Apataa A Obiara Mpɛ N’asɛm
SO OBOODEDE ne apataa a wopɛ sen biara? Ebia ɛnte saa. Nnipa pii fam no, oboodede nyɛ apataa a wɔpɛ sen biara, ɛwom sɛ ebinom fam no, ɛne wɔn nam a wɔpɛ sen biara, aboa nhoma a wɔpɛ sen biara, anaasɛ ebia ɔyɛ aboa a ne kum yɛ wɔn anigye sen biara. Ntease horow a ɛte saa nti, wɔrekunkum aboodede pii. U.S.News & World Report se mfe du a atwam no mu no, aboodede a woyii wɔ Gulf of Mexico, Caribbean, ne wɔ U.S. East Coast nkutoo no dodow akɔ soro aboro mmɔho 10!
Sɛ wontee sɛ wɔreka sɛ wɔmmɔ oboodede ho ban a, ɛnyɛ nwonwa. Nnipa pii bu oboodede sɛ aboabɔne a ne ho yɛ hu, odidifo a nea ɛwɔ n’adwenem ara ne sɛ ɔbɛwe nnipa nam. Nanso ɛwom sɛ oboodede kyere nnipa de, nanso ɛntaa mma saa sɛnea wɔn a wɔyɛ mfonini a ɛyɛ hu bɛma woagye adi no.
Sɛnea U.S.News & World Report kyerɛ no, “[oboodede ntua] a wɔbɔ ho amanneɛ wɔ wiase nyinaa afe biara no nnu 100, na emu pii wɔ hɔ a nnipa no nwu.” Afei nso, ɛnyɛ aboodede no nyinaa na wɔkyere nnipa. Wɔn mu ahorow no atenten fi sɛntimita 10 kosi mita 18, na wɔn mu duru fi nea ennu gram 28 kosi kilogram 14,000! Bɛyɛ sɛ ahorow 300 no mu ɔha mu nkyem 90 (a emu nea ɔso sen biara ka ho) no nyɛ nnipa hwee.
Aboodede ho wɔ mfaso. Te sɛ po ase prae no, wɔn afã titiriw ne sɛ wɔma po no mu tew, wɔmemene mmoa a nyarewa wɔ wɔn ho ne wura. Nyansahufo resua nea ɛbɔ aboodede ho ban fi nyarewa ho no ho ade efisɛ ɛte sɛ nea akisikuru anaa nyarewa atitiriw bi ntumi nka wɔn. Nanso, aboodede nyɛ nea biribiara ntumi wɔn. Wɔnnwo ntɛm, (wɔwo bɛyɛ abien pɛ wɔ afe no mu), enti sɛ wokunkum wɔn pii a ebia wɔn ase remfɛe ntɛm.
Nea ɛyɛ anigye ne sɛ, oboodede renya nnamfo afei. U.S. National Marine Fisheries ayɛ nhyehyɛe nhoma bi a ekura nkratafa 100 a wɔde bɛbɔ apataa no ho ban, na wɔrekyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔto aboodede dodow a nnipa betumi akum wɔn no ano hye. Nokwarem no, obiara nkyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ wɔto nnipa dodow a aboodede betumi akum wɔn no ano hye; nanso onipa ne oboodede nyinaa Bɔfo no ahyɛ bere bi a Ne mma a wɔyɛ nnipa no rensuro biribiara wɔ asase yi so no ho bɔ.—Yesaia 11:6-9.