Ɔtaa Ano A Migyinae Wɔ Nasi Germany
MA MENSAN mfa wo nkɔ Wiase Ko I akyi Germany faako a na wɔresiesie wɔn ho ama Kristofo ɔtaa bere bi a ɛyɛ nwonwa no.
M’awofo waree 1919 mu na saa afe no ara mu no, wohyiraa wɔn nkwa so sɛ wɔbɛsom Yehowa. Wɔwoo me afe a edi hɔ no mu, me nuabarima Johannes wɔ 1921 mu, Eva wɔ 1922 mu, na awiei koraa no George wɔ 1928 mu. Na yɛn nkutoo ne Bible Asuafo, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no, mmofra wɔ yɛn kurow Wittenberge mu.
Bere a National Socialists anaa Nasifo no bedii tumi wɔ 1933 mu no, akyerɛkyerɛfo pii bɛyɛɛ ɔmanyɔ kuw no mufo. Sɛ mepow sɛ mɛka nkyia a ɛne “Heil Hitler!” a, na me mfɛfo sukuufo a wɔyɛ Hitler Mmofra Kuw no mufo no taa haw me. Eduu ne pɔw so maa me bere a mammfa me ho anhyɛ ahohuru bere mu afahyɛ a wɔhyew nhoma ahorow a Nasifo no abara a na Bible ka ho wɔ baguam no mu no.
Bɛyɛ saa bere no ara mu no, wɔpaee me nuabarima Johannes ani so wɔ adesuafo no nyinaa anim sɛ ɔpowee sɛ ɔbɛka “Heil Hitler!” nti. Mama bisaa hokwan a ɔkyerɛkyerɛfo no wɔ sɛ ɔyɛ eyi no, na ɔfaa ɔsom ne ɔkasa mu ahofadi mmara a saa Nasi nniso no mfiase hɔ no na Rudolph Hess ne Reich soafo Ɔbenfo Frick apene so wɔ baguam no kae.
Bere a ɔkyerɛkyerɛfo no buu n’ani guu nea ɔkae no so no, ɔteɛɛm sɛ: “Wo ne hena a wokasa saa! Führer (ɔmampanyin) no agye tumi na ɛsɛ sɛ obiara ka ne ho na obedi n’akyi!” Afei ɔkae dennen sɛ: “Mɛhwɛ ahu sɛ wo ne w’abusua no da ɛkã mu!”
Mama hwɛɛ n’anim haa na ɔkae sɛ: “Owura Sienknecht, ɛno de Yehowa a ɔyɛ ɔsoro ne asase Nyankopɔn no na obesi ho gyinae, na ɛnyɛ wo!”
Yɛn Abusua no Ɔtaa
Ɛno akyi bere tiaa bi no, Papa baa fie na bere a onkyiae mpo no ɔkae sɛ: “Yɛwɔ Daniel gyata amoa no mu!” Na wɔayi no adi afi n’adwumam a wɔammɔ no nkae. Nea na eyi kyerɛ ne sɛ yɛbɛtra ase a yenni ɔkwan biara a yɛbɛfa so ahwɛ yɛn ho. Dɛn na yɛbɛyɛ afei?
Wiɛ, nnipa a na yɛnhwɛ kwan mpo de nnuan brɛɛ yɛn na na ebinom de ahwɛyiye na ɛba yɛn fi. Akyiri yi Papa fii ase tontɔn afiri a wɔde prapra na bere koro no ara mu no ɔkyekyɛɛ Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow a saa bere no na wɔabara no.
Wɔ 1936 mu no yɛn nuanom Kristofo a wommfi Germany gyee mpaemuka bi a ɛbɔɔ Hitler kɔkɔ sɛ onyae ayayade a ɔde yɛ Yehowa Adansefo no toom. Yɛn Adansefo a yɛwɔ Germany no kyekyɛɛ mpaemuka no wɔ ɔman no mu nyinaa December 12, 1936, wɔ anwummere 5:00 ne 7:00 ntam hɔ. Saa bere no na mifii ase nyaa asɛnka mu kyɛfa.
Saa afe no December mu no, wɔsamanaa m’awofo sɛ wɔmmra Sondergericht (Asennibea Titiriw) no anim wɔ Berlin. Sobo no: wɔrekyekyɛ ahyehyɛde a wɔabara nhoma ahorow. Nna kakraa bi akyi no, nsamana foforo bae sɛ yɛn mmofra baanan no nyinaa mmra asennibea a ɛwɔ Wittenberge no mu. Dɛn ntia? Wɔkae sɛ yɛn awofo abu wɔn ani agu yɛn so wɔ honhom fam. Hwɛ sɛnea na ntease nnim!
Asennibea mpanyimfo no ho dwiriw wɔn bere a wɔtee sɛ yɛn mmofra yi a saa bere no na yɛadi mfe 16, 15, 14, ne 8 no bɔɔ yɛn gyidi ho ban denam Kyerɛwnsɛm no so no. Yɛkae sɛ “Heil Hitler” kyerɛ “Nkwagye fi Hitler,” na esiane sɛ nkwagye fi Yehowa Nyankopɔn nkutoo nkyɛn denam Kristo Yesu so nti, yɛrentumi nni saa fene no bi. Ne nyinaa akyi no, asennibea no buu atɛn sɛ wonyi yɛn mfi yɛn awofo nkyɛn na wɔmfa yɛn nkɔ nsakrae sukuu mu wɔ Strausberg a ɛbɛn Berlin.
Ansa na wɔbɛba abɛfa yɛn no, m’awofo de yɛn kɔɔ keteke gyinabea na wɔde yɛn kɔɔ Wolfenbuttel kɔmaa yɛn nanabea. Wɔyɛɛ eyi efisɛ na wɔn asennibea asɛm no repempɛn so, na na wosuro nea ebefi mu aba no. Wɔ keteke gyinabea hɔ pata no so no, Mama a na nusu wɔ n’ani ase no kae sɛ: “Yehowa yɛ Ɔhobammɔfo pa sen yɛn.” Bere a yɛn awofo bam yɛn wɔ nea wɔtee nka sɛ ɛbɛyɛ nea etwa mu no, wɔfaa Yesaia 40:11 kae sɛ: “Ɔbɛyɛn ne nguankuw sɛ oguanhwɛfo, obeturu nguammaa no ne basa so, na wasoa wɔn ne kokom.” Yɛn werɛ kyekyee kɛse.
Nea ɛyɛɛ yɛn awofo ahodwiriw kɛse no, wotwaa asɛm a wɔde tia wɔn no mu sɛ ɛho adanse nnɔɔso.
Nasifo no a Yeguanee Wɔn
Ankyɛ na Nasifo no san bedii yɛn mmofra no akyi bio. Wɔyɛɛ nhyehyɛe ntɛm ara sɛ wobehu yɛn na wɔahu yɛn “adwene.” Nea ɛbɛyɛ na yɛakwati wɔn no, yefii yɛn nanabea nkyɛn wɔ Wolfenbuttel na yɛtetew mu na obiara kɔtraa baabi. Mekɔyɛɛ adwuma sɛ krakye wɔ Duisbuger Hof a ɛyɛ ahɔhodan bi a ɛwɔ Rhineland no mu.
Da bi na wɔde ahopere rehwɛ Nsɛm mu Trɛw ho Soafo Joseph Goebbels ne n’adwumayɛfo kwan wɔ ahohɔdan no mu hɔ. Bere a wobedui no, obiara a ɔwɔ abranaa no so kyiae na wɔkaa amammerɛ kwan so “Heil Hitler” no—gye me. Mpanyimfo paa no mu biako hui, na akyiri yi wɔ ɔdan bi a ɛwɔ akyi mu no, obisaa me. Misusuwii sɛ: “Ɛno ara ne nnɛ!” Nanso mpofirim ara no wɔbɛfrɛɛ no. Ɛda adi sɛ na Ɔbenfo Goebbels rehwehwɛ no ntɛmntɛm. Mede ahoɔhare guan faa ahɔhodan kɛse no abranaa no mu biako mu, na obiara anhu me bio kosii sɛ ade kyee.
Ɛde rekɔ 1943 awiei hɔ no Nnamfo no yeree nkurow ahorow a wɔto hyɛ so no mu, na wɔ bere a edi kan mu no wɔde nneduafo a wogu nnadeban mu yɛɛ adwuma ma wɔpraprae na wosiesiee nneɛma wɔ atopae ntua akyi. Na ahɔhodan no hia asiesie wɔ mfɛnsere ne apon bi ho, enti wɔde nneduafo baa hɔ sɛ wɔmmɛyɛ adwuma. Bere a mihuu sɛnkyerɛnne kɔkɔɔ ahinasa a ɛbobɔ wɔn ntade a ɛyɛ nsensanee no mu a ɛda wɔn adi sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo no, me ho peree me! Nea enye no, bere a mebɔɔ mmɔden sɛ mene wɔn bɛkasa no, SS ahwɛfo no de atuo kyerɛɛ me so na wɔteɛɛm sɛ: “Hwɛ so kɔ!” Me koma botowee.
Wiase nsɛm tebea a na ɛyɛ hu saa bere no mu no maa yɛn mu pii tee nka sɛ ɛbɛkɔ akowie Harmagedon mu. Nanso afei wofii ase tetee sɛ Nnamfo no dɔm nam kwan so reba Germany. Yefii ase bɔɔ ose efisɛ na yenim sɛ Nasi katabaako nniso no awiei abɛn.
Ɔko Akyi Bere No
Bere a Nnamfo no nkonimdi no akyi dwoe no, anuanom de ahopere fii ase nyaa baguam asɛnka a wɔresan ahyehyɛ no mu kyɛfa. Ɛde besi saa bere yi no na yɛn abusua no asan akɔbom—na yɛatetew mu mfe du a na ɛware yiye—na na yɛte Hannover a ɛwɔ Germany kusuu fam. Wɔ 1946 a na ɛyɛ ɔko no akyi afe a edi kan no mu no, yɛhyɛɛ Nkaedi ho fã wɔ yɛn fi a na ɛsõ sɛnea anuanom bɛyɛ 50 a wɔwɔ Hannover no nyinaa bɛkɔ hɔ no mu. Afahyɛ a werɛ remfi bɛn ara na na ɛyɛ sɛɛ yi sɛ yɛne anuanom a na woyii wɔn fii nnadeban mu nkyɛe no bɔɔ fekuw na yehui sɛ wɔn a wɔasra wɔn no di bi no! Ɛkaa me koma wɔ ɔkwan a me werɛ remfi da so.
Wɔ 1946 mu nso no, yɛyɛɛ yɛn nhyiam kɛse a edi kan wɔ ɔko no akyi wɔ Germany kusuu fam. Pii sui. Na ɛsɛ sɛ akasafo no mpo gyina bere ne bere mu wɔ wɔn kasa mu de ma wɔn nkate kwan. Na ɛdɔɔso ma wɔn dodo sɛ wobetumi ahyɛ wɔn ho so bere a wohuu wɔn nuanom awɔdɔ wɔn no mu pii sɛ wɔtete hɔ asomdwoe mu na wɔde anigye retie ɔkyerɛkyerɛ a nnadeban biara ntwaa wɔn ho nhyiae no! Eyi akyi no mede me ho hyɛɛ akwampae adwuma no mu na wɔde me kɔɔ Lehrte kurow a ɛbɛn hɔ no mu.
Efi hɔ no wɔfrɛɛ me sɛ menkɔsom wɔ Germany baa dwumadibea hɔ wɔ Wiesbaden. Bere a mikoduu hɔ wɔ 1947 mu no na Bethel abusua no mufo nnu 20. Yɛyɛɛ adwuma bere tiaa mu wɔ ofi kɛse bi mu, na na ɛhɔ sua. Fi Bethel no wɔfrɛɛ me 1952 mu sɛ menkɔ Ɔwɛn Aban Asafo no sukuu a ɛne Gilead no na me ne kuw a ɛto so 19 no na ewiei. Ɛno akyi no wɔsan de me kɔɔ Wiesbaden ma mekɔtoaa adwuma so sɛ nkyerɛasefo.
Wɔ 1954 mu bere a na madi mfe 34 no, misii gyinae sɛ mɛware. Na Edith yɛ ɔkwampaefo na na ɔda so wɔ nhyehyɛe mu asɛyɛde bi sɛ odwontofo. Nanso wɔ bere bi akyi no wɔde yɛn kɔɔ Lohr a ɛyɛ mfinimfini mfe no mu kurow bi no mu sɛ akwampaefo atitiriw.
Bere tiaa bi akyi no yenyaa dwumadi nsakrae foforo. Edith nyinsɛn yɛn babarima Markus, enti na ɛsɛ sɛ yefi bere nyinaa som adwuma mu. Akyiri yi yetu kɔɔ Canada. Ɛhɔ na yɛwoo ɔbabarima foforo a wɔfrɛ no Ruben. Mprempren saa mmabarima yi adi mfe 34 ne 30. Obiako som sɛ ɔpanyin na ɔfoforo no nso som sɛ asafo mu ɔsomfo wɔ Thornhill Asafo a ɛwɔ Ontario, Toronto kusuu fam a mesom wom sɛ ɔhwɛfo guamtrani no mu.
Yehowa Hyira Wɔn a Wɔtɔ Wɔn Bo Ase
Ɛdenam Yehowa mmoa so no ne nkurɔfo tumi gyinaa Nasi nniso no mu ahude ano na wɔsan hyehyɛɛ wɔn maa teokrase dwumadi nkɔso. Nea ɛne no bɔ abira no, hyɛ nea ɛtoo Nasifo no nsow. Wɔhyɛɛ wɔn nkonimdi ho fã wɔ mfe a edii ɔko no anim no mu wɔ Zeppelinwiese wɔ Nuremberg. Nanso afei yɛn nsa kaa saa beae no ara a na yɛde bɛyɛ nhyiam bi a werɛ remfi da wɔ September 1946 mu. Awiei ankasa no bae Dwoda, September 30. Wɔtotoo dwumadibea, aguadidan, ne adidibea a ɛwɔ kurow no mu nyinaa mu saa da no.
Nanso dɛn nti na wɔanyɛ adwuma biara saa Dwoda no? Efisɛ na wɔrebebua Nasifo ɔko mu nsɛmmɔnedifo kumfɔ wɔ Nuremberg. Na anka ɛsɛ sɛ wobua fɔ no September 23, nanso wotu hyɛɛ September 30. Enti bere koro no ara a na yɛn kan ataafo no da afiase retie atemmu no mu, yiw, saa da no ara, wɔ faako a bere bi na ɛyɛ Nasifo no ankasa nsrabɔ bea no, ɛha na na yɛn a bere bi wɔtaa yɛn no de anigye rehyɛ fã yɛn Nyankopɔn anim!
Sɛ mitwa m’ani hwɛ m’akyi a, metumi de ahotoso aka sɛ ɛnsɛ sɛ nea ɛte sɛ nea “ɛtwentwɛn ase” wɔ ɔsɛe a wɔaka asie sɛ ɛbɛba saa nhyehyɛe a ɛnteɛ na nhyɛso wɔ mu yi so no haw yɛn da. “Ɔba de ɛbɛba,” sɛnea Onyankopɔn ahyɛ bɔ no ara pɛ. “Ɛrenni atoro.” Yehowa yɛ ɔnokwafo. Odi bere so tumi koraa. Enti, ɛsɛ sɛ “bere a wɔahyɛ” sɛ ɔbɛtɔre n’atamfo ase no ba a ‘enni huammɔ’ de hyɛ n’ankasa ho anuonyam na ogye wɔn a wɔsom no no nkwa. “Ɛrenka akyi”! (Habakuk 2:3) —Sɛnea Konstantin Weigand ka kyerɛe.
[Kratafa 18 mfoni]
Konstantin Weigand a ɔka n’abusua ho wɔ ha no gyinaa ɔtaa a Nasifo de baa Yehowa Adansefo so no ano
[Kratafa 21 mfoni]
Nasifo rekyia Hitler wɔ 1937 mu. Wɔ 1946 mu no Yehowa Adansefo yɛɛ nhyiam wɔ saa Nuremberg agodibea yi mu bere a na wɔredi Nasi akannifo asɛm no
[Asɛm Fibea]
U.S. National Archives