Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 9/8 kr. 16-18
  • Joshua Apɛde

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Joshua Apɛde
  • Nyan!—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yosua 1:9—“Nya Akokoduru Na Ma Wo Ho Nyɛ Den”
    Bible Mu Nsɛm a Wɔakyerɛkyerɛ Mu
  • Nea Yosua Kaee
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Ma Yosua Mmoa Wo Na Som Yehowa Akokoduru So!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Yehowa Yɛn Nyankopɔn Na Yɛbɛsom No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1993
g93 9/8 kr. 16-18

Joshua Apɛde

WƆ MARCH 6, 1992 mu no, Wood abusua no hui sɛ wɔn abusua no muni a osua koraa, Joshua, a wadi mfe ason no yare leukemia, owuyare bi. Joshua nuabarima panyin a wadi mfe 16, ne ne nuabea a wadi mfe 19 ne ne papa yɛ Yehowa Adansefo bere nyinaa asomfo (akwampaefo) . Joshua nuabarima foforo no nso adi mfe du.

Nea ɛbɛyɛ na wɔasa Joshua yare no, wofii chemotherapy aduruyɛ ase ntɛm ara. Saa aduruyɛ yi mu ɔhaw biako ne dia wontumi nnidi, enti bere nyinaa na wɔbrɛ ho ansa na Joshua adidi. July mu no, abusua no nyinaa sii gyinae sɛ wɔbɛkɔ Yehowa Adansefo ɔmantam nhyiam wɔ Lafayette, Louisiana, U.S.A., a ɛbɛn wɔn fie wɔ Winnfield no. Bere a wɔwɔ hɔ no, Joshua yare no mu yɛɛ den, na Memeneda anɔpa wɔde no kɔɔ ayaresabea beae bi a wɔhwɛ ayarefo a wɔn yare mu yɛ den wɔ hɔ. Nhyiam no akyi no, n’awofo de no kɔɔ ayaresabea wɔ New Orleans, beae a wɔhwɛ no yare daa no.

Bere a abusua no wɔ New Orleans no, asetram nsɛm ho dwumayeni bi kaa dwumadi bi a edi mmofra a wɔyare denneennen apɛde ho dwuma ho asɛm kyerɛɛ Joshua maame April. Wɔde dwumadi no ho akwammisa krataa maa April, na ɔne ne kunu Paul hyehyɛe.Bere a wɔsan de Joshua baa New Orleans wɔ August awiei ma wɔhwɛɛ no wɔ ayaresabea sɛnea wɔyɛ ɔsram biara no, ɔbarima a ɔyɛ dwumadi no nanmusifo, Jim, ne Joshua bɛkasae wɔ nea ɔpɛ no ho.

Joshua kae sɛ: “Mepɛ sɛ mekɔ New York.” Esiane sɛ mmofra taa pɛ sɛ wɔkɔ beae bi a wogye wɔn ani wɔ hɔ nti, Jim ante nea enti Joshua pɛe sɛ ɔkɔ New York no ase. Joshua buae sɛ: “Mepɛ sɛ mikohu Ɔwɛn Aban Asafo no.”

Jim bisae sɛ: “Ɛyɛ dɛn ade?”

“Wunim, ɛhɔ na wɔyɛ nsɛmma nhoma, Bible ahorow, nhoma ahorow, ne nkratawa.”

April toaa so kyerɛkyerɛɛ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti ne nhoma tintim adwuma a wɔyɛ wɔ hɔ no mu kyerɛɛ Jim. Joshua kae sɛ: “Mprempren me nuabarima rekɔ hɔ nsrahwɛ, na mɛpɛ sɛ me ne m’abusua no nyinaa bom kɔ.”

Bere a Jim hui sɛ abusua no mufo yɛ nnipa baasia no, Jim bisaa Joshua sɛ ebia ɔbɛpɛ sɛ ɔkɔ Disney World wɔ Florida sen sɛ ɔbɛkɔ New York a. Na Joshua nim nea enti a ɔpɛ sɛ ɔkɔ New York nopefee. Jim kyerɛkyerɛɛ mu sɛ onnim sɛ ebia a wobetumi adi n‘abisade no ho dwuma ama no, nanso ɔbɛhwehwɛ mu ahwɛ. Jim bisaa Joshua n‘apɛde a etia abien ho asɛm.

Joshua buae sɛ: “IBM kɔmputa.”

“Dɛn nti na wopɛ IBM kɔmputa‘.’” Jim pɛe sɛ ohu.

Joshua kae sɛ sɛnea ɛbɛyɛ na watumi anya Bible a ɛwɔ diskɛt so afi Ɔwɛn Aban Asafo no hɔ. (Joshua nim sɛ Bible diskɛt no yɛ IBM-kɔmputa so de.) Afei Jim bisaa no bio sɛ: “Wugye di sɛ wompɛ sɛ wokɔ Disney World?”

Joshua buae sɛ: “Migye di.”

Nna kakra akyi no, Jim san bɛka kyerɛɛ Joshua sɛ wɔapene pɛ a ɔpɛ sɛ ɔne n’abusua kɔ New York no so. Ne maame kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Joshua yɛ abofra a ɔyɛ komm wɔ nneɛma a ɛkanyan nnipa dodow no ara anigye ho, nanso m’ani gyei kɛse!”

Wɔ September 30 no, Wood abusua no fii New Orleans kɔɔ New York City. Na wɔn mu biara nkɔɔ Ɔwɛn Aban Asafo no dwumadibea hɔ pɛn gye Buddy, wɔn babarima panyin no nkutoo na wakɔ hɔ wɔ adapɛn kakra a atwam no mu. Wɔmaa wɔn baasia nyinaa dabere wɔ Ramada lnn ahɔhodan mu wɔ Manhattan, New York, na wɔmaa kar fɛfɛ bi de wɔn kɔhwɛɛ Adansefo no nhoma amanae, nhoma tintimbea, office, ne wɔn adan a wɔda mu a ɛwɔ East River agya wɔ Brooklyn no.

Nnanu a wodii wɔ hɔ no, wɔde abusua no kyinkyin adwumayɛbea ti hɔ de hwɛɛ hɔ. Wɔde da koro kyinkyin office adan ne nhoma tintimbea adan a ɛyɛ abansoro a ɛtoa so anum no mu. Ade kyee no, wɔkɔhwɛɛ ɔdan a ne kɛse ne ne trɛw yɛ anammɔn apem a nhoma amanae, baabi a wɔkyere nsɛm gu kasɛt so, ne nnwuma afoforo wom ne adan 21 a adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama mpem abiɛsa ne akyi da mu no mu binom no nso. Bere a na abusua no wɔ hɔ no, wɔyɛɛ nhyehyɛe soronkobi maa wɔn ma wɔne adwumayɛbea ti hɔnom adwumayɛfo no didii mprɛnsa wɔ adidibea adan du no biako mu.

October 3 no, wɔde kar twaa bɛyɛ kilomita 160 kwan kɔɔ atifi fam kɔhwɛɛ Watchtower Farms. Wokyinkyin ɛhɔnom nhoma tintimbea kɛse no mu hwɛɛ hɔ, na wohuu faako a wodua dwumadibea ti hɔ adwumayɛfo no nnuan no dodow no ara. Awia bere no, abusua no kɔsraa Watchtower Educational Center, a wogu so resi wɔ baabi a ɛbɛn Patterson, New York, a fi Watchtower Farms kɔ hɔ no bɛyɛ dɔnhwerew biako kwan. na afei wɔsan baa New York anadwo.

Ade kyee no, kar fɛfɛ bi kɔfaa wɔn kɔɔ New York Kennedy wimhyɛn gyinabea ma wɔsan kɔɔ New Orleans. Wodii ɔpɛ a Joshua nyae sɛ ɔbɛkɔ akɔhwɛ “beae a wɔyɛ nsɛmma nhoma, Bible ahorow, nhoma ahorow, ne nkratawa” no ho dwuma. Wood abusua no de aseda kɛse ma ahyehyɛde a wɔyɛ nhyehyɛe ma wodi mmofra a wɔyare denneennen apɛde ho dwuma no wɔ akwantu a ɛhyɛɛ wɔn den honhom mu ho sika nyinaa a wotuae no ho.

Adapɛn kakraa bi akyi, wɔ November mfinimfini, bere a wɔde Joshua kɔɔ ayaresabea ma wɔahwɛ no sɛnea wɔyɛ ɔsram biara no, wɔtoo nsa frɛɛ no sɛ ɔmmra odwontofo Garth Brook a wagye din nnwonto ase wɔ Monroe, Louisiana. Nnwonto no akyi no, Owura Brooks frɛɛ Joshua ne ne papa baa ne nkyɛn, na Joshua de nhoma Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So a wɔde suaa Bible no maa no sɛ akyɛde. Bere a Joshua bisaa Owura Brooks sɛ ne ba no ho te dɛn (ɔwɔ ɔbabea kumaa) no, Joshua anigye no kaa no kɛse.

Nokwarem no, ɛyɛ ahomeka bere a abofra ma afoforo yiyedi ho hia no no, titiriw bere a nea ɔpaw no da anigye a ɔwɔ wɔ honhom mu nneɛma ho adi no! Sɛ anka wɔka sɛ paw nea wopɛ a, so wobɛpaw nea ɛso bɛba wo ne afoforo mfaso honhom mu?

[Pictures on page 16, 17]

Beae a Joshua ne n’abusua kɔsrae

Nifa so: Watchtower Educational Center

Ase hɔ: Watchtower Office adan

Benkum so: 360 Furman adan a Nhoma Amanae wom

Ase hɔ: Nhoma Tintimbea

Benkum so: Watchtower Farms no nhoma tintimbea

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena