Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g89 1/8 kr. 19-24
  • Awofo A Wɔayɛ Wɔn Ofie Adwuma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Awofo A Wɔayɛ Wɔn Ofie Adwuma
  • Nyan!—1989
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hia a Nkamfo ho Hia
  • Mmoa a Wɔde ma wɔ Akwan Afoforo So
  • Abusua mu Biakoyɛ a Wobenya
  • Nsɛnnennen ho Dwumadi
  • Sukuu Nhyehyɛe no a Wɔne wɔn Bɛbom Ayɛ Adwuma
  • Ɛnyɛ Adwuma a Ɛyɛ Mmerɛw
  • Mmɔdenbɔ no Nyinaa Fata
  • Mɛyɛ Dɛn Anya Bere Ayɛ Sukuu Dwumadi Wɔ Fie?
    Nyan!—2004
  • Mɛyɛ Dɛn Ayɛ Me Homework Nyinaa Awie?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Biako a Wɔne Sukuu Nhyehyɛe no Bɛyɛ
    Sukuu ne Yehowa Adansefo
  • Nneɛma a Ɛboa Ma Wonya Nhomasua Papa
    Nyan!—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1989
g89 1/8 kr. 19-24

Awofo A Wɔayɛ Wɔn Ofie Adwuma

AWOFO a wɔayɛ wɔn ofie adwuma no de nea wɔn mma hia ankasa no ma wɔn. Ɛda adi sɛ pii wɔ eyi mu sen ka ahorow a wobetua ara kwa no. Awofo a wɔtete saa no boa wɔn mma ma wonya gyinapɛn ne botae horow a eye wɔ asetra mu no nso, na wɔma wɔn bere ne wɔn ho a wofi ɔdɔ mu susuw pii nso.

Wayne a ɔyɛ agya bi a ɔwɔ mma baanan no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bere a mmofra no susua no, yɛne wɔn weaweae, bobɔɔ nkuku, yɛde nkankyee katakataa yɛn ti so te sɛ dade kyɛw, na yɛde kwankora bobɔɔ yɛn ho yɛn ho de suasuaa Bible mu nnipa a wogyee din wɔ abakɔsɛm mu no. Mmofra no ani gyee ho yiye.”

Bere a mmofra no renyin no, Wayne ne ne yere Joanne sakraa ɔkwan a wɔfa so kyerɛkyerɛ no mu; nanso wɔkɔɔ so kanyan wɔn mma no ani a wotumi de bu ade ne ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wobesua ade no. Wɔnam ɛno so de ɔkyerɛkyerɛ nnyinasosɛm ahorow a eye sen biara no mu bi dii dwuma. Julie M. Jensen a ɔyɛ U.S. National Council of Teachers of English kuw no titrani no gye di sɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa werɛ mfi n’ankasa mmofraase anigye bere a na ɔresua ade no da, na ɔde hyɛ n’adesuafo mu.

Hia a Nkamfo ho Hia

Wayne ne Joanne hwehwɛɛ ɔkwan bi a wɔbɛfa so aboa wɔn mma wɔ wɔn sukuu adwuma mu. Kɛntɛn bi si mukaase hɔ a mmofra no de wɔn nkrataa a mma a wonyae wɔ so no tom bere a wofi sukuu aba fie no. Joanne hwɛ nkrataa no mu bere a mmofra no redi agoru anaasɛ wɔreyɛ wɔn sukuu adwuma a wɔde aba fie no, na wɔ anwummere adidi ase no, abusua no taa bɔ ho nkɔmmɔ. Wɔde nea eye no tetare fridge no ne mukaase afasu no ho na ayɛ te sɛ ɔdan bi a wɔde mfonini ahorow pii atetare mu.

Joanne se: “Ɛyɛ yɛn ɔkwan a yɛfa so de kamfo mmofra no, na ɛma wɔyere wɔn ho.” Kɛntɛn bi si ɔdan a wɔtra mu no mu a wɔde sukuu adwuma a wɔde ba fie a wɔayɛ awie no tom. Joanne kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔ saa kwan no so no, ɛho nhia sɛ yekyin hwehwɛ anɔpa bere a mmofra no de ahopere rekɔ sukuu no.”

Beatrice a ɔyɛ ɛna bi a ɔwɔ mmabea baanu no nso de ne mma no sukuu adwuma tetare ne mukaase. Ose: “Meyɛ saa efisɛ mede me mma no hoahoa me ho na mepɛ sɛ wohu saa.”

Bere a Dallas, Texas, Independence School District no nim sɛnea nkamfo som bo kɛse no, ɛhyɛ n’akyerɛkyerɛfo a wɔatu wɔn ho ama no nkuran sɛ wɔmfa nsɛm a ɛhyɛ nkuran te sɛ eyinom nni dwuma: Ɛyɛ nwonwa! Eye kɛse. Kɔ so saa ara! Eye ma wo. Wunim ade. Ɛteɛ pɛpɛɛpɛ. Wobɔɔ wo tirim ankasa. Wudwenee ɔkwan pa so. Adwuma pa ankasa. Afei woatwa. M’ani sɔ sɛnea worebɔ mmɔden no.

Sɛ woyɛ ɔwofo a, so wubetumi de nkuranhyɛ ama mpɛn pii?

Mmoa a Wɔde ma wɔ Akwan Afoforo So

Nea ɛka wɔn mma a wɔkamfo wɔn wɔ wɔn mmɔdenbɔ ho ho no, awofo a wɔyɛ wɔn ofie adwuma no hyehyɛ ofie tebea a eye ma adesua. Wɔma wɔn mma ani gye akenkan ne adesua a ɛfa wiase a atwa wɔn ho ahyia ho no ho.

Julie kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “M’awofo boaa me denam m’adesua bere a wogyee ho ban no so. Na mewɔ beae pɔtee bi wɔ fie hɔ a meyɛ me sukuu adwuma a mede ba fie no wɔ hɔ, na sɛ minnwiei a, mene abusua no muni biara a waka nkasa. Wɔ bere a mede sua ade no mu no, na wɔmma menyɛ ofie adwuma biara. Enti mekwatii biribiara a ebetwitware m’adwene a mede besi so no ananmu no.”

Mark ka sɛnea n’awofo boaa ɔne ne nuabeanom no ho asɛm: “Wɔhwɛ hui sɛ yɛwɔ nsɛm asekyerɛ nhoma ne nhoma afoforo a ɛbɛboa yɛn wɔ yɛn adesua mu no bi. Wɔhyɛɛ yɛn nkuran ma yɛhyehyɛɛ yɛn ankasa nhomakorabea denam nhoma ahorow a yɛn ani gye ho a wɔma yɛtɔe a ɛnyɛ yɛn bɔtɔ mu sika a wɔde ma yɛn na yɛde tɔ no so.”

Althea a ɔyɛ ɛna bi a ɔwɔ mma baanan no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Yefii yɛne mmofra no akenkan nhyehyɛe ase bere a na wɔadi bɛyɛ asram abiɛsa no. Ná ɛyɛ den sɛ yebekura eyi mu efisɛ te sɛ mmea pii nnɛ no, na ɛsɛ sɛ meyɛ adwuma. Nea ɛbɛyɛ na yɛanya ɛho bere no, na ɛsɛ sɛ metɔ bere fi dwumadi afoforo mu. Na mmofra no wɔ nhoma ahorow bɛboro 300​—mmofra anwonsɛm, nyansahu ho nhoma ahorow, ebiara bi. Na wɔde nea wɔpɛ yiye no ba ma mekenkan kyerɛ wɔn. Ɛtɔ da bi a mitu tra afã bi sɛnea ɛbɛyɛ a metwa bere no so, nanso na ɛnyɛ yiye. Na mmofra no nim afã a aka mu no na wɔkae me denam wɔn tirim a wofi de hyem no so!”

Johan a ofi Finland no se na n’awofo kenkan kyerɛ no fi simma 10 kosi 15 anadwo biara ansa na wakɔda. Johan kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na mitumi ka ayɛsɛm no. Na Mama yɛ nnipa a wɔwɔ ayɛsɛm no mu no afã no. Mene me nuabea de yɛn ho fam nhyehyɛe no ho araa ma sɛ m’awofo nni adagyew mpo a, yɛkɔfa nhoma no na yɛn ankasa sɔ hwɛ. Eyi boaa yɛn ma yenyaa akenkan su pa. Ama yɛn sukuu adwuma no ayɛ mmerɛw na abue yɛn adwene mu.”

Ravindira a ofi Sri Lanka no ani gyee ho sɛ n’agya bɛdeda no esiane ne kwan a na ɔfa so kenkan ade no nti. “Ná anansesɛm a m’ani gye ho kɛse no ne Sɛnɛa Yoma Nyaa N’afũ No. Na Papa de twɛre bɔ hɔ, ɔteɛm, ɔserew, na ɔyɛ biribiara bere a ɔkenkan no. Na wɔhwɛ kwan sɛ eyi bɛdeda me, nanso ɛmaa m’ani kokwawee na na mepɛ pii aka ho ara kwa. Ɔyɛe te sɛ nea onhui, nanso na onim nea ɔreyɛ. Akyiri yi bere a minyinii kakra no, na ɔma mede nhoma no san kɔto nhomakorabea hɔ. Eyi ma metee nka sɛ me ho hia na ɛhyɛɛ me nkuran bio ma m’ani gyee akenkan ho.”

Bere a Susan rekyerɛkyerɛ sɛnea n’agya boaa no mu no, ose: “Ná Papa ani gye akyinkyinakyinkyin ho. Na ɔde me kɔ baabiara​—tete nneɛma akorae, nnomaa atrae, nhomakorabea, na yɛkɔsesaw nnuaba wɔ wuram. Ɛtɔ da a yekokyinkyin kwae a yennim mu mu kwa. Yɛbɛba ofie no na yɛn ho nyinaa adwidwiw, nanso na ɛyɛ anika. Saa akyinkyinakyinkyin no ma minyaa atirimpɔw bi maa me sukuu adesua.”

Emilo a ofi Puerto Rico no kae sɛ: “Na me maame pɛ sɛ ohu sɛ yɛresua ade bere nyinaa. Sɛ mifi sukuu ba fie a, obisa sɛ, ‘Enti, dɛn na wusuae nnɛ?’ Sɛ meka sɛ ‘Oo, mansua hwee’ a, ɔbɛsan abebisa me sɛ, ‘Wokyerɛ dɛn, woansua hwee? Ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea wusuaa biribi.’ Obebisa asɛm no ara kosi sɛ mɛka nea misuae no akyerɛ no. Saa ara na ɔyɛɛ me nuabarimanom baanu no. Na ɔpɛ sɛ yehu sɛ yɛn ho hia no kɛse ne sɛ odwen yɛn ho. Eyi ma yɛyɛɛ abusua a wɔaka abom kɛse.”

Abusua mu Biakoyɛ a Wobenya

Mmusua a wodi nkonim no tumi ne wɔn ho wɔn ho bɔ fɛfɛ, nanso eyi gye mmɔdenbɔ. Enti awofo a wɔyɛ wɔn ofie adwuma no hwehwɛ sɛ wobenya abusua mu biakoyɛ honhom.

Carol a ɔyɛ ɔwofo a onni ɔhokafo a ɔhwɛ mmabea baanu a wonnii mfe 20 no ka sɛ: “Yɛbɔ abusuasɛm ho nkɔmmɔ nokwaredi mu na ɛkame ayɛ sɛ yɛyɛ no daa. Ɛtɔ mmere bi a mmeawa no nka wɔn ankasa nsɛnnennen ho asɛm nkyerɛ me efisɛ wɔte nka sɛ mewɔ mede a ɛdɔɔso dedaw. Mitumi hu eyi, efisɛ wɔkasakasa wɔ nneɛma a ɛho nhia ho. Ɛyɛ a na ɛsɛ sɛ mekae wɔn sɛ sɛ yɛne yɛn ho yɛn ho ka yɛn nsɛnnennen ho asɛm nokware mu a, abusua nhyehyɛe no tumi yɛ adwuma yiye.”

Sikasɛm yɛ ade a ɛde nsɛnnennen ba mmusua pii mu, nanso Carol se ne mmeawa no a ɔka abusua no sikasɛm tebea ho asɛm kyerɛ wɔn fann no ama wɔboa. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mehyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnhwehwɛ nnwuma a ɛbɛma wɔanya sika atotɔ nneɛma afoforo a wɔpɛ no. Mekyerɛ obu ma wɔn sɛ wɔyɛ adwuma nya no na mema wohu sɛ ɛyɛ wɔn sika.”

Awofo binom de wɔn abusua sikasɛm tebea no kyerɛ wɔn mma sikasɛm nhyehyɛe, sika a wɔde sie, ne akontaabu. Henry a ɔyɛ mmarimaa baasa ne abeawa biako agya no ka sɛ: “Asuade foforo a yɛnam saa nhyehyɛe yi so atumi akyerɛ ne abusua dwumadi ahorow a wɔka bom yɛ denam wɔn ho a wɔde hyem so.”

Nanso ɛhe na awofo benya bere de ayɛ ofie adwuma a ɛte saa? Audrey a ɔyɛ ɛna a ɔwɔ mma baanu no se esiane ne dwumadi nhyehyɛe petee no nti, ɔto nsa frɛ ne mma no bere a ɔreyɛ nnwuma ahorow no. Onya bere ne wɔn kasa saa bere no.

Nsɛnnennen ho Dwumadi

Nea ɛbɛyɛ na awofo atumi ayɛ wɔn ofie adwuma yiye no, wohia sɛ wosua sɛ wobetie wɔn mma yiye. Sɛnea Bible mu bɛ no ka no: “Onyansafo ntie, na onhu nyansa.” (Mmebusɛm 1:5) Tie a wotie yiye no ma wonya ahotoso, na eyi ho hia kɛse wɔ nsɛnnennen ho dwumadi mu.

Sɛ nhwɛso no, bere a Leon ne Carolyn hui sɛ wɔn babea panyin, Nikki, reguan sukuu na odi nkogu wɔ adesua ahorow bi mu no, Carolyn ade a odii kan yɛe ne sɛ onunuu sukuu nnamfo nkɛntɛnso bɔne. Nanso, Leon kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mehyɛɛ nyansa sɛ yɛntwɛn kosi sɛ yebenya nokwasɛm ahorow no nyinaa.”

Leon ka sɛ: “Ɛno mpo, egyee dapɛn biako a yɛde ntoboase, nsɛm a yebisabisa na yetie brɛoo dii dwuma ansa na yɛrehu nea ɛde Nikki asɛnnennen no bae. Yɛn ho dwiriw yɛn dɛn ara! Na Nikki te nka sɛ yɛn ani nnye ne ho esiane sɛ yɛn ankasa dwumadi ahorow ama yenni adagyew koraa nti! Mene Carolyn yɛɛ nsakrae ahorow, na Nikki yɛɛ ho ade denam n’asɛyɛde wɔ fie ne sukuu mu a ɔmaa n’ani baa so no so.”

Dan ne Dorothy wɔ mma baawɔtwe. Mmofra yi tra sukuu bɔs mu dɔnhwerew biako ne fa da biara, na asɛnnennen titiriw ne tebea a ɛkɔ so sɛe wɔ bɔs no mu no. Dan ka sɛ: “Bere a na wɔn a wɔanyinyin no wɔ sukuu mu no, na ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔde bere a wɔde tra bɔs no mu no bɛyɛ wɔn sukuu adwuma a wɔde ba fie no anaasɛ wɔde bɛyɛ akenkan bi a aka mu no. Nanso, mprempren wɔ mfe 12 pɛ akyi no, ne nyinaa asakra. Mprempren nneɛma a ɛmfata a ɛtwetwe adwene pii wɔ hɔ​—kasafĩ, rock nnwom a ano yɛ den, ne sigaret ne wii wusiw, mpɛn pii no wɔ bɔs no akyi.”

Dan kyerɛkyerɛ mu sɛ wɔne mmofra no susuw asɛnnennen no ho yiye. Ɔkae sɛ: “Nsusuwii ahorow abien baa yɛn adwenem. Sɛ yɛbɛtra abɛn ofirikafo no sɛnea ɛbɛyɛ yiye biara, ne mmofra no mu biara a wɔbɛma no kasɛt afiri a ɛbɔ nnwom ketewa bi a ade a wɔde hyɛ wɔn asom ka ho. Mprempren mmofra no tumi tew wɔn ho fi ɔhaw ho, na wotie nnwom a ɛyɛ dɛ bere a wɔkenkan ade anaasɛ wɔyɛ sukuu adwuma a wɔde ba fie a emu nyɛ den no. Saa ano aduru yi yɛ ɔkwantiaa, nanso ayɛ adwuma!”

Sukuu Nhyehyɛe no a Wɔne wɔn Bɛbom Ayɛ Adwuma

Wɔ sukuu afe no mu no, adesuafo di nnɔnhwerew bɛyɛ asia wɔ akyerɛkyerɛfo nkɛntɛnso ase da biara. Awofo a wɔwɔ nea ɛno kyerɛ fa nea wɔn mma betumi asua no ho anisɔ no bɛpɛ sɛ wohu sɛ wɔde saa bere no di dwuma yiye. Ɛna bi a ɔwɔ mma baasa kyerɛkyerɛ sɛnea ɔne ne kunu hwɛ hu sɛ ɛte saa no mu.

Ɔkyerɛ sɛ: “Sɛ mene John bo nnwo wɔ yɛn mma no mu bi adesua ho a, yɛkɔ sukuu mu hɔ na yɛne akwankyerɛ ɔfotufo, ɔkyerɛkyerɛfo, anaasɛ sukuu panyin no kosusuw nsakrae a ɛfata ho. Yɛde yɛn ho gyee yɛn mma no nhomasua mu kɔɔ akyiri fi mfiase koduu awiei. Mprempren a wɔawie no, yɛn koma atɔ yɛn yam sɛ yenyaa nea na eye sen biara a na nsa betumi aka no maa wɔn.”

Ebia mmofra behia mmoa wɔ wɔn sukuu adwuma mu, na ɔwofo ofie adwuma no fa ne sɛ ɔde ne ho bɛhyem. Nanso, ɔwofo no fi nyansa mu ne sukuu nhyehyɛe no yɛ biako. Wesley se: “Ade biako a mekae wɔ m’awofo ho ne sɛ wɔammfa wɔn ho anhyehyɛ ɔkwan a wɔfa so kyerɛ ade wɔ sukuu dan mu no mu da. Wohui sɛ adekyerɛ tumi dannan.

“Sɛ nhwɛso no, sɛ akontaabu bi kyere m’adwene na minnya mmuae no a, Papa de mmuae no ma me na ɔma mepere sɛnea wobu no no ho kosi sɛ menya. Sɛ me mmuae no ne Papa de no hyia a na minim sɛ matwa.”

Ɛnyɛ Adwuma a Ɛyɛ Mmerɛw

Abofra biara bɛka akyerɛ wo sɛ sukuu nnwuma a wɔde ba fie binom yɛ den sen afoforo. Nanso ofie adwuma a mo awofo no mowɔ no yɛ den sen nea muhyiae wɔ sukuu mu biara. Nokwarem no, mmofra a wɔtete wɔn nkonimdi mu no yɛ adwuma a ɛyɛ hwanyann na egye bere tenten. Ebinom afrɛ no sɛ ɛyɛ mfe 20 dwumadi.

Nea ɛka nea ɛde nkonimdi ba no ho ne sɛ wobɛyɛ ɔwofo a ɔyɛ aso, ɔyɛ adamfo, ɔwɔ ntease, nea onim mmofra no yiye na ɔyɛ wɔn ho ade sɛ ankorankoro. Kae, nea wo mmofra no hia ne wɔn ankasa a wode ani kɔ wɔn so a wonam wɔn yiyedi a wufi ɔdɔ mu dwen ho so da no adi. Fa adesua ho akɔnnɔ hyɛ wɔn mu, na boa wɔn ma wɔmfa nimdeɛ a wobenya no sɛ osuahu a ɛyɛ anigye.

Mmɔdenbɔ no Nyinaa Fata

Mo awofo a moyɛ mo ofie adwuma no de mo ho bɔ afɔre, monyɛ pɛsɛmenkominya. Moayɛ krado sɛ mobɛyɛ nsakrae. Muhu sɛ sɛ mubetumi aboa mo mma a, ɛsɛ sɛ ‘mowɔ hɔ,’ na ɛsɛ sɛ moyere mo ho denam bere, ɔdɔ, ne wɔn ho a mufi ɔdɔ mu dwen a ɛno na mo mma hia ankasa no a mode bɛma wɔn no so.

Sɛ woyɛ wo ofie adwuma no a, wobetumi de nea ebefi mu aba no atoto okuafo a osiesie asase na afei odua ne nnɔbae, ɔtɛw, na ogugu so nsu no otwa ho. Wubetumi anya otwa a ɛde anigye ba sɛ akatua. Ɛte sɛ nea Bible no ka no: “Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so, na sɛ onyin nso a, ɔremfi ho.”​—Mmebusɛm 22:6.

[Kratafa 23 adaka]

Dɛn Bio na Awofo Betumi Ayɛ?

Wɔ nnɛ bere yi mu no, akyerɛkyerɛfo ne sukuu ahorow ho hia na ama mmofra atumi anyin yiye. Ɛno nkyerɛ sɛ wobetumi adi awofo afã no ho dwuma, na mmom wobetumi aboa kɛse wɔ mmofra a wɔtete wɔn nkonimdi mu no mu. Enti ofie adwuma foforo a awofo wɔ ne sɛ wɔne sukuu nhyehyɛe a wɔn mma no wom no bɛyɛ biako koraa.

Ɛnde, sɛ dwumadi anaa nhyehyɛe titiriw bi wɔ sukuu mu hɔ nso ɛ? Sɛ nhwɛso no, na wɔreyɛ Nea Adesuafo Atumi Ayɛ ho Akyɛde Da bi wɔ Massachusetts sukuu bi mu. Joanne a ɔyɛ ɛna bi a ɔwɔ mmabarima baanan no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mekɔe efisɛ na mepɛ sɛ me mma no hu sɛ mede wɔn mehoahoa me ho.” Adesuafo aduonu na wonyaa akyɛde atitiriw saa da no, nanso awofo no mu dodow no ara na wɔamma. So wususuw sɛ ba a wɔamma no hyɛɛ wɔn mma nkuran sɛnea wɔbɛyere wɔn ho wɔ sukuu mu? Dabida!

Afei susuw akyerɛkyerɛfo no ho. Mpɛn pii no sukuu ahorow yi anwummere na esi hɔ de nneɛma a adesuafo ayeyɛ no kyerɛ na wɔne awofonom pɛɛpɛɛ wɔn nkɔso mu, na akyerɛkyerɛfo pii de wɔn ankasa bere na esiesie wɔn ho ma dwumadi ahorow yi. Ɔkyerɛkyerɛfo bi kae sɛ: “Yɛwɔ yɛn ankasa mmusua ne yɛn ankasa bra a ɛsɛ sɛ yɛbɔ. Sɛ wosɛe bere pii de siesie nneɛma ma nna atitiriw bi na wuhu awofo biako, baanu, anaa baasa pɛ anwummerɛ no nyinaa a, ɛyɛ abasamtu yiye.”

Sɛ awofo no, ebia ɛtɔ mmere bi a mobɛhwɛ kwan sɛ sukuu ahorow ne akyerɛkyerɛfo no yɛ nsakrae bi de di mo mma ahiade atitiriw ho dwuma. So ɛnsɛ sɛ munya ɔpɛ sɛ mobɛbɔ afɔre a ɛte saa ara de aboa sukuu nhyehyɛe no, titiriw no esiane sɛ ɛrebɔ mmɔden sɛ ɛbɛboa mo mma ma wɔanyinyin ayɛ mpanyin pa no nti?

“School and Jehovah’s Witnesses” nhomawa a wotintimii sɛnea ɛde ntease ne biakoyɛ bɛba akyerɛkyerɛfo ne awofo ntam no de ofie adwuma a edi so yi ma Yehowa Adansefo a wɔyɛ awofo: “Ɛho hia sɛ awofo hu wɔn mmofra no akyerɛkyerɛfo​—na wɔyɛ nhyehyɛe ne wɔn hyia na wɔne wɔn kasa. . . .

“Wɔ nhyiam a ɛte saa ase no, ɛsɛ sɛ agya anaa ɛna a ɔyɛ Ɔdansefo no ma ɔkyerɛkyerɛfo no hu sɛ wɔhwɛ Kristofo abrabɔ pa kwan fi wɔn mma no hɔ na sɛ mmofra no yɛ basabasa a, wɔpɛ sɛ wɔbɛbɔ wɔn amanneɛ. Ɛsɛ sɛ awofo ma ɔkyerɛkyerɛfo no nya awerɛhyem nso sɛ wobegyina wɔn akyi wɔ nteɛso biara a ntease wom a wɔde bɛma no mu na wɔde bi bɛka ho mpo wɔ fie.

“Akwan afoforo a awofo betumi afa so aboa: Hwɛ sɛ mmofra no anya anɔpaduan a eye adi ansa na wɔakɔ sukuu. Hwɛ sɛ wɔawie adwuma a wɔde maa wɔn sɛ wɔnyɛ wɔ fie no na wɔafa nhoma ahorow no nyinaa. Kyerɛ obu ma sukuu nhyehyɛe ahorow no bere nyinaa na hwɛ sɛ mmofra no nso de obu bɛma eyinom saa ara. Ma mmofra no nka sukuu dwumadi ahorow ne nsɛnnennen biara a ebia wohyiae wɔ hɔ ho asɛm nkyerɛ wɔ fie.”

So wunnye ntom sɛ eyinom yɛ nyansahyɛ ahorow a eye? So mode redi dwuma sɛ awofo? Mo ofie adwuma no fã ne sɛ mobɛyɛ saa.

[Kratafa 24 adaka]

Nsemmisa a Awofo de Bɛhwehwɛ Wɔn ho Mu

1. So mekyerɛ me mma sukuukɔ ho anigye ankasa?

2. So minim wɔn akyerɛkyerɛfo?

3. So akyerɛkyerɛfo no nim sɛ m’ani sɔ wɔn mmɔdenbɔ no?

4. So mehwɛ hu sɛ me mma no fa wɔn sukuu adwuma aniberesɛm?

5. So mehwɛ hu sɛ wɔayɛ wɔn sukuu adwuma a wɔde ba fie no yiye ne wɔ bere pa mu?

6. So me su wɔ nimdeɛ ne adesua ho no ye?

7. So me mma hu sɛ meresua ade?

[Kratafa 19 mfoni]

Akenkan kanyan abofra nsekuru ne n’ani a ɔde bu ade

[Kratafa 20 mfoni]

Awofo a wogye bere kenkan ade kyerɛ wɔn mma no hyɛ abusua biakoyɛ mu den

[Kratafa 21 mfoni]

Abusua nsrahwɛ a wɔde kɔ tete nneɛma akorae anaasɛ wuram no betumi ayɛ abusua anigyede ankasa​—ne osuahu a wɔde sua ade

[Kratafa 22 mfoni]

Wo mmofra no hia sɛ wode w’ani kɔ wɔn ankasa so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena