Wɔn A Wɔn Mfe Akɔ Anim Hwɛ—Asɛnnennen A Ɛreyɛ Kɛse
WƆKA sɛ abeawa bi bisaa ne maame sɛ: “Dɛn nti na nanabea didi wɔ asanka a wɔde dua ayɛ mu na yɛn a aka no didi wɔ nkyɛnsee a ɛyɛ fɛ mu?” Ne maame kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mama nsa popo na yɛn nkyɛnsee fɛfɛ no betumi afi ne nsa abobɔ, enti na odidi wɔ asanka a wɔde dua ayɛ mu mmom no.” Bere a abeawa no adwen eyi ho kakra no, obisae sɛ: “Ɛnde so wode asanka a wɔde dua ayɛ no besie ama me na sɛ minyin a me de ama wo?” Ebia nneɛma a ɛrebesisi a odii kan hui yi bɛma ɛna no ho adwiriw no, ebetumi ama wabɔ piriw kakra mpo. Nanso sɛ odwen ho a, ɛbɛma wanya awerɛhyem—sɛ ne ba abeawa ketewaa no reyɛ ne hwɛ ho nhyehyɛe!
Wɔn a wɔn mfe akɔ anim pii nni anidaso pa bi a ɛte saa. Wɔayɛ nnipa a wɔn dodow renya nkɔanim ntɛmntɛm wɔ wiase no afa horow pii. August 1987 World Press Review bɔɔ amanneɛ sɛ na nnipa bɛyɛ ɔpepem 600, a saa bere no, na wɔyɛ nnipa dodow a wɔwɔ okyinsoroma no so no mu ɔha biara mu nkyem 12 yɛ wɔn a na wɔadi boro mfe 60.
Bere a edi kan mu no, wɔn a wɔn mfe akɔ anim redɔɔso pii asen mmofra a wonnii mfe aduonu wɔ United States. New York City atesɛm krataa bi mu nyansahu ho nsɛnkyerɛwfo bɔɔ amanneɛ sɛ: “Mprempren Amerikafo ɔpepem aduasa adi mfe 65 anaa nea ɛboro saa—yɛn mu baawɔtwe biara mu biako, ɛmmaa saa da, na: Wɔn a wɔn mfe akɔ anim no dodow rekɔ anim ntɛmntɛm te sɛ nnipa a aka no de mmɔho abien. . . . Wɔ 1786 mu no, sɛ wɔkyekyɛ mfe a Amerikafo di no mu pɛpɛɛpɛ a, na obiara di mfe 35. Amerikani abofra biara a wɔwoo no 1989 mu no de yɛ mfe 75.”
Wɔ Canada no, wɔhwɛ kwan sɛ ebedu afeha yi awiei no, na mpanyimfo a wɔanyin yiye a wɔadi mfe 85 ne nea ɛboro saa no dodow abɔ ho mprɛnsa.
Mfe ɔha a atwam wɔ Europa no, na wɔn a wɔn mfe akɔ anim yɛ ɛhɔ nnipa no dodowmu ɔha biara mu nkyem 1 pɛ. Ɛnnɛ wɔn dodow adu ɔha biara mu nkyem 17.
U.S. Census Bureau amanneɛbɔ bi a ɛfa “Mpanyinyɛ wɔ Aman a Wɔrenya Nkɔanim mu” kae sɛ: “Mpanyinyɛ a ɛrenya nkɔanim no anum biara mu nkyem anan rekɔ so wɔ Aman a Wɔrenya Nkɔanim no mu.”
Mfe aduanan a atwam ni no, sɛ wɔkyekyɛ mfe a na Chinafo di no mu pepɛɛpɛ a, na obiara di bɛyɛ mfe 35. Eduu 1982 mu no, na akɔ soro akodu mfe 68. Ɛnnɛ Chinafo bɛboro ɔpepem 90 yɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim, na wobu akontaa sɛ ebedu afeha no awiei no, ɛbɛyɛ ɔpepem 130, anaasɛ nnipa no dodow mu ɔha biara mu nkyem 11.
Mmɔdenbɔ Titiriw a Wode Bɛhwɛ W’ankasa De
Bere a wɔn a wɔanyin yiye no dodow reyɛ kɛse wɔ wiase nyinaa no, ɛma sɛnea wɔbɛhwɛ wɔn ho asɛm a ɛhaw adwene no mu kɔ so yɛ den. Bible mmere mu no na ɛnyɛ den saa. Na wɔbɔ abusuaten a mma, awofo ne nananom nyinaa bom tra faako. Mma ne nananom dii afra na ɛde mfaso brɛɛ wɔn ho wɔn ho, na na awofo nso tumi yɛ honam fam nneɛma ho nhyehyɛe na wɔhwɛ ma wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔwɔ fie hɔ no nso nsa ka ɔhwɛ titiriw biara a wohia no. Saa abusuaten a wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim wom no da so yɛ nhyehyɛe a ɛwɔ aman binom so nnɛ. (Sɛ nhwɛso no, yɛsrɛ wo hwɛ adaka no mu wɔ kratafa 8.) Nanso ɛnte saa wɔ aman a wɔanya wɔn ho a abusua kɔntɔnkrɔn yɛ awofo ne mma nkutoo no mu. Sɛ mmofra no nyinyin na wɔwareware na wonya wɔn ankasa mma a, ɛtaa yɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛhwɛ wɔn awofo a wɔn mfe akɔ anim na wɔayɛ mmerɛw a mpɛn pii no, wɔyare bere nyinaa no.
Wɔ mprempren nneɛma nhyehyɛe yi mu no, eyi yɛ betumi ayɛ asɛyɛde a emu yɛ duru yiye! Wɔ mprempren sikasɛm tebea yi mu no, ɛwom sɛ ɛnyɛ anigye de, nanso ɛho betumi ahia sɛ awofo baanu nyinaa yɛ adwuma. Aduan bo yɛ den, adan bo kɔ soro, ɛka ahorow nso wɔ hɔ. Nnipa baanu akatua a wɔde bom no mpo tumi sa ntɛm. Sɛ ɔbea a ɔwɔ ne hɔ no nyɛ adwuma a, ebia na ɔhwɛ mmofra no, okodi gua, osiesie fie hɔ—adwuma a wɔde bere nyinaa yɛ ankasa. Eyi nkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ ɔwofo anaa awofo a wɔn mfe akɔ anim wɔ fie. Nea ɛkyerɛ ne sɛ ebetumi ayɛ asɛyɛde a ɛyɛ den. Wɔn a wɔn mfe akɔ anim no wɔ wɔn ahotutuw ne ɛyaw, na nokwarem no, ɛtɔ mmere bi a wɔkyerɛ wɔn ho na wɔn bo nkyɛ fuw, na ɛnyɛ bere nyinaa na wɔtew wɔn anim. Nanso eyi mu biara nkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden hwɛ awofo a wɔn mfe akɔ anim wɔ fie.
Asɛyɛde no taa bɛda mmabea a wɔwɔ hɔ so. Nhwehwɛmu ahorow pii ada no adi sɛ ɛwom sɛ mmarima de sika fam mmoa ma de, nanso mmea titiriw na wɔyɛ ɔhwɛ adwuma no ankasa. Wɔnoa nnuan ma wɔn a wɔn mfe akɔ anim no—ɛtɔ da bi a, wɔde aduan no hyɛ wɔn ano—woguare wɔn siesie wɔn ho, wɔsesa wɔn ho, wɔde wɔn kɔ ayaresabea, wogye nnuru ma wɔn. Wɔn na wɔtaa yɛ wɔn awofo a wɔn mfe akɔ anim no aniwa, asõ ne adwene. Wɔn adwuma no gye mmɔdenbɔ, na nokwarem no, wɔn pɛ mu a wofi yɛ a sɛnea ɛyɛ den no mfa ho no fata nkamfo na ɛsɔ Yehowa Nyankopɔn ani.
Carl Eisdorfer, M.D., Ph.D., Miami, Florida, U.S.A. Sukuupɔn mu Mpanyimfo ho Adwumayɛbea so panyin no ka sɛ gyidi a ɛne sɛ mma a wɔanyinyin pii de wɔn awofo a wɔn mfe akɔ anim kogu mmeae a wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim na wɔakɔtra hɔ wɔn nkwa nna aka no nyɛ nokware. Ɔkae sɛ “nhwehwɛmu ada no adi sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no mu pii mmusuafo ankasa na wɔhwɛ wɔn.”
Akontaabu kyerɛ sɛ n’asɛm no yɛ nokware. Sɛ nhwɛso no, wɔ United States no, nnipa a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu ɔha biara mu 75 kae sɛ sɛ ɛba sɛ wɔn awofo nkutoo ntumi ntra a, wɔbɛpɛ sɛ wɔbɛtra wɔn nkyɛn. Ɔbenfo Eisdorfer kae sɛ “eyi si so dua sɛ mmusua pɛ sɛ wɔhwɛ wɔn ankasa nnipa.” Ms. nsɛmma nhoma mu amanneɛbɔ bi kae sɛ: “Wɔn a wɔadi boro mfe 65 no mu ɔha biara mu nkyem 5 pɛ na wɔwɔ mmeae a wɔhwɛ wɔn wɔ bere pɔtee bi mu, efisɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ne wɔn mmusua pii pɛ sɛ wɔhwɛ wɔn wɔ fie mmom sen faako a wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no.”
Asɛm a edi so yi kyerɛ mmɔden a ebinom bɔ de hwɛ wɔn awofo a wɔn mfe akɔ anim no. Amanneɛbɔ no fi Yehowa Adansefo ɔhwɛfo kwantuni a ɔsrasra asafo ahorow wɔ United States nyinaa no nkyɛn. Ɔkyerɛkyerɛ sɛnea na ɔne ne yere asi wɔn bo sɛ wɔne ɔbea no maame a wadi mfe 83 no bɛtra sen sɛ wɔde no bɛkɔ akɔto faako a wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no mu. Ɔkae sɛ “Mekae asɛm a ɛne sɛ ɛna biako betumi ahwɛ mmofra 11, nanso mmofra 11 ntumi nhwɛ ɛna biako no. Na yɛn baanu nyinaa asi yɛn bo sɛ yɛbɛhwɛ ɛna a wayɛ ɔpanyin biako. Ɛwom sɛ na onyin no ama wafi ase reyare n’adwene de, nanso na ɔne yɛn na ekyinkyin.
“Mfiase no sɛ yɛkɔ afie afie kɔka Ahenni nkrasɛm no a yɛne no na ɛkɔ. Akyiri yi na yɛde no tra mmubuafo agua mu. Na ɛte sɛ nea fiewuranom ani gye sɛnea yɛhwɛ no no ho. Ɛtɔ mmere bi a ɔka nsɛm a ɛnyɛ ne kwan so, nanso yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛteɛ nea ɔkae no na anhyɛ no aniwu. Nanso na otumi yi aseresɛm. Sɛ mebɔ no kɔkɔ sɛ, ‘Watch your step, Mother’ (nea ɛkyerɛ ankasa ne sɛ hwɛ fam mama) a, obua sɛ, ‘minni stepmother (me papa nni yere) biara.’ Yɛhwɛɛ no kosii sɛ owui a na wadi mfe 90.”
Bere a Faako a Wɔhwɛ Wɔn a Wɔn Mfe Akɔ Anim Ho Hia
Bɛyɛ sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim ɔpepem abien na wɔte faako a wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim wɔ United States. Nanso, emu pii nyɛ “wɔn a wɔn mfe akɔ anim fie a wɔde wɔn kogu hɔ kɛkɛ a wonsusuw wɔn ho,” sɛnea nkurɔfo afrɛ faako a wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no. Mmom no, ɛtaa yɛ ɔkwan koro pɛ a wɔnam so hwɛ wɔn a wontumi nhwɛ wɔn ho no. Ɛtaa ba sɛ, wɔn a wɔn mfe akɔ anim no mma ntumi nhwɛ wɔn awofo a wɔn mfe akɔ anim a wɔn mu pii anya adwene mu yare anaa nyarewa afoforo ama wɔaka kɛtɛ so ma enti wohia ɔhwɛ titiriw bere nyinaa no. Tebea horow a ɛte saa mu no, na faako a wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ne beae koro pɛ a wobetumi ahwɛ saafo yi a wɔwɔ ahiade atitiriw no.
Ɔwɛn Aban Asafo no ɔsɛmpatrɛwfo bi a ɔwɔ Sierra Leone wɔ Afrika, no ka sɛnea ne maame tee ɛyaw nka bere a na ɛsɛ sɛ ɔde ne maame kɔto faako a wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no: “Me maame a ɔwɔ Florida de ne maame Helen kɔtoo faako a wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim nnansa yi. Na ɛyɛ den sɛ obesi saa gyinae no. Na wahwɛ Helen mfe anan, nanso na afei de Helen hia sɛ wɔde bere nyinaa hwɛ no. Mama nnamfo, abusuafo, ne nnwumayɛfo pii ne nnuruyɛfo nyinaa kyerɛe sɛ wɔmfa Helen nkɔto faako a wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim, nanso na ɛyɛ den yiye sɛ ɔbɛyɛ saa. Na me maame te nka sɛ esiane sɛ ne maame ahwɛ no wɔ ne mmofraase nti, na nea ɛteɛ a ɛsɛ sɛ ɔyɛ ara ne sɛ ɔbɛhwɛ ne maame wɔ ne mmerewabɔ mu—‘akatua,’ a na ɔsomafo Paulo aka ho asɛm no. Nanso, wɔhwɛɛ Helen yiye wɔ faako a wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no mmom sen sɛnea anka wobetumi ayɛ wɔ me maame fie.”—1 Timoteo 5:4.
Ɔdansefo foforo a ɔyɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo wiase nyinaa dwumadibea ti no ka ne papa a onyaa honam mu akisikuru no ho asɛm. “Me papa yɛɛ Ɔdansefo a ɔyɛ nnam bɛboro mfe 30. Mfe akron a etwa to wɔ n’asetra mu no na onyaa honam mu akisikuru. Me ne me yere dii yɛn akwamma wɔ ne nkyɛn na na yegye akwamma a ɛware de kɔ ne nkyɛn kɔboa no. Mmusuafo afoforo boae wɔ akwan pii so. Nanso ne yere ne ne babea ɔwarefo a wɔne no bɔ fipam na wɔhwɛɛ no titiriw. Na Adansefo asafo a ɔwɔ mu no mufo nso sra no hwɛ. Ɔde n’asetra mu mfe abien a etwa to no dii ayaresabea akɔneaba na odii asram anum a etwa to no wɔ faako a wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim a na ne nsa bɛka ɔhwɛ titiriw a ohia no.
“Abusua no a n’ankasa nso ka ho na esii gyinae sɛ wonyi no mfi fie nkɔ hɔ. Osii gyinae sɛ na ne hwɛ no reyɛ den, na entumi nyɛ yiye mpo mma abusuafo no wɔ fie hɔ. Ɔkae sɛ ‘ebekunkum mo nyinaa! Ɛsɛ sɛ mekɔ faako a wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no. Eye ma mo; eye ma me.’
“Enti ɔkɔe. Wɔ mfe akron fã kɛse mu no, abusua no na ɛhwɛɛ no, akyiri yi ansa na ɔkɔɔ faako a wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim na ne nsa aka ɔhwɛ titiriw a ɛkɔ akyiri a ohia no.”
Sɛ ɛba sɛ nea abusua bi betumi ayɛ ara ne sɛ wɔde obi bɛkɔ faako a wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim a, ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ beae a ɛhɔ tew na adwumayɛfo no wɔ ayamye na wonim nnipa hwɛ. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, monyɛ nhyehyɛe na obi nkɔsra no da biara da—obusuani, asafo no muni, anyɛ yiye koraa no wɔne no nkasa wɔ telefon so—na nea ne mfe akɔ anim no ante nka sɛ wɔapow no, werɛ afi no, wayɛ ankonam na wansusuw sɛ obiara nnwen ne ho. Sɛ nkurɔfo kɔsra mmusuafo a wɔwɔ faako a wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no na sɛ obiara nkɔ wo dɔfo no nkyɛn a—eyi bɛyɛ abasamtu yiye. Enti mommɔ mmɔden sɛ mubehu onipa no daa. Monsra no nhwɛ. Muntie no. Mo ne no mmɔ mpae. Nea edi akyiri yi ho hia yiye. Sɛ ɔtɔ mum mpo a, mo ne no mmɔ mpae ara. Munnim sɛnea otumi te asɛm!
Sɛ moresi awofo ho gyinae a, mommɔ mmɔden na mo ne wɔn nsi mmom sen sɛ mubesi ama wɔn. Momma wɔnte nka sɛ wɔda so ara wɔ wɔn asetra so tumi. Momfa mmoa a ehia mma wɔ ɔdɔ ne boasetɔ ne ntease nyinaa mu. Eyi ne bere a ɛsɛ sɛ yetua nea yɛde yɛn awofo ne nananom no ho ka, sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛwee no.
“Onipa Asɛde Nyinaa”
Wɔ nnɛyi wiase a adagyew nnim yi mu no, ɛyɛ mmerɛw sɛ wobebu ani agu wɔn a wɔn mfe akɔ anim so wɔ asetram. Titiriw no, mmofra a afei na wɔahyɛn wɔn asetram ammirikatu ne ahopere bere mu no te nka sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no siw wɔn kwan na wɔn so nnimfaso bio. Ebia ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa susuw ho sɛ: Dɛn koraa na ɛma asetra yɛ nea mfaso wɔ so? Ɛyɛ mmerɛw sɛ mmofra bebu wɔn a wɔn mfe akɔ anim asetra abomfiaa na wɔasusuw sɛ wɔn ankasa de no so wɔ mfaso yiye.
Nanso, ɛnyɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔayɛ mmerɛw no nkutoo na wɔyɛ nneɛma a ɛte sɛ nea ɛso nni mfaso no. Wɔ ɔsɛnkafo nhoma no mu no, Ɔhene Salomo kaa nnipa nneyɛe ho asɛm mpɛn pii sɛ ɛyɛ ahuhude. Ɔkaa mmofra ne wɔn bere tiaa mu ahoɔden ho asɛm na ɔkyerɛe sɛ onyin bɛma wɔn nipadua asɛe te sɛ nea ayɛ afoforo ɔpepem pii dedaw no. Wɔn nyinaa dan dɔte na ɛma asɛm yi fa wɔn ho sɛ: “Ahuhude mu ahuhude,” Salomo na ose. “Ne nyinaa yɛ ahuhude.”—Ɔsɛnkafo 12:8.
Nanso ɔkamfoo anyansafo nsɛm na ɔbɔɔ sɛnea ohu asetra ho nsɛm no mua sɛ: “Asɛm no awiei, ne nea yɛate nyinaa ne sɛ: Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na eyi ne nnipa nyinaa asɛde.” (Ɔsɛnkafo 12:13) Ɛno ne nea wɔde hu asetra a mfaso wɔ so, ɛnyɛ sɛnea woyɛ abofra anaasɛ ɔpanyin anaa din a woagye wɔ honam fam ade dodowpɛ wiase dedaw a ɛretwam yi mu no.
Yesu maa yɛn nnyinasosɛm a wɔfrɛ no Mmara Pa na akyerɛ yɛn kwan wɔ yɛne afoforo abusuabɔ mu: “Bere biara, yɛ afoforo sɛnea wohwehwɛ sɛ wɔyɛ wo.” (Mateo 7:12, The New English Bible) Sɛ yebedi saa ahyɛde no so a, ɛsɛ sɛ yetumi nya tema ma ɔfoforo no, de hwɛ sɛ sɛ yɛne wɔn a, yɛbɛpɛ sɛ wɔyɛ yɛn. Sɛ yɛyɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim a yɛayɛ mmerɛw a yehia mmoa a, ɔkwan bɛn so na yɛbɛpɛ sɛ yɛn mma mu biako ne yɛn di? So yebetua mfe 20 ɔhwɛ ne mmoa a yɛn awofo de maa yɛn bere a yɛyɛ mmofra a yentumi nyɛ yɛn ho hwee no ho ka denam hwɛ a yɛbɛhwɛ wɔn bere a wɔanyin a wɔayɛ mmerɛw yi so?
Bere a yɛhwɛ yɛn awofo a wɔn mfe akɔ anim wɔ wɔn hia mu no, ebia yɛbɛhwehwɛ bere a na yɛyɛ mmofra no mu na yɛakae nea wɔyɛ maa yɛn bere a na yɛyɛ nkokoaa, mmofra, na wɔhwɛɛ yɛn bere a yɛyare wɔ mmofraase, wɔmaa yɛn aduan na wofuraa yɛn ntama, na wɔde yɛn fii adi ma yɛn ani gyei sɛ mmofra no. Ɛnde, wɔ ɔdɔ mu a mubefi ahwehwɛ wɔn yiyedi mu no, munsusuw nea ebetumi adi wɔn ahiade ho dwuma sen biara no ho.
Ebia ɛno bɛkyerɛ sɛ mobɛyɛ nhyehyɛe a ɛho hia nyinaa a ebetumi ama moahwɛ wɔn wɔ fie. Nanso, ebia na nhyehyɛe a eye sen biara a ɛsɛ sɛ mo nyinaa a awofo a wɔn mfe akɔ anim no nso ka ho yɛ ne sɛ wɔbɛkɔ faako a wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim. Ɛsɛ sɛ obiara kyerɛ obu ma nhyehyɛe biara a wɔbɛyɛ no. Wɔaka akyerɛ yɛn sɛ: “Na wo de, adɛn nti na wubu wo nua atɛn, anaasɛ wo nso, adɛn na wubu wo nua animtiaa?” Afei bio: “Na ɛhena ne wo a wubu obi atɛn?”—Romafo 14:10; Yakobo 4:12.
Nea ɛbɛyɛ yiye ama awofo a wɔn mfe akɔ anim no, sɛ ɛsɛ sɛ wɔne wɔn mma tra fie anaasɛ wɔde wɔn kɔ faako a wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no, sɛ wonnyaa adwenem yare nkutoo a, wɔn asetra betumi ayɛ nea anigye wom. Wobetumi asua Yehowa atirimpɔw a ɛne sɛ adesamma asoɔmmerɛfo nyinaa bɛtra ase daa wɔ akwahosan pa mu wɔ paradise asase so no ho ade. Wobetumi anya adwuma foforo a ɛyɛ anigye na atirimpɔw wom a ɛne wɔn Bɔfo Yehowa Nyankopɔn a wɔbɛsom no no. Afei eyi bɛyɛ wɔn asetra bere a ɛyɛ anigye na atirimpɔw wom sen biara. Wɔ ebinom a wɔn mfe akɔ anim fam no, bere a asetra afono afoforo no, wɔn de wɔabehu Yehowa bɔhyɛ ahorow a ɛfa daa nkwa wɔ trenee wiase foforo a ɛbɛtra hɔ daa ho no na wɔanya anigye wɔ afoforo a wɔka saa anidaso no ho asɛm kyerɛ wɔn no mu.
Yɛmfa nhwɛso yi nwie asɛm no. Ɔbea bi a ofi California a na wadi mfe 100 tee nhyira horow a wɔahyɛ ho bɔ yi ho asɛm fii obi a ɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no nkyɛn, na wɔbɔɔ no asu sɛ Yehowa Adansefo mu biako bere a na wadi mfe 102. N’asetra ama awiei sɛ ‘ahuhude mu ahuhude’ awiei a mfaso nni so na mmom denam ‘asetra mu asɛyɛde nyinaa’ a ɛne nokware Nyankopɔn no suro ne n’ahyɛde so di’ ho dwuma a odii no mu.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]
Wɔaka sɛ mfe bi a atwam no na ɛna biako tumi hwɛ mmofra 11; nanso mprempren mmofra 11 ntumi nhwɛ ɛna biako
[Kratafa 8 adaka]
Nidi A Wɔkyerɛ Denam Wɔn A Wɔn Mfe Akɔ Anim A Wɔhwɛ Wɔn So—Nsɛm A Efi Wiase Nyinaa
“Wɔ Afrika no, aban nni nhyehyɛe pa biara ma wɔn a wɔn mfe akɔ anim—faako a wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim nni hɔ, Nnuruyɛ anaa Sika a wotua ma wɔn a wɔn mfe akɔ anim nni hɔ, wontua wɔn a onyin ama wɔagyae adwuma no sika biara. Wɔn a wɔn mfe akɔ anim mma na wɔhwɛ wɔn.
“Ade titiriw nti a abawo ho hia wɔn a wɔwɔ aman a afei na wɔrenya nkɔanim mu no ne sɛ wɔn mma no bɛhwɛ wɔn daakye. Ahiafo mpo wowo pii, a adwene a ɛwɔ akyi ne sɛ sɛ wɔwo bebree a, ɔkwan biara so wɔn mu bi bɛyɛ yiye na wɔahwɛ wɔn.
“Ɛwom sɛ gyinapɛn ahorow resakra wɔ Afrika de, nanso wɔ mmeae pii no, mmusua fa wɔn asɛyɛde a ɛne sɛ wɔbɛhwɛ wɔn awofo a wɔn mfe akɔ anim no aniberesɛm. Sɛ wonni mma a, abusua no mufo afoforo hwɛ wɔn. Ɛtaa ba sɛ wɔn a wodi ɔhwɛ ho dwuma yi nni sika, nanso wɔne afoforo kyɛ nea wɔwɔ.
“Ɔkwan foforo a mma fa so hwɛ wɔn awofo ne sɛ wɔde wɔn ankasa mma bɛma wɔn. Mmanana na wɔtaa yɛ fie hɔ nneɛma.
“Wɔ aman a wɔanya nkɔanim mu no, nnipa nyin kyɛ esiane nnuruyɛ mu nkɔanim nti. Eyi nte saa wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔanim no mu. Ahiafo wuwu esiane sɛ wontumi ntua aduruyɛ mu mmoa kakraa mpo a ɛwɔ hɔ no ho ka nti. Sierra Leonfo bɛ bi se: ‘Ohiani biara nyare.’ Kyerɛ sɛ, esiane sɛ ohiani nni sika a ɔde bɛsa ne ho yare nti, sɛ onni akwahosan pa a, ɛsɛ sɛ owu.—Robert Landis, ɔsɛmpatrɛwfo wɔ Afrika.
“Wɔ Mexico no, nkurɔfo wɔ obu kɛse ma wɔn awofo a wɔn mfe akɔ anim no. Sɛ awofo no mma barima wareware a ɛka wɔn nko wɔ fie, nanso sɛ awofo no mfe kɔ anim na wohia mmoa a, mmofra no de wɔn kɔ wɔn fie na wɔhwɛ wɔn. Wɔte nka sɛ eyi yɛ asɛyɛde.
“Wɔtaa hu sɛ nananom ne wɔn mma ne mmanana tra fie biako mu. Mmanana dɔ wɔn nenanom na wɔde obu ma wɔn. Biakoyɛ a emu yɛ den wɔ abusua no mu. “Wɔ Mexico no, wonni faako a wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim pii efisɛ mmofra hwɛ wɔn awofo a wɔn mfe akɔ anim no. Sɛ mmabarima no dɔɔso a, ɛtɔ mmere bi a nea ɔbɛka akyiri aware no tra fie na wahwɛ awofo no.”—Isha Aleman, a ofi Mexico.
“Wɔ Korea no, wɔkyerɛkyerɛ yɛn wɔ fie ne sukuu mu sɛ ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ obu ma wɔn a wɔn mfe akɔ anim. Ɔbabarima panyin na ɛsɛ sɛ ɔhwɛ n’awofo a wɔn mfe akɔ anim no. Sɛ wantumi anhwɛ wɔn a, ɔbabarima anaa ɔbabea foforo bɛyɛ saa. Awarefo pii ne wɔn awofo na ɛte faako na wɔhwɛ wɔn. Awofo hwɛ kwan sɛ wɔne wɔn mma bɛtra, na wɔpɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn nenanom na wɔahwɛ wɔn. Wobu no aniwusɛm sɛ awarefo baanu bi de wɔn awofo bɛkɔ faako a wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim.
“Na me papa yɛ ɔbabarima panyin na yɛne yɛn nananom traa ofie biako mu. Bere biara a yebefi adi no, yɛkra wɔn na yɛkyerɛ bere a yɛbɛsan aba. Sɛ yɛsan bedu fie a, nea edi kan a yɛyɛ ne sɛ yɛbɛkɔ wɔn dan mu abɔ yɛn mu ase akyia wɔn na yɛama wɔahu sɛ yɛaba, efisɛ abusua mũ no yiyedi ho hia wɔn.
“Sɛ yɛde biribi rema wɔn a, yɛde yɛn nsa abien. Sɛ wode wo nsa biako bɛfa ade ama obi a wubu no, te sɛ awofo, nananom, akyerɛkyerɛfo anaasɛ adwuma mu mpanyimfo no nkyerɛ obu. Sɛ yenya aduan titiriw bi a yɛma yɛn nananom bi kan.
“Ɛnyɛ abusua no mufo a wɔn mfe akɔ anim no nkutoo na wodi wɔn ni, na mmom wɔn a wɔn mfe akɔ anim nyinaa nso. Efi mfitiase sukuu kosi ntoaso sukuu no, yɛwɔ bere a yɛde sua sɛnea yɛbɛkyerɛ nidi. Wɔ saa adesua bere yi no, yɛnam anansesɛm anaa kasa ahorow so sua sɛnea ɛsɛ sɛ yedi wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ni.
“Sɛ ɔpanyin bi ba dan no mu a, ɛsɛ sɛ mmofra no sɔre gyina hɔ. Sɛ abofra te agua so wɔ bɔs mu na obi a ne mfe akɔ anim gyina hɔ a, ɛsɛ sɛ abofra no sɔre de n’agua no ma no. Sɛ obi a ne mfe akɔ anim so ade bi a ɛte sɛ nea emu yɛ duru a, ɛsɛ sɛ wugyina na wubisa sɛ ebia ɔbɛpɛ sɛ woboa no anaa. Sɛ ɔpene so a, ɛsɛ sɛ wode adesoa no kogya no.
“Sɛnea Bible ahyɛ ho nkɔm no, abrabɔ pa gyinapɛn no bɛkɔ so asɛe bere nyinaa wɔ nneɛma nhyehyɛe yi nna a edi akyiri yi mu. Aba saa wɔ Korea nso. Nanso, nidi yi a wɔkyerɛ ma wɔn a wɔn mfe akɔ anim no da so araa wɔ Koreafo pii komam.” (2 Timothy 3:1-5)—Kay Kim, a ofi Korea.
[Kratafa 7 mfoni]
Mpanyimfo a wɔsra wɔn hwɛ yɛ bere a wɔde di dwuma yiye