Akasanoma—Adamfo Anaasɛ Ɔtamfo?
AFIPAMFO afoforofo bɛtraa hɔ nkyɛe ɛ. Bere a wɔatu wɔn a na anka wɔte fie hɔ na wɔapam ɔsɛmpɛfo a ɔhwɛ wɔn biara akyi no, wɔrebɛyɛ da biara da adwuma a ɛne abusua a wɔbɛyɛn wɔn ama wɔn aduan no.
Wɔde wɔn din akasanoma no frɛ nnomaa ahorow pii, nanso ɛkyerɛ ankyem abusua no titiriw. Nkasanoma taa yɛ nnomaa nketewa a wɔde wɔn ho sie a wɔn ntakra yɛ nso nso, nnodowee, ne tuntum. Emu pii yɛ nnwontofo amapa.
Nanso, ebia worempɛ sɛ wone nkasanoma bɛbɔ fipam. Efisɛ bere a nnomaa nketewa yi akokoduru ne baabiara a wotumi tra no ma nkurɔfo ani gye wɔn ho no, wɔn ho nyɛ anigye wɔ mmeae binom.
Nea Enti a Wobu no Ɔdebɔneyeni
Wɔde fie akasanoma (Passer domesticus), anaasɛ Engiresi akasanoma no fi Europa kɔɔ Kusuu Fam America wɔ 1851 mu a na wɔwɔ anidaso sɛ ɔbɛkyere nnua mu asã a wɔsɛe ade no. Nanso, ankyɛ na nkasanoma hui sɛ kurom tra yɛ mmerɛw sen wuram tra. Enti sɛ anka wobedi mmoawa nketenkete mmom no, wofii ase dii aduan mpomporowa na ankyɛ na wɔn ho kokwawee wɔ nneɛma a wɔtow wura gu mu mu adidi mu. Nhoma North American Birds no ka sɛ: ‘Sɛnea akasanoma tumi tra baabiara ne n’anuɔden no te sɛ mmoa a wɔn ho wɔ nhwi te sɛ akisi ne nkura de ara pɛ.”
Nkasanoma yɛ wɔn afie hwanyann basabasa no wɔ tokuru biara mu. Wɔde ntakra, asaawa, ne ntamagow na ɛyɛ wɔn mmerebuw. Wɔtaa pam nnomaa afoforo a wɔkɔtoo wɔn wɔ hɔ no, wɔfa wɔn mmerebuw no tra mu animtiaabu kwan so, na wɔsɛe nnomaa a wɔapam wɔn no nkesua. Bio nso, nkasanoma sɛe nnuaba ahorow pii, na wodi aba a ɛrebere ne nnuadewa a enyinii.
Wɔ Brazil a wɔhyɛɛ da de akasanoma kɔɔ hɔ nso no, ɛnyɛ nnɔbae nkutoo na ɔsɛee, na mmom ɔpam tico-tico anomaa a wɔpɛ n’asɛm no nso. Tico-tico a ne kɛse ne ne ho te sɛ akasanoma no yɛ anomaa ketewaa bi a ɔpɛ nnomaa afoforo adamfofa, ne so wɔ mfaso, na ɔsɛe nkoekoemmoa a wɔsɛe aduan.
Su Ahorow a Ɛyɛ Anigye
Nanso nkasanoma yɛ nnomaa a wɔpɛ agoru na wosu, na nnipa pii ani gye sɛ wɔhwɛ wɔn bere a wodi soro ne fam akɔneaba no. Obi a ɔhwɛ nnomaa se: “Yɛwɔ akasanoma mmerebuw bɛyɛ ason a ɛbɛn yɛn fie. . . . Yetumi hu nnomaa kuw bi a wɔn nyinaa di agoru wɔ nsu no mu na bere a wɔreyɛ saa no, wɔpempem wɔn ho wɔn ho. Ebi tumi nya ‘anigye’ yiye. Wɔtow wɔn ho kyene nsu no mu kyinkyim wɔn ho wom, wɔdannan wɔn ho na wɔbɔ wɔn ntaban mu kosi sɛ wɔn ntaban tumi fɔw dotoo. Afei, wohuruhuruw kogyina ban no so, popa wɔn ano, porow wɔn ho te sɛ ɔkraman, hwɛ nsu no mu na wɔsan de wɔn ho num bio. Etumi kɔ so bɛyɛ dɔnhwerew biako, afei wotu kɔ na wɔsan ba bɛyɛ dɔnhwerew biako anaa abien akyi bio.” Ɛtɔ mmere bi a wotumi hu sɛ nkasanoma guare anhwea nso bere a fam awo wɔ kwankyɛn anaasɛ wɔ nhwiren mu.
Nea ɛyɛ anigye ne sɛ wɔka nkasanoma ho asɛm wɔ Bible mu. Yesu de nnomaa nketenkete a wommu wɔn pii yi yɛɛ ɔdɔ mu a Onyankopɔn fi hwɛ nkurɔfo no ho mfatoho mprenu. Bere a Yesu resoma n’asomafo 12 no sɛ wɔnkɔka asɛm no, obisaa wɔn sɛ: “So wɔntɔn nkasanoma abien nnye ɔban?” na afei ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Nanso wɔn mu biako mpo nkwati mo agya nhwe fam. Enti munnsuro! Mosen nkasanoma bebree.” Yesu tii mfatoho yi mu akyiri yi wɔ ne som adwuma no mu de sii so dua sɛ, esiane sɛ Onyankopɔn werɛ mfi akasanoma biako pɛ mpo nti, Ne werɛ remfi wɔn a wɔsom No no.—Mateo 10:29, 31; Luka 12:6, 7.
Ɛda adi sɛ, Yehowa Nyankopɔn abɔde, nketewa ne akɛse nyinaa som bo ma no. Na bere a ɛnyɛ bere nyinaa na abɔde ahorow bi nneyɛe bɛma yɛn ani agye wɔn ho no, abɔde a nkwa wom a wogu ahorow pii no da yɛn Bɔfo Kɛse no nyansa adi.—Dwom 104:24.