AIDS Asiane Afoforo?
Ebia nnipa bɛyɛ ɔpepem 10 kosi 20 na wɔwɔ AIDS ɔyare no mmoawa mprempren wɔ wiase nyinaa. Wɔ Canada ɔman British Columbia no, wobu ano sɛ nnipa 10,000 kosi 20,000 na aka wɔn, na akwahosan ho mpanyimfo ahaw wɔ sɛ nsan no bɛtrɛw bio no ho. Enti nnansa yi B.C. Akwahosan Asoɛe no siesiee nhomawa bi a sɛnea ɛka no ɛde “AIDS ho nsɛm a ɛyɛ nokware a aba foforo” ma.
Nhomawa no tĩ kɔkɔbɔ a wɔtaa te a etia ahokafo a aka wɔn a wɔne wɔn bɛda ne paane koro no ara a wɔne obi a ebi aka no de bedi dwuma no no mu. Nanso, ɛkyerɛkyerɛ mu nso sɛ esiane sɛ mmoawa no wɔ mogya mu nti, asiane titiriw wɔ biribiara a etumi twa honam no ho. Sɛ nhwɛso no, nhomawa no bobɔ nneɛma a wɔde bɔ aso mu, nea wɔde kyerɛkyerɛw wɔn nsa ho, ne mpaane ayaresa sɛ nea wɔnam so betumi anya bi. Nhomawa no de ka ho sɛ: “Asiane wom nso sɛ wɔne obi a ebi aka no de yiwan anaasɛ nea wɔde twitwi ɛse so koro no ara bedi dwuma.”