛ nea wohia ankasa no? So wuhu sɛ ayeforo no de ahwɛyiye hyehyɛ mpasotam no ne sumii nnuraho no wɔ sibea soronko bi so na ama wɔahu no ntɛm, ɔde nkankyee no sisi nnaka mu, ne afiri a wɔde toto nnuan no si mukaase pon no so na wɔatumi de ayɛ adwuma ntɛm da biara no?
Wɔbom de mfonini ahorow no mu biara sinsen baabi a ɛfata pɛpɛɛpɛ, ɛdɔn no bobɔ mmeae ahorow a eye. Wɔde ntama a wɔde sɛw ɔpon so no biako kata adidipon no so fɛfɛɛfɛ. Nea wɔde popa nsa a ɛne no kɔ no nso ma ɛyɛ fɛ kɛse.
Wɔn ani gye saa akyɛde yi ho kɛse—afiri a wɔde bue nkankyee so a ɛde anyinam ahoɔden na ɛyɛ adwuma. Ayeforo no hwɛ kwan sɛ ɔde saa ade a ɛma adeyɛ yɛ mmerɛw yi bedi dwuma mpɛn pii. Adamfo bi a wɔdɔ no yiye a wonim sɛ n’ankasa rentumi ntɔ bi mma ne ho na ɔde kyɛɛ wɔn. Na saa mpasotam a sewaa bi a wanyin a dɛpɔ ayɛ ne nsa no pamee no nso wɔ hɔ. Ɛbɛyɛ sɛ egyee no asram pii na ɔde yɛɛ saa adwinne a ɛyɛ fɛ no nyinaa. Ɔdɔ adwuma bɛn ara ni!
Wɔn ani gye akyɛde no mu biara ho. Sɛ wɔbɛsan de nneɛma no mu biako bi akɔ na wɔakɔ sesa no de agye ade foforo anaasɛ sika? Dabida! Afei nea ɛyɛ ɔdɔ sen ne nyinaa no di hɔ—wɔn aseda. So wobegye bere de ayɛ saa?
So obi akyɛ wo honam fam ade bi, sɛ ne bo yɛ den anaasɛ ne bo nyɛ den-nhwiren, nnuaba kɛntɛn ma, ebia dua ketewaa bi a wodua wɔ fie? So adamfo bi a ɔdɔ wo prapraa wo fie maa wo bere a na woyare anaasɛ ɔnoaa aduan maa w’abusua no bere a na wurentumi? So wodaa wɔn ase?
“Meda wo ase” yɛ asɛntiaa dɛn ara. Wubetumi de ahome biako pɛ aka. Nanso hwɛ mpɛn dodow a wobu ani gu so. Bere bi obi a ɔka taxi san de ɔbarima bi sika kotoku a ogyawee wɔ ne kar mu maa no. Akyɛde bɛn ara ni! Kotoku no wura no gyei a wanka asɛm biara. Hwɛ sɛnea saa bonniayɛ yi bubuu ofirikafo no. Ɔkae sɛ: “Sɛ akoa no kaa ‘meda wo ase‘ kɛkɛ mpo a.”
Saa nsɛmma nhoma yi biako bi a ɛbae bɔɔ ntoaso sukuufo mmerante bi a wɔtew kuw bi sɛ wɔde reboa nkurɔfo no ho amanneɛ. Asɛm no kae sɛ: “Wɔboaa afirikafo a wɔaka akwantifi denam wɔn tae a adwo a wɔyɛɛ no yiye maa wɔn na wɔboaa wɔn wɔ akwan afoforo so no so.” Wɔannye sika biara wɔ adwuma a wɔyɛe no ho. Wobisae ara kwa sɛ afirikafo no nkyerɛw nkrataa a ɛka sɛ “meda mo ase” na wɔmfa nsie wɔn kuw no nneɛma mu kɛkɛ. Dɛn na efii mu bae? Kuw no kasamafo bi kae sɛ: “Wunim. ɛde besi saa bere yi nkrataa abien pɛ na yɛn nsa aka, ɛwom sɛ yɛn kuw no kyerɛwtohɔ kyerɛ sɛ yɛaboa afirikafo bɛboro 150 wɔ mfe abien a yɛtewee no mu de.”
Wobɛda obi a wagye wo nkwa no ase mpɛn ahe? Susuw akyɛde a saa onii no de ama wo no ho! Nanso, ɔbarima bi de ne nkwa too asiane mu gyee akwantufo bi nkwa wɔ ɔhyɛn bi a ɛremmem mu, na ɔtwee nnipa 17 fii owu a anka wɔrewu mu, na ɛno akyi no na ɛsɛ sɛ wɔsoa n’ankasa a wabrɛ yiye no de no kɔ ne fie. Bere a wobisaa no mfe bi akyi nea ɔkae yiye wɔ sɛnea ɔde akokoduru gyee nkwa saa no ho no, obuae sɛ: ‘Owura, eyi nkutoo. Wɔ nnipa dunson a migyee wɔn nkwa no mu no, biako mpo anna me ase da.’
So ɛyɛ mmerɛwyɛ ho sɛnkyerɛnne sɛ wobɛka sɛ “meda wo ase” wɔ ayamye bi, honam fam akyɛde bi, anaa nkwa akyɛde bi ho? So eyinom bɛda Yehowa Nyankopɔn, Nkwamafo Kɛse no ase da biara wɔ wɔn ankasa nkwa ho? Sɛ wontumi nna obi a wohu no ase a, so ɛda adi sɛ wɔbɛda obi a wonhu no ase?—1 Yohane 4:20.
So ɛyɛ nwonwa sɛ ɛyɛ den ma nnɛyi mmofra sɛ wofi wɔn komam bɛda ase wɔ akyɛde bi a wɔn nsa aka anaasɛ wɔ ayamye bi a woyi adi kyerɛ wɔn no ho? Sɛ awofo annka “mepa wo kyɛw” ne “meda wo ase” a, ɛda adi sɛ wɔn mma renyɛ saa.
Anisɔ a wɔnkyerɛ yɛ agyiraehyɛde ahorow a ɛkyerɛ sɛ yɛte nna a edi akyiri no mu no biako. Ɔsomafo Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo . . . bonniayɛfo.”—2 Timoteo 3:1, 2.
Ɔkwan a Wobɛfa so Akyerɛ Anisɔ
Aseda nkrataa ahorow a wosiesie na wɔtɔn yɛ adwuma kɛse. Nkrataa no mu pii da nkate no adi fɛfɛɛfɛ. Ɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛtɔ eyinom bi na wode akɔma wɔn a wɔama wo akyɛde anaasɛ wɔayɛ wo adɔe bi no. Nanso nea ɛka ho no, so ɛrenyɛ ɔdɔ ne ayamye mu ade sɛ w’ankasa wode biribi bɛka ho, sɛ yɛde yɛn ankasa nsa bɛkyerɛw yɛn ankasa nsɛm a yɛde rekyerɛ anisɔ—ebia yɛbɛbɔ akyɛde no din na yɛakyerɛ sɛnea yɛn ani sɔ no ne anigye a yɛanya anaasɛ yɛhwɛ kwan sɛ yebenya afi ne dwumadi mu no?
Nea ɛka eyi ho no, wɔ baabi a ɛbɛyɛ yiye no. so ɔmafo no ani rensɔ ano a yɛde da ase anigye so. ne nsam a yebekyia. atuu a emu yɛ hyew. anaasɛ ɔdɔ mu adeyɛ foforo bi? Sɛ yenwiinwii sɛ yɛrennya bere mfa nyɛ saa a. ɛnde susuw bere. mmɔden ne sika a ɔmafo no asɛe wɔ yɛn ho no ho. Yɛn anisɔ a yɛbɛkyerɛ no ma ɔmafo no komam anigye no yɛ kɛse.
Eye sɛ yɛbɛkae Yesu a na ɔyɛ ɔmafo a ɔsen biara no nsɛm yi: “Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.” (Asomafo no Nnwuma 20:35) Ɛrenkyɛ, wɔ asase so trenee paradise a ɛreba no mu no, ɛnyɛ sɛ adesamma a wɔte so no nyinaa bɛda Yehowa Nyankopɔn ase da biara wɔ nkwa akyɛde no ho nko na mmom wɔbɛda wɔn anisɔ a efi ɔdɔ mu adi akyerɛ wɔn ho wɔn ho wɔ ayamye nnwuma a efi onuadɔ mu no ho. Ɛmmra sɛ yɛbɛkyerɛ anisɔ mprempren na yɛanya Yehowa ne yɛn afipamfo nyinaa mpeneso.