Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g88 11/8 kr. 23-25
  • Kristofo Nhyiam Horow​—Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wokɔ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kristofo Nhyiam Horow​—Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wokɔ?
  • Nyan!—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahenni Asa Ahorow​—Ɛma Ahotɔ Wɔ Ɔkwan Soronko So
  • Nhyiam Horow​—Adwinnade a Wɔde ‘Yɛ Den Gyidi Mu’
  • Nhyiam Horow​—Ɛyɛ Anigye ne Akɔnnɔ
  • Baabi a Wosua Ade
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Anya Pii Afi Kristofo Nhyiam Horow Mu?
    Nyan!—1988
  • Mmofra Nya Nhyiam Horow So Mfaso
    Yɛn Ahenni Som—2000
  • Wokɔ Yehowa Adansefo Nhyiam a Ɛbɛboa Wo Sɛn?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yehyiam Som?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1988
g88 11/8 kr. 23-25

Mmofra Bisa Sɛ. . .

Kristofo Nhyiam Horow​—Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wokɔ?

Christiaan a ɔyɛ abarimaa bi a ɔwɔ Suriname ɔman no mu no kae sɛ: “M’awofo ma mekɔɔ asɔre. Ná sɛ me yam a anka osu ntɔ kɛse Kwasida anɔpa biara sɛnea ɛbɛyɛ a metumi atra fie.” Ɔserew na ɔde ka ho sɛ: “Nanso na ɛte sɛ nea osu tɔ fi Dwoda kosi Memeneda nkutoo.”

“Ankyɛ na asɔrekɔ no fonoo me. Bere a mihuu ɔkwan a mɛfa so afi mu no, misoo mu.”

ƐNYƐ Christiaan nkutoo ɔkwan biara so. Asɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa di anigye a mmofra nni wɔ ɔsom dwumadi ahorow mu no ho nkɔmmɔ. Simote Vea a ɔyɛ ɔsɔfo bi a ofi Pasifik supɔw Tonga so no ka sɛ: “Mmofra a wɔkɔ asɔre no dodow so . . . rehuan.”

Nanso, dɛn nti na asɔre akɛse no ntumi ntwetwe mmofra no? Lorine Tevi a ɔyɛ adwuma wɔ Wiase Asɔreasɔre Bagua no mu no gye tom sɛ: “Ahiade a ehia sen biara no yɛ ntetee . . . Ɛsɛ sɛ asɔre ahorow no sua hu sɛ ɛsɛ sɛ nyamekyerɛ ntetee kasa kyerɛ obiara.”

Christiaan ne no yɛ adwene sɛ: “Ɛno yɛ nokware. Mmofra pii kɔn dɔ sɛ wobenya Bible ntetee a emu da hɔ. Nanso, sɛ́ anka asɔre no bedi saa ahiade no ho dwuma no, egyina amanne dedaw no so ara.” Anne a wadi mfe 13 no de ka ho sɛ: “Asɔre yɛ nnwonto pii nanso adesua kakraa bi.” Barbara a wadi mfe dunwɔtwe no kaa ntetee a enni asɔre mu no ho asɛm saa ara. Ɔkae sɛ: “Da bi, ɔsɔfo no maa me Yesu mfonini a wɔde nsensanee ayɛ. Ɔka kyerɛɛ me sɛ memfa nnuru nkeka mu. Ɛno ne asɔre no!”

Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa biara sɛ mmofra pii ahaw wɔ asɔre ho no. Nanso, so eyi kyerɛ sɛ ɔsom nhyiam horow nyinaa resɛe anaa? Nea ɛne no bɔ abira no, mmofra a wɔafa wɔn nsɛm aka wɔ ha no nyinaa fii ase kɔɔ ɔsom nhyiam horow bio! Dɛn ntia? Wohuu nea U.S. Catholic nsɛmma nhoma no bɔɔ ho amanneɛ mfe bi ni no: “Ahenni Asa biara ma wonya . . . ntetee pii wɔ ɔsram biako mu sen nea Katolek asɔre ahorow pii yɛ wɔ afe no nyinaa mu.”

Ahenni Asa Ahorow​—Ɛma Ahotɔ Wɔ Ɔkwan Soronko So

Ahenni Asa? Yiw, eyinom ne Yehowa Adansefo a wɔkyekyɛ nsɛmma nhoma yi no nhyiambea ahorow. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Suriname ɔman no mu kyerɛe sɛ nnipa a wɔkɔ nhyiam horow wɔ hɔ no mu abiɛsa biara mu biako wɔ mfe 12 ne 20 mfinimfini hɔ! Ɛyɛ nokware saa ara nso wɔ nsase afoforo so​—mmofra pii rekɔ nhyiam horow wɔ Ahenni Asa so.

Christiaan kyerɛkyerɛ nea enti a ɛhɔ nhyiam no twetwee no no mu sɛ: “Sɛnea wɔde Bible no di dwuma pii no kaa me koma. Ná wɔde nea wɔka biara gyina so yiye. Ná nhyiam horow no te sɛ sukuu!” Nokwarem no, wɔyɛ dapɛn dapɛn nhyiam horow anum adesua a ɛtete Kristofo wɔ akenkan, ɔkyerɛkyerɛ, ne Bible no a wɔde di dwuma mu wɔ Ahenni Asa so. Wubehu sɛ nhyiam horow a wɔyɛ wɔ hɔ no yɛ soronko wɔ ɔkwan a ɛma ahotɔ no mu fi asɔrekɔ ho.

Nanso, ebia mmofra pii beyi wɔn ani wɔ sukuu biara nsusuwii ho. Ebia mmofra binom a Kristofo awofo atetew wɔn mpo ani rensɔ Kristofo nhyiam horow no na wɔanwiinwii sɛ ‘ɛyɛ anihaw,’ ‘ɛware dodo,’ anaasɛ biribi foforo bi a wɔbɛyɛ​—te sɛ television a wɔbɛhwɛ​—bɛyɛ anigye asen no. Ɛnde, dɛn nti na ɛsɛ sɛ abofra bi gye bere fi ahomegye ne sukuu adwuma ho kɔ Kristofo nhyiam horow?

Nhyiam Horow​—Adwinnade a Wɔde ‘Yɛ Den Gyidi Mu’

Ɔsomafo Paulo kae bere bi sɛ “gyidi nnim a, obi ntumi nsɔ [Onyankopɔn] ani.” (Hebrifo 11:6) Enti ɔhyɛɛ Kristofo sɛ ‘wɔnyɛ den gyidi.’ (Tito 2:2) So saa afotu yi fata ma mmofra nnɛ? Nokwarem no ɛte saa. Abeawa bi a wadi mfe 15 ka no sɛɛ se: “Ɛtɔ mmere bi a misusuw sɛ mmofra na wohyia mmere a emu yɛ den sen biara wɔ asetra mu. Yɛne nkurɔfo a wɔbɔ aguaman, wɔnom nnubɔne, na wɔbow nsa na ɛwɔ hɔ.” So wubetumi ako atia nkɛntɛnso bɔne ahorow yi denam ‘wo ho a wobɛtew’ afi mfɛfo Kristofo ho no so? (Mmebusɛm 18:1) Ɛyɛ den.

Enti Kristofo nhyiam horow di ahiade titiriw bi ho dwuma. Ɛboa wo ma ‘woyɛ den gyidi mu’! Tertullian a na ɔyɛ afeha a ɛto so abien mu ogyidini no kae sɛ: “Yehyiaam kenkan yɛn nkyerɛwee kronkron no . . . yɛde nsɛm kronkron no siesiee yɛn gyidi.” Saa ara nso na ɛte nnɛ sɛ Ahenni Asa so nhyiam horow no betumi ‘asiesie wo gyidi’ na ahyɛ wo den. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔhyɛ Kristofo sɛ: “Momma yɛnyɛ pintinn na yennhinhim wɔ yɛn anidaso no a yɛka kyerɛ mu, . . . na mommma yɛnnntwe yɛn ho mmfi yɛn nhyiam ho, sɛnea ebinom yɛ no.”​—Hebrifo 10:23, 25, The New English Bible.

Nhyiam Horow​—Ɛyɛ Anigye ne Akɔnnɔ

Nanso, wɔ mfiri mu nkɔanim kɛse mfe yi mu no, mmofra pii nhwehwɛ sɛ wɔbɛkyerɛ wɔn ade ara kwa na mmom sɛ wobegye wɔn ani nso. Na yegye tom sɛ Ahenni Asa so nhyiam horow no nyɛ agodi agua so adeyɛ kyenkyerɛnn bi. Nanso eyi nkyerɛ sɛ dwumadi no yɛ bosoo ne nea ɛnyɛ anigye. Susuw ho hwɛ: Dɛn na ɛma adidi bi yɛ anigye? So ɛnyɛ aduan a ahoɔden wom na ɛyɛ ahorow ahorow, nnipa a wɔn fekubɔ yɛ anigye a wɔatwa ɔpon no ho ahyia, ne ahotɔ tebea no? Wiɛ, ɛda adi sɛ Kristofo nhyiam horow no di eyinom a wɔde hwehwɛ anigye no ho dwuma.

Ahoɔden Wom na Ɛyɛ Ahorow Ahorow: Nhyiam horow anum ma wonya honhom fam aduan a ɛkari pɛ​—efi abusua asetra ho afotu so kosi nkɔmhyɛ ahorow ho adesua so. Ahorow ahorow? Wiɛ, wɔtaa de nkurɔfo a wobisabisa wɔn nsɛm ne ɔyɛkyerɛ ntiantiaa a ɛkanyan anigye dannan ɔkasa ne kuw nsusuwho ahorow mu. Janet a wadi mfe dunnum no kae ne nhyiam a edi kan a ɔkɔe: “Nhyiam no mfinimfini no meka kyerɛɛ me maame sɛ, ‘Ma yɛnkɔ fie.’ Na matra ase abrɛ. Nanso afei mpanyimfo ne mmofra nyinaa fii ase fi asɛnka agua no so kasae. M’ani gyee ho enti metraa ase kosii awiei.”

Fekubɔ a Ɛyɛ Anigye: Bere a abeawa bi a wɔfrɛ no Carolina a ofi Nicaragua kɔɔ ne nhyiam a edi kan akyi no, ɔkae sɛ: ‘M’ani gyee emufo a wɔyɛ mmofra no ho. Na wɔwɔ nnamfofa su ne obu.’ Yiw, wɔ Ahenni Asa so no, wubetumi anya fekubɔ a ‘eye na ɛyɛ fɛ.’ (Dwom 133:1) Enti Anita a wadi mfe dunsia no se: “Minya nnamfo ankasa wɔ Ahenni Asa so.”

Ahotɔ Tebea: Simeon a wadi mfe 14 no se: “Ɛtɔ mmere bi a asɛm bi haw me ɛda mũ no nyinaa. Nanso wɔ Ahenni Asa so no, me werɛ fi koraa. Mete asomdwoe nka wɔ me mu.” Kristofo nhyiam horow da Onyankopɔn honhom a ɛyɛ anigye ne asomdwoe no adi. (Filipifo 4:4-7) Na nea ɛne asɔredan pii a wɔahyehyɛ no kɔsɔɔ ma ayɛ hu bi no bɔ abira no, wɔasiesie Ahenni Asa ahorow wɔ ɔkwantiaa so na ama wɔanya ahotɔ tebea. Abeawa Barbara se: “Me ho tɔ me wɔ Ahenni Asa so te sɛ nea mewɔ fie.”

Baabi a Wosua Ade

Nanso, nea ɛho hia koraa sen tebea a ɛwɔ hɔ no ne nea wusua denam nhyiam a wobɛkɔ wɔ Ahenni Asa so no. Sɛ yɛbɛyɛ ho nhwɛso a, susuw Teokrase Ɔsom Sukuu a ɛyɛ nhyiam ahorow anum no mu biako no ho. Wɔde sii hɔ wɔ 1943 mu ma atete Kristofo wɔ baguam kasa mu. Ɛyɛ amanaman ntam sukuu a ebi wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa no mu, na ɛde ntetee a obiara nya hokwan koro no ara na ɛma. Adesuafo no nya ntetee koro no ara, sɛ wɔyɛ mmarimaa anaasɛ mmeawa, abibifo anaasɛ aborɔfo, adefo anaasɛ ahiafo no​—kwa!

Adesua nhoma titiriw no ne Bible no. Akyerɛkyerɛfo a wɔfata kyerɛ adesuafo no sɛnea wɔbɛboaboa Bible mu nsɛm ano na wɔahyehyɛ na afei wɔaka akyerɛ wɔ nkɔmmɔbɔ kwan so. Wɔde nhoma a wɔfrɛ no Theocratic Ministry School Guidebooka no nso di dwuma wɔ sukuu no mu. Nea ɛwɔ n’adesua ahorow 38 no mu bi ne nsɛmti te sɛ “Sɛnea Wɔhyehyɛ Ɔkasa,” “Adwene a Ɛwom So Duasi, Ɛnne Nsakrae,” na ɛkyerɛ nsɛmfua paw, nsɛm din bobɔ, ne nsɛm hyehyɛ. Bere a abofra bi a wɔfrɛ no Terri de nhoma yi bi maa ne Ɔkasa Adesua Ɔkyerɛkyerɛfo no, ɔka kyerɛɛ adesuafo afoforo no sɛ: “Adesua adapɛn anum akyi no, afei na ɔde nhoma a ɛfa sɛnea wɔyɛ ɔkasa adesua yiye ho no ama me!”

Fa w’ani bu sɛ wutumi sɔre gyina nnipakuw anim na wokyerɛkyerɛ Bible no​—nyansa mu, nnamyɛ mu! Eyi yɛ mfaso ahorow a sɛ wokɔ nhyiam horow wɔ Ahenni Asa so a wubenya no mu biako pɛ. Fa fekubɔ fɛfɛ a wubenya mu anigye wɔ hɔ no ka ho na ɛyɛ mmerɛw sɛ wubehu nea enti a nhyiam a wobɛkɔ daa no ho hia saa ma woahyɛ wo gyidi wɔ Onyankopɔn ne ne Ba no mu no mu den no. Yesu kae yɛn sɛ: “Nea ogye di no wɔ daa nkwa.”​—Yohane 3:36.

Ɛnde, yɛwɔ anidaso sɛ nkɔmmɔbɔ tiawa yi akanyan w’akɔnnɔ sɛ wubefi ase akɔ nhyiam horow, sɛ wumfii ase nyɛɛ saa dedaw a. Nanso, sɛ wokɔ bi dedaw nso a, ɛnde dɛn? Ɛnde na asemmisa no ne sɛ, So wurenya pii afi nhyiam horow no mu sɛnea ɛsɛ sɛ woyɛ? Asɛm bi a ɛbɛba daakye besusuw eyi ho.

[Ase hɔ nsɛm]

a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. na wotintimii.

[Kratafa 25 mfoni]

Ahenni Asa so nhyiam horow ma mmofra nya hokwan ahorow sɛ wobenya mu kyɛfa kɛse

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena