Mmofra Wɔ Asiane Mu
Ɔbenfo Gerard Lesser a ɔyɛ wiase mmofra adwene ho ɔbenfo bi no bɔ kɔkɔ sɛ ɛsɛ sɛ awofo a wɔn mma adwene ne wɔn nkate mu akwahosan som bo ma wɔn no bɔ wɔn ho ban fi TV so dwumadi ahorow ho. Sɛnea Lesser kyerɛ no, mmofra a wɔn adwene nnyinii no ntumi nyiyi ayɛsɛm ne nea ɛyɛ paara mu wɔ nea wohu wɔ TV so no mu. Amanneɛbɔ no a epuei wɔ Dublin Evening Herald mu no se: “Agodi mu nsɛmmɔne ne akwan a wɔfa so ma wɔtɔ nneɛma a ɛwɔ TV so aguadi dawurubɔ ne mmofra dwumadi ahorow mu te sɛ mfonini ahorow a eyi aseresɛm no te sɛ ɔbenfo a ɔkasa brɛoo nnaadaa pɛ.” Ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ nsɛmmɔnedi ne kunkum a wɔhwɛ wɔ TV so da biara da no betumi ayɛ te sɛ mmofra no a wɔde wɔn nam Belfast ne Beirut mmorɔn so.