Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 1/8 kr. 11-14
  • Na Meyɛ Owifo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Na Meyɛ Owifo
  • Nyan!—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔanwo Me Nsɛmmɔnedifo
  • Nea Enti a Mepaw Nsɛmmɔnedi Asetra
  • Mahu Nokware no!
  • Afiase Adansedi
  • Yi a Woyii Me ne Me Bo a Misii
  • Nea Ne Suban Te Sɛ Gyata Dan sɛ Oguammaa
    Nyan!—1999
  • Bible Tumi Sesa Nnipa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Me Mmofraase Haw Nyinaa Akyi No, Manya Ahotɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Minyaa M’ahofadi Wɔ Afiase!
    Nyan!—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1992
g92 1/8 kr. 11-14

Na Meyɛ Owifo

KON! Ɔtemmufo no abɔsobaa gyigyei wɔ asennibea hɔ. Ɛwom sɛ ɔkaa ne nsɛm a edi hɔ no bɔkɔɔ de, nanso ɛte sɛ nea ɔboom guu me so. “Enti mede wo reto afiase mfe 15.” Me werɛ remfi saa nsɛm no da anaa nea edi akyi a esisii no. Polisini panyin no dii m’anim ntɛm ara de me fii asennibea hɔ de me kɔtoo sɛɛl a na matra hɔ asram abiɛsa no.

Adekyee no, woyii me fii me sɛɛl hɔ de me faa abrannaa so kɔhyɛɛ ɔdan ketewaa bi mu na wɔde aboa nhoma bɛɛt a ne trɛw bɛyɛ nsateakwaa biako a wosii no pɔw wɔ m’akyi sãã me. Wɔde dade nkaa akɛse abien bi a ɛwɔ anim too me mpokyerɛ. Bere a polisifo baanu no wiee eyi no, wɔde me faa abrannaa foforo so de me kɔkaa mmarima bi a wɔato wɔn mpokyerɛ saa ara ho. Na mmarima no ato santen abien a wɔato abati. Wɔde me kogyinaa m’afã wɔ santen no mu na wɔmaa nkɔnsɔnkɔnsɔn bi a ɛsa santen abien no ntam so de hyɛɛ kaa a ɛto so abiɛsa a ɛwɔ aboa nhoma bɛɛt no nkyɛn mu.

Ɛno akyi no polisifo baasia a wɔwɔ hɔ no de yɛn kɔfaa lift bi a ɛde yɛn bɛkɔ bɔs titiriw bi mu. Na nea midi ne so no yɛ owudifo, na na yɛtete nnubɔnetɔnfo, mmonnaatofo ne akronfo anim. Na yɛn nyinaa rekɔ beae koro—afiase!

Ebia wubebisa sɛ, dɛn na ɛde nsɛm tebea yi bae? Ma menka me ne nea ɛma mekɔɔ afiase no ho asɛm nkyerɛ wo.

Wɔanwo Me Nsɛmmɔnedifo

M’awofo waree wɔ Wiase Nyinaa Ko II akyi pɛɛ, na wɔ 1947 mu no wɔwoo me nuabarima panyin. Ɛno akyi mfe abien no na wɔwoo me na akyi asram 18 no wɔwoo onuabarima foforo. Enti m’awofo de mmofra baasa tuu kwan tenten fi atɔe wɔ Richmond, Virginia, U.S.A., kɔɔ Oregon wɔ Pasifik Mpoano. Afei yɛkɔɔ Washington State wɔ kusuu fam na yɛkɔtraa Bellevue kurom. Saa bere no, na ɛte sɛ nea hwee nhaw me wɔ asetram. Ɛwom sɛ na yɛnhyɛ da nyɛ abusua a wɔbom yɛ ade kɛse de, nanso na yɛtaa fi adi bom na yɛkɔ ɛhɔnom Lutheran asɔre. Na obu ma Onyankopɔn, Yesu ne Bible no yɛ ade a wohu wɔ abusua a wofi Virginia ho. Wɔ January 1960 mu no, wɔwoo me nuabea kumaa. Hwɛ sɛnea me maame ani gyei sɛ awiei koraa no ɔwoo abeawa ketewaa a wahwehwɛ bere nyinaa no!

Nanso, ɛno akyi asram asia no biribi sii a ɛsakraa yɛn asetra kwan. Yetui bio, saa bere yi de yɛkɔɔ kwae mu kurow Maple Valley no mu. Yegyaee asɔrekɔ, na abusua no mfi adi bio na me papa fii ase nom nsa pii. Saa otu no da so ara yɛ me awerɛhow. Yɛhawee bere tenten wɔ ɛno akyi. Migye di sɛ ɛka ho bi na mesɛee bere a na minnii mfe aduonu no.

Nea Enti a Mepaw Nsɛmmɔnedi Asetra

Sɛnea ebia wubetumi ahu afi Maple Valley din a wote ara kwa mu no, na ɛnyɛ beae a ɛhɔ asetra yɛ anigye ma obi a onnii mfe aduonu a ɔyɛ gyigyaa wɔ 1960 mfe no mu. Enti na meyɛ m’ankasa ade a ɛma m’ani gye. Na eyi yɛ mmerɛw ma me esiane nnipa bɔne a na me ne wɔn bɔ wɔ sukuu no nti. Yɛpɔn sukuu a yehyiam nom nsa bow na nea edi ɛno akyi ne akuturukubɔ ne nnubɔnenom. Mpɛn pii wɔ eyi mu no, metɔ ntintan kɔ fie ahemadakye nnɔnabiɛsa anaa nnɔnnan—a mabow. Anaasɛ metra me nnamfo nkyɛn nna pii a memma fie. Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, na minim sɛ meredi mfomso nanso na ɛte sɛ nea m’awofo anhu da.

Ɛtɔ mmere bi a, yewia ade de hwɛ sɛ wɔbɛkyere yɛn anaa ara kwa. Bere bi, miwiaa kar na mede kogyee m’ani. Nanso wɔkyeree me de me kɔɔ ɛhɔ mmofrabɔne sukuu wɔ Green Hill afe biako.

Bere a woyii me fii Green Hill no, na m’adu ntoaso sukuu. Ɛha no na misusuw sɛ metumi de nneɛma a na “masua” afi ‘mmofrabɔne sukuu’ mu no adi dwuma. Manhu sɛ na Bible mu asɛm a ɛka sɛ, “Fekubɔ bɔne sɛe suban a mfaso wɔ so” no renya nkɛntɛnso.—1 Korintofo 15:33, New World Translation.

Bere a madi bɛyɛ mfe 16 no mihyiaa obi a ɔyɛ soronko, abrantewa bi a ne din de Jim Carley. Na afei na ɔne n’abusua atu afi Idaho aba me kurom hɔ. Na nnipa kakraa bi na wonim sɛ wɔfrɛ no Jim; na ne din titiriw a wonim ne Spud, Idaho ntɔmmɔ a na agye din no a wɔde bɔ no mmran. Na ɔyɛ Yehowa Ɔdansefo.

Na me ne Jim nyinaa kɔ sukuu biako. Sɛ me hwɛ no a, na mitumi hu sɛ ɔnte sɛ me nnamfo a aka no. Ɔne obiara di agoru nanso na ɔmfa ne ho nhyɛ wɔn nneɛma bɔne no yɛ mu. M’ani gyee eyi ho. Mekae yiye sɛ ɔkaa nea enti a ɛnkyɛ saa wiase bɔne yi bɛba awiei na wɔde asomdwoe wiase foforo asi ananmu wɔ Onyankopɔn soro Ahenni ase no kyerɛɛ me.

Na mepɛ pii atie, enti mekɔɔ “n’asɔre” a wɔfrɛ no Ahenni Asa so no kakraa. Eyi yɛ 1967 mu. Nea metee wɔ hɔ no yɛ anigye, nanso metee nka sɛ saa wiase foforo yi yɛ daakye akyirikyiri bi ade. Afei nso, na meregye m’ani saa bere no. Na adwuma a meyɛ ne sɛ metɔn awifode biara a obi hwehweɛ—adwinnade ahorow, kar ho nneɛma, radio, TV. Nokwarem no, minyaa saa “nneɛma” yi fii kronbɔ ne nnaadaa mu. Dɛn nti na na ɛsɛ sɛ mekɔ asɔre a ɛkasa tia “m’adwuma” a ɛyɛ anigye no?

Midii mfe 19 no, migyaee sukuu na mewaree obi a na ɔyɛ m’adamfowaa a na medɔ no fi ntoaso sukuu mu no. Ɛno akyi afe biako no, na manya ɔbabea, Rhonda Jean. Asɛyɛde foforo yi ma metee nka sɛ ɛsɛ sɛ mehwɛ wɔn, nanso denam ɔkwan a ɛnteɛ so.

Mahu Nokware no!

Na me da so ara yɛ “adwuma” no a ɛne nnubɔnenom ne ne tɔn, kar wia ne afie mu kronbɔ, nanso awiei koraa no, “adwuma” no nyaa me. Wɔkyeree me na ankyɛ na mihui sɛ wɔato me mpokyerɛ a wɔde me rekɔ afiase sɛnea madi kan aka ho asɛm no. Saa bere yi na madi mfe 20 a mewɔ yere ne ɔba a wadi asram asia. Na afei mede m’asetram mfe 15 a edi hɔ no kɔtra afiase! Mihui sɛ na ɛsɛ sɛ meyɛ biribi na manya m’asetra so tumi. Mifii ase susuw nea Spud aka akyerɛ me wɔ Bible ho no ho bio.

Bere a mewɔ afiase no, mifii ase kenkan Bible no ne wiase nhoma a ɛka sɛnea obi bɛboa ne ho ho nsɛm. Misusuwii sɛ ‘nhoma yi a mɛkenkan no bɛboa me ma manyin yiye.’ Ammoa me. Biribiara ammoa me kosii sɛ me yɔnko deduani bi a ɔwɔ Corrections Center a ɛwɔ Shelton, Washington, too nsa frɛɛ me sɛ mepɛ sɛ metie Yehowa Adansefo a woti asafo bi a ɛwɔ hɔnom nkɔmmɔbɔ no bi anaa. Wɔka kyerɛɛ me sɛ wɔba afiase hɔ dapɛn biara. Mepenee so. Efi bere a edi kan a mihyiaa Adansefo baanu no, mihui sɛ na nea yɛresua afi Bible ne adesua nhoma Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu no yɛ nokware. Na mahu nokware no!

Afiase Adansedi

Ɛtɔ mmere bi a mfɛfo nneduafo 15 bɛka me ho wɔ me ne Adansefo no dapɛn biara Bible adesua no mu. Saa bere yi no me yere kae sɛ me ti asɛe wɔ afiase, na ofii ase yɛɛ nhyehyɛe sɛ obegyaa me. Eyi sɔɔ me gyidi a na manya foforo no hwɛe yiye

Misii gyinae sɛ medi honhom mu aduan pii de ahyɛ me gyidi den. Mifii ase kenkan Bible mũ no nyinaa ne Bible nhoma ahorow, a nea ɛka ho ne Ɔwɛn Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma dedaw. Na merenya gyidi a ɛyɛ den. Afei nso, mifii ase kaa asɛm kyerɛɛ obiara a obetie. Ankyɛ na me mfɛfo nneduafo no mu pii kwatii me. Sɛ mekae a, mihu sɛ na ɛyɛ ahobammɔ ankasa ma me.

Nanso, me ne nnipa afoforo bɔɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye pii wɔ afiase hɔ. Na wɔn mu biako yɛ Katolek sɔfo bi a ɔkae sɛ wɔrekyerɛ me atosɛm na nnipa tumi ma Bible no ka nea wɔpɛ biara. Ɔkae sɛ ɔbɛkyerɛ me sɛ Bible no ka sɛ Onyankopɔn nni hɔ na ɔde asi nea ɔka no so. Mekae sɛ ɔnyɛ na menhwɛ. Obuee ne Bible no wɔ Dwom nhoma no mu na osoo mu wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma ne kokurobeti akata nkyekyem no fa bi so. Mekae sɛ: “Mesrɛ wo yi wo nsa na minhu nkyekyem no nyinaa.” Obuae sɛ: “Kan fi me nsateaa ase.” Meyɛɛ saa, na me ho dwiriw me sɛ na ɛka sɛ: “Onyankopɔn bi nni hɔ.” Ɔkae sɛ: “Ɛno na ɛda hɔ no, Onyankopɔn nni hɔ!” Mekae bio sɛ menhwɛ nkyekyem no nyinaa. Afei oyii ne nsa. Na na ɛka sɛ: “Ogyennyentwi se ne komam sɛ: Onyankopɔn bi nni hɔ.”—Dwom 14:1, King James Version.

Yi a Woyii Me ne Me Bo a Misii

Esiane me suban ne abrabɔ a na asakra no nti, bere a na mada afiase mfe abien pɛ no, woyii me. Na ɛno yɛ 1971 awiei. Ebia ebinom besusuw sɛ meyɛɛ me ho sɛ mepɛ ‘nyamesom’ na mede adaadaa boayikuw a wogyaa me no. Nanso na mafi afiase na na masi me bo sɛ memmɔ fekubɔne bio. Mifii me pɛ mu paw beae a minnim sɛ me kan ayɔnkofo no nte hɔ. Na minim sɛ ɛrenyɛ papa sɛ me ne me kan nnamfo no bedi nkitaho. Wɔn nso wɔkwatii me efisɛ na wɔate sɛ mabɛyɛ “ɔsɔfo” bi a meka asɛm kyerɛ obiara.

Metoaa me Bible adesua no so na mifii ase kɔɔ adesua daa wɔ Covington Asafo mu wɔ Kent, Washington. Asɛnka adwuma no kɔɔ so yɛɛ ade titiriw wɔ m’asetram, na wɔ June 1972 no, wɔbɔɔ me asu. Na mebɔ mmɔden sɛ mɛkari pɛ wɔ honam fam adwuma mu, na bere koro no ara mu no masom Onyankopɔn na mede Bible no akyerɛkyerɛ me babea no. Na aka kakraa na wadi mfe abiɛsa na na ɔne ne maame a ɔyɛ me yere a wagyaa me no na ɛte. Na ɛyɛ asɛnnennen ankasa a edii mfe 16 a na ɛyɛ abasamtu mmere. Migye tom sɛ, mmere bi wɔ hɔ a na mete nka sɛ nneɛma nkɔ ntɛm mma me. Ɛyɛ a na makae Kyerɛwsɛm mu afotu yi: “Sɛ ebetumi a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu. . . . Me na aweredi wɔ me, me ara metua ka [Yehowa] na ɔka saa.”—Romafo 12:18, 19.

Anadwo pii wɔ hɔ a na misu na mebɔ mpae. Saa bere no mu no na me wiase ayɛ me te sɛ nea wim te wɔ Puget Sound mpɔtam hɔ no, wisiwisi ne kusuu ne awia a ɛbɔ bere ne bere mu. Na “m’awia” no yɛ teokrase dwumadi ahorow, te sɛ adesua ne nhyiam ahorow ase a obi tumi nya nnamfo afoforo na ɔhyɛ nea ɔwɔ dedaw no mu den no. Wɔ nhyiam a ɛte saa no mu biako ase no, mihyiaa obi a na ɔrebenya m’asetra so nkɛntɛnso daa, na bere a me ne Mary Hughes bɔe bɛyɛ mfe abien akyi no, yɛwaree wɔ August 1974 mu.

Afe a edi hɔ wɔ July mu no, yɛwoo ɔbabarima na yɛtoo ne din Trey (efi Tom III mu). Na minim sɛ wɔ saa aware yi mu no, Onyankopɔn bedi kan bere nyinaa, titiriw no esiane sɛ na afei na wɔayɛ me asafo mu ɔsomfo wɔ Kristofo asafo no mu nti. Hokwan foforo yi nti, mihui sɛ ɔpon foforo abue ama me wɔ Yehowa som mu. Na masi me bo sɛ mede bedi dwuma akosi ase na makɔ so asom no. Mebɔɔ mmɔden bere nyinaa de me ho too Onyankopɔn so na wakyerɛ me sɛnea menyin wɔ honhom mu. Bere biara a wɔbɛma me dwumadi bi no, migye tom, a mewɔ ne mu awerɛhyem sɛ ɔbɛma me ɛho nyansa a ehia. Afei, wɔ 1987 mu no, wɔpaw me ɔpanyin.

Masua wɔ mfe no mu sɛ, nneɛma a wobɛyɛ no Yehowa akwan so no na ɛyɛ nyansa kwan a ɛkyɛn so. Mpere wo ho. Mihuu eyi nso bio bere a wɔ 1990 fefɛw bere mu no, me babea Rhonda a saa bere no na wadi mfe 20 no, baa fie ne yɛn bɛtrae na ɔbɔɔ asu sɛ Ɔdansefo no. Mekaee sɛnea nokware no wɔ tumi no bio. Esiane sɛ na mmara mma hokwan sɛ ɔba me nkyɛn nti, mfe awotwe a na atwam no na me ne no nni nkitaho. Yehowa hyiraa me mfe bi a atwam mu mmɔdenbɔ a mede duaa Bible mu nokware aba wɔ me babea no komam bere tiawa a asennibea ahorow de no maa me sɛ memfa nsra no nhwɛ no no so.

Na ɛte sɛ nea Rhonda kae biribiara a me ne Mary akyerɛ no wɔ Bible no ho no. Na hwɛ sɛnea na yɛn abusua asetra no anya ne so nkɛntɛnso! Efi saa fefɛw bere mu da yi no, Rhonda anya nkɔso ntɛmntɛm wɔ Bible ho nimdeɛ mu.

Sɛ mekae sɛnea na m’asetra te na mehwɛ nea ɛte nnɛ a, nea meka ne sɛ nokwarem no Onyankopɔn a wɔde nsiyɛ som no no ne ahobammɔ a ɛkyɛn so wɔ Satan sɔhwɛ ahorow ho. Mprempren sɛ anka mɛda saa aboa nhoma bɛɛt no a mikyi koraa no mu no, mewɔ ahofadi kɛse, manya ahofadi afi afiase abɛyɛ Onyankopɔn somfo a ɔbɔ asomdwoe ho dawuru.—Sɛnea Tom McDaniel ka kyerɛe.

[Kratafa 12 mfonini]

Bere a na meyɛ odeduani 626028 wɔ Washington saafo nteteebea

[Kratafa 13 mfonini]

McDaniel abusua no—Mary, Tom, ɔbabea Rhonda, ne ɔbabarima Trey

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena