Kolosiɔm No—Tete Roma “Agodibea”
Efi Italy Nyan! kyerɛwfo hɔ
Luca, a ɔyɛɛ ɔkwankyerɛfo maa ne nnamfo Marco ne Paolo no kae sɛ: “Kolosiɔm no, nneɛma a wɔde kae tete Roma a agye din sen biara no mu biako; ne kan tumi ne anuonyam ho sɛnkyerɛnne, ne nsɛmmɔnedi akɛse ho adansefo.”
Ebia wo nso wobɛpɛ sɛ wuhu Kolosiɔm no ho biribi—bere a wosii ne agoru ahorow a wodii wɔ hɔ. So tete Kristofo mu binom kɔɔ hɔ? So wowuwui wɔ hɔ, a nkekammoa tetew wɔn mu sɛnea ebinom gye di no? Wiɛ, tie nea Luca bɛka akyerɛ ne nnamfo no.
Luca: “Mfitiase no na wɔfrɛ Kolosiɔm no sɛ Flavianom Agodibea efisɛ ahempɔn a wofi Flavia abusua mu no na wosii: Vespasia, Tito, ne Domitia. Vespasia fii adansi no ase wɔ 72 kosi 75 Y.B. mfe no mu, ne ba Tito toaa adwuma no so na obuee ɔdan no ano wɔ 80 Y.B. mu, na ne nua Domitia wiee si akyiri yi.
Paolo: “Nanso dɛn nti na wɔfrɛɛ no Kolosiɔm?”
Luca: “Asemmisa fɛfɛ bɛn ara ni, nanso enni mmuae pɔtee. Ɛte sɛ nea afeha a ɛto so awotwe Y.B. mu ansa na wɔbɛfrɛɛ agumadibea no sɛ Kolosiɔm. Ebinom susuw sɛ esiane sɛ ɛsõ nti na wɔtoo din saa. Afoforo se esiane Nero colossus, ohoni kɛse a ne tenten bɛyɛ sɛ mita 35 a wɔde ayɛ Nero sɛ owia nyame no a ɛbɛn hɔ no nti.
“Sɛ wɔka no tiawa sɛ na ɛyɛ Roma agodibea ahorow no mu nea ɛso sen biara na wɔankyerɛkyerɛ mu yiye a, ntease remma ho. Sɛ nhwɛso no, wosii no kurukuruwaa a ne fã bi sorokɔ yɛ mita 188, ne ne fã foforo a ɛnkɔ soro pii a ɛbɛyɛ sɛ mita 156. Ɔfasu a ɛwɔ akyi no tenten bɛyɛ mita 527 na ne sorokɔ yɛ mita 57. Wɔde travertine, marmorabo tɔn ɔpedudu pii a na wɔpae wɔ Tivoli, kurow bi a na ɛbɛn hɔ mu ne dade tɔn 300 a wɔde ka marmarabo brikisi no bomna ɛyɛɛ adwuma no. Adansifo no de nea nnɛ wɔbɛfrɛ no ɔdansi ho nneɛma a wɔayɛ agu hɔ dedaw nso dii dwuma. Wotwaa brikisi ne abo adum no wɔ baabi, na wɔtwe kɔɔ beae a na wɔresi dan no. Eyi ma wohu nea entia Kolosiɔm no si yɛɛ ntɛm saa. Susuw ho hwɛ, mfe anum kosi awotwe pɛ na wɔde sii ɔdan kɛse yi.”
Marco: “Luca, na meresusuw sɛ wɔde nkoa pii na esii Kolosiɔm no!”
Luca: “Ɛbɛyɛ sɛ wɔde ɔko mu nnommum nkutoo na ɛyɛɛ ho adwumaden no. Sɛnea adansi no yɛɛ ntɛm ne nneɛma a wɔde dii dwuma no kyerɛ sɛ wɔde adwumayɛfo ne adwumfo abenfo dii dwuma.”
Paolo: “Kolosiɔm no toa so ahe?”
Luca: “Sɛ wugyina akyi a wutumi hu sɛ ɛtoa so abiɛsa a n’ahankare ahyehyɛ fɛfɛ. Mfitiase no na ohoni wɔ hankare biara so na na ɔsan biara wɔ hankare 80. Wutumi hu sɛ ɔsan a ɛto so anan si nea ɛto so abiɛsa no so a mfɛnsere akɛse a wɔayeyɛ no ahinanan wowɔ afasu no ho.”
Marco: “Bɛhwɛadefo baahe na na etumi kɔ mu?”
Luca: “Nhwehwɛmu pii da no adi sɛ bɛyɛ sɛ nnipa 45,000 tratra ase na 5,000 agyinagyina hɔ. Kyerɛwtohɔ ahorow bi kyerɛ sɛ na bɛhwɛadefo bɛboro 70,000 tumi kɔ mu. Ɔkwan biara so no na nnipa pii tumi kɔ mu. Atiefo no tra ntama anaa velarium a ɛhata beae a wɔtra wɔ agodibea hɔ so no ase.
“Wosii agodibea no wɔ fapem a ne pipiripi bɛyɛ mita 13 so, na ɛno na ama no ahoɔden mfe haha no mu no. Nea wuhu mprempren no agyina ogya ne asase wosow ahorow ano wɔ n’abakɔsɛm mu. Nanso na Kolosiɔm no atamfo titiriw ne wɔn a wɔde Ɔsesɛw Foforo no bae ne Baroque mmere mu adansifo a wɔde dii dwuma sɛ beae a ɛnyɛ den sɛ wobenya travertine ne marmorabo aboɔmmerɛw. Wɔde ɛho nneɛma no bi na esisii anaa wɔde siesiee adan atitiriw a ɛwɔ Roma no bi. Nanso afei mma yɛnkɔ mu.”
Paolo: “Amamfo a ɛyɛ nwonwa bɛn ara ni! Luca, dɛn na anka ɛwɔ fam hɔ wɔ mfinimfini hɔ no?”
Luca: “Na ɛhɔ yɛ asase ase hintabea bi a wɔde agodi ho nneɛma sie hɔ. Ɛhɔ na na wɔde nneɛma a wɔde siesie bɛma no so ne adan a mmoa a wɔyɛ keka wom, akode ahorow ne nnade a na wɔde mema mmoa a wɔyɛ keka no ne akofo no so kɔ beae a ɛne agoprama no yɛ pɛ no sie. Nnua na wɔde yɛɛ agoprama no fam a ɛwɔ beae a wɔde nneɛma sie no. Eyi nti na ɛho biribiara nni hɔ no. Na wɔde nnade ahama atwa agoprama no fasu no ho ahyia. Mpeaw ne asonse hyehyɛ nnade ahama a adum kurakura mu no so na nkekammoa no antumi amforo. Ɛte sɛ nea ahobammɔ nti, na wɔde bɛmmatofo bebree atwa agoprama no ho ahyia.”
Paolo: “So na bɛhwɛadefo no tua biribi ansa na wɔakɔ mu?”
Luca: “Dabi, wonnye Kolosiɔm no mu kɔ no ho sika. Na eyi ka ahempɔn no a wɔmaannipa no nyaa nea wɔde gye wɔn ani a wontua ho hwee na wɔatumi adi wɔn so no nhyehyɛe ho. Nokwarem no, na adehwɛ ahorow yi te sɛ adubɔne a ɛsɛe nnipa no ahonim. Romani anwensɛm kyerɛwfo Juvenal de ɔkasasin ‘panem el circenses,’ ‘abodoo ne agoru,’ dii dwuma de kaa Romafo a nea wɔyɛ titiriw ne sɛ wodidi na wogye wɔn ani no suban ho asɛm.
“Sɛnea na wɔtra ase wɔ agodibea hɔ no kyerɛ sɛ na wɔakyekyɛ Romafo no mu akuwakuw. Ɔman baguafo no tra anim. Wɔn a wodi wɔn ho ni no tra eyinom akyi, nkae no, mmea ne nkoa no tra sorosoro.”
Marco: “Ɛha na akofo no koe no?”
Luca: “Yiw. Adehwɛbea abien titiriw na na ɛwɔ hɔ, munera, anaasɛ akofo abien a wodi ako, ne venaziones, nkekammoa a wokum wɔn. Afei nso na wokum nsɛmmɔnedifo wɔ ha, wɔde wɔn ma akofo anaasɛ nkekammoa. Nkurɔfo no de wɔn wu huhu no ‘gye wɔn ani.’”
Paolo: “Sɛ mɛkae no yiye a, na akofo no yɛ nkoa, meboa?”
Luca: “Yiw, nkoa a wɔpaw wɔn fi ɔko mu nnommum mu titiriw a wɔyɛ adwuma biara na wɔakwati owu. Ebinom yɛ nsɛmmɔnedifo a wɔpɛ sɛ wɔfa akodi no so kwati owu asotwe. Na ebinom nso tu wɔn ho ma sɛ akofo. Na sukuu ahorow wɔ hɔ a ɛma wɔn ntetee ansa na wɔafi wɔn adwuma no ase. Na wɔma wɔde akode ahorow di dwuma, te sɛ afoa anaasɛ peaw ne kyɛm, anaasɛ ɔtan ne peaw a ano yɛ abiɛsa. Ɛwom sɛ na wɔfrɛ adeyɛ ahorow no sɛ ludi gladiatorii, akofo agoru de, nanso na ɛyɛ adehwɛ a ɛyɛ hu, a wɔn a wɔde wɔn ho hyem no mu biako taa wu wom.”
Marco: “Nokwarem no, mekae sɛ sɛ akofo no du agoprama no so a, wokyia ɔhempɔn no sɛ ‘Ave, Caesar, morituri te salutant,’ a ɛkyerɛ sɛ, ‘Mo, Kaesare, wɔn a wɔrebewu no kyia wo.’”
Paolo: “Na sini mu mfonini ahorow a emu no ɔhempɔn no de ne kokurobeti kyerɛ fam de kyerɛ sɛ wonkum ɔkofo bi a wadi nkogu no nso ɛ—so ɛno sii ankasa?”
Luca: “Yiw, esii. Na mmere bi a atwam no, nkonimdifo no na ɔkyerɛ nea ɔbɛyɛ nkogudifo no. Akyiri yi, wɔde hokwan no maa ɔhempɔn no ankasa a ogyina nea nnipadɔm no bɛka so kyerɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ no. Sɛ bɛhwɛadefo no te nka sɛ nkogudifo no koe akokoduru so a, wɔma wɔn kokurobeti so kyerɛ soro na wɔteɛm sɛ, ‘Mitte!’ (Gyaa no!) , de kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wokum no, na sɛ ɔhempɔn no nso de ne kokurobeti kyerɛ soro a, wɔma nkogudifo no kɔ. Nanso, sɛ bɛhwɛadefo no hu sɛ na nkogudifo no yɛ ohufo a, wɔde wɔn kokurobeti kyerɛ fam na wɔteɛm sɛ ‘Iugula!’ (Kum no!) Sɛ ɔhempɔn no yɛ saa ara a na ɛkyerɛ sɛ wapene ɔkofo a wadi nkogu no wu so. Nea ɔyɛ ara ne sɛ ɔde ne mene ma nkonimdifo no sɛ ontwa. Saa bere yi nyinaa na nnipadɔm no bɔ wɔn nsam na wɔteɛteɛm. Afei wɔkyɛ nkonimdifo no nneɛma ne sika pa.”
Marco: “Atirimɔdenne bɛn ara ni!”
Luca: “Oo, yiw! Nnipa mogya senee ankasa, yɛnka nkekammoa a wokunkum wɔn no de ho asɛm. Adehwɛ a ɛfa mmoa ho no taa yɛ mmoa a wɔakyerɛ wɔn nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ a wotie wɔn a wɔkyerɛɛ wɔn no nne, te sɛ nea yehu wɔ wɔn a wɔde mmoa di agoru fam nnɛ no. Nanso mpɛn pii no, na nkekammoa no ne wɔn ho wɔn ho ko anaasɛ wɔtaa wɔn kunkum wɔn. Na ɛyɛ okum ankasa. Na wo de susuw ho hwɛ, bere a wobuee Kolosiɔm no ano no, wokum mmoa 5,000 da koro!”
Paolo: “Minhu nea enti a na nnipa ani gye saa nneɛma no ho.”
Luca: “Wiɛ, hwɛ nnɛ bere mu akuturukubɔ akansi horow no. Sɛ wɔbɔ nea wadi nkogu no to fam a n’anim apae a mogya ba no a, bɛhwɛadefo no ani gye ho na wohuro. Anaasɛ wɔn a wɔn ani gye sini ahorow a ɛbɔ mmɔden sɛ ɛde mogya, owu ne mogyahwiegu pii begye nkurɔfo ani no nso ɛ? Ebia nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ no nso te saa ara.
“Enti na agodibea ahorow no mu yɛ mmeae a wɔyɛ basabasa na wɔbɔ ɔbra bɔne. Enti na tete Kristofo no hwɛɛ yiye sɛ wɔrenkɔ hɔ. Nokwarem no, afeha a ɛto so abiɛsa mu ɔkyerɛwfo Tertullian, kaa nea ɛkɔɔ so wɔ agodibea no mu no ho asɛm wɔ ne nhoma De speclaculis, no mu sɛ na ɛyɛ ‘nkwaseade,’ na osii so dua sɛ na Kristofo ‘nkɔ’ agodibea hɔ koraa.”
Marco: “So ɛyɛ nokware sɛ Kristofo binom wuwuu mogya dansefo wu wɔ Kolosiɔm no mu?”
Luca: “Akyinnye biara nni ho sɛ nkekammoa tetew Kristofo binom wɔ Roma agodibea ahorow no mu ma wowuwui. Abakɔsɛm nhoma ahorow si eyi so dua. Wɔ 1 Korintofo 15: 32 no, ebia na ɔsomafo Paulo reka sɛ wɔde no maa nkekammoa a wɔn ho yɛ hu wɔ Efeso agodibea no mu.
“Akyinnye biara nni ho sɛ, wɔ Roma no Kristofo wuu mogya dansefo wu nanso yentumi nka sɛ wowuu mogya dansefo wu no wɔ Kolosiɔm no mu. Enciclopedia Universale, Po 4, no ka sɛ: ‘Abakɔsɛm nkyerɛ sɛ na wokum Kristofo wɔ Kolosiɔm hɔ.’ Nanso Katolek nhoma ahorow kyerɛ sɛ ɛte saa. Ɛda adi sɛ wɔn adwene no gyina mpanyinsɛm a akyiri yi wɔkae a Katolek asɔfo gye too mu no so.
“Nanso, nea ɛyɛ nkuranhyɛ ma Kristofo nnɛ ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ tete Kristo akyidifo no dii nokware kosii wu mu wɔ afã biara a na wonnyina wɔ basabasayɛ wiase mu no mu. Ɛnyɛ nea ɛho hia titiriw ne beae a wowuu mogya dansefo wu no na mmom hu a yehu sɛ wokuraa wɔn mudi mu kosii ase no.
“So mo ani agye Roma dan kɛse yi mu nsrahwɛ no ho?”
Paolo ne Marco bua sɛ: “Akyinnye nni ho, na yɛda wo ase wɔ wo nkyerɛkyerɛmu fɛfɛ no ho.”
Abo a ɛnam abakɔsɛm so kasa kyerɛ yɛn no betumi ada nneɛma a ɛyɛ anigye pii adi. Kolosiɔm no ma ɛda adi sɛ na tete Romafo no wɔ adansi ho adwene pii. Wɔyeyɛɛ atwene, akwan, asase ase nsukã, agodibea, agoprama, abosonnan ne ahemfi ahorow. Nanso, na nneɛma a wɔyɛ wɔ Kolosiɔm no mu no yɛ hu a tete ne nnɛyi Kristofo nyinaa annya mu kyɛfa sɛ bɛhwɛadefo anaasɛ wɔn a wofi wɔn pɛ mu de wɔn ho hyɛ ne yɛ mu.
[Kratafa 11 mfoni]
Kolosiɔm no mu nnɛ
[Kratafa 12 mfoni]
Kolosiɔm no wɔ bere a asɛe mu