Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g89 6/8 kr. 5-9
  • Dɛn Nti Na Asetra-Mu-Ayɛ Den?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti Na Asetra-Mu-Ayɛ Den?
  • Nyan!—1989
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Amanaman Ntam Sikasɛm Nhyehyɛe a Emu Nyɛ Den No
  • Sika a Aban Sɛe no Kwa
  • Nnipa a Wɔredɔɔso
  • Mmerɛwyɛ a Ɛwɔ Nhyehyɛe no Mu
  • Ɔfã 1—Wɔ Sika Ho Dadwen Mpokyerɛ Mu
    Nyan!—1992
  • Anidaso Bɛn Na Ɛwɔ Hɔ Sikasɛm Bɛsan Ayɛ Yiye?
    Nyan!—1989
  • Nneɛma Bo Kɔ So Yɛ Denneennen
    Nyan!—1980
  • Nnɛ Bere Mu Sikasɛm Ho Nhyehyɛe No Awiei
    Nyan!—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1989
g89 6/8 kr. 5-9

Dɛn Nti Na Asetra-Mu-Ayɛ Den?

EFI Belgrade kosi Buenos Aires, efi Lagos kosi Lima, efi Manila kosi Mexico City ne efi Washington. D.C., kosi Wellington no, nniso ahorow no reko atia nneɛma bo a ɛrekɔ soro no.

Ɛtɔ mmere bi a nniso no ankasa wɔ sika fam ahokyere kɛse mu. Amanneɛbɔ bi ka sɛ “United States abɔ ka kɛse wɔ mfe anum a atwam no mu sen sɛnea ayɛ wɔ n’abakɔsɛm mu nyinaa.” Ɛnkyɛe biara no na ɛsɛ sɛ Afrika nniso bi twa akatua a ɔkae sɛ ɔbɛtom a na wofi bere tenten ahwɛ kwan no mu. Nea ehui a na ɛhaw no ne sɛ, na ne foto mu sika nnɔɔso a wobetumi de adi akatua foforo no ho dwuma. Saa ara nso na wɔ Latin Amerika man kɛse bi mu no, nneɛma bo kɔɔ soro araa ma nniso no suroe sɛ ebedu 1988 awiei no na ɛrentumi ntua aban adwumayɛfo a wɔboro ɔpepem biako no ka.

Wɔrebɔ mfirihyia anum ho nhyehyɛe ahorow a wɔbɛyɛ, akatua ahorow a wɔbɛma agyina faako, nneɛma bo a wɔbɛyɛ no yiye ne sikasɛm a asɛe no ano aduru ahorow ho dawuru. Nanso nsɛnnennen no kɔ so yɛ kɛse a wonnya ano aduru. Sɛ nsɛnnennen no ho nhwɛso no, Nyan! kyerɛ nneɛma ahorow a ɛde asetra mu den a ayɛ ba no bi.

Amanaman Ntam Sikasɛm Nhyehyɛe a Emu Nyɛ Den No

Wiase aman a wɔdan wɔn ho wɔn ho. Sɛnea amanaman ntam boseabɔfo bi kyerɛkyerɛɛ mu no “Wiase no yɛ biako. Yɛn sikasɛm no yɛ wiase nyinaa. . . . Adwene a ɛne sɛ ɔman bi nkutoo betumi anya wiase sikasɛm ano aduru no yɛ nea nyansa nni mu.” Sɛ nhwɛso no, wɔde Atɔe aman no mu sikasɛm ho dwumadi a ano brɛ ase no kɔ aman a wonni sika pii a wohu sɛ nea wotumi yɛ no ho nhia bio no so. Saa ara nso na mfɛntom ahorow a akɔ soro wɔ United States no kyerɛ sɛ mfɛntom a Latin Amerika’ ne Afrika aman tua wɔ wɔn ka ahorow ho no tua bɛyɛ den pii ama wɔn. Nea ɛtaa ba ne sɛ, ɔman a ahia no pii no nni nkɛntɛnso kɛse biara wɔ sikasɛm tebea mũ no nyinaa so nanso sikasɛm ho nsɛnnennen no ka no pii.

Nneɛma bo a ennyina faako wɔ aguadi mu no kyerɛ sɛnea wiase no sikasɛm hinhim, ne sɛnea aman no dan wɔn ho wɔn ho no nso. Aguadifo yɛɛ basaa wɔ nea wohui sɛ ebefi sikasɛm mu aba no ho araa ma wɔkyerɛe sɛ ná U.S. aguadi ho nkontaabu ma August 1987 a ɛyɛ abasamtu no ne ebia asɛm bi a foto asoɛe panyin bi kaa no pen no nkutoo dɔɔso a ebetumi ama wiase mũ no nyinaa aguadi nhyehyɛe asɛe wɔ October 1987 mu.

United States ka ho asɛnnennen a emu yɛ den no, ne tumi a aman a wɔn gyinabea ye wɔ sikasɛm ho ntumi anaasɛ pɛ a wɔmmpɛ sɛ wɔbɛyɛ biako wɔ sikasɛm ho nhyehyɛe mu no mma ɛnyɛ yiye sɛ wobenya ahotoso mprempren. Sikasɛm ho ɔbenfo Stephen Marris reka tebea yi ho asɛm no, ɔde kɔkɔbɔ mae wɔ eyi ho sɛ: “Yɛwɔ ahokyere mu. Ɔkwan tiaa biara nni hɔ ma yɛn.”

Nneɛma bo a ennyina faako. Wɔ nnansa yi mfe no mu no petrol, afagude ne asetra mu ahiade atitiriw bo nnyina faako. Petrol bo a ɛkɔɔ soro mpofirim wɔ 1970 mfe no mu no maa nneɛma bo yɛɛ den wɔ baabiara na ɛde wiase nyinaa sikasɛm sɛe bae. Wiase Aman a Ɛto so Abiɛsa a wonntu petrol no titiriw na ɛkaa wɔn kɛse.

Wɔ 1980 mfe yi mu no nneɛma a yehia daa no mu pii bo asɛe. Eyi ama aman a ahia wɔn pii a saa nneɛma yi titiriw na wɔkɔtɔn wɔ amanɔnne no sikasɛm asɛe kɛse. Aman te sɛ Mexico ne Nigeria a wɔn anidaso titiriw ne petrol a wɔkɔtɔn wɔ amanɔnne no asetra mu gyinapɛn ahorow asesa pii esiane sɛ petrol bo aba fam nti. Saa nneɛma bo a ennyina faako no betumi ama sikasɛm ho nhyehyɛe a eye kyɛn so biara ayɛ basaa.

Sika a Aban Sɛe no Kwa

Sraadi ho ka. Wobu 1987 mu sika a wɔsɛee wɔ sraadi ho ano sɛ ɛbɛyɛ dɔla ɔpepepepem biako wɔ wiase nyinaa. Eyi kyerɛ sɛ wɔsɛe bɛyɛ dɔla ɔpepem 1.8 simma biara! Ɛnyɛ aman a wɔwɔ sika no nkutoo na wɔsɛe sika pii wɔ akode ho; wiase no mu aman a wɔyɛ ahiafo sen biara no mu binom ahyehyɛ sɛ wɔde sika a wɔsɛe wɔ ahobammɔ ho no mu ɔha biara mu nkyem du bɛka ho afe biara.

Sikasɛm ho ɔbenfo John K. Galbraith rekyerɛkyerɛ tumi a sika a wɔsɛe wɔ sraadi ho nya wɔ Wiase Aman a Ɛto so Abiɛsa mu wɔ asetra ne sikasɛm so mu no, ɔkae sɛ: “Wɔn a wotua saa akode ahorow yi ho ka ne ahiafo mu ahiafo koraa. Wɔde sika a wonya fi nneɛma a ɛmfa sraadi ho mu a anka wobetumi de aboa ma wɔn asetra ayɛ yiye na etua, na wobu ani gu aduan ankasa a wonnya so.”

“Sono fitaa” nnwuma. Wɔka sɛ na Siam hene bi taa de sono fitaa kyɛ aman a ɔmpɛ wɔn asɛm. Esiane sɛ na wobu aboa no kronkron nti, na wɔmma ɔnyɛ adwuma. Enti na ne yɛn no bɛyɛ sika sɛe ama nea ogye saa akyɛde no. Wɔ nnansa yi mfe no mu no Atɔe aman ayɛ te sɛ Siam hene no a wonnim. Wɔnam wɔn mmoa ahorow so ahyehyɛ mfiridwuma akɛse a aman a wɔyɛ ma wɔn no ntumi nsiesie.

Saa “sono fitaa” a wɔn bo yɛ den na wɔn ho nni mfaso yi sɛe aman a wɔyɛ ahiafo no sikasɛm: wimhyɛn gyinabea ahorow a ne bo yɛ den a wimhyɛn ahorow ntaa nsi wɔ so, nnɛyi mfiri akɛse a wɔde tõ nnuan nanso wonnya brodo esiane sɛ wonnya esiam, semɛnte ho adwumayɛbea mfiri akɛse a ɛtaa sɛe esiane sɛ wontumi nhwɛ so yiye.

Ɛtɔ mmere bi a Wiase Aman a Ɛto so Abiɛsa nniso ahorow no de ka akɛse kyekyere wɔn ho esiane sika pii a wɔsɛe wɔ nnwuma akɛse te sɛ anyinam ahoɔden ho nhyehyɛe ahorow, nuklea ahoɔden ho mfiri anaasɛ mpo ahenkurow afoforo a wɔkyekye no nti.

Nnipa a Wɔredɔɔso

Wɔ wiase aman no pii mu no, nnipa a wɔredɔɔso ntɛmntɛm nso brɛ asetra mu gyinapɛn ase. Adan, nnwuma, sukuu ahorow ne mpo aduan a wonya no ntumi nso nnipa pii a wɔhwehwɛ bi bere nyinaa no. Sɛ nhwɛso no, esiane Mexico nnipa a wɔredɔɔso bere nyinaa no nti, ehia sɛ ɛhyehyɛ nnwuma ahorow ɔpepem biako afe biara na amma wɔn a wonnya adwuma nyɛ no annɔɔso pii. Wɔ Afrika aman binom so no, nnipa a wɔredɔɔso ntɛmntɛm no​—nkurow akɛse mu a nnipa tu kɔtra ho asɛm no ama asɛe koraa​—ama nnuan a wɔkra fi amanɔnne no dodow abu abɔ ho mpɛn abiɛsa na ɛno de asetra mu gyinapɛn ahorow a asɛe aba wɔ mfe du a etwa to no mu. Agyanom binom a wɔahaw a wonnya adwuma nyɛ ma wontumi nhwɛ wɔn mmusua akɛse so no aguan agyaw wɔn, anaasɛ wɔadi wɔn ho dɔm mpo.

Mmerɛwyɛ a Ɛwɔ Nhyehyɛe no Mu

Aguadi ho nhyehyɛe a wonnim nea ebefi mu aba. Sikasɛm a wɔka ho asɛm sie no yɛ nyansahu a ɛnyɛ nokware. Asɛnnennen no ne sɛ wɔ wɔn a wɔn sikasɛm mu tebea ye mpo mu no, ɛyɛ den sɛ abenfo betumi ahu nea ɛrekɔ so no mu pɛpɛɛpɛ, bere a wɔ Wiase Aman a Ɛto so Abiɛsa sikasɛm mu​—a nea wogyina so pɔtee de hu sikasɛm mu biara nni hɔ no​—entumi nyɛ yiye koraa. Na sɛ mpo sikasɛm ho abenfo nyinaa adwene hyia wɔ nea ɛyɛ nsɛnnennen pɔtee no ho a, akyinnye biara nni ho sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ ano nnuru a ɛsononsonoe sɛnea adwene ahorow a wɔwɔ wɔ amansɛm ne asetra ho te. Nea ɛma asɛm no mu yɛ den pii ne sɛ, amammuifo a wɔn na wosi gyinae a etwa to no tie sikasɛm ho afotu a ɛyɛ wɔn dɛ no nkutoo.

Peter Peterson a na anka ɔyɛ U.S. aguadi ho nsɛm ɔkyerɛwfo no maa nkyerɛkyerɛmu bi a ɛfa United States ho sɛ: “Asɛm no ankasa ne sɛ yɛn nsɛnnennen no mfa sikasɛm ho. Mmom no, amammui mu biakoyɛ a yenni no na esiw yɛn kwan. Yɛn adwene nhyia wɔ nea ɛyɛ yɛn sikasɛm mu nsɛnnennen no mpo ho.”

Pɛsɛmenkominya a ntease nni mu. Ɔman biara hwehwɛ n’ankasa tumidi mu yiyedi a sɛnea ɛno ka ɔman afoforo no mfa ho. Sɛ nhwɛso no, sikasɛm ho mmoa a wɔde ma no tumi yɛ akode a ɛyɛ hu a wɔde kɔkyɛ ɔman bi a entumi mma ne manfo nnya aduan mpo nni. Akyinnye biara nni ho sɛ adwene a ɔman a ɛkyɛ ade no wɔ no fa sikasɛm anaa amammui ho mmom na ɛnyɛ ayamye nti. Aguade a wɔkɔtɔn wɔ amanɔnne ho tow a wɔde ayɛ ɔhye a aman a wɔwɔ sika na wɔyɛ mfiridwuma wɔ hɔ ahyehyɛ ato hɔ na abɔ nneɛma a wɔyɛ ho ban no brɛ aman a wonni sika no mmɔden ahorow ase ma wontumi ntɔn nneɛma a ehia wɔ asetra mu daa no mpo.

Aman a wonnyaa nkɔanim no kasa tia amanaman ntam sikakorabea ahorow no sɛ nea ehia wɔn titiriw ne mfɛntom a wotua no ntɛmntɛm. Wɔtaa gyae nnwuma bi yɛ esiane sɛ enni sika fam akyigyina biara nti, a nea enti a wɔyɛ saa ne sɛ ɛmma nea ɔma ho bosea no mfaso mma ntɛmntɛm. Nea enti a ɛsɛ sɛ saa aman a wɔde ka yi tua mfɛntom akɛse mprempren no titiriw fi sika pii a aman a wɔwɔ sika sen wɔn no sɛe no kwa no. Argentina Ɔmampanyin Alfonsin kyerɛe sɛ wɔ mfe anum mu no sika a Latin Amerika de akɔ United States ne Europa no bɛyɛ sɛ nea wɔde dii dwuma wɔ Marshall Plana mu no mmɔho abien. Nanso aman a wɔwɔ hɔ no de ka pii sen bere biara.

Ɔporɔw ne adifudepɛ. Wɔabɔ Afrika ne Asia aman mpanyimfo binom sobo sɛ wɔadi wɔn aman no sika dɔla ɔpepepem pii. Wɔahu sɛ polisifo ne adwuma mu mpanyimfo mu atitiriw a wɔwɔ Latin Amerika nso ho wɔ dɔla ɔpepem pii a wɔdaadaa nkurɔfo gye no mu bi. Wɔtaa yi sika akɛse yi fi nhyehyɛe a wɔyɛ sɛ wɔde bɛboa ahiafo no mu. Ɔporɔw a ɛkɔ so wɔ biribiara mu no sɛe aman pii sikasɛm wɔ anibere mu na ɛde sika fam ahokyere pii to ahiafo a wɔn na wotua ho ka no so.

Aguadi mu adifudepɛ nso ma asetra mu yɛ den. Sɛ nhwɛso no, adetɔn mu anuɔden akwan a amanaman ntam tawa ho adwumayɛfo fa so no atumi adaadaa ahiafo ɔpepem pii ma wɔde sika kakraa a wonya no tɔ sigaret. Wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso binom so no, wɔtɔn sigaret a ano yɛ den a enye mma akwahosan, na wɔn a wɔnom no mu pii nnim asiane a ɛwom no. Wɔadua tawa wɔ nsase a eye ma nnɔbae a mfaso wɔ so no so esiane amanɔnne sika a wɔhwehwɛ a nsa ntaa nka ho nnaadaa no nti. Nanso nyarewa a wonya fi tawanom mu ne asetra mu a ayɛ den no renya nkɔanim bere nyinaa.

Nea ɛde asetra a emu yɛ den ba ho nhwehwɛmu tiaa yi da abasamtu a nniso ahorow a wɔrebɔ mmɔden sɛ wobesiesie wɔn manfo sikasɛm tebea hyia no adi. Ɔmampanyin Mitterrand a ofi Franse rekasa wɔ sikasɛm ho aguabɔ bi ase no, ɔkaa “wiase a ɛkɔ so yi kɛtɛ fi wo nan ase, ɛtwe na ɛbɔ mmɔden sɛ ɛbɛwɛre wo abɔ fam” ho asɛm. Amanyɛfo ne sikasɛm mu abenfo a wɔwɔ Wiase Aman a Ɛto so Abiɛsa mu no ti osuahu a ɛyɛ yaw mu nim nea na ɔrekyerɛ no yiye.

So ɛno kyerɛ sɛ anidaso biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ sikasɛm tebea no bɛyɛ yiye anaa? So wiase no sikasɛm rentumi mma adesamma nyinaa nya asetra pa? Asɛm a edi hɔ no bebua saa nsemmisa yi.

[Ase hɔ nsɛm]

a Na Marshall Plan no yɛ nhyehyɛe bi a U.S. gyinaa akyi a na n’atirimpɔw ne sɛ wɔde bɛboa asiesie Europa a na ɔko asɛe hɔ no sikasɛm tebea Efi 1948 kosi 1952 mu no wɔde mmoa a ano si dɔla ɔpepepem 12 na ɛmae.

[Kratafa 8 adaka]

Ɛka Ho Asɛnnennen No

Aman Ka

Wɔ aman pii so no sika a nniso no sɛe no boro nea wonya so. Bosea akɛse a eyi ma wɔbɔ no ama ɛka aboaboa ano mfe pii, ɛtɔ mmere bi a wɔfrɛ eyi sɛ ɛka a ɔman no de. Ɛka yi ne ɛho mfɛntom a ɛsɛ sɛ wotua no hyɛ nniso no ma ɛkɔ so bɔ bosea na eyi ma ɛho mfɛntom no kɔ soro na ɛma nneɛma bo yɛ den kɛse. Afei nso, sɛnea Time nsɛmma nhoma no kyerɛkyerɛ mu no, nniso horow no mpɛ sɛ wɔbɛtew sika a wɔsɛe no no so efisɛ “esiane sɛ abatowfo no, yɛ nnipa nti, wɔhwehwɛ sɛ wonya mfaso pii na wotua tow ketewa bi, na amammuifo no esiane sɛ wɔyɛ amammuifo nti, wɔpene [nea abatowfo no hwehwɛ no so].” Wɔnam saayɛ so pia akontaabu da no kɔ akyiri, nanso na asetra rekɔ so yɛ den.

Amanaman Ntam Ka

Esiane ntease ahorow pii nti, aman binom kra nneɛma pii sen nea wɔkɔtɔn wɔ amanɔnne na eyi de ɛka ba. Wɔde sika a aman afoforo pɛ na etua, ɛtaa yɛ dɔla anaasɛ sika afoforo a emu yɛ duru. Ɛsɛ sɛ woyi saa sika yi fi nea ɔman no wɔ da hɔ no mu anaasɛ wogye bosea fi aman afoforo hɔ. Sɛ ɔman no sika a ɛda hɔ no sua dodo na wonnya bosea a, ɛnde na ɛsɛ sɛ wɔto nneɛma a wɔkra no ano hye anaasɛ wɔbrɛ bo a wɔn sika som no ase. Nhyehyɛe abien yi nyinaa ma nneɛma a wɔkra fi amanɔnne a emu pii yɛ nea ebia ɛho hia ma nnwuma ahorow ne wɔn a wɔtɔ nyinaa no bo kɔ soro.

Wiase Aman a Ɛto so Abiɛsa no titiriw na aguadi mu ka ho nsɛnnennen ka wɔn efisɛ ɛtaa ba sɛ nneɛma a wɔkɔtɔn wɔ amanɔnne no yɛ nea ne bo akɔ fam koraa. Sɛ nhwɛso no, wɔ 1960 mu no na coffee tɔn biako sika tumi tɔ ɔyɛ-asase-yiye tɔn 37, bere a wɔ 1982 mu no na etumi tɔ tɔn 16 pɛ. Wobetumi aka nea ɛte sɛ eyi nso afa kokoo, tea, asaawa mfuturu, kɔbere, dade ne nneɛma afoforo a ɛyɛ ade titiriw a aman a wonnyaa nkɔanim pii no kɔtɔn wɔ amanɔnne no ho. Nea efii aguadi ho nsɛm a ɛtete sɛɛ mu bae titiriw ne sɛ, eduu 1987 mu no na aman a wɔrenya nkɔso ade ka kɛse a ano si dɔla ɔpepepem 1,000. Saa ɛka yi siw sikasɛm a ɛbɛyɛ yiye no kwan na mpo ɛmma nniso ahorow no nnyina pintinn.

Nnansa yi ara New York Times kae sɛ: “Ɔsɛmpɔw biako a ɛka Latin Amerika bom ne ɛka . . . Saa asɛnnennen yi a ɛho asodi da nniso ahorow no so no ma wɔn din sɛe na ɛne ade titiriw a etumi sakra amammui a ɛfa wɔn daakye a enni akyiri ho no.”

[Asase mfoni a ɛwɔ kratafa 7]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

Nneɛma Bo a Akɔ Soro Wɔ Wiase Nyinaa 1980-85

(Egyina El Mundo en Cifras, a The Economist tintimii no so)

■ 0 to 15%

■ 15 to 30%

■ 30 to 100%

■ ɛboro

■ 100%

■ nsa anka ɛho akontaabu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena