Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 1/8 kr. 17-18
  • So Onyankopɔn Bua Me Mpaebɔ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Onyankopɔn Bua Me Mpaebɔ?
  • Nyan!—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Esiw Mpaebɔ Kwan
  • Mpaebɔ a Wɔde Di Dwuma Wɔ Ɔkwammɔne So
  • Mpae a Yɛbɛbɔ no “Sɛnea Ɔpɛ”
  • Sɛnea Onyankopɔn Bua
  • Bɛn Onyankopɔn Wɔ Mpaebɔ Mu
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Sɛnea Wubenya Mmoa Denam Mpaebɔ So
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Sɛnea Wubetumi Abɛn Onyankopɔn
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
  • So Onyankopɔn Tie Wo Mpaebɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1993
g93 1/8 kr. 17-18

Mmofra Bisa Sɛ . . .

So Onyankopɔn Bua Me Mpaebɔ?

SANDRA a wadi mfe 11 se: “Ehia sɛ mihu sɛ Yehowa bua me mpaebɔ, efisɛ minnye nni sɛ ɔyɛ saa. Minim mmofra afoforo pii a wɔwɔ ɔhaw a ɛte saa ara.” Na anka Alyssa a wadi mfe dunnum no wɔ mpaebɔ ho haw a ɛte saa ara. Ogye tom sɛ: “Na metaa te nka sɛ merekasa akyerɛ me ho.”

Sɛnea 1988 Gallup nhwehwɛmu bi kyerɛe no, mmofra a wonnii mfe aduonu a wɔwɔ United States no mu ɔha biara mu nkyem 87 abɔ mpae wɔ bere bi mu, nanso nea ennu wɔn mu fã na wɔyɛ saa daa. Ebia wɔn mu binom te nka sɛ wommua wɔn mpaebɔ. Ɛtɔ da bi a, wo nso betumi ate nka saa ara sɛ obiara ntie wo mpaebɔ. Nanso, Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ, sɛ obi fi komam bɔ mpae wɔ gyidi mu a, “mpaebɔ tiefo” no tie! (Dwom 65:2) Nanso woyɛ dɛn hu sɛ ontie kɛkɛ​—ɔde obu tie nanso ɔnyɛ ho hwee?

Bere a odwontofo no frɛɛ Onyankopɔn sɛ mpaebɔ Tiefo akyi no, ɔkae sɛ: “Wode asɛntrenee a eyi hu bua yɛn yɛn nkwagye Nyankopɔn.” (Dwom 65:5; fa toto Dwom 66:19, 20 ho.) Afei, dɛn nti na ebinom te nka sɛ wommua wɔn mpaebɔ?

Nea Esiw Mpaebɔ Kwan

Ebetumi afi abusuabɔ pa ankasa a obi ne Onyankopɔn nni. Mmofra binom nnye nni sɛ ɔwɔ hɔ. Afoforo gye di sɛ ɔwɔ hɔ nanso wobu no sɛ biribi a enni nipasu a ɛwɔ akyirikyiri. Mpaebɔ dan ade a etwa to a wɔyɛ wɔ asiane mu bere a nea wɔayɛ nyinaa anyɛ yiye no. Katolekni abofra bi kyerɛ sɛ: “Migye Onyankopɔn di. Sɛ mewɔ ahokyere mu, sɛ mihia mmoa a, mibisa ne mmoa bere nyinaa.” Abofra foforo kaa no pen sɛ: “Ɛtɔ da bi a, bere a mihia biribi ankasa nkutoo na mebɔ mpae.”

Nanso, ɛsɛ sɛ mpaebɔ yɛ ade a wɔnam so da gyidi, obu, ahofama, ne awerɛhyem adi​—ɛnyɛ nea wɔde ka ahoyeraw anaasɛ pɛsɛmenkominya ahwehwɛde bi ho asɛm kɛkɛ. Na ɛnnɔɔso sɛ wobɛbɔ mpae esiane sɛ wususuw sɛ ɛbɛyɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ nti. Bible no ka sɛ: “Na ɛsɛ nea ɔba Onyankopɔn nkyɛn no sɛ ogye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo.” (Hebrifo 11:6) Wɔn a wonnye nni sɛ ɔwɔ hɔ no nnya wɔn mpaebɔ ho mmuae. (Yakobo 1:6-8) Yehowa tie wɔn a wɔahu no na wɔdɔ no; na wɔntwɛn nkosi sɛ asiane bi bɛba ansa na wɔabɔ mpae. Sɛnea 1 Tesalonikafo 5:17 tu fo no, ‘wokura mpaebɔ mu denneennen’ anaa sɛnea An American Translation ka no no, “wonnyae mpaebɔ da.”

Awerɛhosɛm ne sɛ Kristofo mmofra binom ahu Yehowa nanso wɔne no nhyehyɛɛ adamfo ankasa. (Dwom 25:14) Wɔn mpaebɔ taa yɛ kakraa bi, wɔmmɔ no ntoatoaso na ɛnyɛ nea wɔkasa kyerɛ obi ankasa, na awiei koraa no wonnya ho mmuae. So ebia eyi yɛ nokware wɔ wo mpaebɔ ho? Sɛ saa a, ‘bɛn Onyankopɔn’ denam hu a wubehu no so. (Yakobo 4:8) Na abofra Alyssia a yɛadi kan aka ne ho asɛm no adwenem yɛ no naa wɔ wɔ a Yehowa wɔ hɔ no ho. Nanso Bible no a ɔno ankasa suae no maa n’adwenem naayɛ no fii hɔ nkakrankakra, na ɛboae ma ɔne Onyankopɔn hyehyɛɛ abusuabɔ.

Obi su ne ne nneyɛe nso betumi ayɛ ade titiriw a esiw ne mpaebɔ kwan. Odwontofo no kae sɛ: “Sɛ midi ahuhude akyi me komam a, anka [Yehowa] rentie me.” (Dwom 66:18; Mmebusɛm 15:29) So ɛbɛyɛ nea ntease wom sɛ wobɛhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn bebua wo mpaebɔ, sɛ na woyɛ nneɛma a etia no a​—sɛ na wonom nnubɔne, tawa, tie ɔbrasɛe nnwom, anaa wode wo ho hyɛɛ nna mu ɔbrasɛe mu a? Dabida. Enti Yehowa pow wɔn a wɔfa asetra kwan abien so, na wɔde nyaatwom ‘kata nea wɔte ankasa’ so no mpaebɔ. (Dwom 26:4) Otie nea “ɔnantew pɛpɛɛpɛ, na odi asɛntrenee, na ɔka ne komam nokware” no nkutoo mpaebɔ. (Dwom 15:1, 2) Enti sɛ wobɔ mpae na wote nka sɛ worekasa akyerɛ wo ho a, yɛ w’asetra ho nhwehwɛmu. Ebia ehia sɛ woyɛ nsakrae ahorow bi.

Mpaebɔ a Wɔde Di Dwuma Wɔ Ɔkwammɔne So

Nneɛma bɛn sɛɛ na wubebisa Onyankopɔn? Yesu hyɛɛ yɛn bɔ sɛ: “Biribiara a mobɛsrɛ agya no me din mu no, ɔde bɛma mo.” (Yohane 16:23) Saa asɛmfua a ɛkanyan anigye no​—biribiara! So Onyankopɔn de osetie ayɛ krado sɛ ɔbɛyɛ nea woka biara ankasa? So ɔbɛyɛ nea wubisa biara, nea enhia ahe biara mpo? Bere a aka bere tiawa bi ma Yesu awu owu yayaw no na ɔkaa ne nsɛm no. Akyinnye biara nni ho sɛ na ɛnyɛ nsɛnhunu na ɛwɔ n’adwenem. Enti Yakobo 4:3 bɔ yɛn kɔkɔ wɔ mpaebɔ a yɛde bedi dwuma ɔkwammɔne so no ho. Ɛka sɛ: “Mubisa na munnya, efisɛ mubisa no bɔne, sɛ mobɛhwere no mo anigyede mu.”

Nnipa pii a wɔwɔ hɔ nnɛ no de mpaebɔ di dwuma ɔkwammɔne so. Ná sukuu bɔɔlbɔ kuw bi bu nkotodwe wɔ agodibea no mfinimfini bɔ mpae wɔ bɔɔlbɔ biara akyi. Na so wususuw ankasa sɛ Onyankopɔn ani gye bɔɔlbɔ ho anaa ɔbɛbrɛ ne ho ase de ne ho agye akansi agodi mu? (Fa toto Galatifo 5:26 ho.) Na ɔbea bi a wɔkae sɛ ɔbɔ mpae bisa mpaboa no nso ɛ? Ɔka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a, na aka mpaboa biako anaa abien pɛ a ɛne me nan yɛ pɛ wɔ aguadidan no mu, na sɛ minni sika saa bere no a, mebɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmma ɛnwɔ hɔ nkosi sɛ mɛkɔ hɔ bio.” Afei, sɛ́ wobɛbɔ w’ahiade ho mpae no yɛ ade biako​—na sɛ́ wobɛhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn bedi gua ama wo no nso yɛ ade foforo koraa.

Ɔkwan koro no so ara no, ɛrenyɛ nea ɛfata​—na mfaso nni so​—sɛ wobɛbɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmma wunkwati asotwe anaa nteɛso bi a ɛfata sɛ wode ma wo no. (Hebrifo 12:7, 8, 11) Na saa ara na ɛrensi wo yiye kɛse sɛ wobɛsrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma wommɔ mmɔden wɔ sɔhwɛ a woansiesie wo ho kɛse wɔ ho anaa woansiesie wo ho koraa wɔ ho no mu.​—Fa toto Galatifo 6:7 ho.

Mpae a Yɛbɛbɔ no “Sɛnea Ɔpɛ”

Ɔsomafo Yohane kyerɛkyerɛ mpaebɔ ho asɛm titiriw bi mu: “Na nnam a yɛde kɔ ne nkyɛn ne sɛ, yɛsrɛ biribiara sɛnea ɔpɛ a, otie yɛn.” (1 Yohane 5:14) Yesu mpaebɔ nhwɛso (Awurade Mpaebɔ) kyerɛkyerɛ nneɛma a ebetumi aba mpae a ɛte saa mu no mu. Ɔbɔɔ mpae sɛ (1) Wɔntew Onyankopɔn din ho, (2) Onyankopɔn Ahenni mmra, (3) Onyankopɔn pɛ nyɛ hɔ, (4) ɔmma honam fam ne honhom fam ahiade, ne (5) mmoa a ɛbɛma yɛakwati Satan mfiri.​—Mateo 6:9-13.

Nsɛm a ɛfata sɛ wɔbɔ ho mpae pii wɔ eyi mu. Nokwarem no, 1 Petro 5:7 hyɛ Kristofo sɛ ‘wɔmfa wɔn dadwen nyinaa nto Onyankopɔn so, efisɛ odwen wɔn ho.’ Ɛno kyerɛ sɛ ɛyɛ papa sɛ yɛbɛbɔ yɛn asetra afã horow nyinaa ho mpae. So ɛsɛ sɛ wosi gyinae bi te sɛ ade a wopɛ sɛ wusua wɔ sukuu? Bɔ mpae hwehwɛ ɔsoro nyansa. (Yakobo 1:5) So wadi mfomso bi a nyansa nnim? Ɛnde srɛ Onyankopɔn hɔ fafiri​—Yesaia 55:7; 1 Yohane 1:9.

Nanso ɛsɛ sɛ woyɛ ade ma ɛne wo mpaebɔ hyia. Susuw abofra Clint ho. Bere a owiee ntoaso sukuu no, ɔbɛyɛɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo. Asram bi akyi no na onnya obiara a n’ani gye ho sɛ ɔne no besua Bible no. Enti ɔde kɔɔ mpaebɔ mu. Nanso wantwɛn amma Bible suani amfi soro amma. Ɔde nsiyɛ kɔɔ apon ano, na ankyɛ onyaa nkurɔfo a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobesua Bible no.

Sɛnea Onyankopɔn Bua

Ɛtɔ mmere bi a, mpae ankasa a wɔbɔ no yɛ mmoa. Na abeawa Sandy rebɔ mmɔden adi ɔhaw a ɛne boasipem so. Ose: “Mpae a mebɔ na mefrɛ Yehowa no boa me efisɛ minim sɛ bere a masrɛ no sɛ ɔmmoa me na mamfa me ho anhyɛ boasipem mu no, na ɛnsɛ sɛ meyɛ saa.

Ɛwom, ɛtɔ mmere bi a, ɛte sɛ nea Onyankopɔn ma nsɛm sisi de bua mpaebɔ ahorow. Da bi na ehia sɛ abarimaa Ken du Ahenni Asa so ntɛm kɔma Bible mu ɔkasa tiawa bi a na wɔde ahyɛ ne nsa no. Awerɛhosɛm ne sɛ na onnya obiara a ɔde ne kar bɛfa no akɔ. Ɔbɔɔ ho mpae denneennen. Simma kakraa bi akyi no, ne nuabea a ɔntaa nsra wɔn no bae. Ɛwom sɛ ne nuabea no ani nnye ne som no ho de, nanso ɔde no kɔe. So ne mpaebɔ no ho mmuae tẽẽ nen? Ebia. Sɛnea ɛte biara no, sɛ nneɛma di boa yɛn a, ɛyɛ papa sɛ yɛda Onyankopɔn ase. Paulo tu fo sɛ: “Monna ase ade nyinaa mu.”​—1 Tesalonikafo 5:18.

Nanso, nhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn bebua wo mpaebɔ wɔ anwonwa kwan bi so. Na saa nso na ɛnsɛ sɛ wofa asɛm ketewaa bi a ɛbɛto wo no biara sɛ ɛyɛ ɔsoro apɛde a wɔada no adi. Wɔtaa bua yɛn mpaebɔ wɔ anifere akwan so. Wokenkan biribi wɔ Bible anaa Bible nhoma mu; ɔwofo anaa wo yɔnko Kristoni ma wo afotu pa bi. Ɛwom, ebegye nhumu na woatumi ahu nea ɛyɛ Onyankopɔn apɛde ma wo. Ɛtaa gye bere na eyi mu ada hɔ.

Yiw, egye bere! Nhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn bɛma wo mmuae wɔ bere a wote nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔde ma mu. Yeremia kyerɛwee sɛ: “Eye sɛ wɔyɛ komm twɛn [Yehowa] nkwagye.” (Kwadwom 3:26) Afei nso, wɔnhyɛɛ wo bɔ sɛ wo nsa bɛka mmuae a wopɛ no. Ɔsomafo Paulo srɛɛ Onyankopɔn mprɛnsa sɛ onyi ɔhaw a ɔfrɛɛ no “ɔhonam mu nsɔe” no mfi hɔ. (2 Korintofo 12:7-9) Onyankopɔn buae sɛ dabi. Nanso, Paulo anisɔ wɔ mpaebɔ ho no anyera na ɔkɔɔ so ara wɔ Yehowa som mu. Ɔno na ɔkyerɛw sɛ: “Munkura mpaebɔ mu ara” no. (Kolosefo 4:2) Enti ‘kɔ so bisa, kɔ so hwehwɛ, na kɔ so pem.’ (Mateo 7:7) Ɛdenam saayɛ so no, wobɛbɛn Onyankopɔn, na wubenya wo mpaebɔ ho mmuae nso.

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Ɛnsɛ sɛ mpaebɔ yɛ nsɛnhunu a wɔde bisa honam fam nneɛma

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena