Mankind’s Search for God Ho Anisɔ
“KASA Kronn” Ɔmantam Nhyiam ahorow a Yehowa Adansefo yɛe wɔ 1990 mfinimfini kosi 1991 mfiase no mu nneɛma atitiriw mu biako ne Mankind’s Search for God nhoma no a woyii no adi no. Ɛde wiase nyamesom atitiriw no fibea, abakɔsɛm ne gyidi horow no mu nkyerɛkyerɛmu a emu da hɔ yiye ma, na ɛkyerɛ sɛnea wobetumi ahu nokware Nyankopɔn no. Dɛn na wiase nyinaa akenkanfo no aka wɔ ho?
E. G., obi a ɔnyɛ Ɔdansefo a ofi Germany no kae sɛ, “Eyi yɛ nkamfo a mifi me koma nyinaa mu de ma wɔ Mankind’s Search for God no ho. Nyamesom biara ho nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri a ɛte saa no yɛ nwonwa ankasa na ne kenkan yɛ anigye. Afei nso, nhoma no nyɛ nea ntease nnim—ɛnte saa koraa. Nyansahyɛ a metumi de ama ara ne sɛ nnipa nnyina nhoma yi so nhwehwɛ wɔn nyamesom mu.”
Ɔkenkanfo bi a ofi Flushing, New York, U.SA., kyerɛwee sɛ: “Meyɛ Ɔkramoni, na Al-Islaam ne me nyamesom. M’ani sɔ mo nhoma foforo Mankind’s Search for God no. M’ani sɔ nea moaka wɔ me nyamesom ho no titiriw.”
Wɔ Netherlands no, A. v. D. a wadi mfe 17 no de nhoma no biako maa ne yɔnko sukuuni na ɔde dii dwuma wɔ sukuu dwumadi mu. Ɔkyerɛkyerɛfo no pɛe sɛ ohu beae a nsɛm no fi. Bere a ohuu nhoma no, ɔkae sɛ ɔpɛ abiɛsa. A. v. D. toa so sɛ: “Ade kyee no mede nhoma abiɛsa no kɔmaa ɔkyerɛkyerɛfo no, na ɔde kyerɛɛ akyerɛkyerɛfo binom nso ntɛm ara. Ɛno akyi bere tiaa no, ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Eye. Sukuu no mu mpanyimfo ama me hokwan sɛ menkra nhoma yi 35.’”
Awarefo bi kyerɛw fii British Columbia, Canada, sɛ: “Mankind’s Search for God betumi anya nnipa a wofi amammerɛ horow mu no so nkɛntɛnso pii asen sɛnea Ɔwɛn Aban nhoma biara ayɛ pɛn.”
M. H. kyerɛw fii Le Havre, France, sɛ: “Meka no pen sɛ nhoma yi sen nea mehwɛɛ kwan no koraa; emu da hɔ, ɛyɛ nokware na ɛyɛ fɛ. Magnifique!”
H. W. W. a ofi Texas, U.S.A., no kyerɛwee sɛ: “Nhoma yi mu yɛ anigye na emu yɛ dɛ araa ma na mintumi mfa nto hɔ. Mihui sɛ na me kenkan kosi anadwo. Wɔkyerɛw no yiye. Nhoma no ka nnipa afoforo gyidi ho asɛm wɔ ntease ne obu kwan so, na ɛhyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnkɔ so nhwehwɛ nokware Nyankopɔn Yehowa no. Na ɛka nsɛm no kyerɛ wo tẽẽ te sɛ obi te wo nkyɛn rebɔ wo nkɔmmɔ.”
Awarefo bi a wofi Panama, G. ne S., kae sɛ: “Nnipa a wɔka Spania kasa gye nhoma no ntɛm ara. Abosonnan ne ahoni mfonini ahorow no yɛ wɔn fɛ.”
D. M. a ɔyɛ hyɛnmuni wɔ U.S. po so asraafo adwuma mu no kyerɛwee sɛ: “Mihyiaa ɔbea bi da koro na obisaa me sɛ, ‘So wopɛ honhom mu nhoma?’ na mibuae sɛ, ‘Yiw,’ a minnim nhoma ko a na ɛyɛ ankasa. Nea ɛyɛ me nwonwa ne sɛ na ɛyɛ nhoma a mafi bere bi ahwehwɛ no.”
Ɔkyerɛkyerɛfo bi a wakyerɛ wiase nyamesom wɔ American sukuupɔn bi mu no kyerɛwee sɛ: “Ɔsom ahorow no nkyerɛkyerɛ atitiriw ho nsɛm no mu nkyerɛkyerɛmu no yɛ nea wɔabɔ no mua, emu da hɔ na ɛyɛ nokware ma ɛyɛ nwonwa. Akyerɛwfo a wonim wɔn yiye nsɛm a wɔfa kae no ma ɛda adi sɛ ɔkyerɛwfo no nim nhomanimfo afoforo nsɛm ne nea ɛkyerɛ. Nokwaredi ankasa wom na ɛmfa biribiara nsie.”
Abeawa kumaa bi, N. Y., kyerɛw fii Nagoya Kuropɔn a ɛwɔ Japan no sɛ: “M’adi mfe 12 na misua abakɔsɛm wɔ sukuu. Nhoma yi ka Japan nyamesom ho asɛm kɔ akyiri. Afei, m’ani gye ti 4 no mu nkonyaayi ne ahonhonsɛmdi ho asɛm no ne ti 15 no mu ‘Nokware Nyankopɔn no Nkyɛn a Wɔsan Kɔ” no akenkan ho.
Nsa aka anisɔ nkrataa afoforo a efi Argentina, Colombia, England, Puerto Rico, ne Spain ne aman afoforo so. Sɛ wopɛ sɛ wo nsa ka Mankind’s Search for God nhoma a mprempren ɛwɔ kasa horow 26 mu no bi a, hwɛ kratafã 32.