Bible No Adwene
Ntoboa A Wɔde Yɛ Afoforo Adɔe—So Ɛyɛ Kristoni Asɛyɛde?
MFE du nnui bere a PTL (Munyi Awurade Ayɛ) Kuw a ne ti wɔ United State kesee fam apuei srɛsrɛɛ ntoboa sɛ nyamesom mu adɔeyɛ no. Wɔnam nea wɔfrɛ no satellite TV ne nkrataakyerɛw so gyigyee dɔla ɔpepehaha pii de kɔkaa wɔn sika ho wɔ sikakorabea—ɛdaa adi sɛ na wɔde bɛtrɛw asɛmpa no mu.
Susuw sɛnea nnipa mpempem pii a wɔde sika kɔmaa PTL Kuw no tee nka bere a wɔkenkan amanneɛbɔ ahorow te sɛ nea Associated Press de mae sɛ “wotuaa dɔla ɔpepem 1.6” maa PTL Kuw no kan titrani, Jim Bakker, ne ne yere Tammy sɛ “wɔn akatua ne akyɛde wɔ 1986 mu” no ho. Nea enye koraa no, amanneɛbɔ no ka kaa ho sɛ: “Wotuaa saa sika no ɛwom mpo sɛ anyɛ yiye koraa no, na asɔre no de ka dɔla ɔpepem 50 . . . Na wɔatew PTL sika no mu bɛyɛ $265,000 ama [Jessica] Hahn na ama waka n’ano atom wɔ [nna] mu kyɛfa a ɔne Bakker nyae no ho.
Ansa na ɔtemmufo a odii Bakker asɛm rema wɔde no ato afiase sɛ wabɔ akyidifo apoo no, ɔkae sɛ: “Ɛyɛɛ yɛn a yɛwɔ asɔre no yaw yiye sɛ yɛayɛ nkwaseafo ama asɛnkafo ne asɔfo a wowia sika.”
Ɛnyɛ nyamesom nkutoo na ɛde mmɔdenbɔ kanyan ntoboayifo nkate na afei wowia sika no mu fã kɛse. Mpɛn pii no, ebinom a wogyigye sika no fa ntoboa a wɔsrɛ no mu bɛboro ɔha biara mu nkyem 90.
Ɛnde, so ɛyɛ nwonwa sɛ nkurɔfo mpɛ sɛ woyi ntoboa a ɛte sɛɛ a wɔde yɛ adɔe no? Nanso, dɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ wɔ ho? So ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔbɛyɛ nhyehyɛe de ayi ntoboa de ayɛ afoforo adɔe? Akwankyerɛ ahorow bɛn na Bible no de ma na ama wɔde sika adi dwuma nyansam bere a wɔboa afoforo no? Ɔkwan pa a ɛsen biara bɛn na wɔbɛfa so aboa afoforo?
Adema—Yiw ne Dabi
Nokwarem no, Bible no de afotu ma sɛ wonyi ayamye adi nkyerɛ ahiafo. Efi tete no, wɔahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo nkuran sɛ “wɔnkyɛ ade fɛw so na wɔn nsa nteɛ.” (1 Timoteo 6:18; Deuteronomium 15:7, 10, 11) Nokwarem no, wɔka kyerɛ Kristofo wɔ 1 Yohane 3:17 sɛ: “Na nea ɔwɔ wiase asetrade na ohu ne nua sɛ ahia no na ɔbɔ no ayamɔnwene no, Onyankopɔn dɔ no te ne mu dɛn?”
Yiw, kyɛ ade; nanso hwɛ yiye! Adɔeyɛ akuw, nyamesom, ne afe afe ɔman adwuma ho ɔsatu ahorow kɔ so de adesrɛ to yɛn anim; wɔn mu pii de adesrɛ a wontumi nkwati to gua. Nanso, sɛ woresusuw wɔn ho a, eye sɛ wobɛkae Bible mu abebusɛm yi: “Atetekwaa gye nsɛm nyinaa di, na onitefo hwɛ ne nantew yiye.” (Mmebusɛm 14:15) Ɔkwan foforo so no, hwɛ yiye na woannye nea adɔeyɛ akuw ka anaa wɔhyɛ ho bɔ kɛkɛ no antom. Wɔde sika a wogyigye no di dwuma ankasa dɛn? So ahyehyɛde ahorow a wɔde sika no ma wɔn no yɛ wɔn a ɛsɛ sɛ Kristofo boa wɔn? So dwumadi ahorow no yɛ amammuisɛm ne ɔmampɛ de, anaa ɛfa atoro som ho? So atirimpɔw a wɔda no adi pefee no so wɔ mfaso na ɛne Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm mmɔ abira?
Adɔeyɛ akuw bi tumi yɛ nneɛma pa pii ma ahiafo. Mpɛn pii no Kristofo ankasa nya saa adɔeyɛ akuw no so mfaso bere a asiane anaa ɔyare bɔne bi to wɔn no. Nanso, adɔeyɛ akuw afoforo sɛe sika kɛse wɔ wɔn dwumadi no sohwɛ anaa sika gyigye no ho, ma enti sika a wogyigye no ketewaa bi pɛ na wɔde di atirimpɔw a wɔabɔ ho dawuru no ho dwuma ankasa. Sɛ nhwɛso no, ahyehyɛde akɛse 117 a wɔnhwehwɛ mfaso a ɛwɔ United States, a adɔeyɛ akuw ka ho no ho nhwehwɛmu bi a wɔyɛɛ nnansa yi ma wohui sɛ emu bɛboro anan biara mu biako ma wɔn mpanyimfo akatua a ɛyɛ $200,000 anaa nea ɛboro saa afe biara. Wɔn sikasɛm mu nhwehwɛmu taa da no adi sɛ wɔde sika no tɔ afɛfɛde na wɔde di akɛsesɛm. Ɛwom sɛ ɛyɛ adɔeyɛ kuw de, nanso sika a wubeyi de aboa saa nneɛma no renni Bible ahyɛde a ese yɛmmoa ahiafo no ho dwuma.
Adwene a Ɛkari Pɛ
Ɛwom sɛ obiara mpɛ sɛ ɔsɛe ne sika—anaa nea enye koraa no, ɔde bɛma ahopɛfo ma wɔanya wɔn ho—nanso ɛho hia nso sɛ ɔhwɛ yiye na wanya adema ho adwene a ɛnteɛ. Mfa nneɛma a “adɔeyɛ akuw” bi nyɛ no yiye anaa wɔn nsisi nyɛ anoyi mfa mmu ahiafo animtiaa anaasɛ w’ani ngu mmɔborohunu so. Mmebusɛm 3:27, 28 tu fo sɛ: “Mfa yiyeyɛ nkame nea ɛsɛ no, bere a ɛwɔ wo tumi mu sɛ wobɛyɛ no. Nka nkyerɛ wo yɔnko sɛ: Kɔ na bra! ne: Ɔkyena mede mɛma, bere a ɛwɔ wo hɔ.” (Fa toto 1 Yohane 3:18 ho.) Mfa no sɛ adɔeyɛ akuw nyinaa sɛe sika anaa wodi amim. Hwɛ nokwasɛm ahorow no mu, na afei w’ankasa si gyinae sɛ wubeyi ntoboa anaa wunnyi.
Nnipa pii pɛ sɛ wɔn ankasa bɛboa ankorankoro ne mmusua a ahia wɔn no tẽẽ. Ɛdenam saayɛ so no, ademafo no tumi hu ade pa a wɔde wɔn ntoboa ahorow no yɛ no. Eyi nso ma wonya hokwan de nsɛm ne nneyɛe hyɛ afoforo den na woyi ayamye adi kyerɛ wɔn. Sɛ wunni honam fam nneɛma pii a wode bɛma mpo a, wubetumi akɔ so anya ɔma mu anigye ara. Bere foforo a wobɛte wɔn a wohia saa mmoa no ankasa ho asɛm no, fa nea wubetumi biara ma wɔ honhom a ɛwɔ 2 Korintofo 8:12 no mu: “Na sɛ koma a ɛpɛ wɔ hɔ a, ɛsɔ ani, sɛnea onii no wɔ ade, na ɛnyɛ sɛnea onni.”
Kae nso sɛ, ɛtɔ da bi a, ɛnyɛ sika na mmom biribi foforo na ebetumi ayɛ afoforo yiye asen biara. Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ “monkɔka sɛ: Ɔsoro ahenni no abɛn. . . . Munyaa no kwa, na momfa mma kwa!” (Mateo 10:7, 8) Saa ara na nnɛ, Kristofo hu sɛ bere, ahoɔden, ne sika a wɔde boa Ahenni adansedi—a ɛma asetra yɛ papa na ɛma wonya anidaso no—yɛ adɔe a ɛsen biara.
Enti, nea Bible no kyerɛ ne sɛ yenyi adɔe ne ayamye adi nkyerɛ. Ɛkae yɛn sɛ honam fam mmoa ho taa hia, na ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so. Bere koro no ara mu no, nte nka sɛ ɛyɛ ɔhyɛ sɛ wobɛma obiara a ebia ɔsrɛsrɛ sika no sika. Susuw ɔkwan pa a ɛsen biara a wobɛfa so de sika a wowɔ no adi dwuma na ama woasɔ Onyankopɔn ani, na wode mmoa kɛse a ɛsen biara ama w’ankasa w’abusua ne wo mfɛfo nnipa no ho. (1 Timoteo 5:8; Yakobo 2:15, 16) Suasua Yesu denam hu a wubehu afoforo ahiade na woadi ho dwuma no so—honhom mu ne honam mu. Hebrifo 13:16 ka sɛ: “Na yiyeyɛ ne adekyɛ na mommma mo ani mmpa so, efisɛ saa afɔrebɔ no sɔ Onyankopɔn ani.