Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 4/8 kr. 31
  • Oduruyɛfo Asɛyɛde

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Oduruyɛfo Asɛyɛde
  • Nyan!—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnuruyɛfo ne Yehowa Adansefo Yɛ Biako
    Nyan!—1994
  • Sɛnea Nnipa Pii Agye Ayaresa ne Oprehyɛn a Wɔmfa Mogya Nka Ho no Atom
    Nyan!—2000
  • So Woasisise Wo Ho Sɛ Wubegyina Aduruyɛ Mu Tebea A Ɛsɔ Gyidi Hwɛ Ano?
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Wo Mma ho Ban a Wobɛbɔ na Wɔamfa Mogya Anni Dwuma Ɔkwammɔne So
    Yɛn Ahenni Som—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1993
g93 4/8 kr. 31

Oduruyɛfo Asɛyɛde

BƐYƐ mfe ason a atwam ni no, Dai Suzuki, abarimaa bi a wadi mfe du, hweree ne nkwa wɔ akwanhyia mu. Atesɛm ho amanneɛbɔfo de too Dai awofo so sɛ wɔyɛɛ anibiannaso esiane sɛ, osetie a wɔyɛ maa Bible nnyinasosɛm nti, wɔpowee sɛ wɔbɛma kwan ma wɔama wɔn babarima no mogya. Dai awofo yɛ Yehowa Adansefo. Polisifo nhwehwɛmu akyi no, ɛdaa adi sɛ na anibiannaso biara nni awofo no fam.

Yehowa Adansefo a wɔwɔ Japan ne mmeae afoforo ani sɔ mmɔden a nnuruyɛfo bɔ sɛ wobegye nkwa no, na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔne ayaresabea adwumayɛfo bɛyɛ biako. Wɔde nnɛ mmere yi mu nnuru di dwuma, na wɔpene ayaresabea aduruyɛ so, gye sɛ mogya a wɔde ma nkutoo. Nanso sɛ aduruyɛ ho gyinaesi bi ka wɔn nokwaredi ma Bible mu nnyinasosɛm ahorow a, wotie Onyankopɔn. (Asomafo no Nnwuma 4:19) Bible no de ahyɛde a emu da hɔ ma sɛ: “Munyi mo ho mfi . . . mogya ho.”​—Asomafo no Nnwuma 15:29.

Enti sɛ́ anka wobegyaa wɔn gyidi wɔ Onyankopɔn ahyɛde horow mu asiesie no. Yehowa Adansefo paw ayaresa a wɔmfa mogya nni dwuma wom. Ɛyɛ ampa sɛ, ayaresa a ɛte saa a wohia no betumi de nsɛnnennen abrɛ wɔn a wɔwɔ ayaresa adwumayɛ mu. Nanso nnuruyɛfo ne ayaresabea mpanyimfo bebree rehwehwɛ akwan a wɔbɛfa so ayɛ nneɛma a Yehowa Adansefo pɛ ama wɔn. Sɛ́ nhwɛso no, atesɛm krataa bi a ɛwɔ Japan, Mainichi Shimbun kae sɛ nnansa yi “ayaresabea horow resiw mogya a etu obi bere a wɔyɛ no oprehyɛn no ano sɛnea wobetumi biara, na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ oprehyɛn a wɔmfa mogya nni dwuma.”

Ɛwɔ asɛm no mu sɛ wɔ Ageo Kosei Ayaresabea no, wɔyɛɛ Yehowa Adansefo 14 oprehyɛn ma ɛyɛɛ yiye a wɔamfa mogya anni dwuma, efi 1989 kosi January 1992 mu. Ayaresabea no si pene a onii no pene so no so dua. Wɔn botae ne sɛ wɔne Adansefo a wɔyare no besusuw mogya dodow a wobetumi ahwere ne asiane ahorow a ɛwɔ oprehyɛn a wɔmfa mogya nni dwuma wom no ho. Ayaresafo no gyina nsaano krataa a wonya fi ɔyarefo no hɔ so, yɛ oprehyɛn no a wɔmfa mogya nni dwuma.

Dɛn na ɛkaa saa ayaresabea yi ma wogyee Adansefo ayarefo na wɔkyerɛɛ obu maa wɔn ayaresa a wɔpaw no, ɛmfa ho sɛ ayaresabea afoforo pow wɔn no? Sɛnea Mainichi Shimbun kyerɛ no, ayaresabea no kwankyerɛfo, Toshihiko Ogane, kyerɛ mu sɛ: “Oduruyɛfo asɛyɛde hyɛ no sɛ ɔkyerɛ obu ma hokwan a ɔyarefo wɔ sɛ osi gyinae a etwa to no, na ɔyɛ nea obetumi biara sɛnea n’ahokokwaw ma kwan, na ɔboa wɔ ɔyare no sa mu. Pene a onii no pene so no ho hia yiye wɔ saa kwan no so.”

Atesɛm krataa no de ka ho sɛ: “Wɔ Yehowa Adansefo fam no, wɔahyehyɛ ayaresabea ntam nkitahodi boayikuw ama wɔn gyidifo wɔ nkurow 53 mu, wɔ ɔman no nyinaa mu. Saa boayikuw ahorow yi atirimpɔw ne sɛ wɔne ayaresabea ahorow no bɛka oprehyɛn a wɔmfa mogya nni dwuma wom ho asɛm.” Nea afi mu aba ne sɛ, mprempren sukuupɔn ayaresabea horow ne nnuruyɛ dwumadibea horow pii anya ɔpɛ sɛ wɔbɛma Adansefo no apaw ayaresa ko a wɔpɛ.

Mprempren nnuruyɛfo a wɔboro 1,800 a wɔwɔ Japan ne bɛboro 24,000 a wɔwɔ wiase nyinaa na wɔpɛ sɛ wɔne Adansefo no yɛ biako denam biribi foforo a wɔde besi mogya a wɔde ma ananmu so. Ayaresabea ntam nkitahodi boayikuw a ɛboro 800 ne nnuruyɛfo a wogye tom sɛ ɛyɛ “oduruyɛfo asɛyɛde” sɛ ɔkyerɛ obu ma ɔyarefo hokwan a ɔwɔ sɛ ɔpaw ayaresa ko a ɔpɛ no adi nkitaho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena