Sɛnea Mepɛe Sɛ Migye Din Sɛ Obi A Onim Asaw
NA MADI mfe 12 pɛ bere a medaa me ho adi nea edi kan sɛ obi a ɔsaw wɔ me kurow Rome, Italy. Ná ɛyɛ afe 1945, wɔ wiase nyinaa ko a ɛto so abien no akyi pɛɛ.
Wo de susuw sɛnea ɛte ma abofra a na wahu nea nnipakum no de bae na ebi kaa no no sɛ ɔbɛte asi guam na wayɛ nea n’ani gye ho sen biara—asaw! M’ani gyei!
Minyaa nkɔanim fi kuw asaw mu bɛyɛɛ obi a ne nkutoo saw. Me ho kokwawee wɔ Cubafo ne Afrikafo asaw a adi afra, Apuei Fam, ne Hawaiifo asaw mu, nanso misaw asaw horow te sɛ rumbas, chachas, tangos, boogiewoogies, ne asaw afoforo a na ɛwɔ so saa bere no nso.
Asaw buee wiase anigyede afoforo hokwan maa me. Sɛ nhwɛso no, mebaa sini ahorow a agye din yiye te sɛ, War and Peace ne Quo Vadis mu wɔ 1950 mfe no mu. Na ɛyɛ anigye sɛ me ne nnipa a wɔagye din te sɛ Elizabeth Taylor, May Britt, Eleanora Rossi Drago, Robert Taylor, Valentina Cortese, ne Gabriele Ferzetti bɛyɛ adwuma.
“Yiye” a Midii
Yiye a na mepɛ sɛ midi no nti, metutuu akwan fii asase no ti kosii ti; mekɔɔ Aden wɔ Yemen, Cape Town wɔ South Africa; London wɔ England, Bangkok wɔ Thailand, Tehran wɔ Iran; ne Australia nkuropɔn bebree mu. Awie koraa no, na asi me yiye. Bere a na madi mfe 19 no, na merenya adwuma a wose anigye wom mu anigye.
Ntetee a ɔbrɛ wom, ne tebea a emu yɛ den a mefaa mu na makɔ so anya ahoɔden yiye na m’ahoɔfɛ akɔ so atra hɔ no yɛ den yiye. Nanso, bere a misusuw yiyedi a me nsa aka dedaw no ho, ne me botae a ɛne sɛ megye din kɛse asen saa no, mepenee saa ntetee a emu yɛ den no so ntɛm.
Mmeae ahorow a mekɔe no, na adefo ne nnipa anuonyamfo ne awifo, nnubɔne tɔnfo ne mafiafo bɔ yiye. Na ɛyɛ abrabɔ bɔne asetra a wuntumi nnwen ho, asetra a nnubɔne, abrabɔ bɔne ne basabasayɛ ahyɛ mu ma. Nanso ɛno anhaw me kɛse saa bere no. Na m’asetra gyina asaw ne taamudi asetra kwan, kar a ne bo yɛ den, agude, ntade ne ahɔhodan a agye din so.
Ɛwom sɛ minyaa sika pii de, nanso dodow no ara kɔɔ m’adwuma no so ahwɛfo bɔtɔ mu. Nea ɛbɛyɛ na makɔ so akura m’asetra gyinapɛn no mu no, mehwehwɛɛ adwuma foforo yɛe sɛ sikakorafo. Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ mibuu me nnyinasosɛm ahorow so na mede me ho hyɛɛ abrabɔ bɔne mu.
Fie a Mesan Bae
Wɔ afe 1965 mu, bere a esii me yiye kɛse wɔ m’adwuma mu wɔ amannɔne no, misii gyinae sɛ mɛsan aba Italy na mabɔ mmɔden biara ayɛ obi a onim asaw yiye wɔ yɛn bere yi mu. Misusuwii sɛ me suahu ne din a migyei wɔ amannɔne no bebue hokwan afoforo ama me wɔ me kurom. Nanso, huammɔdi kɛse na mihyiae. Ɛte sɛ nea ɔkwan a mɛfa so adi yiye no siw mpofirim.
Bere bi akyi no, mifii ase sawee wɔ asanombea ne disko a abrabɔ bɔne ahyɛ hɔ ma mu. Metee nka sɛ mayɛ ankonam, a mibu bra bɔne, na ɛhyɛɛ me ma memaa ahunahuna ne basabasayɛ ho kwan. Mituu nyinsɛn guu mprenu, na ɛkaa kakraa bi na anka miwu. Hwɛ amanehunu a mihyiae wɔ yiyedi akyi a midii a nyansa nnim no mu! Na bere a m’abrabɔ sɛee koraa no, minyaa biribi a ama m’asetra ayɛ yiye ankasa.
M’asetra Mu Da Titiriw
Na ɛyɛ awiabere wɔ ahohuru bere mu wɔ 1980 mu, na merekɔ asuguare abura bi a ɛbɛn me fie wɔ Alessandria mpɔtam hɔ mu akoguare. Mihyiaa m’adamfo bi a obisaa me biribi ɛyɛ nwonwa wɔ hɔ. Obisae sɛ: “So wo ne me bɛkɔ akotie Bible adesua a me ne Yehowa Ɔdansefo bi reyɛ no?”
“Yehowa? Hena ne Yehowa?” Mepɛe sɛ mihu.
Obuae sɛ: “Yehowa ne Onyankopɔn din.”
Nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye a yɛbɔe wɔ ɛno akyi no maa me werɛ fii asuguare no koraa. Mede m’adamfo no traa me kar mu kɔsraa ɔbea Ɔdansefo no, na mibisae sɛ ebia metumi aka Bible adesua no ho anaa. Misusuwii sɛ mehu tebea nwonwaso bi, ebia onyamekyerɛfo anaa ɔhotefo bi a ɔreyɛ amanne ahorow bi a ɛyɛ nwonwa na ɛyɛ hu wɔ kanea a ɛrehyɛn nkakrankakra mu. Nanso mihui sɛ mewɔ ofie a ɛnyɛ soronko koraa mu wɔ ɔbea a ɔba fam a ɔtoo nsa frɛɛ yɛn wɔ obu kwan so kɔɔ mu no anim. Na adesua no wɔ Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no ti a ɛto so abiɛsa a asɛmti no ne “Hena ne Nyankopɔn?” no mu.
Bere a mihui sɛ Onyankopɔn wɔ ne din ankasa, na Onyankopɔn din de “Yehowa” no, ɛyɛɛ adiyi a ɛyɛ nwonwa maa me. (Dwom 83:18) Misusuwii sɛ, ‘Sɛ asɔre ahorow no de Onyankopɔn din mpo asie a, hena na onim nokwasɛm afoforo a ebia wɔde asie!’ Mibisaa Ɔdansefo no sɛ sika ahe na ogye wɔ n’adesua no ho, na me ho dwiriw me sɛ metee sɛ onnye hwee. Wɔ wiase a na mete mu no, obiara nni hɔ a ɔyɛɛ biribi a wannye hwee.
Nsakrae a Meyɛe
M’adwuma nhyehyɛe nti, na ahomegye bere kakraa bi na mewɔ—na meda so ara saw wɔ nkuropɔn ahorow mu. Nanso, mantumi antwɛn ankosi sɛ ɔbea yi bɛba abɛsra me na matumi asua nokware Nyankopɔn Yehowa no ho nneɛma pa pii. Sɛ mede sua a misuae sɛ Onyankopɔn wɔ din no to nkyɛn a, mihui nso sɛ Yesu ne Onyankopɔn nyɛ onipa koro. Wɔnyɛ basakoro bi fã. Mihui mfomso a madi sɛ misusuwii sɛ Onyankopɔn awu! Afei mifii ase huu Onipa bi ankasa, Onyankopɔn a ɔte ase na ɔreyɛ nneɛma ankasa!
Awie koraa no minyaa ɔpɛ sɛ mɛtra ase! Aseda a mede ma Yehowa bɛn ara ni! Mifii ase kɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam horow no nyinaa bi. Ɛhɔ na minyaa Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ ne mmɔborɔhunu no su horow a ɛyɛ nwonwa no ho ntease kɛse. Na eyi yɛ awerɛkyekye yiye ma me, sɛ misusuw ɔbra a na mabu no ho a. Bere a mihui wɔn a wɔba nhyiam horow wɔ Ahenni Asa so animtew no, mihui sɛ mahu wiase a ɛyɛ fɛ ankasa, na misii me bo sɛ meremfi mu da.—Dwom 133:1.
Nanso, mifii ase hui sɛ sɛ mepɛ sɛ metra saa wiase no mu a, ɛsɛ sɛ meyɛ nsakrae akɛse wɔ m’asetra mu. Bere a mekɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam na metee sɛnea wɔkyerɛkyerɛ Bible nnyinasosɛm ahorow mu fann akyi no, misii gyinae pintinn sɛ mesiesie m’asetra. Migyaee asaw a na ebesi saa bere no na ayɛ biribi a m’ani gye ho kɛse wɔ m’asetra mu no. Mifii ɔbarima a na me no atra wɔ mfe asia a atwam no mu nkyɛn kɔe, na migyaee me kan abrabɔ no ne ɔbrasɛe asaw adwuma no. Mesɛee m’adwuma no so ahwɛfo ne wɔn a wose wɔyɛ me nnamfo no address ne nkaede ahorow nyinaa.
Asetra Foforo
Ebedu saa bere yi no, na minni adwuma ne ofie, nanso na meresua sɛnea mede me ho bɛto Yehowa so koraa. Esiane sɛ na ahia me wɔ sika fam nti, metontɔn me nneɛma a ɛsom bo—kar, ntade a wɔde mmoa nhwi ayeyɛ, agude—nneɛma a misusuwii sɛ ɛyɛ asetra mu yiyedi ho nsɛnkyerɛne. Ɛdefa honam fam adwuma ho no, mifii ase popaa afie ahorow atrapoe so, na misiesiee mmusua ahorow afie mu nso. Mahu sɛ asetra mu yiyedi ankasa nnyina ahode anaa dibea so, na mmom egyina sɛ ebia obi wɔ Yehowa nhyira no so.
Wɔ April 23, 1983 mu no, wɔbɔɔ me asu sɛ Yehowa Adansefo mu biako. Mfoninitwafo biara antwa me ho anhyia saa da no, na mmom mfɛfo Adansefo a wɔde anigye rema Yehowa ayeyifo foforo bi akwaaba aba wɔn ntam nkutoo. Ankyɛ biara na mituu kwan kɔɔ Australia sɛ merekɔboa me nuabarima ma wɔasua nneɛma pa a masua no bi. Ɛwom sɛ ɔne ne mma ankyerɛ anigye wɔ Bible mu nokware no ho te sɛ me de, nanso nna a midii no Australia no sow aba.
Ankyɛ mitumi de me ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu sɛ ɔkwampaefo na minyaa Italiafo bebree a wɔte Australia a wonyaa Bible sua no mu anigye. Ankyɛ, na mereyɛ Bible adesua a enya nkɔso pii. Afei, wɔ 1985 mu no, mesan kɔɔ Italy. Mfiase no, asetra no yɛɛ den maa me, nanso mprempren mewɔ fie ketewaa bi, na megye akatua sɛ obi a onyin ama wagyae adwuma, na ɛno ma minya hokwan som sɛ bere nyinaa somfo na mekɔ nhyiam horow nyinaa.
Mfe pii no na mepɛ asaw mu yiyedi sen biribi foforo biara. Misusuwii sɛ anuonyam ne din sen biribiara. Mebɔɔ mmɔden sɛ mesuasua wiase yi mu nnipa a wɔde nidi ntra so ma wɔn no. Nanso hwɛ sɛnea biribiara asesa mprempren! Ɛyɛ nokware sɛ asaw yɛ biribi a ɛyɛ anigye de, nanso afei mahu sɛ asetra mu yiyedi ankasa fi afoforo a wɔboa wɔn ma wosua Yehowa Nyankopɔn bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ nwonwa no mu na ɛba, na emfi obi ankasa anuonyam a ɔhwehwɛ mu.
Mede ahotoso retwɛn bɔhyɛ a ɛyɛ nwonwa yi mmamu: “Twɛn [Yehowa] na fa n’akwan so, na ɔbɛma wo so, na woanya asase no adi; na sɛ wogu abɔnefo ase a, wubehu.” (Dwom 37:34; 2 Petro 3:13)—Sɛnea Edvige Sordelli ka kyerɛe.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 23]
Mebaa sini ahorow a agye din yiye te sɛ War and Peace ne Quo Vadis mu