Bible No Adwene
So Onyankopɔn Kasa Tia Nsa A Ano Yɛ Den Nom?
‘GYE w’ahome, kokaine, heroin, LSD, ne wii nsɛ hwee—nsa a ano yɛ den da so araa yɛ adebɔne a ɛsen biara a ɛsɛ sɛ adesamma ko tia. Nsa a ano yɛ den kunkum nnipa na ɛsɛe nneɛma pii wɔ asetram sen nnubɔne afoforo a wɔde di dwuma nyinaa a wɔaka abom.’ Eyi ne adwene a wɔdaa no adi wɔ World’s Woman’s Christian Temperance Union no mfe abiɛsa biara nhyiam a ɛto so 31 a wɔyɛe wɔ Canada mfe abien a atwam no ase.
Saa Nhyiamfo yi hu nsa a ano yɛ den a wɔnom no pii wɔ wiase nyinaa no sɛ ɛsɛe ɔdesani akwahosan ne nkwa ma ɛyɛ hu, ne afei dɔla ɔpepem pii a aban ahorow bɛsɛe afe biara de ako atia asanom bebree no. Esiane sɛ nnipa a wokura adwempa pii susuw sɛ Onyankopɔn kasa tia nom a wɔnom nsa a ɛbow nyinaa nti, wɔka sɛ ɛsɛ sɛ wɔbara. Nanso so Bible boa adwene a ɛte sɛɛ yi?
Bobesa a Wɔde dii Dwuma wɔ Bible no Mu
Bere tenten bi a atwam no Onyankopɔn hyɛɛ ne nkurɔfo asoɔmmerɛfo no bɔ sɛ: “Ade dodow bɛyɛ w’asan amaama, na wo nsa-kyi-amoa mu nsa foforo bebu so.” (Mmebusɛm 3:10) Yiw, Ɔno na ɔmaa yɛn bobe a ɛsow aba no, na mpo ɔma yeast mmoawa nketenkete ba bobe aba no mu bere a ɛrebɛn bere a wɔde yɛ nsa no.
Onyankopɔn diyifo Yesaia kyerɛkyerɛɛ sɛnea wɔyɛ nsa pa no mu kakra. Yesaia rehyɛ trenee wiase foforo a ɛreba no mu nhyira horow ho nkɔm no, ɔkyerɛw sɛ: “Asafo [Yehowa] bɛtow aman nyinaa pon . . . nsa a akyɛ . . . nsa a wɔasɔn so.” (Yesaia 25:6) Nsayɛfo a wɔn ho akokwaw nim sɛ nsa a “akyɛ,” a wɔde si hɔ bere tenten bere a ɛrebuw no gyen nkakrankakra na ɛma ɛyɛ huam na ɛyɛ dɛ nso.
Anigye ne Akwahosan Mu Mfaso Horow?
Onyankopɔn kyerɛɛ anigye ne akwahosan mu mfaso horow a wonya fi nsa mu no. Ne diyifo Yotam kaa ‘nsa a egye Onyankopɔn ne nnipa ani’ no ho asɛm. (Atemmufo 9:13) Ɔhene Salomo kyerɛw ‘nsa a ɔde bɛhwɛ ne honam’ no ho asɛm. (Ɔsɛnkafo 2:3) Na wɔ Kana ayeforohyia ase apontow ho amanneɛbɔ a wonim ho asɛm yiye no mu no, Yesu maa nsu pii dan “nsa a eye sen biara” wɔ n’anwonwade a edi kan no yɛ mu ma wɔn a wɔbaa ayeforohyia no ase ani gyei.—Yohane 2:6, 7, 10, The New English Bible.
Nim a na Yesu nim sɛ wotumi de nsa di dwuma sɛ aduru no da adi wɔ ne Samariani a ohuu mmɔbɔ mfatoho no mu. Bere a Samariani a ohuu mmɔbɔ no rekyekyere ɔbarima bia na wapira kuru ama no no, ɔde “ngo ne nsa” guguu mu. (Luka 10:30-34) Nyansahyɛ a ɔsomafo Paulo de maa abrantewa Timoteo sɛ ‘ɔnnom nsa kakra esiane ne yafunu ne yare a ɔtaa yare nti’ no ne nea wɔahu nnɛyi wɔ sɛnea nsa boa adidi ne aduruyɛ ho no hyia.—1 Timoteo 5:23.
Oduruyɛfo Salvatore P. Lucia a anka ɔkyerɛ ade wɔ University of California School of Medicine mu no kae wɔ ne nhoma Wine and Your Well-Being mu sɛ “ɛnyɛ sɛ bobesa [yɛ] nsa a ano yɛ den a ɛyɛ aduan a akyɛ sen biara nko, na mmom ɛyɛ aduru a ehia sen biara a wɔakɔ so de adi dwuma wɔ onipa abakɔsɛm mu nso.” Na aduannuru ho nhwehwɛmufo Janet McDonald kae sɛ ɛte sɛ nea nsa kakra a obi bɛnom no boa ma otumi da, otumi didi, na ɛboa ne nipadua no ma etumi twe aduan a odi no mu ahoɔden.
Susuw a Wosusuw Nom ne Ahosodi Ho Hia
Nanso, wɔ bobesa ne nsa a ɛbow ho asɛm pa a Bible no ne aduruyɛ ka no nyinaa akyi no, nsa a ano yɛ den a wɔde di dwuma tra so no de ɔhaw a ɛyɛ hu aba adesamma abusua no so. So ɛno de amanehunu ahorow a afi nsa a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so mu aba no ho asodi to Onyankopɔn so? Nea ɛne no bɔ abira no, ɔde akwankyerɛ a emu da hɔ ama wɔ nsanom ne nsa a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so ho wɔ n’Asɛm Bible mu.
Sɛ nhwɛso no, susuw akyɛde yi a wɔde bedi dwuma ɔkwammɔne so no ho kɔkɔbɔ a emu yɛ den yi ho: “Mfra sadweamfo, ne wɔn a wodi nam fuu no mu.” Nokwarem no eyi nkyerɛ sɛ wɔn a wɔnwe nam na wɔnnom nsa koraa no nkutoo na wɔsɔ Onyankopɔn ani, na saara na kyerɛwsɛm no nkasa ntia wɔn a wɔnom nsa anaa wɔwe nam kakra no. Mmom no, Bible mu kɔkɔbɔ no kasa tia adidi ne ɔnom ntraso. Eyi da adi wɔ nea ɛbɛ foforo bi ka no mu: “Hena na ɔwɔ ahohia mu, hena na ɔwɔ awerɛhow mu, hena na ɔwɔ atutuw ne nkɔmmɔdi, hena na ɔwɔ apirapira hunu ne ani a abere? Wɔn a wɔkyɛ nsa ho.”—Mmebusɛm 23:20, 29, 30.
Bible akyerɛwfo Petro ne Paulo de nsa a wobesusuw anom ho afotu mae denam tete Kristofo no a wɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnkwati “asabow” na ‘wɔmmmow nsa’ no so. Na ɛsɛ sɛ wɔfa afotu yi aniberesɛm, efisɛ ɔsomafo no bɔɔ kɔkɔ sɛ: ‘Asabofo rennya Onyankopɔn ahenni no.’ Sɛ wɔbɛka no ɔkwan foforo so a, wɔn a wɔde nsa a ano yɛ den a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so ayɛ wɔn suban no nsɔ Onyankopɔn ani na wɔrennya daa nkwa.—1 Petro 4:3; Efesofo 5:18; 1 Korintofo 6:9, 10.
Enti, sɛ ebinom nni ahosodi wɔ asanom mu a, ɛsɛ sɛ wɔtwe wɔn ho fi ho koraa. (Fa toto Mateo 5:29, 30 ho.) Afei honam fam mmerɛwyɛ akyi no, nsa a ano yɛ den a obi ntumi nnyae nom no betumi de honhom fam ɔsɛe a anibere wom aba. Enti, Onyankopɔn fi nyansam bɔ yɛn kɔkɔ wɔ nsa a ano yɛ den a yɛbɛnom atra so no ho.
Nea ɛne wɔn a wɔka sɛ wɔmmara nsa no adwene bɔ abira no, Bible nhwehwɛ, anaasɛ ɛnkyerɛ mpo sɛ obiara ntwe ne ho mfi nsa a ano yɛ den ho koraa. (Deuteronomium 14:26) Odwontofo no ka Yehowa ho asɛm sɛ: “Ɔma wura fifi ma afieboa, ne afumduan a onipa yɛ ho adwuma, sɛ ɔbɛma aduan afi asase mu. Na nsa ama ɔdesani koma atɔ ne yam.” Nokwarem no, sɛ wɔannom nsa antra so a, Onyankopɔn wɔ atirimpɔw pa a nidi wom wɔ ho.—Dwom 104:14, 15.