Wɔde Nyansa A Mogya Nnim Gyee Me Fii Owu A Anka Mereyɛ Awu Mu
Sɛnea Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti odwumayeni ka kyerɛe
NÁ ƐTE sɛ nea ɛnyɛ nokware no. Ná makɔ Buenos Aires, Argentina wɔ February 1991 mu akɔboa ma wɔayɛ Nhyiam horow a wɔde kyerɛkyerɛ nnuru a wobetumi de asi mogya ananmu. Afei ná mereyɛ awu, na mogya anwunu agu me mu yiye.
Ɔhaw no fii ase dapɛn a edi eyi anim, bere a na mewɔ Mexico no. Metee nka sɛ me yam yɛ me yaw nanso mamfa no aniberesɛm. Ɛhɔ oduruyɛfo bi kae sɛ Amerikafo a wɔbɛsra mpɔtam hɔ no yam taa haw wɔn bere a wɔwɔ hɔ no. Ɔmaa me aduru de dwudwoo yaw no ano.
Bere a mete wimhyɛn mu rekɔ Buenos Aires da a edi hɔ no, ɛyaw no yɛɛ kɛse. Metee ɛyaw bi a ano yɛ hyew nka wɔ me yam yiye, na nnanu akyi no ɛyɛɛ te sɛ ogya a ɛredɛw. Wɔwɔɔ me paane na abrɛ yaw no ase. Eyi boa ma mitumi maa me kasa ahorow wɔ nhyiam no ase wiei. Ɛno akyi no, wɔde me fii Yehowa Adansefo baa dwumadibea hɔ, beae a na me ne me yere te no kɔɔ ɛhɔ ayaresabea bi. Ɛhɔ na wohui sɛ mewɔ kuru bi wɔ me yam a ɛda adi sɛ egyaee mogya tu nkyɛe.
Esiane sɛ na minnyaa ayamkuru anaa ɛho nsɛnkyerɛnne mpo da nti, nea wohui no yɛɛ me ahodwiriw kakra. Nanso na wɔhwɛ kwan sɛ, sɛ migye m’ahome wɔ mpam, nom nnuru a ɛdwudwo nsu yerɛyerɛ ano, na midi nnuan a mmako ne nkyene nnim pii a, me ho bɛtɔ me. Nea enye ne sɛ, bere a mesan kɔɔ baa dwumadibea ayarehwɛbea hɔ akyi no, mogya tuu me bio.
Ná me tiafi yɛ tuntum, a mogya ayɛ no ma, na na mayɛ fitaa te sɛ owufo. Awiei koraa no, ade tɔɔ me so, na mituu dorobɛn a wɔde ahyɛ me ntini mu no fii m’abasam a manhyɛ da. Me yere de mmirika kɔɔ abrannaa no so kɔfrɛɛ ɔyarehwɛfo no.
Wɔbɛyɛ Me Oprehyɛn Anaa Wɔrenyɛ?
Ntɛm ara na nnuruyɛfo baanu baa me mpa ho. Wɔnam ɔkasa asekyerɛfo bi so ka kyerɛɛ me sɛ me mogya so atew abedu desilita biara mu gram 6.8 (nea ɛfata no yɛ bɛyɛ 15) . Wɔkae sɛ wɔnam telefon so ne oprehyɛn a wɔmfa mogya nyɛ ho ɔbenfo bi resusuw ho. Ɔkyerɛe sɛ wɔnyɛ me Oprehyɛn ntɛm so. Mibisaa nneɛma a wobetumi ayɛ de asi oprehyɛn no ananmu ho asɛm.
Wokohuu yafunu ne nsono mu yare ho ɔdenimfo bi. Ɔkae sɛ wobetumi de adehwɛ afiri ahwɛ me mene ase akosi tokuru a ɛwɔ duodenum, a ɛne nsonowa no fã a edi kan no ho. Sɛ wodu faako a mogya retu me no a, wobetumi de mogya twa aduru bi agu kuru no so ma mogya no atwa.
Mibisae sɛ: “Anidaso a ɛwɔ sɛ ɛbɛyɛ yiye no te dɛn?”
Obuae sɛ: “Bɛyɛ fã ne fã.” Nanso oduruyɛfo no kae sɛ, sɛ aduru a wɔde bɛma mogya no atwa no anyɛ yiye a, ebia kyɛ a ɛbɛkyɛ ne mogya a mɛhwere no remma wontumi ntoa Oprehyɛnno so. Ná ɛte sɛ nea biribiara nni hɔ a metumi ayɛ gye sɛ mema wɔyɛ me oprehyɛn no.
Nkate ahorow mu yɛɛ den. Me ne me yere bam yɛn ho. Ansa na wɔde me reto ambulance mu akɔ ayaresabea hɔ no, wɔyɛɛ nsamansew krataa maa me, na mede me nsa hyɛɛ ase. Yɛn nnamfonom tee nka sɛ ebia mewu wɔ Oprehyɛn no mu.
Oprehyɛn No
Wɔ oprehyɛn dan no mu no, wɔde me too biribi a na ɛte sɛ ahwehwɛpon kɛse bi so. Na akanea kyerɛ me so wɔ ase ne atifĩ nso. Mebɔɔ hu yiye, na ebia ɛdaa adi, efisɛ nnuruyɛfo no mu biako baa me nkyɛn. Ɔkae sɛ: “Nsuro. Biribiara bɛyɛ yiye.” Na sɛnea odwen me ho no yɛɛ awerɛkyekye. Wɔmaa metwee aduru a ɛbɛma mada nnahɔɔ kɔɔ me mu, na nea ɛte sɛ anibu biako mu no, medae a manhu hwee bio.
Minyanee bere a wɔreyi me afi ntwahonan so ato ayaresabea mpa ankasa so no. Mifii ase bɔɔ hu bere a metee oprehyɛn kuru no ne nnorobɛn a na wɔde ahyehyɛ me hwene ne me menewa mu no yaw nka kɛse no. Me yere ne n’adamfo bi kyekyee me werɛ. Nsu a wɔde popaa m’ano no maa sukɔm a na ɛde me yiye no so tewee. M’ani gyei sɛ na mewɔ nkwa mu.
Ɛwom sɛ wɔmaa me awerɛhyem sɛ oprehyɛn no ayɛ yiye de, nanso me mogya so kɔɔ so tewee. Dɛn na na atõtõ? Wohui wɔ me tiafo mu sɛ na mogya da so ara retu me. Na wɔn a wɔyɛɛ oprehyɛn no gye di yiye sɛ emfi beae a wosiesiei nkyɛee no—ɛnde na efi he?
Nnuruyɛfo no tee nka sɛ ebia biribi a bɔre wom akɔ me mu na ɛno na etuu me nsono kɛse no fã a ebesi me to no mu tokuru no. Wɔkae sɛ mayɛ mmerɛw dodo sɛ wɔbɛyɛ me oprehyɛn bio.
Mogya Gye ho Nhyɛso
Bere a me mogya so kɔɔ so tewee no, mogya a mɛpene so ma wɔde ama me ho nhyɛso no mu yɛɛ den. Ɔyarehwɛfo a na ɔwɔ me nkyɛn no kae sɛ sɛ ɔyɛ oduruyɛfo a, anka ɔbɛma me mogya a ommisa me. Bɛyɛ ahemadakye nnɔnabiɛsa no, oduruyɛfo bi baa me nkyɛn bɛkae sɛ: “Sɛ wubenya nkwa a, ɛsɛ sɛ wugye mogya.”
Mekyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ no sɛ meyɛ Yehowa Adansefo no mu biako, ne sɛ nyamesom ne aduruyɛ mu ntease bi nti, merennye mogya. (Leviticus 17:1014; Asomafo no Nnwuma 15:28, 29) Mihui sɛ ahaw no, nanso mihui sɛ na efi me gyinabea a ɛyɛ pintinn a ɔnte ase na ommu no nti.
Esiane nhyɛso a na ɛreyɛ kɛse ne ayaresabea hɔ tebea afoforo nti, mekae sɛ wonyi me. Ankyɛ na wɔde ambulance san de me kɔɔ baa dwumadibea hɔ ayarehwɛbea
Nkwagye Aduruyɛ a Ɛyɛɛ Yiye
Meka kyerɛɛ oduruyɛfo a ɔwɔ hɔ no, Yehowa Adansefo mu biako, sɛ onsi so dua nkyerɛ me sɛ wama me EPO (erythropoietin) , akwaa mu aduru bi a ɛma dompe mu hon ma wonya mogya nkwammoa kɔkɔɔ ntɛmntɛm. Ɔkae sɛ wama me bi. Ɛyɛ ampa sɛ na nipadua no da so ara hia nneɛma a ɛde siesie no na ama anya mogya nkwammoa kɔkɔɔ a ahoɔden wom. Nneɛma a esiesie no yi ne folic acid, vitamin B ne iron titiriw. lron dextran (Imferon) a wɔde fa ntini mu ne ɔkwan a ɛyɛ ntɛm sen biara a ɛma wonya iron a ehia, na mekae sɛ wɔmma me bi.a
Nanso ná Imferon nni Argentina. Ná ɛyɛ den sɛ wobenya bi wɔ United States mpo, efisɛ, esiane Persian Gulf no mu ɔko no nti na wɔde dodow no ara kɔ Mfinimfini fam Apuei. Nanso awiei koraa no wonyaa bi, na ntɛm ara wɔde maa Yehowa Adansefo no mu biako bi a na ɔrekɔ Argentina.
Saa bere yi na me hemoglobin adu 4 pɛ. Esiane sɛ mihui sɛ sɛ wɔtwe me mogya de yɛ nhwehwɛmu mmoro so a, ebetumi ama me mogya so atew kɛse nti, meka kyerɛɛ ayaresabea odwumayɛni a na ɔba baa dwumadibea hɔ no sɛ mempene ma ɔntwe me mogya bio. Ɔsɔre tiae sɛ: “Sɛ yɛantwe a, yɛrenhu nea ɛrekɔ so.
Mibuae sɛ: “Munim nea ɛrekɔ so. Mogya retu me, na dɛn ne ade a ɛsom bo sen biara wɔ me nipadua mu?”
Ogye toom sɛ: “Mogya.”
Mibuae sɛ: “Na afei de masi gyinae sɛ meremma wɔntwe bio.” Na wonnim sɛnea me mogya so atew akodu.
Saa anadwo no, mebɔɔ mpae denneennen srɛɛ Yehowa sɛ ɔnkyerɛ me kwan na, medaa anidaso a mewɔ sɛ ade bɛkye me no adi. Meyɛɛ saa de, nanso metee nka sɛ me nkwa tumi refi me mu. Na ɛte sɛ nea merebewu. Na anka me hemoglobin yɛ decilita biara mu gram 17.2, a ɛyɛ nea wogye tom no mu nea eye paa, enti na mahwere me mogya mu nea ɛboro ɔha mu nkyem 75. Na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho biribi foforo.
Saa anɔpa no, mekae sɛ mepɛ sɛ me ne nnuruyɛfo a na wɔhwɛ me no bɔ m’aduruyɛ ho nkɔmmɔ. Ná wɔmma me Vitamin K a eho hia ma mogya atumi ada, nanso afei de wɔpenee so ntɛm sɛ wobefi ase de ama me. Afei mibisae sɛ: “Ebetumi aba sɛ nnuru a mode ma me no bi na ɛma mogya tu me anaa ɛboa ma ɛyɛ saa anaa?”
Wobuae sɛ: “Dabi.”
Mibisae bio sɛ: “Mugye di?”
Ade kyee anɔpa hema no, wɔn a wɔyɛ Oprehyɛn no mu biako baa me hɔ bɛkae sɛ nhwehwɛmu foforo a wɔyɛe ma wohui sɛ ebia nnuru no mu biako ka ho bi na mogya tu me no. Ntɛm ara, wɔamfa bi amma me bio. Ɔpɛ a na nnuruyɛfo no wɔ sɛ wobetie me yiye sɛ ɔyarefo, na wɔahwehwɛ nnuru a wɔde ma me mu no maa obu a mewɔ ma wɔn no yɛɛ kɛse.
Mibisa ma wɔde aduruyɛ ho nhoma bɛtoo me mpa ho, na me ne me yere fii ase yɛɛ mu nhwehwɛmu. Na asɛm bi ka chemical hemostat, aduru a ɛma mogyatu gyae ho asɛm. Bere a yehui no, ankyɛ na Oduruyɛfo Marcelo Calderón Blanco, a ɔno nso yɛ Ɔdansefo bɛkae sɛ ɔpɛ sɛ ɔde aduru a ɛte saa ara di dwuma! Wɔmaa me aduru no te sɛ nea wɔsa obi ara pɛ. Saa bere no ara na wɔde lmferon no fi United States bae na wɔde faa me ntini mu maa me.
Afei ɔtwɛn ara na na yebetumi atwɛn. Da no ara, mifii ase tee nka sɛ merenya ahoɔden. Nnansa akyi no, mepene ma wɔtwee me mogya bi. Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, na hemoglobin no akɔ soro akodu 6! Nanso wɔhwɛe nnanum a atwam no, ná ɛyɛ 4 a ɛda so kɔ fam! Nnururyɛfo no annye anni. Wɔma wɔyɛɛ nhwehwɛmu foforo. Esii kan de no so dua. Ná EPO ne Imferon no reyɛ adwuma!
Ayaresabea adwumayɛni a ɔwɔ ayaresabea hɔ a ɔyɛɛ me mogya mu nhwehwɛmu no bae bɛkae sɛ ɛbɛyɛ sɛ oduruyɛfo no ama me mogya. Ɔkae bio sɛ: “Obiara nni hɔ a wɔmmaa no mogya a obetumi anya mogya ntɛm saa.” Oduruyɛfo no maa no awerɛhyem sɛ wamma me mogya biara. Ɔpɛe sɛ ohu sɛ: “Aduruyɛ mu nhyehyɛe bɛn na wodi akyi a ɛma wonya mogya pii ntɛm saa?” Wɔkaa EPO ne mferon a wɔde adi dwuma no ho asɛm kyerɛɛ no.
Oduruyɛfo Amilcar Fernández Llerena, me nnuruyɛfo a wɔnyɛ Adansefo no mu biako, bɛsraa me da a yɛn nsa kaa mogya mu nhwehwɛmu no. Ɔyɛɛ ho nhwehwɛmu wiei no, ɔde ahodwiriw kae sɛ: “Merema wo dinfoforo—Lasaro.” (Fa toto Yohane 11:38-44 ho.) Manyere me ho a, anka misui.
Oduruyɛfo Llerena kae sɛ: “Wubetumi ada wo Nyankopɔn Yehowa ase sɛ wote nkwa mu.” Mibisaa no nea ɔkyerɛ. Obuae sɛ: “Sɛ na woyɛ obi a ɔnom tawa, obi a ɔde nnubɔne di dwuma anaa obi a ɔnom nsã pii a, anka worennya nkwa wɔ oprehyɛn no mu. Nanso esiane sɛ wo nipadua mu tew na ɛwɔ ahoɔden esiane Onyankopɔn mmara so a wudi nti, woanya nkwa.”
Amanneɛbɔ a mede dii dwuma wɔ m’asɛm no mu ne nea mpɛn pii no yɛkyerɛkyerɛɛ Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw horow a ɛwɔ Amerika Atifi Fam, Europa, ne Latin Amerika no. Nea dwumadi no sii so dua ne nnuru afoforo a wobetumi de adi dwuma wɔ aduruyɛ a wɔmma mogya wom mu ma ayɛ yiye. Anigyesɛm ne sɛ nnuruyɛfo nsa betumi aka saa nnuru yi ho nsɛm afi Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw a mprempren ɛbɛboro 800 na ɛwɔ wiase nyinaa no nkyɛn.
Migye di sɛ me suahu yi bɛboa Adansefo afoforo a wɔhwehwɛ ayaresa a wɔmfa mogya nni dwuma wom. Ayaresabea a wɔyɛɛ me oprehyɛn wɔ hɔ no ne Argentina Yehowa Adansefo baa dwumadibea no dii nkitaho akyiri yi na wɔkae sɛ afei na wɔahu sɛ yɛwɔ nhyehyɛe bi a yɛnam so de nnuru a mogya nnim sa yare ma ɛyɛ yiye, ne sɛ wɔn ani begye sɛ wɔne yɛn bɛyɛ biako daakye.
[Ase hɔ asɛm]
a “Sɛ wopɛ nnuru a wɔde si ananmu a wɔahehyɛ ho nsɛm pii a, hwɛ Awake! November 22, 1991, kratafa 10.
[Mfonini wɔ kratafa 16]
Wɔyɛɛ me oprehyɛn wiei a merefi ayaresabea hɔ