Akokoduru a Ɛma Mede Onyankopɔn Dii Kan
NÁ BIRIBI a ɛbɔ hu bi ka yɛn telefon a egyigyei ahemadakye nnɔnabiɛsa no ho. Na ɛyɛ Papa yɔnko dwumayɛni a wakɔ American Legion nhyiam bi wɔ bere tiaa bi akyi. Na ne ho pere no. Ɔteɛm guu me papa so sɛ: “Wally, sɛ wo ne Philadelphia Inquirer adwumam ankasa telefon so ntɛm ara anka ankyerɛ wɔn sɛ wubekyia frankaa no ansa na anɔpa de no aba a, basabasayɛfo kuw bɛtow ahyɛ w’aguadidan ne w’abusua so nnɛ, na sɛ ɛba saa a, emfi me! Na basabasayɛfo kuw atow ahyɛ me papa ne me maame so pɛn. Esiane sɛ afei na wɔanyan nti, wofii ase bɔɔ mpae.
Wonyan yɛn mmofra baasia no ahemadakye. Me papa ka kyerɛɛ me nuabarima Bill sɛ ɔmfa me nuanom nkumaa no nkɔ yɛn nananom fie. Afei me ne Bill boae ma wɔyɛɛ ofie ne aguadidan no mu nnwuma sɛnea yɛyɛ daa no. Me papa kɔɔ polisifo panyin a ɔwɔ Minersville hɔ kɔkaa ahunahuna no ho asɛm kyerɛɛ no. Ankyɛ koraa Pennsylvania Mantam no Polisifo kar ba begyinaa yɛn aguadidan no anim, na egyinaa hɔ da mũ nyinaa. Yɛkɔɔ so yɛɛ yɛn nnwuma wɔ aguadidan no mu na yɛtɔn nneɛma maa atɔfo de, nanso yɛkɔɔ so hwɛɛ aguadidan no anim. Na yɛn koma tu bere biara a nnipakuw bi gyina wɔ hɔ no. Nanso basabasayɛfo no amma da. Ebia ade kyee no wɔn bo dwoe—na polisifo kar a wohui no nso ka ho!
Yehu Nokware No
Dɛn na ɛde tebea a ɛyɛ hu yi bae? Na ɛfa yɛn som ho. Wɔ 1931 mu, bere a na madi mfe ason no, me nanabarima ne me nanabea bɛtraa yɛn nkyɛn kakra. Na wɔyɛ Bible asuafo, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no.
Nanabarima anni me papa adanse, nanso sɛ Nanabea ne Nanabarima fi adi a, me papa kɔ wɔn dan mu kɔhwɛ dekode a wɔn nhoma no ka ho asɛm. Ɔde ahopere kenkan nhoma no! Meda so ara te n’anigye nne no: “Hwɛ nea Bible no ka!” Nokware no maa n‘ani gyei yiye. Me Maame nso kenkan nhoma no, na ebeduu 1932 no, na wɔagyae Metɔdist Asɔre no, na na yɛyɛ ofie Bible adesua. M’ani gyei mmoroso sɛnea wɔn nso wɔn ani gyei bere a yɛtee Paradise asase a ɛreba ho asɛm no. Mede nokware no yɛɛ me de fii mfiase pɛɛ.
Wɔ 1932 awiei mu hɔ no, me Maame bisaa me sɛ ebia a masiesie me ho sɛ mɛyɛ afie afie asɛnka adwuma no a. Saa nna no mu no, na abofra anaa ɔpanyin biara nkutoo na ɔkɔ asɛnka. Na yɛde adansedi krataa na edi dwuma. Na meka tiawa sɛ: “Mema wo akye, mewɔ nkrasɛm bi a ɛho hia ma wo. Mesrɛ wo so wo bɛkenkan eyi?” Mfiase no sɛ ofiewura no ankyerɛ ho anigye kɛse a, meka sɛ, “Yoo, merekɔ,” bere a wakenkan awie no.
Ankyɛ biara na ɔsɔretia bae. Wɔ fefɛw bere mu wɔ 1935 mu no, yedii adanse wɔ New Philadelphia kurow no mu. Mekae sɛ na migyina ɔpon bi ano ne ɔbarima bi rekasa bere a polisifo ba bɛfaa me ne afoforo a wɔredi adanse no kɔe no. Ehu kaa ofiewura no sɛ wɔkyeree abeawa a wadi mfe 11 pɛ yi. Wɔde yɛn kɔɔ odumgya adwumam abansoro bi a ɛtoa so abien so. Basabasayɛfo bɛyɛ apem begyinaa ɔdan no anim. Ɛda adi sɛ asɔre ahorow no pɔn ntɛm saa Kwasida no na ahyɛ obiara nkuran ma ɔde ne ho ahyɛ basabasayɛ no mu bi. Bere a wɔde yɛn nam nnipakuw no mu no, abeawa bi bɔɔ me nsa ho. Nanso yɛkɔɔ mu dwoodwoo, na awɛmfo no amma basabasayɛfo no ammu ɔpon no.
Yɛn a wɔde yɛn kɔhyɛɛ odumgya dan no mu nyinaa yɛ 44, na yɛtraa atrapoe no so. Ehu anka yɛn koraa; yɛn ani gyei sɛ yehyiaa Adansefo binom a na wofi Shenandoah Asafo mu a na wɔbɛboa yɛn ma yɛyɛ asɛnka adwuma wɔ kurow no mu no. Mihyiaa Eleanor Walaitis wɔ hɔ, na yɛbɛyɛɛ nnamfo denneennen. Nnɔnhwerew kakra akyi no, polisifo no gyaee yɛn.
Frankaakyia ho Asɛm Sɔre
Wɔ 1935 Washington, D.C., Yehowa Adansefo nhyiam titiriw bi ase no, obi bisaa Onua Rutherford, Ɔwɛn Aban Asafo no titrani, no sɛ ɛsɛ sɛ sukuufo mmofra kyia frankaa anaa. Obuae sɛ ɛnkyerɛ nokwaredi mma Onyankopɔn sɛ wɔbɛhwehwɛ nkwagye denam asase so sɛnkyerɛnne bi a wobekyia so; ɔkae sɛ ɔrenyɛ saa. Ɛmaa me ne Bill ani gyei. Yɛne yɛn awofo kaa ho asɛm na yɛkenkan Exodus 20:4-6, 1 Yohane 5:21, ne Mateo 22:21 nso. Maame ne Papa anhyɛ yɛn na wɔamma yɛante afodi nka da. Bere a wobuee sukuu wɔ September mu no, na yenim nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ankasa yiye. Nanso bere biara a yɛn akyerɛkyerɛfo bɛhwɛ baabi a yegyina no, yɛde hu ma yɛn nsa so na yɛbesebese yɛn ano. Na me haw biako ne sɛ misuro sɛ, sɛ migyina pintinn a, me wiasefo sukuufo nnamfo ne me begyae adamfofa.
Nanso bere a akwampaefo bi bɛsraa yɛn no, mekaa nea na yɛyɛ no kyerɛɛ wɔn. Me werɛ remfi nea onuawa biako kae no da: “Lillian, Yehowa kyi obi a ɔyɛ nyaatwom.” Afei, October 6 no, Onua Rutherford maa radio so ɔkasa a asɛmti no ne sɛ “Frankaakyia.” Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ yebu frankaa no nanso amanne ahorow a wɔyɛ wɔ ohoni anaa sɛnkyerɛnnede bi anim no yɛ abosonsom ankasa. Yɛne Yehowa ntam abusuabɔ bara eyi pefee.
Wɔ October 22 no, Bill a na wadi mfe du pɛ no de anigye kɛse fii sukuu baa fie. Ɔkaa no nkonimdi mu sɛ: “Magyae frankaa no kyia!” Ɔkyerɛkyerɛfo no bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma me nsa so, nanso mede hyɛɛ me kotoku mu.”
Ade kyee no, mede akomatu kɔɔ me kyerɛkyerɛfo nkyɛn ansa na adekyerɛ afi ase sɛnea ɛbɛyɛ na merensuro. Mede anopopow kae sɛ: “Awuraa Shofstal, mintumi nkyia frankaa no bio. Bible no ka wɔ Exodus ti 20 sɛ yentumi nnya anyame afoforo nka Yehowa Nyankopɔn ho.” Nea ɛyɛɛ me nwonwa no, ɔbam me kae sɛ meyɛ abofra pa ankasa. Bere a eduu frankaakyia no so no, mamfa me ho anhyem.a Ankyɛ na obiara hwɛ me. Nanso m‘ani gyei. Yehowa na ɔmaa me akokoduru ma mankyia!
Ehu kaa mmeawa a na mepɛ wɔn asɛm no. Wɔn mu biako anaa baanu bebisaa me nea entia manyɛ saa, na yɛbɔɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye. Nanso mmofra no dodow no ara fii asekwatii me. Sɛ midu sukuu mu anɔpa biara a, mmarimaa bi teɛm sɛ, “Yehowa na ɔreba no!” na wɔtow mmosea gu me so. Wɔn a wɔwɔ sukuu no mu nyinaa hwɛɛ eyi adapɛn abien. Afei sukuu mpanyimfo no sii gyinae sɛ wɔbɛyɛ ho biribi. November 6 no, sukuu no mpanyimfo bagua hyiaa me papa ne me maame ne Ɔdansefo abarimaa bi awofo. Sukuu no panyin, Ɔkyerɛkyerɛfo Charles Roudabush, kyerɛe sɛ yɛn gyinabea no yɛ atuatew; na bagua no mufo a wɔaka no penee so. Woyii yɛn adi.
Ofie Sukuu Fi Ase
Wɔannye yɛn sukuu nhoma ahorow amfi yɛn nsam, enti ntɛm ara yɛtew ofie sukuu wɔ yɛn fie dan no atifi a abeawaa bi a ɔboa me maame wɔ fie na ɔhwɛ so. Nanso ankyɛ yɛn nsa kaa krataa bi sɛ sɛ yenni ɔkyerɛkyerɛfo a ɔfata a, wɔde yɛn bɛkɔ mmofrabɔne sukuu.
Nna kakraa bi akyi no, Paul ne Verna Jones a na wɔwɔ afuw wɔ baabi a ɛyɛ kilomita 50 kwan ne yɛn kasae wɔ telefon so. Paul ka kyerɛɛ me papa sɛ: “Yɛakenkan sɛ wɔayi mo mma no adi.” Na wɔabu ɔfasu a etwa wɔn adididan ne asa ntam no agu dɛ ayɛ sukuu dan. Wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmra sukuu no bi. Ɔkyerɛkyerɛfo kumaa bi a ofi Allentown a n’ani gye nokware no ho de ahopere gyee adwuma yi too ne ho so, ɛwom mpo sɛ na obegye akatua a esua sen nea ɔmanfo sukuu ahorow tua no de. Wofii ase tew Adansefo sukuu ahorow a ɛte saa wɔ ɔman no mu nyinaa.
Na Paul ne Verna Jones ankasa wɔ mma baanan; nanso anyɛ yiye koraa no, wogyee mmofra afoforo du. Mmofra baasa biara daa mpa biako so na yɛn nyinaa penee so sɛ yɛbesesa yɛn nnae bere koro mu! Ɔdansefo abusua foforo a wɔbɛn hɔ gyee mmofra pii, na ankyɛ na sukuufo no boro 40. Na yedi agoru sereserew pii, nanso na ofie nnwuma nso wɔ hɔ. Na yɛsɔre anɔpa 6:00. Na mmarimaa no yɛ nnwuma wɔ adiwo, na mmeawa no yɛ adwuma wɔ mukaase. Sɛ yɛpɔn sukuu Fida a, yɛn awofo bɛfa yɛn kɔ fie ma yɛtra hɔ dapɛn no awiei. Da koro Walaitis mma ne m’adamfo Eleanor bae.
Sukuukɔ ho nsɛnnennen kɔɔ so sɔree. Onua dɔfo Jones wui, enti me Papa de yɛn lɔre no yɛɛ sukuu lɔre de yɛn twaa kilomita 50 kwan kɔɔ sukuu. Afei yɛn mu binom duu mfe a ɛsɛ sɛ yɛkɔ ntoaso sukuu, na na yehia ɔkyerɛkyerɛfo a ɔfata a ɔbɛkyerɛ saafo no ade. Ɛte sɛ nea Yehowa ma yenyaa akwanside biara ano aduru.
Asennibea Kɔ
Saa bere no na Asafo ti no pɛ sɛ ɔde nea wɔde ayɛ yɛn wɔ frankaakyia no ho kɔ asennibea. Na yɛn mmofra ɔhaha pii a yɛankyia frankaa no abɛyɛ mpempem pii afei. Wɔpaw mmusua pii, nanso amantam asennibea ahorow powee sɛ ebegye wɔn nsɛm no atom na wɔadi. Wobehuu yɛn abusua no, na Asafo no mmaranimfo ne American Civil Liberties Union mmaranimfo de asɛm no kɔɔ Philadelphia Ɔman no Mantam Asennibea wɔ May 1937 mu. Wɔhyɛe sɛ wobedi asɛm no February 1938.
Na ɛsɛ sɛ me ne Bill di adanse wɔ asennibea. Meda so ara tumi te awɔw ne ehu a ɛkaa me no nka bere a merehwɛ kwan no! Asafo no mmaranimfo kaa nsɛm ahorow a na wobetumi abisa yɛn no kyerɛɛ yɛn mpɛn pii. Wɔ asennibea hɔ no, Bill na odii kan kasae. Wobisaa no nea enti a onkyia frankaa, na ɔfaa Exodus 20:4-6 mu asɛm ka de maa mmuae. Afei eduu me so. Wobisaa me asɛm koro no ara. Bere a mibuae sɛ “1 Yohane 5:21” no, ɔfã foforo no mmaranimfo teɛm sɛ: “Mempene so!” Ɔtee nka sɛ kyerɛwsɛm biako no ara ye! Afei Ɔkyerɛkyerɛfo Roudabush kasae, na ɔkyerɛe sɛ wɔasɛe yɛn adwene na yɛrema “obu a wonni ma . . . frankaa ne ɔman no” atrɛw. Nanso Ɔtemmufo Albert Maris buu yɛn bem.
Nkrasɛm a sukuu bagua no de brɛɛ yɛn ne sɛ: ‘Mommmɔ mmɔden mpo sɛ mobɛsan aba sukuu! Yɛde asɛm no kɔdan asennibea foforo.’ Enti wɔde asɛm no kɔɔ Philadelphia, saa bere yi de wɔde kɔɔ United States Asennibea awɔde asɛm dan no. Wɔ November 1939 mu no, atemmufo baasa buu yɛn bem. Sukuu bagua no bo fuwii. Wɔde asɛm no kɔdan United States Asennibea Kunini no!
Asennibea Kunini No
Yɛn ani gyei bere a yɛtee sɛ Onua Rutherford ankasa na obedi yɛn asɛm no ama yɛn no! Yɛn mu bi kohyiaa no wɔ Union Station wɔ Washington, D.C., anadwo a ade rebɛkye ma wɔadi asɛm no. Bere titiriw bɛn ara ni! Na ɛyɛ April 1940, na na awɔw da so ara wom kakra. Ade kyee no, Yehowa Adansefo bɛyɛɛ asennibea hɔ ma. Awiei koraa no eduu yɛn so, na Onua Rutherford sɔre kasae. Me werɛ remfi sɛnea ɔde yɛn a yɛyɛ Adansefo mmofra no totoo odiyifo nokwafo Daniel, Daniel Hebrifo nnamfo baasa, ne Bible no mu nnipa afoforo no ho. Na ne kasa no ka koma, na atiefo no yɛɛ komm tiei.
Na yenim pefee sɛ asennibea no bebu yɛn bem. Na yɛhwɛ kwan saa efisɛ na yɛadi bem wɔ nsɛm abien no mu dedaw. Nanso wɔ June 3, 1940 anɔpa, na me ne me Maame reyɛ adwuma wɔ mukaase bere a na radio no rekasa no. Wɔkaa asɛm bi mpofirim. Atemmufo no abu yɛn fɔ—a atemmufo 8 no mu 1 na obuu yɛn bem. Me ne me maame gyinaa hɔ komm na yɛannye anni. Afei yesian atrapoe no kɔka kyerɛɛ me papa ne Bill.
Gyinaesi yi de ehu kɛse a yentumi nka ho asɛm bae. Wɔtaa Yehowa Adansefo a obiara anka hwee wɔ ɔman no mu nyinaa. Na nnipa no susuw sɛ wɔreda ɔdɔ a wɔwɔ ma ɔman no adi denam tow a wɔtow hyɛɛ yɛn so no so. Wɔhyew Ahenni Asa a ɛwɔ Kennebunk, Maine, wɔ nna kakraa bi ntam. Wɔ Illinois no, basabasayɛfo kuw bi tow hyɛɛ Adansefo 60 so bere a na wɔreka asɛmpa no, dan wɔn kar ahorow butubutuwii na wɔsɛee wɔn nhoma ahorow. Wɔyɛɛ frankaakyia ho nhyiam toatoaa so wɔ Shenandoah, Pennsylvania, mpɔtam hɔ wɔ adwuma a etu fam biriw, nnwuma a wɔpam ntade, ne sukuu ahorow nyinaa mu. Enti, da koro pɛ, woyii Adansefo mmofra ne wɔn awofo adi fii wɔn sukuu ne wɔn nnwumam.
Ɔtaa Ano a Yegyinae
Saa bere yi na basabasayɛfo hunahunaa m‘abusua a madi kan aka ho asɛm no. Bere a ɛno anyɛ yiye akyi bere tiaa bi no, Minersvilie asɔre bi kae sɛ wɔnntɔ yɛn aguadidan no mu ade bio. Adetɔ kɔɔ fam koraa. Na ɛno nkutoo na yɛde hwɛ yɛn ho, na ebeduu saa bere no na mmofra baasia na wɔwɔ abusua no mu. Na ɛsɛ sɛ me Papa kɔbɔ bosea de hwɛ yɛn. Nanso bere bi akyi no, nkurɔfo fii ase bɛtɔɔ nneɛma wɔ yɛn aguadidan mu bio. Ebinom mpo kae sɛ ɔsɔfo no reyɛ ade “atra so” sɛ ɔbɛkyerɛ wɔn faako a ɛsɛ sɛ wɔtɔ wɔn nneɛma. Nanso, Adansefo mmusua pii hweree wɔn nnwuma ne wɔn afie wɔ saa mfe no mu.
Da koro anadwo bi na me na mereka abusua no kar akɔ fie bere a yɛpɔn Bible adesua bi no. Me maame ne me papa traa kar no mu ara pɛ, mmofra kuw bi pue fii mmeae a wɔakohintaw betwaa kar no ho hyiae. Wofii ase sɛ wɔrema kar no tae adwudwo. Mpofirim ara mihui sɛ ɔkwan bi da yɛn anim. Mituu kar no faa hɔ na yɛkɔe! Papa tuu me fo sɛ: “Lillian, nyɛ saa bio da. Wubetumi apira obi.” Nanso, yeduu fie dwoodwoo.
Wɔ basabasayɛ ntraso bere yi nyinaa mu no, nsɛm ho amanneɛbɔfo kaa yɛn ho asɛmpa. Anyɛ yiye koraa no, atesɛm nkrataa atitiriw 171 kasa tiaa frankaakyia ho gyinae a wosii wɔ 1940 mu no. Atesɛm nkrataa kakraa bi pɛ na egye toom. Eleanor Roosevelt, ɔman panyin no yere, kaa bi maa yɛn wɔ n’atesɛm krataa afa a wɔato din sɛ “Me Da” no. Nanso, na ɛte sɛ nea wɔrennyae nea wɔyɛ no da.
Awiei Koraa no Nsakrae Ba
Nanso, ebeduu 1942 no, Asennibea Kunini no atemmufo no mu binom tee nka sɛ wobuu atɛnkyea wɔ yɛn asɛm no mu. Enti Asafo no de Barnett, Stull, ne McClure, a wɔyɛ Adansefo mmofra kuw bia wɔayi wɔn adi afi sukuuwɔ West Virginia asɛm no kɔɔ asennibea United States asennibea ketewaa bi a ɛwɔ West Virginia atemmufo no nyinaa buu Yehowa Adansefo bem! Afei, esiane sɛ State Board of Education kae sɛ wɔnsan nni asɛm no bio nti, wɔde kɔɔ United States Asennibea Kunini no anim. Na yɛn abusua no wɔ Washington, D.C., bere a Asafo no mmaranimfo, Hayden C. Covington, kaa asɛm no tumi so wɔ Asennibea Kunini no anim no. Wobuaa asɛm no Frankaa Da wɔ June 14, 1943 mu. Atemmufo no buu Yehowa Adansefo bem bere a wɔn mu baasia buu yɛn bem na baasa buu yɛn fɔ no!
Eyi akyi no, nneɛma fii ase kɔɔ fam wɔ ɔman no mu nyinaa. Nanso, ebinom a na wɔmpɛ sɛ wɔyɛ nsakrae no kɔɔ so nyaa akwan a wɔbɛfa so ama asetra ayɛ den ama yɛn nuabeanom nkumaa no bere a wɔsan kɔɔ sukuu no, nanso afei de na me ne Bill atra sukuukɔ. Na mfe awotwe atwam fi bere a yɛkae sɛ yenkyia frankaa no.
Yehowa Som Adwuma a Yɛyɛe
Nanso na ɛno yɛ adwuma a yɛyɛe de som Yehowa no mfiase kɛkɛ. Bill bɛyɛɛ ɔkwampaefo bere a na wadi mfe 16. Me ne Eleanor Walaitis (mprempren wɔfrɛ no Miller) bɛyɛɛ ahokafo wɔ akwampae adwuma no mu na yɛsomee wɔ Bronx, New York City. Afe biako akyi no, m’ani gyei sɛ mifii ase somee wɔ Brooklyn Betel, Ɔwɛn Aban Asafo no wiase nyinaa adwumayɛbea ti. Ɛhɔ nso minyaa nnamfofa a akɔ so wɔ me nkwa nna nyinaa mu.
Wɔ 1951 ahohuru bere mu no, mihyiaa Erwin Klose wɔ Europa nhyiam bi ase. Wɔ apontow bi ase wɔ Germany no, ɔne Germanfo anuanom mmarima bi too nnwom dɛdɛ de gyee yɛn ani. Meka kyerɛɛ no anigye so sɛ ne nne yɛ dɛ. Ɔbɔɔ ne ti nko fɛw so, na mekɔɔ so kasae. Wante nsɛm a mekae no biako pɛ mpo ase! Asram bi akyi no mihuu Erwin wɔ Brooklyn, New York, wɔ Betel, efisɛ na waba Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu ma wɔrebɛtetew no ama ɔsɛmpatrɛwfo adwuma. Mesan ne no bɔɔ nkɔmmɔɔ kyɛe, na memaa no akwaaba baa Brooklyn, na ɔserew fɛw so bio. Na ɛda so ara yɛ den ma no sɛ ɔbɛte nsɛm a meka no ase! Nanso. awiei koraa no yɛbɛtee yɛn ho ase. Ankyɛ biara na yɛyɛɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛware.
Mebɛyɛɛ ɔsɛmpatrɛwfo na mekɔkaa Erwin ho ne no yɛɛ adwuma no wɔ Austria. Nanso esiane ayayade a Nasifo yɛɛ Erwin wɔ Yehowa Ɔdansefo a ɔbɛyɛɛ no ho nti, ofii ase gurowii. Bere a wɔpam me fii sukuu no, na ɔno nso da afiase ne adwumayɛban mu.b Yɛsan baa United States wɔ 1954 awiei mu hɔ.
Efi saa bere no yɛde anigye asom wɔ baabi a wohia mmoa kɛse na yɛatetew mmofra pabaanu Yehowa akwan so. Bere a yɛn mma kɔɔ sukuu no, mihui sɛ nneɛma nsakrae koraa. Wɔkasa tiaa Judith ne Stephen wɔ wɔn gyidi ho, na me ne Erwin koma ani gyei sɛ wɔn nso de akokoduru paw nea ɛteɛ. Mihuu bere nyinaa sɛ wɔ wɔn sukuu afe no awiei no, na wɔn akyerɛkyerɛfo hu sɛ Yehowa Adansefo nyɛ kuw bi a wɔyɛ katee, na yɛne wɔn hyehyɛɛ abusuabɔ pa.
Sɛ meto m’ani hwɛ m’akyi a, mprempren mitumi hu sɛ Yehowa ahyira yɛn abusua no. Yɛn abusua no mufo a wɔsom Yehowa mprempren no dodow si 52. Emu baawɔtwe nsa aka wɔn soro akatua anaasɛ wotwɛn asase so owusɔre, a m’awofo a medɔ wɔn a wogyaa yɛn agyapade kɛse a a ɛne sɛ yɛde Yehowa bedi kan wɔ yɛn asetram no ka ho. Yɛasusuw saa nhwɛso no ho kɛse wɔ nnansa yi mfe yi mu. Bere a yɛanya asetra a nnwuma ne mfaso wom a ɛte saa akyi no, Erwin abɔ mmɔden agyina amemene mu ntini mu yare a ɛmma ontumi nyɛ nneɛma pii no ano.
Wɔ sɔhwɛ ahorow yi nyinaa akyi no, yɛde anigye ne ahotoso ankasa hwɛ daakye kwan. Yɛn baanu nyinaa mu biara nnuu ne ho da wɔ gyinae a yesii sɛ yɛbɛsom Yehowa nkutoo no ho.—Senea Lillian Gobitas Klose ka kyerɛe.
[Ase hɔ asɛm]
a Yehowa Adansefo wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛkyerɛ obu ama ntanka ne ɔman nnwom wɔ akwan a ɛnkyerɛ sɛ wɔrenya nyamesom mu nneyɛe bi mu kyɛfa so,
b Hwɛ “Nasifo no Antumi Ansiw Yɛn Kwan!” wɔ February 8, 1993. Nyan! mu.
[Adaka wɔ kratafa 24]
Dɛn Nti na Yehowa Adansefo Nkyia Frankaa
ƆSOM mu nnyinasosɛm bi wɔ hɔ a Yehowa Adansefo si so dua kɛse kyɛn sɛnea ɔsom afoforo nyinaa yɛ: ɔsom a wɔde ma obiakofo nkutoo. Yesu kaa saa nnyinasosɛm no ho asɛm wɔ Luka 4:8 sɛ: “Sɔre [Yehowa] wo Nyankopɔn, na ɔno nko na som no! Enti Adansefo no paw sɛ wɔde ɔsom bɛma Yehowa nkutoo wɔ amansan no mu na wɔmfa mma obi anaa ade foforo biara. Wobu frankaakyia a wonya mu kyɛfa no sɛ ɔsom mu adeyɛ bi a ɛsɛe som a wɔde ma Yehowa nkutoo na ebu so.
Wɔbɔɔ Israelfo ne tete Kristofo no nyinaa kɔkɔ mpɛn pii sɛ ɛnsɛ sɛ wɔsom ade biara a nnipa ayɛ. Wɔkasa tiaa adeyɛ yi sɛ ɛyɛ abosonsom (Exodus 20:4-6; Mateo 22:21; 1 Yohane 5:21) So wobetumi abu frankaa no ankasa sɛ ohoni? Nnipa kakraa bi na wɔbɛka no anibere so sɛ ɛyɛ ntamasin bi kɛkɛ. Wobu no wɔ mmeae pii sɛ sɛnkyerɛnnede kronkron na wobu no kyɛn nsɛnkyerɛnnede akronkron nyinaa. Katolekni abakɔsɛm kyerɛwfo Carlton Hayes ka no saa kwan yi so sɛ: “Ɔmampɛ mu gyidi ho sɛnkyerɛnne ne ɔsom mu ade titiriw ne frankaa no.”
Eyi nkyerɛ sɛ Yehowa Adansefo mmu frankaa no anaa wɔn a wokyia no. Wɔtaa de obu sɔre gyina hɔ ma guasodeyɛ a ɛte saa no mpɛn dodow a wɔnhwehwɛ sɛ wɔde wɔn ho behyem no. Wogye di sɛ obi kyerɛ obu ankasa ma frankaa no denam ɔman no mmara ahorow a frankaa no gyina hɔ ma no so a wodi no so.
Nnipa dodow no ara begye atom sɛ frankaa a wokyia no nkyerɛ sɛ wobu no. Asɛm bi a esii wɔ Canada no kyerɛe sɛ eyi yɛ nokware. Ɔkyerɛkyerɛfo ne sukuu so panyin bi hyɛɛ abeawa bi a okyia frankaa no sɛ ɔnte ntasu ngu so; na ɔyɛɛ saa. Afei wɔhyɛɛ Ɔdansefo abeawa bi a ɔwɔ saa sukuu no mu sɛ ɔnyɛ saa ara, nanso ɔpow sɛ ɔbɛyɛ saa. Yehowa Adansefo bu obu a wɔbɛkyerɛ ama frankaa no sɛ ɛyɛ nnyinasosɛm a ɛsɛ sɛ wodi so. Nanso. wɔde wɔn som ma Yehowa nkutoo.
[Mfonini wɔ kratafa 23]
Erwin ne Lillian wɔ Vienna, Austria, 1954
[Mfonini wɔ kratafa 24]
Lillian nnɛ