Pataku A Wonnim No Yiye No
Mmoa kakraa bi na wɔka wɔn ho nsɛmmɔne sen pataku. Nokwarem no, wɔnnyɛ mmoa a wɔn ho yɛ fɛ. N’aniwa a ɛsɛ ahene, ne mu a apono ne nyaa a ɔyɛ no ma nnipa pii ka sɛ ne ho yɛ hu na ɔyɛ aboa bɔne. Afei, pataku serew na ɔbɔ serehehe te sɛ ɔbɔdamfo. Wɔtaa te ne su a ɛyɛ hu pii no anadwo wɔ Afrika. Su yi nyinaa ne afoforo a ɛka ho betumi ama woabɔ hu!
Nanso wɔnnka mpataku ho asɛmpa koraa. Enti ma yɛmfa bere tiaa bi nhwɛ kyerɛwtohɔ no mu yiye. Nea edi kan koraa no, wosusuw sɛ pataku te sɛ ɔkraman anaasɛ biribi saa. Ɔnyɛ bi koraa. Ɔyɛ aboa soronko koraa, nti sɛ a ɔsɛ ɔkraman no yɛ nnaadaa.
Wɔka nso sɛ mpataku yɛ ahufo. Nanso ahufo ntumi nyɛ abɔmmɔfo pa. Abɔmmɔfo? Yiw, mpataku nyɛ wɔn a wodi mmoa funu ara kwa. Esiane sɛ wɔwɔ mmatiri a ahoɔden wom yiye na wɔn apantan mu yɛ den sen mmoa a wɔkyere mmoa wɔ Afrika nyinaa de nti, wotumi kyere wɔn ankasa nam—mmoa te sɛ ɛko mpo. Nokwarem no, wɔka mmoa akɛse a wɔkyere mmoa wɔ Afrika no ho.
Bere a ɔkyerɛwfo Chris McBride resua mmoa a wɔkyere mmoa wɔ Afrika ho ade no, ná ɔtaa hu mpataku a wɔrepam gyatabere afi beae a wɔrewe aboa a wɔn ankasa akyere no no. Gyatanini na otumi ko tia mpataku kuw. Sɛ pataku yɛ ohufo ampa a, so anka obetumi agyina ɔtamfo a ne ho yɛ hu sɛɛ anim anaa? Dabida.
Dɛn Nti na Ɔserew?
Ebia w’ani rennye pataku abɔdamfo serew no ho. Nanso ɔne ne mfɛfo a ɔne wɔn wɔ kuw biako mu redi nkitaho ara kwa. Owura G. Mills a onim wɔn ho ade pii a ɔwɔ South Africa no kyerɛkyerɛ mu sɛ, “pataku biara a wubehu no no wɔ n’ankasa sũ a mpataku afoforo nim.” Wɔ ɔkwan yi so no, kuw biako mufo a wɔahwete a wɔn ntam kwan ware no ma wɔn mu biara hu nea ɔwɔ na sɛ ɛho hia a, sɛ ebia wɔpɛ sɛ wɔbɔ wɔn asasesin ho ban anaasɛ wɔbom yɛ ha a wɔatumi aboa wɔn ho ano bio ntɛm. “Serehehe” a ano yɛ den no kyerɛ sɛ wɔanya aboa bi anaasɛ wɔahu nam funu.
Nanso ɛnyɛ mpataku nyinaa na wɔserew. Pataku kɔkɔɔ a ɔwɔ South Africa no yɛ ketewa na ne ho yɛ hare sen nea wonim no pii a ne ho wɔ nsensanee no, na ne nkutoo nantew sen sɛ wɔbɛbom sɛ kuw.
Wɔn mu biara wɔ ne ho hua a egyina sare ne wura no mu anaasɛ mmotan ho denam hua bi a ɛwɔ wɔn to a wɔde twitwiw nneɛma ho no so. Nkate a pataku de te ade hua no mu yɛ den ara ma otumi hu bɔbeasu, gyinabea ne ne kuw no muni pɔtee no mpo fi ehua no mu.
So wompɛ pataku asɛm? Nokwarem no, ne ho nyɛ anika anaasɛ ne ho nyɛ fɛ. Nanso mmoa pii nso te saa. Yɛn ani gye su afoforo a mmoa pii wɔ te sɛ ahoɔden ne anitew no ho. Ɛnde na nneɛma pii wɔ pataku ho a ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn anika.