Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 6/8 kr. 18-20
  • So Ɛsɛ sɛ Mitu Kɔtra Ɔman a Wodi Yiye Kɛse Mu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ɛsɛ sɛ Mitu Kɔtra Ɔman a Wodi Yiye Kɛse Mu?
  • Nyan!—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛnsɛ sɛ Wopere Wo ho Si Gyinae
  • Ɛnsɛ sɛ Wugye Biribiara a Wote no Di
  • Susuw Mfaso ne Ɔhaw Ahorow no Ho
  • Esau Mfomso Ahorow a Yebesua Biribi Afi Mu
  • Wo Gyinaesi a wubedi Ho Dwuma Yiye
  • Kae W’ahiade Ankasa
  • Si Gyinae Pa na Bɔ W’agyapade Ho Ban
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Masom Yehowa Ama M’ani Agye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Mmofra Bisa Sɛ​—Mɛyɛ Dɛn Atumi Anya Nnamfo Pa?
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • Yakob Nyaa Agyapade No
    Sua Biribi Fi Bible Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1993
g93 6/8 kr. 18-20

Mmofra Bisa Sɛ . . .

So Ɛsɛ sɛ Mitu Kɔtra Ɔman a Wodi Yiye Kɛse Mu?

TARA fii ne kurom Trinidad, Sheila fii Jamaica, na Erick fii Suriname. Mmofra baasa no nyinaa tu kɔtraa ɔman a wodi yiye kɛse mu. Dɛn ntia?

Tara kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nea yɛn mmofra a yɛwɔ Trinidad hu wɔ nsɛmma nhoma ahorow mu ne TV so no nya yɛn so nkɛntɛnso kɛse. Nea ɛyɛ awerɛhow no, eyi ma yenya United States ne aman afoforo a wodi yiye no ho adwene a ntease nnim.”

Saa ara na Sheila asɛm no te: “Mekae sɛ wɔkaa adwuma hokwan akɛse ne nhomasua a wontua ho hwee ho asɛm kyerɛɛ me.” Nanso, ɔde kaa ho sɛ: “Minnim nea enti a ɛte saa, nanso wɔn a wɔakɔ aman yi mu no anka nneɛma a enye wɔ hɔ no ho asɛm da. Ebia na ɛyɛ wɔn aniwu sɛ wobegye atom sɛ tebea no nyɛ papa te sɛ nea wɔhwɛɛ kwan no.”

Nkurɔfo da so ara tu kɔtra mmeae afoforo Los Angeles Times mu amanneɛbɔ bi kyerɛe sɛ efi 1980 besi 1990 no, nnipa a wotu kɔtra aman afoforo mu no dodow bu bɔɔ ho, na wɔhwɛ kwan sɛ ebedu afe 2000 no, na abu abɔ ho bio. Afe biara nnipa bɛboro 700,000 tu kɔtra United States. Nnipa bɛboro 50,000 tu kɔtra Australia, Canada, Cote d’Ivoire, ne Saudi Arabia afe biara, na wɔn mu pii hwehwɛ asetra a yiyedi kɛse wom.

Sɛ wote ɔman a wodi hia wom anaa afei na wɔrenya nkɔso mu a, ebia wo nso wubebisa sɛ ebia wo daakye bɛyɛ yiye wɔ ɔman a wodi yiye kɛse mu a. Eyi yɛ gyinaesi a anibere wom. Ɔkwan bɛn so na wubetumi apaw ade nyansam?

Ɛnsɛ sɛ Wopere Wo ho Si Gyinae

Erick, a ofi Suriname, gye di sɛ ɛnsɛ sɛ wode ahopere yɛ ade, na mmom ɛsɛ sɛ wohwehwɛ ho nsɛm pii sɛnea wubetumi biara. Ɔka sɛ: “Wɔ Suriname mpo no, mmusua dodow no ara wɔ abusuafo wɔ aman a wodi yiye kɛse no mu, na wubetumi ate nsɛm a ɛkɔ so mprempren, na woahu wiase sikasɛm tebea horow ho nokwasɛm ahorow.”

Ansa na wubesi gyinae no kae sɛ: “Wɔkwati agyinakɔ a, tirimpɔw yɛ ɔkwa, na agyinatufo pii mu na ebegyina.” (Mmebusɛm 15:22) Enti wo ne w’awofo, Kristofo mpanyimfo, ne afoforo a wɔwɔ suahu na wodwen wo ho mmɔ nneɛma a wubetumi apaw no ho nkɔmmɔ pefee.

Ɛnsɛ sɛ Wugye Biribiara a Wote no Di

Sɛ wote akyirikyiri nsase a wodi yiye wɔ so ho asɛmpa a, ebia ɛho akyinnye kakra a ɛfata a wubegye no bɛyɛ nea ɛteɛ. Abebusɛm bi a nyansa wom ka sɛ: “Atetekwaa gye nsɛm nyinaa di, na onitefo hwɛ ne nantew mu yiye.”​—Mmebusɛm 14:15.

Sheila, a na ɔte Jamaica no kae sɛ: “Me Engiresi kasa kyerɛkyerɛfo kae sɛ United States a metu akɔtra hɔ no yɛ ade pa a ɛsen biara a metumi ayɛ. Mpanyimfo bi ka kyerɛɛ me sɛ, sɛ mekɔ Canada, United States, anaa England a, ɛho bɛba me mfaso, ɛmfa ho adwuma a mɛpaw. Ne tiaatwa mu no ɛbɛyɛ nea nyansa nnim sɛ mɛpow hokwan a ɛte saa.”

So United States a otu kɔtrae no boaa no ankasa? “M’asetra yɛɛ yiye akwan pii so, nanso me nnamfo a wɔtraa Jamaica no nso asetra yɛɛ yiye. Mpɛn pii no, wode ɔhaw biako sesa foforo. Baabi a wote ara kwa no remma wunni yiye.”

Tara, a otu fii Trinidad kɔtraa United States no gye tom sɛ: “Nkurɔfo kaa aman a wodi yiye wom ho asɛm sɛ nsase a wubenya hokwan​—asua nhoma, ayɛ adwuma, anya sika pii, na woatra ase wɔ tebea pa mu. Nanso nnɛ, nnipa a wotu kɔe no mu pii rehu sɛ baabiara tebea rekɔ so sɛe. Ebinom asan kɔ wɔn man mu.”

Susuw Mfaso ne Ɔhaw Ahorow no Ho

Nea ɛbɛyɛ na woasi gyinae a ɛkari pɛ no, nsusuw asɛmpa a ɛne sɛ ahonyade abu so wɔ aman afoforo so no nkutoo ho. Susuw tu a wubetu akɔ hɔ no mu mfaso ne ɔhaw ahorow no ho​—sikasɛm, asetra, abrabɔ ne honhom fam.

Sɛ́ nhwɛso no, ebetumi aba sɛ sika fam ahokyere wɔ baabi a wote no. Nanso, so adwuma hokwan ahorow biara mmɛn baabi a wote no? Tara ka sɛ: “Wɔ ɔman a mifi mu mu no, na nnipa pii nnya adwuma nyɛ, titiriw wɔn a wonsuaa nhoma nkɔɔ akyiri no.” Enti otu fii hɔ; ne nuabarimanom traa hɔ. “Me nuabarimanom nkumaa baanu suaa duadwumfo adwuma ne nkongua ho dura. Mprempren wɔyɛ adwuma wɔ factory ahorow mu na nkurɔfo a wɔn ani gye wɔn adwumayɛ ho de nnwuma pii brɛ wɔn. Ebia wodi yiye wɔ yɛn man mu sen sɛnea mete wɔ ‘ɔman a wose obi benya hokwan pii de ama n’asetra ayɛ papa no mu wɔ ha yi.’”

Sɛ wutu a, ɛda adi sɛ wubehyia amanne mu nsɛnnennen, ebia abrabɔ gyinapɛn ahorow a ɛsom bo ma wo ho ɔsɔretia wɔ akwan nyinaa so. So ɛfata sɛ wutu kɔ na wokɔtɔ asiane a ɛte sɛɛ mu? Afei nso, honam fam ade dodowpɛ abu so wɔ aman a wodi yiye wom no mu. Ɛno betumi aka wo wɔ honhom fam dɛn?

Esau Mfomso Ahorow a Yebesua Biribi Afi Mu

Na ɛyɛ ɔhaw kɛse ma Bible mmere mu Esau sɛ obesusuw mfaso ne ɔhaw ahorow a ɛwɔ gyinaesi ahorow mu. Wantumi ansusuw nneɛma a ɛho hia yiye ho mpɛn pii​—ne honhom fam yiyedi ne n’abusua. Enti, ne gyinaesi akɛse binom dan ɔhaw ahorow.

Bible bɔ kɔkɔ tia ‘obiara a ɔnkyerɛ akronkronne ho anisɔ, te sɛ Esau a ɔtɔn n’abakan gyee aduan koro no.’ (Hebrifo 12:16) Ná n’abakan hokwan yi yɛ kronkron. Ná Onyankopɔn abue hokwan ama Esau abusua no sɛ wɔnyɛ Mesia, nea adesamma nyinaa nam ne so benya nkwa no abusua mufo. (Genesis 22:18) Nanso “Esau ammu ne panyin.” Ɔtɔn no ntɛm ara de gyee asɛdua a wɔanoa! (Genesis 25:30-34) Ahode a ɛyɛ kronkron sen biara ne wo ne wo Bɔfo ntam abusuabɔ. Mfa nsesa biribi, mpow, anaa mfa nsesa honam fam mfaso biara.​—Marko 12:30.

Akyiri yi, bere a Esau tu tii faako a ɔtrae wɔ ne mmofraberem kɔɔ asase foforo so no, ɔwaree Hitifo mmea baanu. Ebia ntease ahorow bi nti na ɛte sɛ nea nyansa wɔ aware yi mu, nanso nsɛnnennen nkutoo na ɛde bae wɔ honhom fam, efisɛ na mmea no nsom Esau awofo, Isak ne Rebeka, Nyankopɔn no. Saa yerenom no ‘hyɛɛ n’awofo awerɛhow.’​—Genesis 26:34, 35.

Mmofra taa ware na ama wɔatumi akɔ aman a wodi yiye kɛse mu ara kwa. Wɔbɔ amanneɛ sɛ awarefo 4,000 fi India kɔ United States afe biara, na wobu akontaa sɛ 10,000 twɛn sɛ wɔbɛyɛ saa. Nanso, aware yɛ akyɛde a ɛsom bo a efi Onyankopɔn hɔ. Ɛnsɛ sɛ wobu no adewa a wɔde di dwuma sɛ ade a wogyina so tu kɔtra ɔman bi mu kɛkɛ. Sɛ ‘wo ne obi a onnye nni twe kɔndua koro’ a, susuw sɛnea ɛbɛhaw Yehowa ne w’abusuafo anokwafo no ho.​—2 Korintofo 6:14.

Wo Gyinaesi a wubedi Ho Dwuma Yiye

Sɛnea wudi wo gyinaesi ho dwuma ɔkwampa so no betumi ayɛ nea ɛho hia sen gyinaesi no ankasa. Sɛ́ ebia wobɛkɔ so atra baabi a wowɔ anaa wubesi gyinae sɛ wubetu afi hɔ no, ade titiriw no ne sɛ wubedi wo gyinaesi no ho dwuma yiye.

Sɛ wotra faako a wowɔ no a: Ɛnsɛ sɛ wokasa tia wɔn a wotu kɔtra baabi no. Wɔn gyinaesi yɛ wɔn ankasa asɛyɛde. (Romafo 14:4; Galatifo 6:4, 5) Sua sɛnea wobɛma w’ani asɔ anigyede ne mfaso a ɛwɔ ɔman a wufi mu no mu. Kyerɛ ɔdɔ kɛse ma nkurɔfo no, na nya tema wɔ wɔn mmɔdenbɔ ahorow ne nsɛnnennen ho kɛse.

Sɛ wutu kɔ a: Di w’ahiade atitiriw ho dwuma nyansam bere a wusua amanne afoforo ne ebia ɔkasa foforo no. Mfa nnɔnhwerew a ɛdɔɔso dodo nyɛ adwuma, na ama woanya honam fam nneɛma a kan no na wunhia no. Anyɛ saa a, ɛnkyɛ, wunnya adagyew mma honhom mu nneɛma.

Sheila gye tom sɛ: “Ɛho hia kɛse sɛ wunya adwuma yɛ wɔ nnɛ wiase mu. Nanso, abusua, nnamfo, ne honhom mu nneɛma ho hia sen ɛno. Sɛ biribi foforo biara di yɛn huammɔ a, ɛno na ɛma yetumi tra ase.” Bible no tu yɛn fo nyansam sɛ yɛnkwati sɛ ‘yebedi wiase no akosi ase; efisɛ wiase su resakra.’ (1 Korintofo 7:31) Wɔn a wodi nkonim ankasa no dwen adwuma ne sika ho sɛnea ɛfata​—wɔde abusua ahiade ahorow ne honhom mu nneɛma di kan koraa.

Fa ahwɛyiye paw nnamfo afoforo. Erick se: “Kɔ so ne nnamfo a wɔhyɛ abrabɔ pa a ɛma denhyɛ ho nkuran mmɔ.”

Kae W’ahiade Ankasa

Nneɛma a yehia ankasa na ama yɛn ani agye no nsakra. Sheila ka sɛ: “Ɛmfa ho beae a yɛte no, Yehowa ahyɛde ahorow ma yɛn no nsakra.” Ɛnonom ne dɛn? Yesu kaa no tiawa sɛ: ‘Anigye ne wɔn a wɔn honhom fam nneɛma ho hia wɔn.’ ‘Ɛnsɛ sɛ wudwennwen’ sɛnea wubenya aduan ne ntade pii ho da. Fa ‘Onyankopɔn ahenni ne ne trenee di kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka wo ho.’​—Mateo 5:3; 6:31, 33.

Gyinapɛn ahorow yi a wode bedi dwuma no betumi aboa wo ma woanya asetra pa wɔ ɔman biara so.

[Kratafa 19 mfonini]

Nsase a wodi yiye wom betumi ayɛ te sɛ nea ɛyɛ anigye sen sɛnea ɛte ankasa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena