Mpanyimfo a Wohuu Amane wɔ Mmofraberem a Wɔbɛkyekye Wɔn Werɛ
NÁ WƆYƐ awarefo nkumaa a wɔpɛ nnipa na wobu wɔn kɛse wɔ asafo no mu. Nanso ɔbarima no nne a ɔde ka kyerɛɛ ɔpanyin no sɛ ɔmmra wɔn fie no kyerɛe sɛ asɛm no gye ntɛmpɛ, na na ɔbea no resu. Na ɔbea no anya adwenemhaw a emu yɛ den a na wafa n’ankasa ho tan na na wanya adwene sɛ obekum ne ho mpo. Wɔtoo no mmonnaa bere a na ɔyɛ abofra no. Esiane sɛ Yehowa ahyehyɛde no de sɛnea wɔboa wɔn a wɔadi wɔn nsɛmmɔne a ɛte sɛɛ no ho akwankyerɛ ama nti, ɔpanyin no suaa nkrataa a Asafo no ti de kɔmaa mpanyimfo no ne October 8, 1991, Awake! ne October 1, 1983, Watchtower mu nsɛm a ɛfa asɛm yi ho no. Nsɛm a mfaso wɔ so a onya fii saa nhoma ahorow yi mu kakra ni.
1. Tie, Tie, Tie. Sɛ abofra nkotodwe anim worɔw a, ade a odi kan te nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne sɛ obetu mmirika akɔ ne maame anaa ne papa nkyɛn akɔhwehwɛ awerɛkyekye. Nanso ebia abofra bi a wɔtoo no mmonnaa annya hokwan yi da. Enti bere a wanyin ayɛ ɔpanyin no, ehia ara sɛ ɔyɛ saa—sɛ ɔbɛka akyerɛ obi, sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ mu, na wanya otiefo bi a ɔwɔ tema ma wakyekye ne werɛ. (Fa toto Hiob 10:1; 32:20 ho.) Bere a ɔpanyin no kɔɔ awarefo a yɛaka wɔn ho asɛm wɔ atifi hɔ nkyɛn no, sɛnea ɔpanyin no ankasa pii ne sɛnea otiee wɔn no yɛɛ okunu no nwonwa. Okunu no, ɔbarima a oye na ɔde mmoa kɛse ma hui sɛ na ɔrebɔ mmɔden de ntease abua nkate mu nsɛm, ɔrebɔ mmɔden asiesie nkate a ɛte sɛ nea ntease nnim de adi ɔhaw no ho dwuma. Ohui sɛ na ne yere hia tema kɛse mmom sen mmuae ahorow. (Fa toto Romafo 12:15 ho.) Na ɔbea no hia sɛ ɔte sɛ nea enti a ɔte nka saa no teɛ.
2. Da Atosɛm Ahorow no Adi. Mmonnaato kyerɛkyerɛ mmofra sɛ wɔn ho ntew, wɔnnɔ wɔn, wɔn ho nni mfaso. Te sɛ atoro nyamesom nkyerɛkyerɛ no, adwenhorow yi betumi ama ayɛ den yiye sɛ obi ne Yehowa benya abusuabɔ pa. Da atosɛm ahorow no adi, na fa nokware no si ananmu—wɔ odwo, ntimu, ne boasetɔ mu. Fa Kyerɛwnsɛm no susuw ho. (2 Korintofo 10:4, 5) Sɛ nhwɛso no: “Minim sɛ wote nka sɛ wo ho ntew. Nanso Yehowa te nka dɛn wɔ wo ho? Sɛ ɔmaa ne Ba bewui de agyede ma maa wo a, so ɛnkyerɛ sɛ ɔdɔ wo? [Yohane 3:16] So mmonnaato no ama wo ho agu fĩ wɔ N’anim, anaasɛ mmonnaatofo no mmom na ama ne ho agu fĩ? Kae sɛ Yesu kae sɛ: ‘Biribiara nni onipa ho a ɛkɔ no mu a ebetumi agu ne ho fĩ, nanso nneɛma a efi onipa mu ba no, ɛno na egu ne ho fĩ.’ [Marko 7:15] So mmonnaato no fi wo, abofra ketewa no? Anaasɛ ɔmmonnaatofo no na ɔbɔɔ ho pɔw wɔ ne tirim?”
3. Kasa Awerɛkyekye So. Ɛsono ankorankoro biara, enti Paulo afotu a ese “monkyekye wɔn a wɔn koma atu werɛ” no nni dwuma koro wɔ asɛm biara mu. (1 Tesalonikafo 5:14) Nanso, ɛte sɛ nea nsɛm a wɔka a wobu ani gu emu aniberesɛm so no ntaa mma awerɛkyekye. Sɛ nhwɛso no, obi a wɔato no mmonnaa a wobɛka akyerɛ no kɛkɛ sɛ kenkan Bible no kɛse, ka asɛmpa no kɛse, anaa ‘dan wadesoa to Yehowa so ara kwa’ no ntumi nsow aba—ɛwom sɛ ɛtɔ mmere bi a, nyansahyɛ ahorow yi boa de. (Dwom 55:22; fa toto Galatifo 6:2 ho.) Nnipa pii reyɛ eyinom dedaw sɛnea wobetumi na wɔkasa tia wɔn ankasa ho denneennen sɛ wontumi nyɛ pii nsen saa.—Fa toto 1 Yohane 3:19, 20 ho.
Saa ara nso na ka a wobɛka akyerɛ wɔn a wɔato wɔn mmonnaa pɛn kɛkɛ sɛ wɔmma wɔn werɛ mfi nea asi dedaw no betumi apira wɔn kɛse. Sɛ wobetumi ayɛ saa a, anka wɔyɛe—na anka wɔrenhia mmoa a ɛbɛma wɔanya ano aduru tiawa saa.a Kae sɛ nea wohyia no yɛ nkate mu haw a emu yɛ den. Sɛ yɛbɛyɛ ho mfatoho a, fa no sɛ woakopue obi a wanya kar akwanhyia a ɔda kar a amoamoa mu a ɔrepene so. So wobɛka akyerɛ no kɛkɛ sɛ onnnwen ɛyaw no ho? Ɛda adi pefee sɛ ɛho hia sɛ woyɛ pii sen saa.
Sɛ wuntumi nhu sɛ ebia nea woreka no nyɛ awerɛkyekye ne mmoa mma no a, dɛn nti na wummisa nea wahaw no? Biribiara mu no, ɛho hia sɛ afotu a ɛyɛ nokware na egyina Kyerɛwnsɛm so mpo yɛ ne bere mu de ne nea ɛfata nso.—Fa toto Mmebusɛm 25:11 ho.
Bere a ɔpanyin no kɔɔ wɔn nkyɛn mpɛn kakraa bi akyi no, onuawa no fii ase hui sɛ nkɔso bi aba ne tebea no mu, na ne kunu nso tumi boaa no yiye ma ɔfaa mmere bɔne no mu. Wɔn baanu nyinaa atumi akasa awerɛkyekye so akyerɛ afoforo a wɔahyia ɔhaw ahorow a ɛte saa. Hwɛ sɛnea ɛhyɛ gyidi den sɛ wubehu sɛ Yehowa, “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” no nam n’Asɛm ne ne nkurɔfo so “rekyekye wɔn a wɔn koma abubu werɛ” wɔ ɔhaw mmere yi mu.—2 Korintofo 1:3: Yesaia 61:1.
[Ase hɔ asɛm]
a Ɛyɛ nokware sɛ ɔsomafo Paulo tuu Kristofo fo sɛ ‘wɔmma wɔn werɛ mfi akyi de.’ Nanso nea na Paulo reka ho asɛm wɔ ha ne kan anuonyam ne wiase yiyedi a na afei de ɛyɛ “sumina so ade” ma no no. Na ɔnka ne kan amanehunu ahorow a ofii ne pɛ mu kaa ho asɛm no.—Filipifo 3:4-6, 8, 13; fa toto 2 Korintofo 11:23-27 ho.