Henanom na Wohuu Amane wɔ Awudi no Mu?
WƆ JUNE a etwaam no mu no Amerika Yudafo Nhyiam no de krataa bi kɔmaa Paapa John Paul ll. Wontintimii wɔ The New York Times mu June 26. Wɔkasa tiaa nhyiam a Paapa no ne Kurt Waldheim a ɔyɛ Austria ɔmampanyin a wɔka sɛ na ne ho wɔ Yudafo a Nasifo kunkum wɔn wɔ Wiase Ko ll no mu no yɛe no. Wɔkaa Waldheim ho asɛm sɛ “mprempren mmɔden a wɔrebɔ sɛ wobebu Awudi no adewa, wobedi atoro wom na wɔn werɛ afi” no ho sɛnkyerɛnne.
Bere a krataa no agye atom sɛ ɛrentumi nnan Awudi no mu amanehunu no ani akyi no, ɛkae sɛ: “Nanso akyinnye biara nni ho sɛ yɛn awo ntoatoaso yi mu ahyɛde kronkron a ɛsen biara a wontumi mmu ani ngu so ne nkae; sɛ yɛremma yɛn werɛ mfi sɛnea kommyɛ bɛyɛɛ anibiannaso, anibiannaso bɛyɛɛ mpeneso, na awiei koraa no ɛdan bɛyɛɛ nnipa ɔpepem pii a wokunkum wɔn mu ahude.” Krataa no kae sɛ Waldheim “pɛ sɛ ɔde Awudi no ho awerɛfiri a ɛyɛ animguase hyɛ emu amanehunufo so.” Afei wɔbɔɔ Paapa no akyi efisɛ “ɔde abrabɔ mu nnyinasosɛm too nkyɛn” na ogyee Waldheim wɔ Vatican. Krataa no toaa so sɛ:
“Ɔkronkronni, so ebetumi ayɛ yiye sɛ wɔ Waldheim awerɛfiri [wɔ Awudi] no ho mu no, ɛnne bi wɔ hɔ, a ɛmfa ho sɛ ɛwɔ akyiri dɛn ara, a ɛyɛ Asɔre no nso awerɛfiri anaa? So Ɔkronkronni no adi Katolek asɔre ahorow a ɛwɔ Europa no anibiannaso wɔ nea ɛtoo Yudafo wɔ Wiase Ko ll mu no ho dwuma? Wɔnkaa asɛm no ho asɛmfua mpo wɔ wo Paapa nsrahwɛ ahorow a wode kɔɔ Europa aman ahorow ne Owu Nsraban ahorow no mu biara mu. Wɔ Katolekfo ankorankoro pii bi akokodurusɛm akyi no, so ɛnyɛ nokware sɛ asɔre akɛse no muamuaa wɔn ano na wogyaw Yudafo wɔ wɔn amanehunu no mu? Na sɛ Asɔre no a pii hwehwɛ abrabɔ akwankyerɛ fi ne hɔ no ntumi nhu nea wɔayɛ atwam mu nokware, sɛ entumi nni nea nkae kronkron hwehwɛ ho dwuma a, ɛnde na anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma afoforo?”
Nokwarem no, Yudafo ɔpepem pii ase a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyew no fata sɛ wɔkae. Nanso susuw ho kakra. Bere a krataa no ka Awudi no ho asɛm no, so ɛnka no te sɛ nea ɛyɛ Yudafo nkutoo awudi? So ɛnyɛ”nea ɛtoo Yudafo” no nkutoo na wɔka sɛ Katolek asɔre ahorow no yɛ ho anibiannaso? Na sɛnea saa krataa yi kyerɛ no, so na ɛnyɛ ‘wiase nkae no mu pii ne asɔre afoforo’ na “wɔgyaw Yudafo wɔ wɔn amanehunu mu” no? Yudafo nkutoo? So afoforo anhu amane anka Yudafo ho?
Nhoma a wɔfrɛ no The Forgotten Holocaust no kyerɛ sɛ Polandfo a wɔnyɛ Yudafo ɔpepem abiɛsa na wɔn ho kaa mu Awudi no mu. A History of the Modern World ka nnipa ɔpepem pii foforo a na wɔn ho wom ho asɛm. Na ɛdefa Germany Yehowa Adansefo ho no, nnipa a wɔnyɛ Adansefo abɔ amanneɛ sɛ “wɔde bɛyɛ 10,000 guu afiase” na”bɛboro mpem abien ase hyewee wɔ adwumayɛban ahorow mu.”
Enti, ɛnsɛ sɛ wobu Awudi no sɛ ntua a wɔde baa Yudafo nkutoo so. Na Hitler asi ne bo sɛ ɔbɛhyew nnipakuw biara a wɔmmrɛ wɔn ho ase mma ne nkyerɛkyerɛ sɛ Aryanfo na wɔkorɔn no ase. Wɔde Yehowa Adansefo kaa ho efisɛ wogyee Bible nnyinasosɛm a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma 17:26, 27 no dii na wɔde dii dwuma.