Ɔsom Mu Ahofadi Wɔ Bulgaria
Bɔs asia a efi Bulgaria, de nhyiamfo bɛboro 300 a wɔrekɔ “Wɔn a Wɔdɔ Onyankopɔn Ahofadi” Ɔmantam Nhyiam, koduu beae a wɔbɛyɛ nhyiam no wɔ Thessalonica, Greece, kurotia Yawda anadwo, July 11, 1991. Esiane Yugoslavia a ɛbɛn hɔ ɔmanko ne basabasayɛ a ama aba hɔ no nti, nhyiamfo yi nsa anka wɔn akwantu nkrataa ntɛm koraa.
Wukuda awia no amanɔnne aban asoɛe adwumayɛfo a wɔwɔ Sofia, Bulgaria, no sii pɛ de yɛɛ akwantu nkrataa no ho adwuma. Enti, bɔs no tumi sesaw nhyiamfo no wɔ Bulgaria mmeae ahorow de wɔn kɔɔ nhyiam no ase anadwo a ade bɛkye ma nhyiam no afi ase wɔ Fida July 12.
Saa bere no, na wɔabara Yehowa Adansefo wɔ Bulgaria, enti hwɛ anigye ara a wonyae sɛ wonyaa Kristofo fekubɔ mu anigye wɔ Greece a ɛbɛn hɔ no! Na wɔasiesie asa bi a ɛwɔ beae a wɔyɛ nhyiam no a ɛwɔ asɛnka agua fɛfɛ (a wuhu wɔ mfonini no mu no) ama ahɔho a woti Bulgarian no. Hwɛ sɛnea ahɔho no ani gyei na wɔn ani sɔɔ sɛ ɛkame ayɛ sɛ wɔyɛɛ dwumadi no nyinaa wɔ wɔn ankasa kasa mu! Gye Bible mu drama no nkutoo. Wɔde simma 15 ɔkasa maa drama no ho nkyerɛkyerɛmu tiawa wɔ Bulgaria kasa mu, na afei nhyiamfo no ne wɔn nuanom Greekfo no hwɛɛ ɔyɛkyerɛ no.
Na Bulgaria nhyiam no mu ade titiriw ne asubɔ ɔkasa a wɔmaa no Memeneda anɔpa no. Nnipa dodow a ɛsen biara 342 na wotiei, na wɔbɔɔ 39 asu (wɔn mu bi na wuhu sɛ wogyinagyina atifi hɔ no). Nhyiamfo no ani gyee wɔn ankasa kasa mu nhoma foforo a woyii no adi a ɛyɛ Awufo Ahonhom —So Wobetumi Aboa Wo Anaasɛ Wɔapira Wo? So Wɔwɔ Hɔ Ampa? brochure no ne nhoma Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm no nso ho.
Nanso na anigye a ɛkyɛn so no retwɛn nhyiamfo no bere a wɔsan kɔɔ Bulgaria no akyi bere tiaa no. July 17, wɔ nea ennu nhyiam no akyi dapɛn biako no, wɔmaa Yehowa Adansefo dwumadi ahorow ho kwan wɔ mmara mu wɔ Bulgaria! Nea ɛyɛ anigye no, ɔsram a edi hɔ no, sɛ wɔkyekyɛ asafo mu adawurubɔfo nnɔnhwerew no mu pɛpɛɛpɛ a, obiara de 21.2 na ɛyɛɛ ɔsom adwuma no wɔ Bulgaria. Hwɛ sɛnea ɛyɛ yɛn anigye sɛ wɔrenya ɔsom mu ahofadi mu anigye wɔ Europa Apuei Fam ɔman foforo nso so!