Asɔre No—Nsakrae ne Adwenem Basaayɛ
“Nsakrae ahorow a wɔayɛ no haw gyidifo pii.”—L’Histoire, July/August 1987.
“Sɛ wuyi atetesɛm a wɔahyehyɛ asɔre no asi so biako pɛ fi hɔ a . . . asɔre no hwere ne ntease nyinaa. Sɛ wode abodoo no to nnipa no nsam na woamfa anhyɛ wɔn anom a, ‘wosɛe Fransefo pii gyidi.’”—Voyage à l’intérieur de l’Église Catholique.
“Bere a wɔsakraa ɔkwan a wɔfa so yɛ asɔre na wogyee ɔman no kasa toom no, ɛte sɛ nea asɔre no hweree asɔrekɔfo [a na] wokura asɔre no atetesɛm ahorow bi a wobu no sɛ ɛyɛ katee mu no dodow no ara. . . . Asɛyɛde ho nkate a wɔwɔ no yerae mpofirim, na wɔn gyidi hinhimii.”—Nord Eclair, April 24-25, 1983.
NSƐM a yɛafa aka wɔ atifi hɔ no kyerɛ sɛnea Katolekfo pii adwene atu afra no pefee. Wɔkɔ so bisa asɛm yi: “Yɛn awofo ne yɛn nananom kɔɔ Mass a wɔbɔɔ no Latin kasa mu, na wɔbɔɔ mpae wɔ ɔkwan pɔtee bi so. Ɛbɛyɛ dɛn na ɔkwan a wɔfa so yɛ ade yi abɛyɛ ade a mfaso nni so prɛko pɛ?”
Adwene foforo a asɔre no anya wɔ ɔsom afoforo ho no nso de ɔhaw ahorow ba. France atesɛm krataa Le Monde a ɛba da biara no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Gyidifo pii te nka sɛ wɔadaadaa wɔn. Wɔaka akyerɛ wɔn mpɛn pii sɛ wɔn som no nkutoo ne nokware som, anaa anyɛ yiye koraa no, nea eye sen biara.” Ɛyɛ nokware sɛ Katolekfo dodow no ara pene adwene a ese wɔne wɔn “nuanom a wɔatew wɔn ho,” Ortodoksfo anaa Protestantfo, nsusuw nsɛm ho no so. Nanso pii a wɔakyerɛkyerɛ wɔn dedaw sɛ ‘nkwagye bi nni asɔre no akyi no’ nte adwene a wɔasakra no yi ase. Su foforo yi titiriw na ɛde ɔsom mu mpaapaemu aba Vatican ne wɔn a wokura tete nkyerɛkyerɛ no mu a wɔn honhom mu kannifo ne ɔsɔfopɔn Marcel Lefebvre a waka baabi a, Paapa John Paul II pam no fii asɔre no mu wɔ 1988 mu no ntam.
Wɔpow Tumidi
Katolekfo taa da te a wɔnte nneɛma ase no adi denam asɔre no tumidi a wɔpow so. Sɛ wɔkyerɛ anisɔ ma Paapa John Paul II wɔ wiase nyinaa atɛntrenee a ogye tom no ho mpo a, Katolekfo pii nni abrabɔ ho ahyɛde horow a ɔda no adi wɔ ne baguam ɔkasa ahorow mu no so. Enti, Katolekfo awarefo mu fã kɛse no ara de nneɛma a wɔde siw nyinsɛn ano a asɔre no kasa tia no di dwuma. Afoforo nso tu nyinsɛn gu.
Wɔpow asɔre no tumi wɔ biribiara mu. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ paapa no ne asɔfo mpanyin no asi gyinae pɔtee bi wɔ asɛm bi ho no nsiw asɔremma, asɔfo, ne asɔfo mpanyin no mpo kwan sɛ wobebu so. Nhoma La Réception de Vatican II kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Eyi nti, tebea a bagua no ma aba no atrɛw akɔ asɔre no mu. Mprempren Roman Katolek Asɔre no adan beae a wogye akyinnye a emu yɛ den. Wogye nneɛma a paapa no kamfo kyerɛ no ho akyinnye na wɔtaa kasa tia mpo. Roman Katolekfo a wɔreka sɛ wontumi nnye nsɛm a paapa no ka—ne fã bi anaa ne nyinaa—ntom no, redɔɔso.”
Nokwaredi ma asɔre no nti, Katolekfo binom agye nsakrae ahorow no atom na wɔkɔ so de asɔre no amanne ahorow di dwuma. Afoforo ahaw wɔ tebea no ho na wɔpene so sɛ wɔbɛtra ase sɛ asɔre no mufo a wonnye asɔre no nkyerɛkyerɛ nyinaa ntom. Sɛnea mprempren akontaabu kyerɛ no, Katolekfo kuw foforo a ɛto so abiɛsa a emufo dɔɔso wɔ hɔ a wɔmmoa asɔre no bio.
Ɛnyɛ France Katolek Asɔre no mu nkutoo na nnipa adwene atu afra. Wɔ Netherlands nso, nsɛnnennen asɔre wɔ Katolekfo ne Protestantfo mu saa ara, sɛnea yɛn asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛkyerɛ mu no.
[Box/Mfonini wɔ kratafa 9]
So Church of England [Anglikan Asɔre no] Mufo Atwa Wɔn ho Reko?
Efi Britain Nyan! kyerɛwfo hɔ
SO ƐYƐ asɛm a entumi nsi? Sɛnea London atesɛm krataa The Sunday Times kyerɛ no, ebetumi asi. Ɛkae sɛ: “England Asɔre no Mu Apaapae,” “Asɔre a Emu Apaapae no Mufo Rebetwa Wɔn Ho Ako.” Dɛn na ɛde England asɔre a ase atim no aba saa tebea bɔne no mu? Ɛyɛ mmea a wɔpɛ sɛ wɔhyɛ wɔn asɔfo no.
Wɔ gyinae titiriw bi a wosii wɔ November a etwaam no mu no, Church of England mpanyimfo mu nkyem abiɛsa mu abien penee so sɛ wɔnhyɛ mmea asɔfo. Wɔka sɛ asɔfo bɛyɛ 3,500, asɔre no asɔfo nyinaa mu nkyem abiɛsa mu biako mpene nhyehyɛe no so, na ebinom a wɔayɛ basaa afi asɔre no mu dedaw. Afoforo a kan London ɔsɔfopɔn di wɔn anim no nso pɛ sɛ wɔkɔ so da wɔn ho adi sɛ Anglikanfo, na bere koro no ara mu no wɔhwehwɛ sɛ wɔne “See of Peter [Katolek Asɔfo] nya abusuabɔ” wɔ Rome.
Ɔsɔfopɔn a ɔwɔ Canterbury na odii mmea a wɔbɛhyɛ wɔn asɔfo no ho ɔsatu no anim. Ɔkae sɛ: “Mmea a wɔhyɛ wɔn asɔfo no nsakra asɛmfua biako mpo wɔ gyidikasɛm ahorow, kyerɛw nsɛm, anaa yɛn Asɔre no gyidi mu.” Ɔde kaa ho sɛ: “Ebetumi aboa ma wiase a aka no anya asɔre no mu gyidi. Nokwarem no, ɛreyɛ nea ɛka no ankasa bere a ɛka sɛ onipa biara nsen ne yɔnko no.”
Nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔpene so. Asɔre no muni bi a ɔkae sɛ asɔfo no gyinaesi no yɛ “ɔwae” no, gyaee asɔre no kɔyɛɛ Roman Katolekni bere a wɔdaa gyinaesi no adi no. Ɔsɔfo bi a ɔwɔ London kae se: “Gyinae a wɔasi sɛ wɔbɛhyɛ mmea asɔfo no yɛ ahodwiriw. Honhom mu basabasayɛ rekɔ so. Nnipa dodow no ara nnim nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ.” Nanso, bere a Vatican de ahwɛyiye rema wɔn a wɔagyae Anglikan asɔre no akwaaba no, ebuu gyinaesi no sɛ “akwanside foforo a anibere wom ma nkabom nhyehyɛe no nyinaa.”
Wobu akontaa sɛ mmea 1,400 retwɛn ma wɔahyɛ wɔn asɔfo, nanso Britania Mmarahyɛ Bagua no nnya mpenee so, na afei ɛsɛ sɛ Ɔhemmea no nso pene so. Eyinom nyinaa betumi agye mfe abien. Ɛbɛyɛ anika sɛ wobehu tebea a Church of England wom saa bere no.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 7]
Camerique/H. Armstrong Roberts