“Oo, Yehowa, Boa Me Babea Kumaa Yi Ma Onni Nokware!”
WƆWOO me too abusua a wonim adwinne di mu wɔ Alsace, France, wɔ 1930 mu. Ná Papa taa pa twere n’agua mu kenkan asase ho nsɛm anaa ewim nneɛma ho nhoma bi anwummere anwummere. Ná me kraman da Papa nan so, na na ɔka nsɛntitiriw a epue wɔ n’akenkan no mu kyerɛ Maame bere a ɔnwene abusua no nneɛma no. Ná m’ani gye anwummere a ɛtete saa no ho kɛse!
Ná yɛpɛ nyamesom kɛse. Ná yɛyɛ Katolekfo amapa, na na nkurɔfo a wohu yɛn sɛ yɛrekɔ asɔre Kwasida anɔpa no ka sɛ: “Abɔ nɔnkron. Arnold abusua no rekɔ asɔre.” Ná mekɔ asɔre anɔpa biara ansa na makɔ sukuu. Nanso esiane ɔsɔfo no suban bɔne nti, Maame amma me nkutoo ankɔ asɔre bio. Saa bere no na madi mfe asia.
Bere a me maame kenkan Bibelforscher (Bible Asuafo, a mprempren wɔfrɛ wɔn Yehowa Adansefo no) nhomawa abiɛsa pɛ wiei akyi no, ofii ase kaa asɛmpa wɔ afie afie mu. Eyi haw me Papa. Ɔhyɛɛ mmara sɛ wɔmmmɔ ɔsom ho nkɔmmɔ biara bere a mewɔ hɔ. ‘Monnkenkan saa nhoma a mfaso biara nni so no.’ Nanso na Maame ani gye nokware no ho araa ma ɔne me boom kenkan Bible no. Ná ɔwɔ Katolekfo Bible nkyerɛase no bi na na ɔkenkan no anɔpa biara a ɔnkyerɛkyerɛ nea ɔkenkan no mu nkyerɛ me, de yɛɛ osetie maa Papa.
Da bi ɔkenkan Dwom 115:4-8: “Wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sika, nnipa nsa ano adwuma. . . . Wɔn a wɔyɛ wɔn te sɛ wɔn ara, obiara a ɔde ne ho to wɔn so no.” Ɔde toaa mmara asɛm a etia abien no so, nea ɛka sɛ: ‘Nyɛ ohoni bi mfa’ no. (Exodus 20:4-6) Mesɔree ntɛm ara kɔsɛee m’ankasa m’afɔrepon a ɛwɔ me dan mu no.
Mekɔ sukuu a na me ne me mfɛfo sukuufo a wɔyɛ Katolekfo no bom susuw me da biara da Bible akenkan no ho. Eyi de ɔhaw kɛse baa sukuu hɔ. Ná mmofra taa di m’akyi wɔ abɔnten so frɛ me “Yudani bɔmɔne!” Ná eyi yɛ 1937. Saa tebea yi maa me papa yɛɛ nhwehwɛmu wɔ nea na meresua no ho. Ɔno ankasa nyaa nhoma Creation a Yehowa Adansefo tintimii no bi. Ɔkenkanee na ɔno ankasa bɛyɛɛ Ɔdansefo!
Bere a German asraafo faa Belgium hye so duu France pɛ na yefii ase huu sɛ wɔde Nasifo frankaa asisi asɔredan ahorow atifi, ɛwom mpo sɛ na France frankaa da so ara si kuropɔn mu asa a amanfo hyia wɔ hɔ no so de. Ná France aban ato yɛn Ahenni Asa mu, abara Yehowa Adansefo adwuma no; enti na yɛreyɛ adwuma wɔ sum ase dedaw ansa na Germanfo no reba. Na mmɔden a wɔbɔe sɛ wobegu yɛn adwuma no mu yɛɛ den. Wɔbɔɔ me asu mfe abien akyi, bere a na madi mfe 11.
Wɔ ɔsram biako akyi, September 4, 1941, awia bere nnɔn abien no, yɛn fie pon ano dɔn no bɔe. Ná bere aso sɛ Papa ba fie. Mesɔre kobuee pon no yɛɛ ɔbarima no atuu. Ɔbarima bi a ogyina n’akyi teɛɛm sɛ, “Heil Hitler!” (Hitler Mo!) Migyaee ne mu, ɛhɔ na mihui sɛ ɔbarima a meyɛɛ no atuu no yɛ SS sraani bi! Wɔde me kɔɔ me dan mu na wɔde nnɔhwerew anan kobisabisaa me maame nsɛm. Bere a wɔrefi hɔ akɔ no, wɔn mu biako teɛɛm sɛ: “Worenhu wo kunu bio! Yɛbɛyɛ wo ne wo ba no nso saa ara!”
Ná wɔakyere me papa saa da no anɔpa. Ná wagye ne bosome akatua ma ɛwɔ ne kotoku mu. SS asraafo no de wɔn nsa too me papa sika a ɛda sika korabea so na wɔamma me maame adwuma krataa—tumi krataa a ɛho hia na ɔde ahwehwɛ adwuma ayɛ no. Afei na wɔn mmara ne sɛ: “Momfa asetra mu ahiade nkame saa nkurɔfo a wɔn ho yɛ abufuw no!”
Sukuu Ɔtae
Ɔhaw a na ɛwɔ sukuu no mu kɔɔ so yɛɛ den saa bere yi. Bere biara a tikya no bɛba sukuu dan no mu no na ɛsɛ sɛ adesuafo 58 no nyinaa sɔre gyina trɛw wɔn nsa mu ka sɛ “Hitler Mo.” Sɛ ɔsɔfo no ba bɛyɛ ɔsom ho nkyerɛkyerɛ a, na ɔka sɛ “Hitler Mo—nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu ba.” Ná sukuufo no gye so sɛ, “Hitler Mo—Amen!”
Manka “Hitler Mo” no bi, na ɛho asɛm koduu sukuu panyin no anim. Wɔkyerɛw kɔkɔbɔ krataa bi a na ɛkan sɛ: “Osuani bi nni sukuu mmara so, na sɛ wanyɛ nsakrae wɔ dapɛn biako mu a, wobeyi saa sukuuni no adi.” Wɔkyerɛw hyɛɛ krataa no ase sɛ ɛsɛ sɛ me, Simone Arnolds, mekenkan krataa yi wɔ sukuu adesua adan bɛboro 20 no mu.
Ɛda no dui ma wɔfrɛɛ me kogyinaa me mfɛfo sukuufo no anim sɛ menkyerɛkyerɛ nea enti a menka asɛm no bi mu nkyerɛ wɔn. Sukuu panyin no maa me simma anum sɛ memfa nkyia frankaa no na sɛ manyɛ saa a, mensesa me nkrataa nkɔ fie. Saa simma anum no yɛɛ tenteenten maa me. Me nan gyenee, nsɛm pii baa me tiri mu, na me koma bɔɔ paripari. Wɔkaa “Hitler Mo” kɛse bi maa me mfɛfo sukuufo no nyinaa gyee so akɛse abiɛsa maa ɛdan no mu yɛɛ gyegyeegye wɔ kommyɛ no akyi. Mituu mmirika kɔɔ me pon ho, kɔsesaa me nkrataa, na miguan fii hɔ.
Mekɔɔ sukuu Dwoda a edi hɔ no. Sukuu panyin no kae sɛ sɛ merenka nea enti a wɔpam me no nkyerɛ obiara de a, ɛnde metumi asan aba sukuu. Me mfɛfo sukuufo no haw me, wɔfrɛɛ me ɔkorɔmfo, abofra bɔne, na wɔkaa sɛ ɛno nti na wɔpam me no. Ná mintumi nkyerɛkyerɛ nea enti a wɔpam me no mu nkyerɛ wɔn.
Wɔmaa me traa akyiri koraa wɔ sukuu dan no mu. Abeawa a na ɔbɛn me pɛɛ no hui sɛ na mennye nkyia no so. Osusuwii sɛ meyɛ France atuatewfo kuw a ɛsɔre tia Hitler no muni. Twa ara na na etwa sɛ mekyerɛkyerɛ nea enti a mennye Hitler Mo no so mu kyerɛ no: “Sɛnea Asomafo no Nnwuma 4:12 kyerɛ no, ‘Nkwagye nni obiara mu, na nso din foforo nni ɔsoro ase a wɔde ama wɔ nnipa mu a ɛsɛ sɛ wogye yɛn nkwa wɔ mu.’ Kristo nkutoo ne yɛn Gyefo. Esiane sɛ obi a wagye nkwa na ‘Ayeyi’ fata no nti, mintumi mfa saa nkwagye ho ayeyi no mma onipa biara, a Hitler ka ho.” Saa abeawa yi ne ne maame fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no na wɔn ankasa nso bɛyɛɛ Yehowa Adansefo!
Esum Ase Adwumayɛ
Saa bere yi nyinaa no, yɛkɔɔ so kaa asɛmpa no wɔ sum ase. Kwasida a edi kan wɔ ɔsram biara mu no na yɛkɔ mmepɔw so, ɛhɔ na na yekonya Ɔwɛn-Aban a ɛwɔ France kasa mu no bi kyerɛ ase kɔ German kasa mu. Ná maame apam mmeawa atade nhyɛase a aboomu soronko bi ne kotoku a ahintaw wɔ ho a na mede Ɔwɛn-Aban sie mu. Da bi asraafo baanu bi hyiaa yɛn na wɔde yɛn kɔɔ mmepɔw no so afuw bi mu kɔhwehwɛɛ yɛn ho. Meyaree araa ma wɔmaa me kɔdaa sare no so, na esiane eyi nti, wɔanhu Ɔwɛn-Aban no. Ɛkame ayɛ sɛ Yehowa nam akwan ahorow so gyee me bere nyinaa.
Da bi wɔfrɛɛ me kɔɔ “adwene ho aduruyɛfo” bi hɔ. Ɛdaa adi sɛ SS asraafo baanu na wɔyɛɛ wɔn ho saa. Ná Adansefo mmofra afoforo nso wɔ hɔ. Me na mitwa to koraa a wɔfrɛɛ me kɔɔ mu. Ná “nnuruyɛfo” baanu no te ɔpon bi akyi, na metraa beae bi a na kanea hann bi da m’ani, na wofii ase bisabisaa me nsɛm. “Oduruyɛfo” biako bisabisaa me asase ho nsɛm anaa abakɔsɛm bi, nanso ansa na mebua no, na ɔfoforo no abisa me yɛn sum ase adwuma no ho asɛm bi. Obisabisaa me Adansefo afoforo din nso. Anka mereyɛ ada nsɛm adi bere a telefon no gyegyei ma wogyaee nsemmisa no. Hwɛ nwonwa a ɛyɛ sɛ minyaa Yehowa mmoa bere nyinaa!
Bere bi wɔpaw yɛn sukuu adesuafo kuw sɛ yɛnkɔ Hitler Mmofra ntetee nhyiam nkodi adapɛn abien. Manka ho asɛm ankyerɛ me maame da. Ná mempɛ sɛ ɔsoa me gyinae a na masi sɛ merenkɔ no ho asɛyɛde biara. Ade rebɛkye ma yɛakɔ no, sukuu panyin no bɔɔ me kɔkɔ sɛ: “Sɛ woamma keteke gyinabea hɔ anaa me office Dwoda a, mede polisifo bɛba abɛkye wo!”
Enti mitwaam wɔ keteke gyinabea hɔ kɔɔ sukuu Dwoda no anɔpa. Ná me mfɛfo sukuufo no nyinaa refrɛ me sɛ me ne wɔn nkɔ, nanso na masi me bo sɛ mɛkɔ sukuu panyin no office. Mannu hɔ ntɛm enti na osusuw sɛ me ne afoforo no aforo keteke no kɔ. Bere a ohuu me no ne bo fuwii yiye. Ɔde me kɔɔ sukuu dan a ɔkyerɛ ade wɔ mu no mu na ɔmaa sukuufo no huu amane nnɔnhwerew anan. Sɛ nhwɛso no, na ɔfrɛ sukuufo no mu biako begyina sukuufo no anim, na sɛ́ anka ɔde ne nhoma bɛhyɛ ne nsam no, ná ɔde pae n’ani so. Ná ɔteɛ ne nsa hwɛ me so ka sɛ: “Ɔno na wama aba saa!” Ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma mmofra 45 a afei na na wadi mfe du no de wɔn anibere asoɛ me so. Nanso yɛpɔnee no, wɔn nyinaa bɛmaa me amo esiane sɛ mepow sɛ mɛto asraafo nnwom no nti.
Akyiri yi wɔpaw me sɛ minkoyiyi nkrataa, ntonturowa, ne nnompe mu mfa emu biara ngugu n’afa. Manyɛ, esiane sɛ na wɔde ntonturowa no di asraadi ho dwuma ahorow bi nti. Wɔhwee me araa ma ade tɔɔ me so. Akyiri yi me mfɛfo sukuufo no bɛsɔɔ me mu ma mesɔree.
Bere a mesan kɔɔ sukuu no, ɛyɛɛ me nwonwa sɛ mihui sɛ sukuufo a wɔn dodow bɛyɛ 800 no nyinaa atwa frankaa dua bi ho ahyia. Wɔde me kogyinaa mfinimfini. Wɔkaa ahofadi ne nea ɛbɛba afatwafo so ho nsɛm tenteenten bi, na wɔteɛɛm kaa Sieg heil (nkonim ne nkwagye) mprɛnsa! Wɔtoo ɔman dwom a na migyina hɔ dinn a me ho repopo. Yehowa boaa me; migyinaa me mudi mu. Akyiri yi, bere a mekɔɔ yɛn dan no mu no, mihui sɛ wɔde me ntade ne krataa bi agu me mpa so a ɛka sɛ: “Ɛsɛ sɛ Simone Arnold de ne ho kɔkyerɛ wɔ keteke gyinabea ɔkyena anɔpa.”
Mekɔ Mmofra Bɔne Sukuu
Ɛda a edi hɔ anɔpa no me ne Maame kɔɔ keteke gyinabea hɔ. Mmea baanu hwɛɛ me so. Bere a na mete keteke no mu no, Maame kɔɔ so tii suban ho afotu a ɔde maa me no mu mpɛn pii. “Bu ade, ma wo yam nyɛ yiye, na da odwo su adi bere nyinaa, sɛ ɛba sɛ wotwa atoro to wo so mpo a. Nsene wo kɔn da. Nkasa wɔ animtiaabu so anaa nyi nsɛm ano anuɔden so. Kae, wo mudi mu a wubekura no ne mpiyɛ nni hwee yɛ. Sukuu no bɛtete wo ama wo daakye asetra. Ɛyɛ Yehowa pɛ sɛ yɛfa sɔhwɛ bebree mu ma yɛn daakye yiyedi. Na woasiesie wo ho yiye ama eyi. Wunim ade pam, aduannoa, ntama horo ne ɛso to, na wunim turo mu asiesie. Woyɛ ababaa mprempren.”
Bere a yɛtraa keteke no mu nnɔnhwerew anum akyi no, yeduu mmofra bɔne atrae hɔ. Saa anwummere no me ne Maame buu nkotodwe, too Ahenni nnwom a ɛfa owusɔre anidaso ho, na yɛbɔɔ mpae. Maame de nne a emu da hɔ srɛ maa me sɛ: “Oo, Yehowa, boa me babea kumaa yi ma onni nokware!” Ɛno ne da a etwa to a Maame butuu me so wɔ mpa so few m’ano.
Nneɛma kɔɔ so ntɛmntɛm ɛda a edi hɔ no, na mannya kwan ne me maame anni nkra. Abeawa bi kyerɛɛ me mpa bi a pikyi a wɔde awi wura ahyɛ da so. Wogyee me mpaboa fii me nsam, na na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nan sisi fam araa kosi November da a edi kan. Esiane sɛ na me werɛ ahow nti mantumi anni awia aduan a edi kan no. Wɔmaa me sɔks asia sɛ mempempam mmeae a atete no; sɛ mansiesie a wɔmma me aduan nni. Nea edi kan no, misui. Nusu fɔw saa sɔks no. Ɛkame ayɛ sɛ misuu anadwo mũ no nyinaa.
Da a edi hɔ anɔpa no mesɔree 5:30. Ná mogya ayɛ me mpa no so—na mafi ase kɔ afikyiri bere tiaa bi ansa na nsɛm yi resisi. Bere a na ehu aka me no, mekɔɔ tikyani a midii kan hyiaa no, Awuraa Messinger hɔ. Ɔfrɛɛ abeawa bi ma ɔkyerɛɛ me sɛnea mɛhoro me mpasotam no wɔ nsunwunu mu. Ná ɛfam hɔ a wɔde abow asɛm no yɛ nwunu, na me yawdi no mu yɛɛ den. Mifii ase sui bio. Afei Awuraa Messinger de serew kae sɛ: “Ka kyerɛ wo Yehowa no na onsi wo mpasotam mma wo!” Ɛno ara ne nea na mepɛ sɛ mete. Mepopaa m’anim nusu, na wɔanyɛ me biribi amma mansu bio.
Ná yɛsɔre 5:30 anɔpa biara siesie efie hɔ ansa na anɔpa adidi bere aso—nkwan ade mã anɔpa 8:00. Wɔkyerɛɛ yɛn mmofra 37 a na yɛadi fi mfe 6 kosi 14 no ade wɔ fie hɔ. Ná yɛhoro nneɛma awia bere, pam ade, siesie turo mu, efisɛ na mmarima nni hɔ a wɔbɛyɛ adwumaden no ama yɛn. Wɔ 1944/45 awɔw bere mu no, wɔmaa me ne abeawa foforo de nnuapaefo sradaa twitwaa nnua a na akɛse a ɛwom bɛyɛ sɛntimita 60 mu asinasin. Ná wɔmma mmofra no ne wɔn ho wɔn ho nni nkɔmmɔ na na wɔmma wɔn kwan mma wɔn mu bi nkutoo ntew ne ho nkɔ baabi, a na tiafi so kɔ mpo ka ho. Ná yeguare mprennu afe, na yɛhohoro yɛn tirim pɛn koro afe. Ná wɔtwe yɛn aso denam aduan a wɔde kame yɛn anaa ɔhwe so.
Me na na misiesie Awuraa Messinger dan mu. Ɔhyɛe sɛ minwura ne mpa no ase da biara nkɔpopa nnade a ɛbeabea mpa no mu no ho. Ná mewɔ Bible ketewaa bi a mede siee me ho kɔɔ efie hɔ, na mitumi de eyi hyɛɛ nnade a ɛbeabea mpa no mu no mu. Ɛno akyi no mitumi kenkan Bible no afã bi daa. Ɛnyɛ nwonwa sɛ na wɔfrɛ me abofra a ɔyɛ nyaa wɔ adwumayɛ mu sen biara a waba ofie hɔ pɛn!
Ná wɔma Protestantfo mmeawa no kwan ma wɔkɔ wɔn asɔre ahorow Kwasida, na na Katolekfo baasa no nso yɛ saa ara, nanso na me de menoa mmofra 37 no nyinaa aduan. Ná misua araa ma na ɛsɛ sɛ migyina benkyi so na mede me nsa abien nyinaa asɔ nkwantere mu de anu nkwan no mu. Ná ɛsɛ sɛ menoa nam, tõ ɔfam, na misiesie nhabamma ma yɛn akyerɛkyerɛfo baanan no. Ná ɛsɛ sɛ yɛnwene mpopaho Kwasida awia bere. Ná yenni bere a yɛde di agoru.
Asram pii akyi no, Awuraa Messinger a na ɛda adi sɛ n’ani agye no ka kyerɛɛ me sɛ wɔakyere me Maame a medɔ no no na ɔwɔ adwumayɛban mu.
Ɔko no baa awiei wɔ 1945 mu. Adwumayɛban ahorow no apon buebuei, na wogyaee wɔn a wɔayɛ wɔn ayayade no ma wofii adi, na nnipa mpempem pii kyinkyin hwehwɛɛ wɔn abusuafo nkaefo a ebia wɔda so te ase no.
Nkabom Ahorow a Ɛyɛ Anigye
Anyɛ yiye koraa no na me maame nim beae a mewɔ, nanso bere a ɔbae sɛ ɔrebegye me no, manhu no. Esiane tebea ahorow a na wafa mu no nti na ɛnyɛ nwonwa koraa. Bere a wɔkyeree maame no, wɔde no kɔɔ adwumayɛban a na Papa wɔ no ara, Schirmeck, nanso wɔde no kɔɔ mmea mu. Ɔpowee sɛ obesiesie asraafo ntade enti wɔde ɔno nkutoo kɔtoo afiase dan biako mu asram pii wɔ ɔdan bi a ɛwɔ asase ase mu. Nea edi hɔ no, nea ɛbɛyɛ na wɔama no anya nsanyare no, wɔde no kɔkaa mmea a wɔyare kekae ho. Bere a wɔde no rekɔ Ravensbrück no, ɔbɔɔ waw a na ontumi nnantew. Saa bere no na Germanfo no guanee, na wogyaee nneduafo a na wɔde wɔn rekɔ Ravensbrück no mpofirim, na na me maame ka wɔn ho. Ɔde n’ani kyerɛɛ Constance, beae a na mewɔ no, nanso atuo bi a wɔtoto fii wimhyɛn mu maa biribi twaa n’anim na mogya tuu no.
Bere a wɔde me kɔɔ ne nkyɛn no, na wasesa koraa—na ɛda adi sɛ na eyi fi ɔkɔm, yare ankasa a na ɔyare, n’anim a na atu kuru na ada mogya no, na na ɛyɛ den sɛ wobɛte ne nne. Ná wɔatete me ma mibu nkotodwe wɔ ahɔho anim de me nnwuma a mayɛ kyerɛ wɔn—nneɛma ahorow a manwene, ne nea mapam—efisɛ na mmea bi ba ofie hɔ bɛpɛ mmaawa. Na saa na meyɛ kyerɛɛ me Maame! Ɛyɛ bere a ɔde me kɔɔ ɔtemmufo no hɔ sɛ ɔrekogye tumi krataa de me akɔ fie no ansa na merehu sɛ ɔyɛ me maame! Amonom hɔ ara nusu a na makora so asram 22 no nyinaa guu me.
Bere a yɛrefi hɔ no, asɛm a ofie hɔ panyin, Awuraa Lederle kae no maa Maame koma tɔɔ ne yam. Ɔkae sɛ: “Mede wo babea no resan ama wo a ɔda so kura adwene koro a na okura a ɔde baa ha no mu ara.” Ná makɔ so akura me mudi mu. Yekohuu yɛn fie na yɛtraa mu. Ade biako a na ɛda so hyɛ yɛn awerɛhow ne sɛ na Papa ayera. Ná Red Cross adwuma no akyerɛw ne din sɛ wawu.
Wɔ May 1945 mfinimfini no, obi bɔɔ yɛn pon mu. Mituu mmirika bio kobuee pon no. Ná ɛyɛ adamfo bi, Maria Koehl na ogyina ɔpon no ano, na ɔkae sɛ: “Simone, ɛnyɛ me nkutoo na mebae. Wo papa wɔ ase hɔ.” Na Papa ntumi mforo atrapoe no, na na n’aso nso asi. Osian me ho kɔɔ me maame hɔ tee a wanhu me! Ná abeawa a wadi mfe 11 a na ɔyɛ ade ahopere so no anyin abɛyɛ ababaa a ɔfɛre ade wɔ asram pii a wɔn ntam tetee no mu. Na wanhu saa abeawa foforo yi mpo.
Ná tebea ahorow a wafa mu no ama no ayɛ mmerɛw. Nea edi kan no wɔde no kɔɔ Schirmeck, adwumayɛban bi a ɛyɛ soronko mu, afei wɔde no san kɔɔ Dachau, beae a atiridii bɔɔ no na ɛno akyi no, ɛmaa ade tɔɔ no so nnafua 14 no. Akyiri yi wɔde no dii dwuma de sɔɔ nnuru hwɛe. Wɔde no fi Dachau kɔɔ Mauthausen, adwumayɛban a wokum nnipa wɔ hɔ a ɛhɔ yɛ hu sen Dachau; ɛhɔ na wɔmaa no yɛɛ adwumaden na wɔhwee no na polisifo akraman to hyɛɛ no so kekaa no. Nanso wanwu na awiei koraa no ɔsan baa fie bio.
Bere a midii mfe 17 no, mede me ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu sɛ Yehowa Adansefo asomfo no mu biako, na afei mekɔɔ Ɔwɛn Aban Asafo sukuu ma asɛmpatrɛwfo wɔ Gilead wɔ United States. Mihyiaa Max Liebster, Germanni Yudani bi a na wabɛyɛ Ɔdansefo wɔ Hitler adwumayɛban ahorow no biako mu wɔ Asafo no wiase nyinaa adwumayɛbea ti hɔ. Yɛwaree wɔ 1956 mu, na ɛdenam yɛn Nyankopɔn, Yehowa, mmoa so no, yɛakɔ so wɔ bere nyinaa som adwuma no mu sɛ akwampaefo atitiriw asomfo de abesi saa bere yi wɔ France ha.
Hwɛ sɛnea Maame nsɛm a ɔkae wɔ ne mpae a ɔbɔ maa me mu wɔ saa mfe pii a atwam no mu bere a na ɔregyaw me wɔ mmofra bɔne fie hɔ no abam: “Mede nkotosrɛ meba w’anim, Oo, Yehowa, boa me babea kumaa yi ma onni nokware!”
Na Yehowa ayɛ saa ara de abesi nnɛ!—Sɛnea Simone Arnold Liebster ka kyerɛe.
[Kratafa 16 mfonini]
Simone Arnold Liebster ne ne kunu, Max Liebster