Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 11/8 kr. 4-8
  • Ɔhaw Ahorow A Owu De Ba A Wɔbrɛ No Ase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔhaw Ahorow A Owu De Ba A Wɔbrɛ No Ase
  • Nyan!—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ma Wonhu Nea Wopɛ
  • Owu Adwuma a Wɔne no Di
  • Awerɛhow Ho Dwumadi
  • Kristofo Ayi—Nidi Wom, Ɛnyɛ Kyenkyerenn, na Ɛsɔ Onyankopɔn Ani
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Kristofo Adwene Wɔ Ayiyɛ Ho Amanne Ahorow Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Yehowa Adansefo Bu Ayiyɛ Sɛn?
    Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
  • So Ɛsɛ Sɛ Yedi Awufo Ni?
    Nyan!—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1992
g92 11/8 kr. 4-8

Ɔhaw Ahorow A Owu De Ba A Wɔbrɛ No Ase

AYIYƐ ho amanne ne afunsie mu nneyɛe gu ahorow yiye wɔ ɔman ne amammerɛ biara mu. Aban mmara tumi kyerɛ akwan horow bi a ɛsɛ sɛ wɔfa so. Nanso, nea egyina so titiriw ne nyamesom gyidi a abusua no ne mpɔtam hɔfo kura. The New Encyclopaedia Britannica se: “Nhwehwɛmu a ɛfa owu ho amanne ahorow ho no da abusuabɔ a ɛda nyamesom gyidi ne nea wɔtaa yɛ wɔ owufo no anim no adi.”

Susuw Hindufo ayiyɛ wɔ India ho hwɛ. Wosiesie amu no ma wɔhyew sɛnea ɔsom pɔtee ko no amanne ahorow kyerɛ. Wɔde “nsu Kronkron,” a efi Ganges Asubɔnten mu no pete fam. Afei wɔde ntama fitaa sɛw beae yi na wɔde amu no to so. Wɔhyew aduhuam huahuam a wɔwɔ gyidi sɛ ɛde ahonhom a wɔn ho tew bɛba hɔ. Wɔde abako dua a wɔayam ne pawda kɔkɔɔ yɛ n’anim. Woguare amu no na wɔde ntama fitaa a wɔde nhwiren apete so kata so. Wɔde amu no to mpampuro mpa so soa no a ne ti di kan de kɔ beae a wɔhyew amu wɔ hɔ no. Wɔdan mpa no wɔ hɔ ma ne nan di kan, ma ɛkyerɛ beae a wɔhyew amu no de akyerɛ sɛ amu no rehwɛ daakye asetra kwan. Ne babarima panyin sɔ ogya a wɔde hyew amu no, efisɛ wogye di sɛ kwan yi nkutoo so na owufo no “kra” benya asomdwoe. Ɛno akyi no, wɔsesa nsõ no de kogu India asubɔnten “akronkron” no biako mu.

Wɔ Papua New Guinea no, wɔn amanne ne sɛ wɔbɛbɛn amu no pɛɛ, afew owufo n’ano, asu wɔ ne ho, ahyehyɛ no bɔ na wɔasrɛ no bɔne fafiri wɔ bɔne biara a wɔayɛ atia no no ho. Wodi awerɛhow kɛse, na nnwom a wɔde gyam no nso ma wodi awerɛhow kɛse. Ɛyɛ wɔn amanne sɛ anye yiye koraa no, wɔtow pon akɛse abien bere bi wɔ owu no akyi de hyɛ owufo no “honhom” anuonyam na wɔde yi asotwe biara a ebia ɔde bɛba no fi hɔ.

Wɔ Afrika no, ayiyɛ ho nneyɛe ne amanne horow si ɔkra a enwu da gyidi no so dua. Wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔpata awufo, anyɛ saa a wɔde ɔhaw bɛba wɔn abusuafo so. Wɔsɛe sika pii na woyi mmusu pii a wɔwɔ anidaso sɛ owufo no bɛyɛ biribi ama ateasefo no. Pii gye obi a owu na wɔsan wo no bio no di, ne sɛ owufo no bɛsan aba sɛ aboa na wɔasom no nidi mu anaasɛ abusua muni foforo a ɔbea a na wanyinsɛn saa bere no bɛwo no. Amanneɛbɔ bi a efi Nigeria se: “Enti wɔde ahwɛyiye soronko bi na esiesie funu no ho na ama biribiara ayɛ pɛpɛɛpɛ. Sɛ nhwɛso no, wogye di sɛ sɛ owufo no nsa anteɛ wɔ funu adaka no mu a, ɛbɛdan dɛmdi bere a wɔasan awo onipa no. Anaasɛ owufo a wɔansiesie ne ho yiye no bɛsan aba sɛ ɔbɔdamfo.” Nneyɛe a Afrikafo da no adi wɔ ayi ase no taa gyina awufo ho suro ne adwene a wɔanya sɛ awufo wɔ ateasefo so tumi so.

Wɔ Greece nkuraa pii ase no, wɔyɛ guasodeyɛ pii a egye bere pii nso wɔ obi wu akyi. Sɛnea Science nsɛmma nhoma ka no: “Owufo no abusuafo a wɔyɛ mmea hyehyɛ owufo no nkae asɔre ahorow hwɛ so wɔ mfe anum a edi owu no akyi no mu. Owufo no a wogyam no no dan asɛyɛde titiriw bi ma ɔyerenom, ɛnanom, ne mmabeanom no. Wɔkɔ adamoa no so anadwo biara kɔsɔ kyɛnere, popa nkaedum no ho, kasa kyerɛ owufo no, tow kwadwom, na wosu. Wogye di sɛ amanne ahorow yi a wɔbɛyɛ no pɛpɛɛpɛ no bɛboa wɔn dɔfo no kra ma akɔ soro.” Awiei koraa no, wotu owufo no nnompe na wɔkora wɔ akuraa ase hɔ amusiei dan bi mu.

Japanfo ayiyɛ pii ne Budhafo amanne ahorow hyia. Bere a wɔaguare amu no ahyɛ no atade awie no, wɔde ntama fitaa bi kata no so, na wɔde sekan to ne kokom de pam ahonhommɔne. Bere a kyɛnere ne nnuhuam gu so hyew no, ɔsɔfo bi ka sutras (Budhafo nyamesom nhoma mu nsɛm) wɔ mpa no ho na ɔma owufo no Budhafo din a wɔde ma wɔ owu akyi, a wogyina nkyerɛwde dodow a wɔde dii dwuma no so tua sika kɛse bi. Afei wɔde amu no to dua funu adaka a wɔnkaa ho aduru mu. Wosi pɛ anadwo mũ no nyinaa anaa wosi pɛ kakra de gyam owufo no, na wɔbɔ mpae na ne kra ada dinn. Bere a ɔsɔfo no reka sutras no, wɔn a wɔregyam no hyew aduhuam ketewaa bi mmiako mmiako. Ade kye a, wɔyɛ amanne ahorow a ɛtete saa ara bere a wɔyɛ owufo asɔre no wɔ afɔremuka bi a wɔde funu adaka no, owufo no mfonini, ne Budhasom mu amanne ho nnwinade afoforo gu so anim. Wɔhyew amu no, sɛnea mmara hwehwɛ no. Bere bi wɔ eyi akyi no, wɔbɛhyew aduhuam bere ne bere mu na ɔsɔfo bi bɛka sutra kosi sɛ wobegye adi sɛ ɔkra no nni nnipa nsɛm so nkɛntɛnso bio, wafra tete awufo akra mu wɔ amansan no mu.

Ma Wonhu Nea Wopɛ

Sɛ́ anka ayiyɛ ho nneyɛe a ɛte sɛ eyi bɛbrɛ ɔhaw a ɔdɔfo wu de ba ase no, ɛtaa de ɔhaw akɛse bɛka ho. Emu biako ne ka a wɔbɔ. Ayi akɛse bo yɛ den. Asɔfo taa hwɛ ntoboa anaa akatua akɛse kwan wɔ wɔn nnwuma ho. Apontow akɛse ne guasodeyɛ ahorow nso gye sika pii. Wobetumi ahyɛ wɔn mpo sɛ wɔnyɛ nea ɛtra nea owufo no pɛ so anaa wɔnyɛ amanne ahorow a na onnye nni. Abusuafo anaa nnamfo betumi anwiinwii denneennen sɛ wɔrensie owufo no wɔ ɔkwan a ɛfata na ɛho tew so sɛnea wɔyɛ wɔ ɔman no mu no. Sɛ wowɔ ɔkwan bi a wɔpɛ sɛ wɔfa so yɛ wo ayi a, nyansa wom sɛ wobɛkyerɛw ato hɔ na woama wɔadi ho adanse.

Japanni ɔbea warefo bi suaa eyi bere a n’agya a wadi mfe 85 wui no. Na wakyerɛ sɛ wɔnyɛ ne wu ho asɔre ketewaa bi a n’abusuafo nkutoo na wɔwɔ ase. Nanso wɔn a na wɔpɛ sɛ wɔyɛ ayi no ho nhyehyɛe te sɛnea wɔyɛ no wɔ hɔ no kasa tiae pii. Ɛno akyi no, ne babea no kyerɛw kɔmaa Tokyo atesɛm krataa Asahi Shimbun sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ wɔyɛ n’ayi soronko a, eye sen biara sɛ ɔne n’abusuafo ka ho asɛm wɔ da biara nkɔmmɔbɔ mu na ɔma wɔne no yɛ adwene wɔ asɛm no ho, ɛmfa ho sɛ ebia ntease wom ma no. Ɛho hia nso sɛ ɔkyerɛw nea ɔpɛ no to hɔ na ama owufo no abusuafo atumi adi ɔkasatia no ho dwuma.”

Ɛho hia kɛse mpo sɛ wobɛyɛ saa bere a wowɔ nyamesom mu gyidi a ɛyɛ den a ɛne ɛhɔnom nneyɛe nhyia no. Sɛ nhwɛso no, Kristoni a ɔwɔ Japan besuro sɛ bere a wawu no, n’abusuafo a wɔnyɛ Kristofo no bɛkotow de ɔsom kwan so obu ama wɔ ne funu adaka anaa ne mfonini anim bere a wɔreyɛ ayi no, sɛnea wɔbɛyɛ wɔ Budhafo afɔremuka anim no. Enti obetumi adi kan akyerɛ wɔ n’akwankyerɛ ahorow mu sɛ bere a nkurɔfo abegyam no wɔ fie akyi no, ɛsɛ sɛ wɔhyew ne funu, na akyiri yi wɔma ne wu ho ɔkasa tiawa bi wɔ baabi a ne funu adaka anaa ne mfonini nni hɔ. Obetumi adi kan aka nhyehyɛe no akyerɛ abusuafo na ama wakwati nsɛnnennen.

Owu Adwuma a Wɔne no Di

Ɛde besi bɛyɛ mfe ɔha a atwam ni no, na nnipa mu fã kɛse no ara wu wɔ fie a nnamfo ne abusuafo atwa wɔn ho ahyia. Na wɔma mmofra nso bɛtra owupa no ho bi na wɔnam so suaa owu ho ade. Nanso eyinom nyinaa asakra wɔ wiase aman a anya nkɔanim wɔ nnwuma mu no mu. Wɔde nnipa pii a wɔrewu no kɔ ayaresabea ntɛm, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛto wɔn nkwa nna so. The New Encyclopaedia Britannica se: “Sɛ́ anka wobehu owu sɛ onipa ho ade mmom no, nnɛyi ayaresafo hu no sɛ adebɔne anaa ade a ɛnsɛ sɛ ɛba, nkogudi ma wɔn ayaresa mu mmɔdenbɔ nyinaa akyi no, ɛtɔ mmere bi a, ɛkame ayɛ sɛ wobu no sɛ nkogu a wɔn ankasa di. Wɔde nnwinnade nyinaa bi sa nyarewa, a wɔntaa nsusuw ɔyarefo no ho yiye​—ɛtɔ mmere bi mpo a wonsusuw ho sɛ ebia ‘onipa’ bi wɔ hɔ koraa mpo.”

Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, wɔsɛe sidi 1,500,000 wɔ ayi biako ho wɔ United States nnɛ​—na amusiei asase nka ho. Yɛn werɛ tumi fi sɛ ayi sohwɛfo mmɔborohunufo a yɛne no di no reyɛ adwuma no na ama wanya sika. Changing Times nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Wɔda so ara kura mfasopɛ ho adwene no wɔ ayiyɛ ne afunsiei ho nhyehyɛe no mu. Na sɛnea ɛte wɔ aguadi biara mu no, ɔdetɔnfo a ɔmfa nnyinasosɛm pa nni dwuma no betumi ahyɛ nea wɔretɔ ayi no ho nneɛma no ma wasɛe sika, abɔ no apoo, anaa wɔasisi no. Nokwarem no, asiane a ɛwom no yɛ kɛse efisɛ ɛne bere a edi kan a nnipa no mu fã kɛse no ara retɔ saa nneɛma yi, wɔn biribi awu na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ade ntɛmntɛm.”

Nanso nneɛma afoforo a wobetumi ayɛ wɔ hɔ. Biako ne sɛ wobeyi sika ato hɔ sɛ wɔmfa nyɛ w’ankasa ayi. Wubetumi ayɛ saa denam sika titiriw bi a wode bɛto sikakorabea ma wɔahwɛ so ama nea wubewu agyaw no no. Sɛnea U.S. sikakorabea ho mmara kyerɛ no, onii a sika no da hɔ ma no no betumi ayi saa sika no (a wɔfrɛ no Totten trust) bere a wakyerɛ onii ko a ɔyɛ na ɔde owu no ho adanse ama no. Nanso bere a wote ase no, sika no wɔ wo din. Ade foforo nso ne nkwa nna nyinaa ho insurance ho nhyehyɛe a edi mu a wo ne adwumakuw a ɛwɔ din pa bɛyɛ. Sɛ woyɛ ɔwarefo a, hwɛ hu sɛ wobɛbɔ wo hokafo no amanneɛ, titiriw wɔ sikasɛm ho. Nsamansew a wobɛyɛ nso ho wɔ mfaso yiye. Ɛyɛ den sɛ mo baanu no nyinaa bewu bere koro mu. Mpɛn pii no okununom wu gyaw ɔyerenom. Ɛtaa ba sɛ ɔyerenom nnim eyinom ho hwee, na ɛma awerɛhow ne ɛyaw a wodi no yɛ kɛse. Esiane sɛ wubetumi awu mpofirim nti, ntu nsɛm yi a wo ne w’abusuafo besusuw ho no nhyɛ da.

Awerɛhow Ho Dwumadi

Obi a wahwere ne dɔfo bi pɛn no adi ɛyaw kɛse. Ɔbɛkɔ so asu adi awerɛhow bere nyinaa kosi sɛ obegye owu no atom. Ɛsono bere tenten a obiara de di awerɛhow. Ebinom tumi di wɔn dɔfo a wɔahwere no so wɔ bere tiaa bi akyi, nanso ebetumi agye afoforo afe anaa nea ɛboro saa. Nnipa kakraa bi nnyae awerɛhowdi da. Obi bɛyɛ dɛn atumi agyina ano?

Ehia sɛ worentew wo ho na worentwe wo ho mfi nnipa ho. Asetra mu dwumadi a wobɛsan de wo ho ahyem ne nnamfo ne abusuafo a wonam telefon anaa nsrahwɛ so ne wɔn bedi nkitaho ho hia na woagyae awerɛhowdi. Ɛwom sɛ ɛtɔ mmere bi a, ehia sɛ wo nkutoo tra hɔ de, nanso ɛnsɛ sɛ ɛyɛ wo su. Boa nnipa afoforo ma wɔne wo nni nkitaho mmoa wo denam nkitaho a wo ne wɔn bedi na woaboa wɔn no so.

Ɔbarima bi a ɔhweree n’abusuafo a wɔbɛn no baanum wɔ mfe abiɛsa ntam, a ne na ne ne yere a ɔdɔ no a wadi mfe 41 a ɔyaree akisikuru kyɛe ka ho de afotu pa mae. Ɔkae sɛ: “Madi awerɛhow ankasa. Ɛtɔ mmere bi a, misu. Nanso ɛsɛ sɛ wuhu asetra sɛnea ɛte ankasa. Ɛsɛ sɛ wugye asetra tom sɛnea ɛte, na ɛnyɛ sɛnea wobɛpɛ sɛ ɛyɛ no. Ehia sɛ wugyina amanehunu no ano na wugye owu no tom sen sɛ wubedi awerɛhow daa.”

Ɛho hia sɛ wɔde mmoa ne nkuranhyɛ ma wɔn a wodi awerɛhow. Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ yɛn mu pii te nka sɛ yɛmfata sɛ yɛyɛ saa na yenhu nea yɛnka. Ebia a yɛhaw mpo bere a yɛn anaa nea ade atɔ n’ani no fi ase su no. Enti su no ne sɛ yɛbɛkwati nea odi awerɛhow no​—bere a ohia yɛn kyɛn so no. Wɔabɔ ebinom sobo mpo sɛ wotwa kwan mu nantew kɔfa ɔfa foforo no na amma wɔne obi a ne biribi awu no ankasa kɛkɛ. Okunafo bi kae sɛ: “Wogyaw me nkutoo sɛ minni awerɛhow. Ná ehia yiye sɛ wɔne me bɔ nkɔmmɔ nanso na obiara ntie me.”

Afoforo a wɔde ahopere bɛboa bere a obi wu no gyae mmoa a wɔde ma no ntɛm ara saa. Adwene ne nneyɛe ho ɔkyerɛkyerɛfo Patricia Minnes kae sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a, edi adapɛn anaa asram bi wɔ obi wu akyi ansa na nea ade atɔ n’ani no atumi adi basaa a ɔyɛɛ mfiase no so. Saa bere no na mmoa ho hia sen biara na wɔntaa nnya.” Na ɛyɛ mfomso sɛ yɛbɛka sɛ wɔn a wɔnna ɛyawdi kɛse adi no mpɛ nnipa na wonni dɔ, wonnye ntom sɛ wɔahwere biribi, anaa wɔadi yaw awie. Ebinom wɔ nkate mu ahoɔden a wotumi de gyina wɔn awerɛhow ano, nanso wɔn nso wohia awerɛkyekye ne mmoa.

Ɛnde hwɛ sɛnea eye bere a nnamfo ba bɛboa wɔn a ade atɔ wɔn ani no ma wɔadi nneɛma ho dwuma, na wɔakogye nkrataa a ehia no! Awerɛhyem bɛn ara ni sɛ wobenya obi mmoa pintinn, ne adwen a emu da hɔ bere a wɔreyɛ ayi ho nhyehyɛe no! Hwɛ sɛnea ani sɔ bere a obi boa mmofra no na ɔhwɛ ma abusuafo ne nnamfo a wɔbɛsra wɔn no nya wɔn ahiade ahorow! Hwɛ sɛnea ɛyɛ afoforo ho a wodwen bere a nnamfo ne afipamfo de nnuan ba daa na wɔde wɔn ho ma yɛ ofi nnwuma anaa wɔde wɔn a wogyam owufo no bi kɔ beae a wɔpɛ sɛ wɔkɔ no! Hwɛ sɛnea ɛyɛ fɛ sɛ wɔn a wodi awerɛhow no benya obi a wɔne no besusuw wɔn nkate horow ho! Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛkyekye sɛ wɔbɛte awerɛkyekye nsɛm na wɔakyia ne nsam sɛ ɔdɔ ho sɛnkyerɛnne. Ɛnde hwɛ sɛnea eye sɛ asram bi akyi mpo, wobisa sɛnea wɔn a wɔredi awerɛhow no ho te, na wɔka nsɛm a ɔdɔ wom!

Nanso daakye ho anidaso a wɔwɔ no boa sen biara. So anidaso bi wɔ hɔ saa?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]

“Ɛsɛ sɛ wugye asetra tom sɛnea ɛte, na ɛnyɛ sɛnea wopɛ sɛ ɛyɛ no”

[Kratafa 7 adaka/mfonini]

Dɛn na Yɛbɛka Akyerɛ Mmofra No?

Ka nokware no kyerɛ wɔn sɛnea wɔbɛte ase. Ka owu ne sɛ wɔrewu ho asɛm sɛnea ɛte, na kwati nsɛmfua a emu nna hɔ. Sɛ woka sɛ, “Nana barima kɔ” anaa “Yenhu Nana barima” a, abofra no bɛhwɛ kwan sɛ Nana barima bɛsan aba anaa “wobehu no.” Boa abofra no ma ɔnte nea owu kyerɛ ankasa ase, na fi Kyerɛwnsɛm mu bua nsemmisa. Wubetumi de abɔde akyerɛ abofra owu. Wubetumi akyerɛkyerɛ mmoa, nnomaa, anaa mpaboa wu mu. Tɔ wo bo ase, na teɛ adwenkyea biara a ebia abofra no anya afi sini ahorow anaa TV so no mu. Owu a wɔde sie mmofra koraa no betumi ama wɔn bo afuw anaa ehu aka wɔn wɔ nea wonnim ho.

Abofra ketewa betumi ate nka sɛ owu no fi no, titiriw sɛ na owufo no ho yɛ no abufuw a. Boa abofra no ma ɔnte ase sɛ owu no mfi no, na ama wɔakwati afobu ho nkate.

Mmofra a wɔahwere wɔn awofo suro ankasa sɛ wobegyaw wɔn. Ma wɔn koma ntɔ wɔn yam sɛnea wobetumi, na ma wonhu sɛ wɔbɛdɔ wɔn na wɔahwɛ wɔn. Abofra bo nso betumi afuw. Sɛ wɔka kyerɛ no sɛ Onyankopɔn afa nea ɔwoo no no kɔ a, obetumi afa Onyankopɔn ho tan. Bible mu nokware ahorow a wonim no boa wɔ nsɛm yi mu. Ma abofra no awerɛhyem, na fa ɔdɔ ne mmoa ma no.

[Kratafa 8 mfonini]

Fa mmoa ne nkuranhyɛ ma wɔn a wodi awerɛhow

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena