Korinto—Po Abien No Kurow
“NA TETEFO no gye di sɛ anyame no wɔ hɔ ankasa. Ɛtɔ da bi a, mankasa nso susuw saa.” Saa na yɛn kwankyerɛfo no kae bere a ɔde yɛn rekɔ abosonnan ahorow a wohyiraa so maa Apollo, Afrodito, Hermes, Hercules, ne Poseidon no amamfõ so no. Na osu ho hua wɔ mframa mu na yɛtee nnyigyei a ɛkyerɛ sɛ ahum rebetu. Ɔde serew kae sɛ “Seus.”
Na osu amuna wɔ Bepɔw Parnaso so saa anɔpa no. Na ɛretrɛw ntɛmntɛm wɔ Korinto Po no so aba yɛn so. Nanso na yɛn kwankyerɛfo no ani agye ara na ɔkɔɔ so kaa yɛn Hela anuonyam ne sɛnea Kristosom bae ho ayɛsɛm. Ɔde nokwasɛm, anansesɛm, abakɔsɛm ne ayɛsɛm frae fɛfɛ de sii adan wɔ yɛn adwene mu na ɔde bere foforo mu ɔhonam ne mogya ho nsɛm yɛɛ emu nnipa.
Na osu no ho asɛm nhia yɛn. Osu ntaa ntɔ wɔ Peloponnisos ha. Asase yi yɛ mmeae a osu ntaa ntɔ wɔ Greece no mu biako! Athens nkutoo na owia bɔ wɔ hɔ pii sen ha. Nanso, bere biara a osu no bɛtɔ no, ɛntɔ ketewa Ɛyɛ osu akɛse a ɛhohoro nsukã mu na ɛtwe dɔte fi nkoko so ma asase a ɛda Korinto mmepɔw no ase no nya dɔte a srade wom.
Anwonwasɛm! Wɔ nneɛma a ama Korinto agye din no mu nyinaa no, yɛanhwɛ kwan sɛ mfuduan yɛ mu biako. Yiw, sɛ yɛde anigye rewe bobe aba nketenkete a wɔfrɛ no kurant no a, sɛ efi Levant, California, anaa beae foforo no, ɛma yɛkae edin Korinto a wɔsɛee no yɛɛ no “kurant” no.
Nneɛma a Ɛwɔ Hɔ
Ebia ɛhɔ asase no ne ade biako nti a Homer frɛɛ hɔ sɛ “ɔhonyafo Korinto” no. Nanso, nea ɛmaa Korinto din titiriw ne sɛ ɛyɛ hyɛn gyinabea kurow ma Ionia ne Aegean po abien no nyinaa. Horace frɛɛ no “bimarisve Corinthi,” anaasɛ “Korinto a ɛda po abien ntam.” Ɔkwan bɛn so na kurow biako betumi ayɛ hyɛn gyinabea ama po abien? Ɛnyɛ den, efisɛ na ɛda asase kɔn (Hela, isth·mosʹ) a ɛka Peloponiso ne Greece bom no anafo pɛɛ.
Korinto nyaa apuei ne atɔe ahyɛn a egyina hɔ pii no ho mfaso, na na egyigye nnosoa a wɔde fa hɔ no ne hyɛn nketewa a ɛfa beae a Helafo frɛ no diʹol·kos no ho tow. Egyigyee nnosoa a wɔde nam fam fi kusuu fam kɔ kesee fam no nso ho tow. Enti na Philip II, Alexander Ɔkɛseɛ no papa, buu Korinto sɛ beae a ɛho hia ma n’ahenni a na ɛrenya nkɔso no.
Huammɔdi Ahorow ne Nsakrae
Nanso ɛno yɛ mfehaha pii a atwam. Ɛnnɛ mmere mu no, nsuka bi na ɛka Korinto ne Saroni po no bom, na lɔre ahorow nam lɔre akwan akɛse so twam wɔ Korinto a adan akuraa no. Hyɛnmufo, afirikafo ne nkuraasefo no mmu Korinto bio sɛ na anka ɛyɛ Po Kɛse no so beae bi a ɛtwetwe nkurɔfo. Wɔn a wotutu fam hwehwɛ tete nneɛma ne akwantufo a wokura wɔn sofi ne mfoninitwa mfiri nkutoo na wɔde anigye kɔ hɔ.
Wɔ 146 A.Y.B. mu no, Roma aban nanmusifo Mummius sɛee Korinto na ɛkame ayɛ sɛ otuu ɛhɔfo nyinaa fii hɔ. Nanso, wɔ mfe ɔha a ɛdaa hɔ kwa akyi no, Julius Caesar kyekyee bio sɛ Roma atubrafo kurow a emufo ani gye Helafo akwan ne nsusuwii ho yiye.
Wɔ ɛno akyi mfe ɔha a Kristoni ɔsomafo Paulo kɔɔ Korinto no, na ayɛ kurow a emu yɛ anigye na edi yiye. Na ɛhɔfo no sisi adan, yɛ nsaano nnwuma na wodi gua awia. Na anadwo nso ɛ? Na wɔde wɔn ho hyɛ abosonnan ne asanombea mu adidi ne ɔnom mu kyinkyin mmorɔn so wɔ sum mu hwehwɛ anigyede ahorow. Nanso, ɛwom sɛ Korinto gyee din wɔ ahohwibɔ mu na na obiara nim onii a “Korinto abeawa” yɛ no de, nanso na aguaman a wɔbɔ no nyamesom din mu no nyɛ Helafo adeyɛ. Asɛm a na wɔtaa ka sɛ na mmeawa apem a wɔahyira wɔn ho so ama Afrodito wɔ Korinto no gyina afeha a edi kan A.Y.B. mu asase ho nsɛm ho ɔdenimfo Strabo nsusuwii a asɛm wɔ ho no so. Mpo, ɔka sɛ wɔtraa ase ansa na Romafo bere reba.
Nea Ɛbaa Yɛn Adwenem
Bere a yɛnam Lechaeum Kwan, tete kwan a efi atɔe hyɛn gyinabea kɔ kurow no mu no so no, yɛn kwankyerɛfo no kyerɛɛ yɛn adansin a anka ɛyɛ aban adan, abosonnan, aguadi adan, nam gua so ne amansan tiafi a ne nyinaa bom hwanyann no.* Nanso, esiane sɛnea ɛte sɛ wɔanyɛ kurow no kyekye ho nhyehyɛe pa yi mmom nti, yefii ase tee mmorɔn so dede tebea a Paulo kɔtɔɔ mu no ase—nnipa pii ne akasafo no, adetɔnfo no, nkoa ne aguadifo no.
Bere a yɛrebɛn ɔkwan no awiei no, yɛtee Asu Pirene, asase ase kã mu nsu bi a ɛma nnuantɔnfo nsu a emu dwo, wɔn a wɔyɛ nsaanodwuma de hohoro wɔn nneɛma ho, na awiei koraa no wɔde hohoro tiafi no, a ɛreworo no nnyigyei. Obiara nnim nnɛ sɛ ebia na beae yi na Kristofo awarefo Akwila ne Priskila ntamanwenbea no wɔ. (Asomafo no Nnwuma 18:1-3) Nanso sɛ wokɔ anim kakraa a, wɔn a wotutu fam hwehwɛ tete nneɛma huu Yudafo hyiadan ano pon ho dua wɔ Nhyiambea bi atrapoe so. Enti ebia na ɛha yɛ Yudafo trabea, na yɛn ani gyei sɛ yesusuwii sɛ ebia na ɛha yi na Tito Yusto fie wɔ!—Asomafo no Nnwuma 18:7.
Nhyiambea no—beae a ɛyɛ nwonwa bɛn ara ni! Ɛwɔ puruw abien bi a wɔayɛ no ahinanan a biako kɔ soro kakra sen biako. Wɔ nea ɛkɔ soro a aguadi adan wɔ n’afanu nyinaa no mfinimfini no, asɛnka agua a ɛkɔ soro bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no bema, a na anka akasafo gyina so kasa. Yɛn kwankyerɛfo no kaee yɛn sɛ bere a oduruyɛfo Luka kyerɛw Paulo bere so ho asɛm sɛ wɔde no kɔɔ Amrado Galio anim no, Hela asɛmfua a wɔde dii dwuma maa “asɛnni agua” no ne bema. (Asomafo no Nnwuma 18:12) Enti ebia nneɛma a Asomafo no Nnwuma 18:12-17 ka ho asɛm no sii wɔ ɛha! Na yegyinagyina beae a ebia Paulo gyinae a ɔrebeyi ne ho ano bere a Yudafo a wɔbɔɔ no sobo atwa ne ho ahyia. Nanso dabi! Galio antie asɛm no. Ogyaa Paulo na ɔmaa nkurɔfo a wɔn bo afuw no hwee Sostene mmom.
‘Asu kronkron’ bi ne ohoni a wobisa ade wɔ hɔ wɔ asennibea a ɛwɔ abɔnten yi akyi wɔ puruw a ɛba fam no atifi. Sɛnea na wobisa ade no ho adwene sonsonoe. Nanso, ɛda adi sɛ sɛ nea ɔkɔ abisa no tua sika a ɛdɔɔso a, akɔmfo no yɛ “nkonyaa” na nsu a efi asu no mu dan nsa. Ebia ɛno na ɛma nea obisa ade no hu sɛ wɔbɛma wahu honhom mu nneɛma. Wɔn a wotutu fam hwehwɛ tete nneɛma ka sɛ wɔde abosonnan yi dii dwuma bere tenten, wɔ tete Korinto ansa na Kristosom reba ne Paulo bere so Korinto nyinaa. Yɛhwɛɛ tokuru bi a ahintaw mu no, yehuu nea ɛma nsu dan nsa no, na ɛma yehui sɛ ɔsom mu nnaadaa nyɛ ade foforo.
Ɛwom sɛ wɔkyerɛ sɛ na Poseido ne Korinto nyame titiriw de, nanso na adan akɛse a ɛwɔ hɔ no mu nea ɛsen biara ne Apolo abosonnan no ne n’adum no. N’adum 38 no mu 7 da so ara sisi hɔ. N’atenten bɛyɛ sɛ mita 7.2 na ɛtrɛw wɔ fam bɛyɛ mita 1.7 a wɔde abo a wɔasen na wɔde aduru fitaa bi a ɛyɛ den asra ho na ɛyɛe. Ɛwom sɛ aka tete abosonnan yi—a esi beae bi a ɛkorɔn wɔ kurow no mu—dansin wɔ amamfõ so de, nanso ɛda so ara ma wonya nkate a emu yɛ den. Ebetumi ama obiara a obehu no akae nea Goethe kyerɛwee no—sɛ adansi ho nyansa yɛ “dwom a wɔagyae to.”
Osu No Tɔe!
“Mommra. Yennwiee nneɛma no hwɛ ɛ!” Tɛ. “Yɛnhwɛɛ abosonnan ahorow a mukaase ne adididan a na wɔasiesie mu fɛfɛ wom no mu ɛ.” Tetɛ. “Ɛsɛ sɛ yɛkɔhwɛ ɔkwan a Erastus de abo yɛe no.” Tradadada. “Na mo bɛpɛ sɛ mohwɛ Afrodito dan no anaasɛ Aeskulapemo no.” Yiw, na osu a ɛresosɔ tɛtetɛ no kyerɛ sɛ osuframa bi rebɛbɔ.
Mpofirim no, nnipa ne nneɛma a ɛwɔ yɛn adwenem no nyinaa yerae. Yɛde ahoɔhare sii ɔkwan a yɛfaa so bae no so, na yɛn kwankyerɛfo no da so ara ka nneɛma a na yɛnhwɛe no. Osu no a na afei ɛretɔ denneennen no maa ɔkwan no so su sakrae, na ɛhohoroo tutuw fii nea anka ɛyɛ adan afɛfɛ no marmorabo no ho. Bere a mpofirim nsu no ano yɛɛ den no, yetuu mmirika. Na yɛda so te sɛ yɛn kwankyerɛfo no frɛ sɛ: “Obiara mmra!” Na yenhu adansin a ɛwɔ Korinto Lechaeum kwan no mpo wɔ osu a ɛmma yenhu hwee no mu. Biribiara anka, sɛ ɛyɛ nea ɛwɔ hɔ anaasɛ adaeso mu nneɛma yenhu fam. Yɛde yɛn ho a afɔw dotoo no tuu mmirika kɔɔ yɛn bɔs no ho, na na yɛwɔ anidaso sɛ ofirikafo no nkɔe sɛ ɔkɔnom kafe ɛ.—Wɔkyerɛw mae.
[Ase hɔ nsɛm]
Namguaso (Hela, maʹkel·lon) : Beae a wɔtɔn nam ne mpataa ne nneɛma afoforo pii nso.—1 Korinto 10:25.
[Asase mfoni a ɛwɔ kratafa 16]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)
Korinto
GREECE
IONIA PO
AEGEA PO
[Asase mfoni a ɛwɔ kratafa 19]
Atifi: Nhyiambea no mu dan bi a wɔasan asi no foforo
Mfinimfini: “Bema” no
Ase: Apolo tete abosonnan no